Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE NO ADWENE

Mesia

Mesia

Bible ka too hɔ sɛ Mesia no bɛba wiase abɛgye nnipa afiri yareɛ, amanehunu, ne owuo mu. Ɛyɛ Yesu Kristo anaa?

Ɛdeɛn na ɛbɛma nnipa ahu sɛ asomasi anaa ɔbenten ne Mesia no?

Bible ka too hɔ sɛ Mesia, anaa Kristo, no wɔ dwumadie mmienu. * Sɛ ɔdi dwuma a ɛdi kan no wie a, ɛbɛgye berɛ tenten na nea ɛtɔ so mmienu no adi so. Ɔbɛdi kan aba sɛ onipa. Nea ɛbɛyɛ na amanfoɔ ahu sɛ ɔno ne Mesia no, Bible atwerɛfoɔ kaa nsɛm pii faa n’asetena ne ne som ho. Nokwasɛm ne sɛ Bible nkɔmhyɛ dodoɔ no ara ‘di Yesu ho adanseɛ.’Adiyisɛm 19:10.

Berɛ a Yesu wɔ asase so no, ɔyɛɛ anwanwadeɛ pii; seesei a wɔama no tumi wɔ soro no, ɔbɛyɛ nea ɛsene saa wɔ wiase nyinaa

NEA BIBLE KA

fa Mesia no ho.

Nkɔmhyɛ yi nyinaa ne afoforɔ pii baa mu wɔ Yesu so. Ɔsaa ayarefoɔ yareɛ na ɔnyanee awufoɔ. Wei nyinaa yɛ adanseɛ a ɛma yɛhu sɛ Yesu ne Mesia no. Ɛnyɛ ɛno nko; ɛma yɛnya awerɛhyem nso sɛ nea Bible aka sɛ ɔbɛyɛ nyinaa ɔbɛyɛ ama no aboro so daakye. (Luka 7:21-23; Adiyisɛm 21:3, 4) Yesu anyane afiri awufoɔ mu, na wakɔtena Onyankopɔn “nsa nifa” retwɛn sɛ ɔbɛwie Mesia adwuma a ɛhyɛ ne nsa no.Dwom 110:1-6.

“Sɛ Kristo no ba a, ɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnne asene deɛ oyi ayɛ yi anaa?”Yohane 7:31.

Dɛn na Mesia no bɛyɛ de awie n’adwuma?

Yesu berɛ so no, na Yudafoɔ no rehwɛ kwan sɛ Mesia no bɛba abɛgye wɔn afiri Romafoɔ nsam na ɔde ahennie bi asi Israel. (Asomafoɔ Nnwuma 1:6) Akyire yi na Yesu asuafoɔ a wɔyɛ Yudafoɔ no tee aseɛ sɛ wɔde tumi kɛseɛ bɛma no wɔ soro, na ɛhɔ na ɔbɛtena awie adwuma a ɛhyɛ ne nsa no.Mateo 28:18.

NEA BIBLE KA

fa Mesia adwuma a ɛtɔ so mmienu ho.

Yesu ayɛ Mesia adwuma a ɛdi kan no awie. Ɔbɛwie nea ɛtɔ so mmienu no nso. Enti momma yɛnsua ne ho adeɛ yie. Yɛyɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛyɛ anyansafoɔ, efisɛ Yesu kaa sɛ: “Mene ɛkwan no ne nokorɛ no ne nkwa.”Yohane 14:6.

“Ne berɛ so, ɔteneneeni bɛyɛ frɔmfrɔm, na bosome da so wɔ hɔ yi, asomdwoeɛ bɛbu so. Ɔbɛnya ɔmanfoɔ . . . akɔsi asase ano.”Dwom 72:7, 8.

^ nky. 5 “Mesia” firi Hebri kasa mu. Ɛno ara na wɔfrɛ no “Kristo” wɔ Hela kasa mu.Yohane 1:41.

^ nky. 7 Twerɛsɛm a ɛdi kan no fa nkɔmhyɛ no ho, na nea ɛtɔ so mmienu no fa nkɔmhyɛ no mmamu ho.