ASƐM A ƐDA SO
Dɛn na Ɛma Obi Yɛ Adamfo Pa?
DECEMBER 25, afe 2010 da no, Britainni baa bi a wadi mfe 42 de asɛm bi too gua wɔ Intanɛt so sɛ ɔpɛ sɛ ɔku ne ho. Deɛ na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ araa ne sɛ amamfoɔ nsɔ ne mu. Ná ɔbaa no wɔ Intanɛt so “nnamfo” bɛboro apem, nanso baako mpo amfii no. Adeɛ kyee no, ne funu na polisifoɔ kohui. Ná wanom aduro aboro so.
Ɛnnɛ, Intanɛt a aba so no nti, sɛ worepɛ nnamfo apem koraa a, ɛnyɛ den. Deɛ ehia araa ne sɛ wubemia biribi so wɔ kɔmputa so, na woanya adamfo. Na sɛ wopɛ sɛ wo ne no twam a, ɛno araa ne sɛ wobɛsan amia biribi so; ebeyi ne din afi so. Nanso, awerɛhosɛm a ɛtoo Britainni baa no kyerɛ sɛ, sɛ yɛreka nnamfo paa a, abɔ nnipa bebree. Nhwehwɛmu bi a nkurɔfo yɛɛ no nnansa yi ma yehu sɛ, ɛnnɛ, nnipa refa nnamfo pii deɛ, nanso nnamfo pa ho ayɛ nna.
Nnipa dodow no ara nim sɛ yehia nnamfo pa; ebia wo nso wunim saa. Bio nso ebia wunim sɛ ɛnyɛ adamfo araa ne sɛ wubemiamia biribi so wɔ kɔmputa anaa smatfon so. Dɛn na ɛma wofa obi adamfo? Dɛn na ɛbɛma woayɛ adamfo pa? Wofa adamfo a, dɛn na ɛbɛma adamfofa no akyɛ?
Hwɛ nneɛma nnan bi a ebetumi aboa wo, na hwɛ Bible mu asɛm a wode bɛyɛ adwuma ama obiara ani agye ho sɛ ɔbɛfa wo adamfo.
1. Ma Onhu sɛ Wodwene Ne Ho
Yɛka adamfo pa a, ɔne obi a nsuo mu oo, awia mu oo, ɔbata wo ho. Ɛkyerɛ sɛ wo ho adwuma bi da ne so, na ɔdwene wo ho paa. Wo ne w’adamfo no nyinaa, ɛsɛ sɛ obiara asɛm yɛ ne yɔnko asɛm na ne dadwene yɛ ne dadwene. Ɛsɛ sɛ obiara ku ne ho ma ne yɔnko. Sɛ moyɛ saa a, ɛde anigye ba. Bisa wo ho sɛ, ‘Mayi me yam sɛ mede m’ahoɔden ne m’adaadgye ne me nneɛma bɛboa m’adamfo?’ Kae sɛ, sɛ wopɛ adamfo pa a, ɛsɛ sɛ wo nso woyɛ adamfo pa.
DEƐ ƐMA NKURƆFO FA ADAMFO
Irene: “Adamfofa te sɛ nea woreyɛ gaaden; sɛ ɛbɛyɛ fɛ a, gye sɛ wunya adaagye hwɛ no yiye. Sɛ worepɛ adamfo a, di kan yɛ adamfo pa. Yɛ onipa no papa na ma onhu sɛ wodwene ne ho. Sɛ ɔka sɛ ohia wo a, yi wo yam fa w’adaagye boa no.”
Luis Alfonso: “Ɛnnɛ wiase a yɛwɔ mu yi, obi nnwene obi ho. Enti sɛ obi dwene wo ho na oku ne ho ma wo a, ɛyɛ ade kɛseɛ paa.”
DƐN NA BIBLE KA?
“Sɛnea mopɛ sɛ nnipa yɛ mo no, monyɛ wɔn saa ara. Monkɔ so mma na nkurɔfo ama mo.” (Luka 6:31, 38) Deɛ Yesu reka akyerɛ yɛn araa ne sɛ yenyi yɛn yam mmoa nkurɔfo. Sɛ yɛboa nkurɔfo saa a, ɛma yenya nnamfo pa. Enti sɛ woku wo ho ma wo nnamfo a, deɛ ɛbɛyɛ biara wɔbɛka aba wo ho.
2. Montaa Mmɔ Nkɔmmɔ
Sɛ wowɔ adamfo na montaa mmɔ nkɔmmɔ a, adamfo no nkɔ so. Enti nneɛma a mo ani gye ho no, mommɔ ho nkɔmmɔ. Sɛ w’adamfo no rekasa a, yɛ aso tie no. Ɛfata sɛ wokamfo no a, kamfo no; ohia nkuranhyɛ nso a, hyɛ no nkuran. Ɛtɔ da a, ebehia sɛ wutu w’adamfo no fo anaa wutwi n’anim, nanso edu baabi a na ayɛ den. Nanso adamfo pa deɛ ohu biribi a ɛnyɛ papa wɔ n’adamfo ho a, obenya akokoduru aka akyerɛ no, na ɔde ntoboaseɛ akyerɛ no deɛ ɔnyɛ.
DEƐ ƐMA NKURƆFO FA ADAMFO
Juan: “Sɛ obi yɛ adamfo pa a, ɛsɛ sɛ otumi ka ne komam asɛm, nanso sɛ wo ne no anyɛ adwene wɔ biribi ho a, enni sɛ ɛhaw no.”
