Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 BIBLE NO ADWENE

Ahoni

Ahoni

Nnipa mpempem pii nkɔ nnyaw ahoni wɔ wɔn som mu. Nanso, momma yɛmmisa sɛ, Bible pene saa adeɛ no so? Onyankopɔn ani gye ho?

Tete Yudafo a wɔsom Nyankopɔn no, wɔde ahoni kaa wɔn som ho?

“Nyɛ ohoni biara anaa biribi a ɛwɔ soro anaa asase so anaa nea ɛwɔ nsu mu wɔ asase ase sɛso biara mfa. Nkotow wɔn na nsom wɔn.”— Exodus 20:4, 5.

Ahoni a nkurɔfo de ka ɔsom ho no, Hebri Kyerɛwnsɛm anaa deɛ nkurɔfoɔ frɛ no Apam Dedaw no kasa tia wɔ baabiara

NEA NKURƆFO KA

Nhoma bi kyerɛ sɛ, ná Yudafo wɔ ahoni pii a wɔde som. “Saa ahoni no, wɔde nidi maa wɔn, na wɔsom wɔn.” (New Catholic Encyclopedia) Nhoma no kyerɛ mu sɛ, ná wɔadi aduaba, nhwiren, ne mmoa pii adwini agu Yerusalem asɔrefie no ho de ama ayɛ fɛ.1 Ahene 6:18; 7:36.

NEA ƐSƐ SƐ WOHU

New Catholic Encyclopedia asɛm no nyɛ nokware. Nneɛma a na wɔde adi adwini agu asɔrefie no ho no, Yudafo anokwafo amfa emu biara anka wɔn som ho. Nokwasɛm a ɛwom ne sɛ, wohwɛ Bible mu a, baabiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Israelni nokwafo biara de honi kaa ne som ho.

NEA BIBLE KA

Onyankopɔn maa odiyifo Yesaia kae sɛ: “Meremfa m’anuonyam mma obiara, na m’ayeyi nso, meremfa mma ahoni.”Yesaia 42:8.

 Tete Kristofo de ahoni kaa wɔn som ho anaa?

“Biakoyɛ bɛn na Onyankopɔn asɔrefie ne abosom wɔ? . . . Mommfa mo nsa nnka nea ɛho ntew.”—2 Korintofo 6:16, 17.

Nhoma bi ka sɛ: “Tete Kristofo no, amma wɔn tirim mpo sɛ wɔde ahoni bɛkɔ asɔrefie; anka ɛbɛyɛ mmusuo, na sɛ wɔkotow wɔn anaa wɔgyinaa wɔn anim bɔɔ mpae a, anka ɛbɛyɛ abosonsom.”History of the Christian Church

NEA NKURƆFO KA

New Catholic Encyclopedia ka sɛ: “Ɛnnɛ obiara ntumi nka sɛ tete Kristofo no amfa ahoni anka wɔn som ho. Ná Kristofo no ahyɛ da ayɛ baabi wɔ asase ase a wɔsie funu; wohu sɛ wɔadi adwini pii wɔ hɔ. . . . Wɔyeyɛɛ anansesɛm mu nnipa bi mfonini wɔ baabi a na wɔhyia som ne baabi a wɔsie funu no.” *

NEA ƐSƐ SƐ WOHU

Mfonini a akyɛ wɔ asiei hɔ no, wohwɛ a wɔyɛɛ no Yesu wuo akyi mfe 200 mu hɔ baabi. Enti nea New Catholic Encyclopedia frɛ no “tete Kristofo no” nyɛ nokware; nea nhoma no reka ho asɛm no yɛ Asomafo no akyi. Sɛnea Asomafo no somee no, ɛno ho asɛm na ɛwɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm a nkurɔfo frɛ no Apam Foforo mu no. Enti ahoni a wɔhui wɔ asiei hɔ no kyerɛ sɛ Yesu wuo akyi mfe 200 no, nnipa bi yii wɔn ti a wɔn na wɔseɛ sɛ wɔyɛ Kristofo. Wɔn na wɔkɔfaa saa abosonsomfo ahoni no bɛfraa Kristosom mu sɛ wɔde retwe dɔm. *

NEA BIBLE KA

“Munguan abosonsom.”1 Korintofo 10:14.

Ɛsɛ sɛ yɛfa ahoni so som?

“Monhwɛ mo ho yiye wɔ ahoni ho.”1 Yohane 5:21.

Ahonisom nni nnyinaso biara wɔ Bible mu. Wei nti Yehowa Adansefo nsom ahoni; saa ara nso na wokɔ wɔn afie anaa baabi a wɔhyiam som a, wɔnni ahoni biara a wɔfa so som

NEA NKURƆFO KA

New Catholic Encyclopedia ka sɛ: “Honi gyina hɔ ma obi; sɛ wosom honi a, na woresom onii no ankasa. Enti ɔsom a wode bɛma onii no, wobɛtumi de ama honi no.”

NEA ƐSƐ SƐ WOHU

Bere a Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛnea yɛbɔ mpae no, wanka ankyerɛ wɔn sɛ wɔmmɔ mpae mfa ahoni so. Sɛ wohwɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu a, biribiara nnim a ɛkyerɛ sɛ yɛbɛtumi afa ahoni so asom nokware Nyankopɔn no.

NEA BIBLE KA

“Yehowa wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokotow no, na ɔno nkutoo na ɛsɛ sɛ wosom no.”Mateo 4:10.

^ nky. 13 Mfonini a yɛreka ho asɛm yi yɛ ahoni ne nneɛma foforo biara a wɔde ka ɔsom ho.

^ nky. 14 Tete aman pii wɔ hɔ a na wɔde ahoni ka wɔn som ho; saa aman no bi ne Egypt, Greece, ne India.