Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nyansa Reteɛm—Wote?

Nyansa Reteɛm—Wote?

“Ɛnyɛ nyansa na ɛteɛm, na nhumu ma ne nne so? Egyina sorosoro, ɔkwan so, nkwanta so. Ɛteɛm denneennen . . . wɔ, kurotia, abobow ano.”MMEBUSƐM 8:1-3.

NYANSA deɛ, hwee ne no nsɛ. Sɛ yɛannya bi a, anka yɛbɛyɛ nneɛma basabasa. Ɛnneɛ sɛ yɛrepɛ nyansa paa a, ɛhe na yebenya no? Onipa a ɔkyerɛw Mmebusɛm nwoma no kaa Ɔbɔadeɛ no nyansa a ɛso bi nni ho asɛm. Bio nso, Onyankopɔn ada ne nyansa adi wɔ Bible mu ma enti nnipa nyinaa betumi ahu. Wo deɛ hwɛ nsɛm yi:

  • Nwoma bi ka sɛ, Bible ne “nwoma a yɛakyekyɛ wɔ asase yi so paa. Sɛ wopɛ nwoma a yɛakyerɛ aseɛ mpɛn pii kɔ kasa bebree mu a, ɛda mu fua.” (The World Book Encyclopedia) Seesei wɔakyerɛ Bible mũ no nyinaa anaa ne fã bi ase wɔ kasa bɛyɛ 2,600 mu. Wei nti wuyi nnipa 10 biara a, emu 9 wɔ Bible.

  • Bio, nyansa ‘teɛm denneennen.’ Wei nyɛ kasakoa; ɛyɛ asɛm paa ara. Mateo 24:14 ka sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”

Saa “asɛmpa” no yɛ nyansa efisɛ ɛma yehu nyansakwan a Onyankopɔn nam so beyi adesamma haw afi hɔ; ɔnam n’Ahenni no so. Saa Ahenni no yɛ Onyankopɔn aban a ebedi wiase nyinaa so. Saa bere no aban baako pɛ na ebedi nnipa nyinaa so. (Daniel 2:44; 7:13, 14) Yesu Kristo bɔɔ mpae sɛ: “W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro.”—Mateo 6:9, 10.

Yehowa Adansefo rebɔ Onyankopɔn Ahenni no dawuro wɔ nsase mmaako mmaako 239 so! Wobu adwuma a wɔreyɛ yi sɛ akwannya kɛse paa. Ampa, nyansa, kyerɛ sɛ Onyankopɔn nyansa ‘reteɛm.’ Ɛreteɛm wɔ “abobow ano.” Wote?