Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wim Akuafoɔ a Wɔte Kwae Mu

Wim Akuafoɔ a Wɔte Kwae Mu

OKUAFOƆ biara nim sɛ, afuo bɛyɛ yiye a, gye sɛ ɔnya asase pa na ɔdua ne nneɛma sutɔbere. Nanso, anwonwasɛm ne sɛ, nneɛma a ɛyɛ yiye paa wɔ kwae mu no, wim akuafoɔ no dua no anadwo. Wim akuafoɔ a yɛreka wɔn ho asɛm yi, wɔne mpan; ebinom frɛ wɔn dankwansere. Wɔn aduan paa ne nnuaba. *

Sɛnea Wɔgu Aba

Mpan no pii wɔ hɔ a, wɔtu anadwo kyinkyin kwae mu hwehwɛ nnuaba a ɛyɛ dɛ ne nhwiren a nsuo wom paa. Sɛ mmoa yi nenam saa a, wɔdi nnuaba. Aba no nyam, enti sɛ wɔgya wɔn nan a, wɔpete aba no. Nea wɔyɛ ma kuadwuma no di mu ne sɛ, sɛ wɔkɔsi nhwiren so fefe mu nsuo a, nhyerɛnee no bi tetare wɔn nan ho, enti sɛ wɔde kɔsi nhwiren foforo so a, ɛma ɛso aba.

Mpan tumi twa kwantenten anadwo enti wɔtumi gu aba bebree. Bere a wɔregu aba no nyinaa na wɔregya wɔn nan ka ho; ne nyinaa yɛ asase no yiye ma aba no nyin. Ɛno nti, nnua a ɛwɔ kwae mu no, sɛ ɛbɛso o, sɛ foforo bɛfifi o, ɛyɛ mpan yi ara.

 Mpan tumi wura baabiara, enti wɔnim akwan a wɔbɛfa so no yiye, na wɔn ani nso hu ade yiye paa. Esum mu mpo, wɔhu ade sen nnipa; wɔtumi hu sɛ kɔla wei ni, kɔla wei ni. Enti ɛnha wɔn koraa sɛ wɔbɛkyini anadwo ne awia nyinaa.

Wɔn Asetena Mu

NÁ WONIM? Mpan a wɔdi nnuaba no, wɔnte sɛ mpan a aka no. Wɔn deɛ, ɛnyɛ dede a wɔte na wɔdi akyi kɔpɛ aduan. Wɔde wɔn ani ne wɔn hwene na ɛhwehwɛ. Wɔn ani apɔtwepɔtwee no, wɔde hu ade anadwo

Apan no bi wɔ hɔ a, ɔbea ne ɔbarima tumi nantew kɔpem sɛ baako bɛwu. Ebi nso wɔ hɔ a, bedeɛ no na ɛhwɛ ne ba de no di akɔneaba ma no nufu kɔsi sɛ ɔbɛnyini atew ne ho. Apan no bi nso wɔ hɔ a, sɛ ɔrewo a, ɛhia sɛ ne yɔnko ɔbea gye no awo.

Awerɛhosɛm ne sɛ mpan a wɔdi nnuaba no, bebree ase reyɛ ahye. Dɛn na ama aba saa? Ne fã bi ne sɛ, nkurɔfo redɔ kwae a mmoa no te mu no. South Pacific nsase a nsuo atwa ho ahyia no sei, sɛ mpan ase hye a, ɛde asɛm bɛba paa; nnua bi wɔ hɔ a, ɛrenso da. Enti wim akuafoɔ yi, biribiara kyerɛ sɛ wɔyɛ adwuma paa; ɛnsɛ sɛ yɛtoto wɔn ase koraa.

^ nky. 2 Mpan yi bi wɔ Afrika, Asia, Australia ne Pacific Nsupɔw no bi so.