Eunice: “Deɛ ehia me paa ne adamfo a obenya adaagye abɛtena me nkyɛn ama maka m’asɛm akyerɛ no, ɛnkanka ne sɛ asɛm ato me.”
Silvina: “Adamfo pa deɛ, ohu wo ho biribi a, ɔka, sɛ ɛbɛhaw wo oo, sɛ ɛnhaw wo oo, efisɛ ɔpɛ wo yiye.”
DƐN NA BIBLE KA?
“Obiara nyɛ ntɛm ntie asɛm, ɔnyɛ nyaa nkasa, na ɔnyɛ nyaa mfa abufuw.” (Yakobo 1:19) Obi a ɔyɛ adamfo pa no, sɛ obi rekasa a otie no yiye. Sɛ yɛne yɛn adamfo rebɔ nkɔmmɔ na yɛgye nkɔmmɔ no bɔ so a, nea yɛrepɛ akyerɛ araa ne sɛ, yenim nyansa kyɛn no. Enti sɛ w’adamfo pɛ sɛ ɔka ne haw ne ne komam asɛm akyerɛ wo a, tie. Sɛ ɔka biribi a w’ani nnye ho a, mma no nnhaw wo. Mmebusɛm 27:6 ka sɛ: “Sɛ ɔdɔfo pira wo a, efi nokwaredi mu.”
3. Kae sɛ Mfomso Wɔ Nnipa Ho
Sɛ wo ne w’adamfo nnante kyɛ a, deɛ ɛbɛyɛ biara wubehu ne ho mfomso. Sɛnea bɔne wɔ wo ho no, saa na ebi wɔ w’adamfo ho. Enti enni sɛ wohwɛ kwan sɛ ɔbɛyɛ ne biribiara pɛpɛɛpɛ. Mmom nea ɛsɛ sɛ woyɛ ne sɛ wobɛma nneɛma pa a otumi yɛ no ayɛ wo fɛ na woabu w’ani agu ne mfomso so.
DEƐ ƐMA NKURƆFO FA ADAMFO
Samuel: “Adeɛ a yentumi nyɛ no, yɛhwɛ kwan sɛ obi deɛ ɔbɛyɛ. Sɛ yenim sɛ yedi mfomso enti yehia bɔne fafiri a, ɛnneɛ ɛnyɛ den sɛ yɛde nkurɔfo bɔne bɛkyɛ wɔn.”
Daniel: “Kae hunu sɛ wo nnamfo bedi mfomso. Sɛ asɛm ba a, bɔ mmɔden sɛ mubesiesie no ntɛm, na bɔ mmɔden yi fi wo tirim.”
DƐN NA BIBLE KA?
“Yɛn nyinaa di mfomso mpɛn pii. Sɛ obi nni mfomso wɔ kasa mu a, ɛkyerɛ sɛ saa onipa no yɛ pɛ a otumi to ne nipadua mũ no nyinaa nso nnareka.” (Yakobo 3:2) Sɛ yɛgye tom sɛ yɛn nyinaa di mfomso a, ɛbɛma yɛate yɛn nnamfonom ase. Enti sɛ wɔyɛ nneɛma nketenkete bi a yɛn ani nnye ho a, ɛnhaw yɛn pii. Bible ka sɛ: “Monkɔ so nnya mo ho abotare na momfa mfirifiri mo ho korakora. . . . Na eyinom nyinaa akyi no, monhyɛ ɔdɔ efisɛ ɛyɛ koroyɛ hama a ɛyɛ pɛ.”—Kolosefo 3:13, 14.
4. Fa Nnipa Ahorow Ahorow Nnamfo
Ampa, ɛnyɛ obiara na yebetumi afa no adamfo, nanso ɛnyɛ nnipa pɔtee bi nko ara na ɛsɛ sɛ yɛfa wɔn nnamfo. Sɛ yɛfa nnipa ahorow ahorow te sɛ mpanyin ne nkwadaa, aborɔfo ne abibifoɔ, asikafoɔ ne ahiafoɔ nyinaa nnamfo a, yɛn ani bɛgye wɔ abrabɔ mu.
DEƐ ƐMA NKURƆFO FA ADAMFO
Unai: “Sɛ wofa wɔn a wɔte sɛ wo anaa w’atipɛnfo nko ara nnamfo a, na akɔyɛ sɛ ataade kɔla a w’ani gye ho, ɛno na daa wohyɛ. Sɛ w’ani gye kɔla no ho sɛ dɛn koraa a, ebedu baabi no, ɛbɛfono wo.”
Funke: “Nnipa ahorow ahorow a mafa wɔn nnamfo no ama mahu nyansa. Mitumi ne mpanyimfo ne nkwadaa, ne asikafoɔ ne ahiafoɔ nyinaa bɔ; ɛnyɛ me den sɛ me ne obiara bɛnante. Eyi nti, me nnamfo pɛ m’asɛm paa.”
DƐN NA BIBLE KA?
“Enti nea mo nso mobɛyɛ de atua ka no—mekasa kyerɛ mo sɛ mmofra—mo nso montrɛw mo komam.” (2 Korintofo 6:13) Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa nnipa ahorow ahorow nnamfo. Sɛ woyɛ saa a, ɛma wuhu nneɛma pii wɔ abrabɔ mu na ɛma ebinom nso pɛ w’asɛm.