Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO

Nsɛm Mmiɛnsa a Nkurɔfo Pɛ Sɛ Wɔbisa Onyankopɔn

Nsɛm Mmiɛnsa a Nkurɔfo Pɛ Sɛ Wɔbisa Onyankopɔn

BERE a Susan dii mfe nson no, ɔfii aseɛ bisaa Onyankopɔn nsɛm bi. Saa bere no na polio yareɛ ama n’adamfo Al ntumi nhome yie. Enti wɔde no hyɛɛ afidie bi mu wɔ ayaresabea. Susan kyerɛw ne suahu no wɔ The New York Times a ɛbaa January 6, 2013 no mu.

Bere a Susan kɔsraa Al wɔ ayaresabea no, ɔbisaa ne maame sɛ: “Adɛn na Onyankopɔn ama akɔdaa ketewa yi yare saa?”

Susan maame ka kyerɛɛ no sɛ: “Nea ɔsɔfo no taa ka ne sɛ Onyankopɔn na ɔnim nea ɔreyɛ, nanso me deɛ mennim.”

Mfe mmienu akyi, wɔ 1954 mu no, Jonas Salk nyaa aduro a wɔde sa polio. Susan maame kaa sɛ ɛbɛyɛ sɛ Onyankopɔn na ɔmaa owura no nyansa de yɛɛ aduro no.

Susan nso kaa sɛ: “Ɛnneɛ, adɛn nti na Onyankopɔn atena hɔ ama wɔde Al ahyɛ afidie mu ansa na ɔrema adɔkotafo renya yareɛ no ano aduro?”

Nsɛm wei nyinaa sii Susan nkɔdaaberem, na bere a ɔkyerɛw ho asɛm wɔ atesɛm krataa no mu no, ɔkaa sɛ: “Mfe nwɔtwe akyi no Al wuiɛ; saa bere no na menni gyidi biara sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ.”

Ɛnyɛ Susan nko ara na biribi saa ato no. Sɛ nnipa bi rehu amane anaa wɔhu sɛ afoforo rehu amane a, nsɛm pii sɔre wɔ wɔn adwenem, nanso wɔnnya ho mmuaeɛ a ɛtɔ asom. Wei nti ebinom nni gyidi biara sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Afoforo nso nhyɛ da nka sɛ Onyankopɔn nni hɔ, nanso wɔn adwene nsi pi sɛ ɔwɔ hɔ.

Ɛnyɛ sɛ nnipa a wɔte saa nnim nyamesom ho hwee. Ebinom mpo deɛ, nea wɔahu wɔ nyamesom mu nti na wɔnnye Onyankopɔn nni. Wɔsusu sɛ asɔre ahorow no ntumi mma wɔnnya wɔn nsɛmmisa ho mmuaeɛ. Ɛyɛ nsɛmmisa bɛn? Anikasɛm ne sɛ nsɛmmisa koro no ara na nyamesomfo pii repɛ ho mmuaeɛ. Momma yɛnhwɛ nsɛm mmiɛnsa bi a nnipa pii nyaeɛ a anka wɔbɛbisa Onyankopɔn. Afei yɛbɛhu mmuaeɛ a Bible de ma.

1 “ADƐN NTI NA WOMA KWAN MA NNIPA HU AMANE?”

Adɛn nti na wɔbisa saa?

Nea ebinom ka ne sɛ, ‘Sɛ Onyankopɔn dɔ nnipa a, anka ɔbɛyi amanehunu afi hɔ.’

SUSU HO: Ɛtɔ da a, yɛhu sɛ nnipa bi nneyɛe ne wɔn amammerɛ yɛ nwonwa paa. Ebia yɛbɛnya wɔn ho adwene a ɛmfata mpo. Nhwɛso bi ni: Wokɔ baabi na wo ne nnipa rekasa a, wɔpɛ sɛ wohwɛ wɔn anim; ɛno kyerɛ sɛ asɛm a woreka no yɛ nokware. Nanso wokɔ baabi foforo na wɔyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ wommu adeɛ. Yɛhu biribi a ɛte saa a, yɛrentumi nkasa ntia wɔn. Mmom, yɛbɛsua nnipa no ho nsɛm pii na yɛahu wɔn yie.

Onyankopɔn nso ɛ? Wonnye nni sɛ ɛsɛ sɛ yɛgye bere sua ne ho adeɛ na yɛhu no yie? Ebinom susu sɛ, sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ampa a, anka ɔrenhwɛ mma nnipa nhu amane. Nanso afoforo gye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, na wɔabɛhu nea enti a wama kwan ma amanehunu rekɔ so.

NEA BIBLE KA: Onyankopɔn adwene ne n’akwan korɔn sen yɛn deɛ koraa. (Yesaia 55:8, 9) Wei nti ɛtɔ da a, ɔyɛ biribi anaa ɔtwentwɛn ne nan ase wɔ nneɛma bi ho. Nanso ebia mfiase no yɛrente aseɛ.

Nanso ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nso sɛ Bible nka wɔ baabiara sɛ “Onyankopɔn akwan yɛ akyewakyew” sɛnea ebinom pɛ sɛ afoforo gye di no. Mmom Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnsua Onyankopɔn ho nneɛma pii na ama yɛahu nea nti a ɔyɛ nneɛma bi. * Yɛbɛtumi abɛn no mpo.—Yakobo 4:8.

2 “ADƐN NTI NA NYAATWOM ADONNƆN NYAMESOMFO SAA?”

Adɛn nti na wɔbisa saa?

