Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wiase Nsɛm

Wiase Nsɛm

Afrika Sahara Anafo Fam

Amanneɛbɔ bi a UNICEF de mae wɔ Afrika Sahara anafo fam no kyerɛ sɛ, “Mmofra a wonnii mfe 5 no mu ɔha mu nkyem 38 pɛ na wɔwɔ awoda adansedi krataa.” Nanso wɔ mmeae bi no, Elke Wisch, UNICEF adwuma kwankyerɛfo abadiakyiri wɔ Afrika apuei ne anafo fam no ka sɛ, “sɛ mmofra betumi akɔ ayaresabea anaa sukuu a, gye sɛ wonya awoda adansedi krataa ansa, nnyanka nso hia ansa na wɔn nsa atumi aka wɔn awofo agyapade.”

Italy

Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe kyerɛ sɛ, ade a Italiafo mmabun dodow no ara suro ne sɛ obi behunahuna wɔn wɔ Intanɛt so. Mmofra a wɔadi fi mfe 12 kosi 17 no mu ɔha mu nkyem 72 na wɔka sɛ wosuro adeyɛ yi. Saa mmofra yi dɔɔso sen wɔn a wosuro nnubɔne, a wɔyɛ ɔha mu nkyem 55, ne wɔn a wosuro mmonnaato, a wɔyɛ ɔha mu nkyem 44, anaa wosuro sɛ wobenya nna mu nyarewa, a wɔyɛ ɔha mu nkyem 24 no.

Japan

Wɔbɔ amanneɛ wɔ The Japan Times mu sɛ, Japanfo a wɔasi so pii mpɛ sɛ wɔbɛbɔ wɔn aba so wɔ adwuma mu. Wɔn mu ɔha mu nkyem aduanan ani nnye subammɔne ne nokware a wonni wɔ adwumam no ho. Adwumayɛfo pii ntumi mfi wɔn pɛ mu ne wɔn mpanyimfo nsusuw nsɛm ho anaa wɔnkyerɛ wɔn adwene. Wɔ bere a wɔn a wɔn ani afi no kɔ so tena adwuma biako mu no, wɔn a wɔasi so no mu dodow no ara ntena adwuma biako mu nkyɛ pii. Wɔwɔ hɔ nyinaa, na wɔrehwehwɛ adwuma foforo.

Brazil

Efi afe 1980 besi afe 2010 mu no, wɔde atuo akunkum nnipa bɛyɛ 800,000 wɔ Brazil. Wɔn mu bɛboro 450,000 adi fi mfe 15 kosi 29. Nhwehwɛmu a wɔayɛ wɔ nsɛmmɔnedi a asisi nnansa yi mu no kyerɛ sɛ nea ɛde awudi yi ba ne ofie ntɔkwaw, afipamfo ntam akasakasa, ahoɔyaw, anaa drɔbafo ntam akyinnyegye.