Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE NO ADWENE

Ahoteɛ

Ahoteɛ

Enti yɛdi yɛn ho ni a ɛhia Nyankopɔn?

“Momma yɛnhohoro yɛn ho mfiri honam ne honhom mu fĩ nyinaa ho.”—2 Korintofoɔ 7:1.

DEƐ BIBLE KA

Ɔbɔadeɛ no dɔ yɛn na ɔpɛ sɛ yɛnya apɔ-muden na yɛtena ase kyɛ bɔ bra pa. Onyankopɔn ka sɛ ‘ma w’akoma nni me mmara nsɛm so, ɛfiri sɛ onyinkyerɛ ne nkwa mfeɛ ne asomdwoeɛ na ɛde bɛka wo ho.’ (Mmebusɛm 3:1, 2) Mmara a Onyankopɔn de maa Israelfoɔ no ma yɛhunu sɛ ɔdɔ nnipa, ɛfiri sɛ mmara no kyerɛɛ nneɛma pɔtee bi a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛn ho ate. (Deuteronomium 23:12-14) Berɛ a Israelfoɔ de Nyankopɔn mmara bɔɔ wɔn bra no, wɔnyaa apɔmuden, na yareɛ a ɛbobɔɔ aman a wɔnni Nyankopɔn mmara so no, ebi ammɔ wɔn. Saa aman no bi ne Egypt.Deuteronomium 7:12, 15.

Ɛnnɛ nso nnipa a ‘wɔhohoro wɔn ho firi honam mu fĩ nyinaa ho’ no, wɔntaa nyare, wɔn adwenem da hɔ, na wɔnwuwu basa-basa. Nneɛma a ɛgu yɛn ho fi no, ebi ne sigaret, nsaweɛ, ne nnubɔne. Ɛnyɛ yɛn nko na yɛteɛ, enti sɛ yɛtie Onyankopɔn afotuo di yɛn ho ni a, ɛkyerɛ sɛ yɛdwene yɛn yɔnko ho.Marko 12:30, 31.

Sɛ yɛma yɛn abrabɔ ne yɛn som ho te a, Onyankopɔn bu no sɛn?

“Monkum mo nipadua akwaa . . . wɔ adwamammɔ, afĩdeɛ, nna ho akɔnnɔ, nkate bɔne, ne anibereɛ a ɛyɛ abosonsom ho. Saa nneɛma yi nti na Onyankopɔn abufuo reba.”Kolosefoɔ 3:5, 6.

DEƐ BIBLE KA

Yɛadi kan ahunu sɛ Bible se “yɛnhohoro yɛn ho mfiri honam ne honhom mu fĩ nyinaa ho.” Berɛ a Yesu Kristo wɔ asase so no, na Yudasom mpanimfoɔ ne nnipa bebree di wɔn ho ni paa nanso na wɔmmu bra pa, na na wɔmfa Nyankopɔn afotuo nyɛ hwee. (Marko 7:1-5) Yesu kyerɛɛ deɛ ɛhia. Ɔkaa sɛ: ‘Biribiara nni hɔ a ɛfiri abɔnten kɔ onipa mu a ɛbɛtumi agu ne ho fĩ, ɛfiri sɛ ɛkɔ ne nsono mu, na ɛsene firi nipadua no mu.’ Ɔka kaa ho sɛ: “Deɛ ɛfiri onipa mu firi adie no na ɛgu ne ho fĩ; na onipa mu, n’akoma mu, na nsusuiɛ bɔne firi ba: adwamansɛm, korɔno, awudisɛm, awaresɛeɛ, adufudepɛ, amumuyɔsɛm, nnaadaasɛm, ahohwisɛm, anibereɛ, . . . ahuhusɛm. Nneɛma bɔne yi nyinaa . . . na ɛgu ne ho fĩ.”Marko 7:18-23.

Yesu berɛ so no, nkurɔfoɔ bi wɔ hɔ a na wɔdi wɔn ho ni paa nanso Onyankopɔn mmara a ɛfa abrabɔ ne ɔsom ho deɛ, wɔmfa nyɛ hwee. Yesu kaa sɛ saa nnipa no te sɛ kuruwa a ɛho hyɛnhyɛn nso emu deɛ, efĩ pɔtɔɔ.Mateo 23:25, 26.

Bible mmara yɛ den anaa?

“Yei ne deɛ Onyankopɔn dɔ kyerɛ, sɛ yɛbɛdi n’ahyɛdeɛ soɔ; na n’ahyɛdeɛ nyɛ den.”1 Yohane 5:3.

DEƐ BIBLE KA

Mika 6:8 ka sɛ: “Ɛdeɛn na Yehowa hwehwɛ firi wo hɔ? Ɛno ara ne sɛ wobɛdi asɛntenenee na woadɔ ayamyɛ na woabrɛ wo ho ase ne wo Nyankopɔn ananteɛ.” Wohwɛ a wei, ɛyɛ den? Ɔbɔadeɛ no pɛ sɛ yɛn ara yɛyi yɛn akoma mu tie n’asɛm. Yɛyɛ saa a, anigyeɛ deɛ, yɛfa no kwa. (Dwom 40:8) Na sɛ yɛfom no a, ɛsɛ sɛ yɛka yɛn akoma to yɛn yam ɛfiri sɛ Onyankopɔn yɛ mmɔborɔhunufoɔ. Bible ka sɛ, “Sɛdeɛ agya yi mmɔborɔhunu adi kyerɛ ne mma no, saa na Yehowa nso yi mmɔborɔhunu adi kyerɛ wɔn a wɔsuro no. Ɔnim yɛn nipaban; ɔkae sɛ yɛyɛ mfuturo,” kyerɛ sɛ yɛyɛ mmerɛ na mfomsoɔ wɔ yɛn ho.Dwom 103:13, 14.

Yɛbɛbɔ no tɔfa a, deɛ yɛreka nyinaa ne sɛ, ahoteɛ ne abrabɔ pa ne nyamesom ho mmara a Onyankopɔn de ama yɛn no kyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn na ɔpɛ yɛn yie. Sɛ yɛde yɛn akoma nyinaa tie deɛ waka no a, ɛkyerɛ sɛ yɛyɛ anyansafoɔ na yɛdɔ no.