Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASƐM A ƐDA SO | DƐN NA ƐKYERƐ SƐ ASI OBI YIYE?

Nea Ɛbɛma Asi Wo Yiye

Nea Ɛbɛma Asi Wo Yiye

Bible ma yɛhu nea ɛbɛma asi yɛn yiye. Ɛnkyerɛ sɛ nnipa kakraa bi na ɛbɛsi wɔn yiye. Ɛsan ma yɛhu sɛ, ɛnyɛ sɛ woka sɛ ɛbɛsi wo yiye a, na asi wo yiye. Nkurɔfo de saa asɛm no daadaa nkwadaa, na ɛtaa ma nnipa nsa si fam.

Nokware a ɛwɔ mu ne sɛ ɛbɛtumi asi obiara yiye; nanso ɛgye mmɔdenbɔ. Wo deɛ, hwɛ Bible mu nsɛm a ɛdidi so yi.

  • NEA BIBLE KA:

    “Nea ɔpɛ dwetɛ no, dwetɛ mmee no, na nea ɔpɛ adedodow nso, ahonyade mmee no.”Ɔsɛnkafo 5:10.

    ƐKYERƐ SƐN? Sɛ obi pere nya wiase agyapadeɛ nyinaa mpo a, biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ n’ani bɛgye. Nokwasɛm ne sɛ ɛgya no adwennwene mmom. Ɔbenfo bi a yɛfrɛ no Jean M. Twenge kyerɛwee sɛ: “Wɔn a wɔn adwene nyinaa yɛ sika-sika no, ɛtaa gya wɔn adwennwene ne kɔdaanna. Nanso wɔn a wɔnya nnipa ho adaagye no, ɛntaa nto wɔn saa.” (Generation Me) Ɔsan kae sɛ: “Nhwehwɛmufo ahu sɛ sika ntumi ntɔ anigye. Wonya sika du mpɛnpɛnso bi a, ɛnyɛ sika no na ɛma wo ho tɔ wo.”

    NEA WOBƐTUMI AYƐ. Fa biribi a mfaso wɔ so sen sika ne ahonyade si w’ani so. Yesu kae sɛ: ‘Momma mo ani nna hɔ na monhwɛ yiye wɔ anibere biara ho, efisɛ sɛ onipa nya ma ɛbu so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no mu na ne nkwa fi.’Luka 12:15.

  •  NEA BIBLE KA:

    “Ahantan di ɔsɛe anim, na ahomaso honhom di asehwe anim.”—Mmebusɛm 16:18.

    ƐKYERƐ SƐN? Sɛ woma ahantan ne ahomaso di w’anim a, ɛrensi wo yiye. Nhoma bi ka sɛ, “adwuma wuranom a wɔbrɛ wɔn ho ase, wɔn a wɔntu wɔn ho na wɔte asɛm ase no,” wɔn na wɔn adwuma gyina. “Wɔn a ahomaso ne ahantan reku wɔn no, wɔn adwuma taa gu na ɛnkɔ nkan.” (Good to Great) Asɛm yi, aba a ɛwom ne sɛn? Sɛ wobu wo ho dodo a, ɛntaa nsi wo yiye.

    NEA WOBƐTUMI AYƐ. Nhwehwɛ anuonyam, mmom brɛ wo ho ase. Bible se: “Sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ obi na ɔnyɛ hwee a, na ɔredaadaa ne ho.” Sɛ obi daadaa ne ho a, kae hu sɛ ɛrensi no yiye koraa!Galatifo 6:3.

  •  NEA BIBLE KA:

    ‘Biribi pa bi nni hɔ mma onipa sɛ ɔbɛdidi na wanom na wama ne kra ahu adepa, ne brɛ mu.’Ɔsɛnkafo 2:24.

    ƐKYERƐ SƐN? Sɛ woyɛ nsi w’adwuma ho a, nea ɛtaa ba ne sɛ w’ani bɛgye adwuma no ho paa. Ɔbenfo bi a yɛfrɛ no Madeline Levine kaa wɔ ne nhoma bi mu sɛ: “Wonim biribi yɛ a, ɛnna wotumi yɛ no yiye. Sɛ wobɛhu biribi yɛ a, ɛgye animia ne mmɔdenbɔ.” (Teach Your Children Well) Wei kyerɛ sɛ, woreyɛ biribi na ɛgye gu mpo a, womma w’abam mmu; wobɛpere akɔ w’anim.

    NEA WOBƐTUMI AYƐ. Yere wo ho ma wo ho nkokwaw wɔ w’adwuma mu; wohyia akwanside a, ɛnte nna. Sɛ wowɔ mma, na sɛ wɔhyia ɔhaw bi a, ɛyɛ a ma wɔn ankasa nni ho dwuma. (Hwɛ wɔn mfie ne nea wɔbɛtumi ayɛ ansa na woasi saa gyinae no) Ɛnyɛ ɔhaw biara na ɛsɛ sɛ wopere wo ho twitwa gye wɔn. Mmofra wɔ hɔ yi, woboa wɔn ma wɔbɛyɛ mpanyin pa a, ɛma wɔn ani sene; ɛno ma wɔn koma tɔ wɔn yam.

  • NEA BIBLE KA:

    “Ɔkraman a ɔte ase ye sen gyata a wawu.”Ɔsɛnkafo 9:4.

    ƐKYERƐ SƐN? Woyɛ adwuma a, ɛnyɛ dɛn ara a ɛbɛgye wo bere, nanso ɛnsɛ sɛ ɛgye wo bere nyinaa. Sɛ wonya dibea sɛn koraa wɔ adwumam na w’apɔwmuden nyɛ papa, na wo yere ne wo mma mmu wo a, enti wobɛtumi aka paa sɛ asi so yiye? Wɔn a asi wɔn yiye paa wɔ asetenam no, wɔnya bere ma wɔn adwuma, wɔn apɔwmuden, ne wɔn abusua. Yɛbɛka a, wɔde biribiara to nea ɛda.

    NEA WOBƐTUMI AYƐ. Hwɛ wo ho so yiye. Gye bere home yiye. Sɛ obi ma n’adwene nyinaa yɛ adwuma-adwuma, na n’apɔwmuden, n’abusua, ne ne nnamfo ho nhia no a, yɛrentumi nka sɛ asi no yiye.

  • NEA BIBLE KA:

    “Anigye ne wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade.”Mateo 5:3.

    ƐKYERƐ SƐN? Sɛ obi sua Bible na ɔde nea ɔsua no bɔ ne bra a, na wasi yiyeyɛ kwan so ara no no. Nokwasɛm ni, Yehowa Adansefo mpempem pii ahu sɛ Onyankopɔn som a wɔde di kan wɔn abrabɔ mu nti, wɔnni wiase ahonyade akyi nhaw wɔn ho mma ɛnnya wɔn adwennwene ne tipae.Mateo 6:31-33.

    NEA WOBƐTUMI AYƐ. Sua Bible na hu nea woyɛ a, ɛbɛsi wo yiye paa. Sɛ wopɛ sɛ wohu pii ka ho a, hwehwɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ baabi a wote no, anaa kɔ Intanɛt so wɔ www.pr418.com/tw.