Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 BIBLE NO ADWENE

Sɛdeɛ Yɛdwennwene Asɛm Ho

Sɛdeɛ Yɛdwennwene Asɛm Ho

Sɛ yɛka sɛ dwennwene asɛm ho a, ɛkyerɛ sɛn?

“Medwinnwen wo nnwuma nyinaa ho, na wo nneyɛe nso, mesusuw ho.”—Dwom 77:12.

NEA NKURƆFO KA

Akwan pii wɔ hɔ a nkurɔfo fa so dwennwene asɛm ho, na saa akwan no bebree firi Hindusom ne n’asefoɔ mu. Ɔkyerɛwfo bi kae sɛ, sɛ yebetumi adwennwene asɛm ho yiye a, “ɛsɛ sɛ onipa yi biribiara firi n’adwene mu na ama watumi ahu nneɛma ani so yiye.” N’asɛm no kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yeyi biribiara firi yɛn tirim, na yɛde yɛn adwene si nsɛm ne mfonini pɔtee bi so sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya asomdwoeɛ ama yɛn adwene mu ate na ama yɛate Onyankopɔn asɛm ase.

NEA BIBLE KA

Bible ma yehu sɛ ehia paa sɛ yɛdwennwene asɛm ho. (1 Timoteo 4:15) Nanso sɛ Bible ka sɛ yɛnnwennwene nsɛm ho a, ɛnkyerɛ sɛ yebeyi biribiara afiri yɛn adwenem anaa yɛbɛfa asɛm pɔtee bi na yɛaka no mpɛn pii te sɛ nea yɛrekankye no. Mmom deɛ ɛkyerɛ ne sɛ yɛbɛtena ase asusuw nneɛma a ɛfata ho. Ebi ne Onyankopɔn suban, ne mmara, ne nneɛma a wabɔ. Onyankopɔn somfo bi bɔɔ mpae sɛ: “Midwinnwen wo nnwuma nyinaa ho; metena ase susuw wo nsa ano adwuma ho.” (Dwom 143:5) Ɔka kaa ho sɛ: “Sɛ mekae wo me kɛtɛ so anadwo dasum a, midwinnwen wo ho.”—Dwom 63:6.

 Wodwennwene nsɛm ho a, ɛbɛboa wo sɛn?

“Ɔtreneeni koma dwen ansa na ama mmuae.”Mmebusɛm 15:28.

NEA BIBLE KA

Yɛgye berɛ dwennwene nneɛma a ɛfata ho a, ɛma yenya suban pa ne ahohyɛsoɔ, na ɛma yɛyɛ adepa nso. Wei nyinaa ma yenya nhumu ne nteaseɛ, na ɛma yɛn kasa nso yɛ dɛ. (Mmebusɛm 16:23) Obi dwennwene nsɛm ho saa a, n’ani gye wɔ n’abrabɔ mu. Obi dwennwene Onyankopɔn ho daa a, Dwom 1:3 ka sɛ: “Ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔadua wɔ nsuten ho, a ɛsow aba ne bere mu, na n’ahaban mpo, na nea ɔyɛ biara bewie yiye.”

Sɛ yɛgye berɛ dwennwene nsɛm ho a, ɛboa yɛn ɔkwan foforɔ so. Ɛne sɛ, yɛte nneɛma ase ntɛm na yɛn werɛ remfi ade basabasa. Ɛho nhwɛso nie: Sɛ yɛfa adebɔ anaa Bible mu asɛm bi sua ho adeɛ a, yebehu nokwasɛm ahoroɔ bi. Nanso sɛ yɛgye bere dwennwene saa nokwasɛm no ho a, ɛma yɛte nneɛma bi ase yiye. Sɛnea duadwufoɔ tumi keka nnua ne nneɛma bi bom si dan fɛfɛɛfɛ no, saa ara na yegye bere dwennwene nneɛma ho a, yetumi keka nokwasɛm bi si anim ma yɛhu biribi ani so yiye.

Biribiara kɛkɛ na ɛsɛ sɛ yɛdwennwene ho?

“Koma yɛ okontomponi sen ade nyinaa na ne ho yɛ ahometew. Hena na obetumi ahu mu?”—Yeremia 17:9.

NEA BIBLE KA

Bible ka sɛ: “Onipa mu, ne koma mu, na nsusuwii bɔne fi ba: aguamansɛm, korɔnbɔ, awudisɛm, awaresɛe, adifudepɛ, amumɔyɛsɛm, nnaadaasɛm, ahohwisɛm, anibere, . . . ahuhusɛm.” (Marko 7:21, 22) Nsɛm ho a yɛbɛdwennwene te sɛ egya, woanhwɛ no yiye a, ɛbɛgye wo nsam! Enti sɛ nsusuwii hunu ba yɛn adwenem na yɛsosɔ so a, ebetumi ama yɛayɛ bɔne.—Yakobo 1:14, 15.

Wei nyinaa nti Bible tu yɛn fo sɛ yɛnnwennwene saa nneɛma yi ho: ‘Nea ɛyɛ nokware, nea ɛtɛne, nea ɛho teɛ, nea ɛyɛ fɛ, nea wɔka ho asɛm pa, ɔbra pa, ne nea ɛsɛ ayeyi.’ (Filipifo 4:8, 9) Sɛ yɛsua saa nneɛma pa yi na yɛdwennwene ho a, ɛbɛma yɛanya suban pa na yɛn kasa ayɛ dɛ. Afei nso yebetumi ne obiara atena fɛfɛɛfɛ.—Kolosefo 4:6.