Ebinom ka sɛ, sɛ ‘Onyankopɔn pɛ nokwaredi a, anka ɛnyɛ ɛne sɛ nyaatwom adonnɔn nyamesomfo saa no.’

SUSU HO: Wo deɛ yɛnhwɛ agya bi a ɔpɛ sɛ ɔtete ne ba kama, nanso abofra no tu fii fie kɔbɔɔ ahohwibra. Ɛwom, agya no mfoa ne ba no subammɔne no so, nanso ɔde ne pɛ ama no. Ɛnneɛ akyiri yi sɛ obi hyia abofra no a, wohwɛ a ɔbɛtumi aka sɛ abofra no nni agya anaa n’agya no yɛ agya bɔne? Obi ka saa a, ɛnyɛ ne kwan so! Enti nyaatwom a ɛrekɔ so wɔ nyamesom mu no kyerɛ sɛ Onyankopɔn ma nnipa kwan ma wɔn ankasa si wɔn gyinae.

NEA BIBLE KA: Onyankopɔn kyi nyaatwom. (Yeremia 7:29-31; 32:35) Nanso ɔma nnipa kwan ma wɔn ankasa si wɔn gyinae. Wɔn a wɔseɛ sɛ wɔgye Onyankopɔn di no mu pii di nnipa nkyerɛkyerɛ akyi, na wɔn ara na wɔkyerɛ sɛnea wɔbɛbɔ wɔn bra.—Mateo 15:7-9.

Nanso ɔsom a ɛda Onyankopɔn koma so deɛ, nyaatwom biara nnim. * Yesu kaa sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahunu sɛ moyɛ m’asuafoɔ ampa.” (Yohane 13:35) Bible ka sɛ ‘ɛnsɛ sɛ yɛma nyaatwom ba yɛn dɔ mu.’ (Romafoɔ 12:9) Ɔsom dodow no ara nni saa ahyɛde yi so. Nhwɛso bi ni: Bere a ɔko gyina mu wɔ Rwanda, 1994 mu no, nnipa mpempem a wɔse wɔyɛ nyamesomfo kunkum wɔn ankasa asɔremma. Adɛn ntia? Ɛno ara ne sɛ ɛsono abusua (tribe) a wɔfi mu. Nanso Yehowa Adansefo amfa wɔn ho anhyɛ saa mogyahwiegu no mu, na wɔbɔɔ wɔn nuanom Kristofo ne afoforo ho ban. Ebinom mpo de wɔn nkwa twaa so. Wei yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ ɔsom nyinaa na nyaatwom wom.

3 “ADƐN NTI NA YƐWƆ WIASE?”

Adɛn nti na wɔbisa saa?

Ebia ebinom bɛbisa sɛ: ‘Adɛn nti na nnipa di mfe 80 anaa 90 pɛ na wɔawu? Sɛ nna kakra yi ara na yɛbɛdi wɔ asase so a, ɛnneɛ adɛn nti na yɛwɔ ha?’

SUSU HO: Wɔn a wɔnnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ mpo nim sɛ nneɛma pii wɔ asase so a ɛyɛ nwonwa paa, na wɔpɛ sɛ wɔhu nea nti a ɛte saa. Wɔn ankasa gye tom sɛ wɔahyehyɛ asase yi, bosome, ne okyinsoroma nyinaa pɛpɛɛpɛ sɛnea ɛbɛyɛ a nneɛma a nkwa wom bɛtumi atena asase so. Sɛ wɔhwɛ nneɛma a ɛrekɔ so wɔ soro ne asase so a, wɔhu sɛ wɔatoto biribiara kama ma enti sɛ nsakrae ketewaa bi mpo ba a, anomaa mpo renka asase so.

NEA BIBLE KA: Sɛ ebinom hwɛ sɛ nnɛ yɛawo nipa, ɔkyena na ɔnni wiase bio a, nea wɔka ara ne sɛ Onyankopɔn nni hɔ. Nanso yɛn asase yi yɛ adanse kɛse a ɛkyerɛ sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ. (Romafoɔ 1:20) Ɔbɔadeɛ no nim nea nti a ɔbɔɔ nneɛma. Nokwasɛm ne sɛ atirimpɔ bi nti na yɛwɔ hɔ. Onyankopɔn bɔɔ nnipa sɛ wɔntena asase so afebɔɔ, na n’atirimpɔ nsakraeɛ.—Dwom 37:11, 29; Yesaia 55:11.

Ampa, sɛ yɛhwɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a, ɛnyɛ obi na ɔbɛka akyerɛ yɛn sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, nanso nneɛma a wabɔ kɛkɛ remma yɛnhu n’atirimpɔ. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛhu nea nti a Onyankopɔn bɔɔ yɛn a, ɔno ara na ɔbɛtumi aka akyerɛ yɛn. Ɔma yɛhu ne nyinaa wɔ Bible mu. * Yehowa Adansefo pɛ sɛ woto wo bo ase hwehwɛ nsɛmmisa no ho mmuaeɛ wɔ Bible mu.

^ nky. 17 Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? ti 11. Yehowa Adansefo na wɔtintimiiɛ. Ɛsan wɔ Intanɛt so wɔ jw.org/tw.

^ nky. 23 Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? ti 15. Yehowa Adansefo na wɔtintimiiɛ. Ɛsan wɔ Intanɛt so wɔ jw.org/tw.

^ nky. 29 Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? ti 3. Yehowa Adansefo na wɔtintimiiɛ. Ɛsan wɔ Intanɛt so wɔ jw.org/tw.