Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Awofo de wɔn nhwɛso boa wɔn mma ma wohu sɛnea wɔbɛda ɔdɔ adi

ƆKWAN BAAKO A YƐBƐFA SO AYƐ ƆHAW NO HO BIRIBI

Ɛsɛ Sɛ Nnipa Sua Sɛnea Wɔbɛbɔ Bra Pa

Ɛsɛ Sɛ Nnipa Sua Sɛnea Wɔbɛbɔ Bra Pa

Bere bi, sukuufo mmofra bi tuu kwan kɔɔ baabi. Akwantu no mu no, ɛbɛdaa adi sɛ mmerante bi ato wɔn yɔnko sukuuni aberante bi mmonnaa. Sukuu a na mmerante yi nyinaa kɔ no, na ɛwɔ Canada. Asikafo mma na na wɔkɔ saa sukuu no. Asɛm yi akyi no, sɛnkyerɛwfo Leonard Stern kyerɛwee wɔ atesɛm krataa bi mu sɛ: “Sɛ mmabun nim nhoma, wɔkɔ sukuu papa, anaa wodi yiye wɔ abrabɔ mu mpo a, ɛno nsiw wɔn kwan sɛ wɔbɛyɛ nneɛma bɔne.”​—Ottawa Citizen.

Stern san kaa sɛ: “Awofo de, nea anka ɛsɛ sɛ ehia wɔn pa ara ne sɛ wɔbɛboa wɔn mma ama wɔabɔ bra pa. Nanso, ɛreyɛ akɔyɛ sɛ, nea ehia awofo pii mmom ne sɛ wɔn mma bɛbɔ mmɔden wɔ sukuu, anaa wobenya adwuma pa ayɛ na wɔanya sika pii.”

Ɛwom, sukuu de, ɛho hia pa ara. Nanso sukuu a obi bɛkɔ no, sɛ ɛyɛ papa sɛ dɛn mpo a, ɛrentumi mmoa no mma ɔnko ntia akɔnnɔ bɔne ne subammɔne. Ɛnde, ɛhefa na yebetumi asua nneɛma a ɛbɛboa yɛn ama yɛabɔ bra pa?

DƐN NA SƐ OBI SUA A, ƐBƐMA WABƆ BRA PA?

Bible no te sɛ ahwehwɛ. Sɛ yɛhwɛ mu a, ɛboa ma yehu yɛn sintɔ ne yɛn mmerɛwyɛ ahorow yiye. (Yakobo 1:23-25) Nanso ɛnyɛ ɛno nko ara na Bible no yɛ. Ɛboa ma yɛyɛ nsakrae ahorow a ehia sɛ yɛyɛ, na yenya su ahorow a ɛboa ma asomdwoe ne baakoyɛ tena yɛne afoforo ntam. Saa su no bi ne papayɛ, ayamye, abotare, ahosodi, ne ɔdɔ. Ɔdɔ mpo de, Bible ka ho asɛm sɛ “ɛyɛ koroyɛ hama a ɛyɛ pɛ.” (Kolosefo 3:14) Dɛn nti na ɔdɔ da mu fua saa? Hwɛ nea Bible ka fa saa su yi ho.

  • “Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre na ne yam ye. Ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw, entu ne ho, ɛnhoman, ɛnyɛ ade a ɛnsɛ, ɛnhwehwɛ nea n’ankasa hia, ne bo nhaw no. Ɛmfa bɔne nhyɛ ne mu. Enni nea ɛnteɛ [anaa bɔne] ho ahurusi, na mmom edi nokware ho ahurusi. Ɛtɔ ne bo ase biribiara mu, . . . na egyina biribiara ano. Ɔdɔ to ntwa da.”—1 Korintofo 13:4-8.

  • “Ɔdɔ nyɛ ne yɔnko bɔne.”—Romafo 13:10.

  • “Nea ɛsen biribiara no, monnodɔ mo ho denneennen, efisɛ ɔdɔ kata bɔne pii so.”—1 Petro 4:8.

Sɛ wo ne nnipa a wɔdɔ wo te a, ɛyɛ a wote nka sɛn? Ɛyɛ a wusuro biribi? Wote nka sɛ wowɔ ahobammɔ? W’asom dwo wo? Saa pɛpɛɛpɛ na ɛte. Wunim sɛ wɔpɛ wo yiye, na wɔrenhyɛ da nyɛ biribiara a ebepira wo.

Afei nso, ɔdɔ betumi aka nnipa ama wɔde nneɛma bi abɔ afɔre. Ebetumi mpo ama wɔayɛ nsakrae ahorow wɔ wɔn asetenam ma afoforo anya so mfaso. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a ɔbarima bi a yɛbɛfrɛ no George babea woe no, na ɔpɛ sɛ ɔne ne nana no bɔ na ɔne no di agorɔ. Nanso na asɛm bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ odi ho dwuma. George yɛ obi a na ɔnom sigaret pa ara, na n’asew barima no nso, na ɔmpɛ sɛ ­George nom sigaret gu ne ba no so. Dɛn na George yɛe? Ɛwom sɛ na George anom sigaret mfe 50, nanso ne nana no nti ogyaee. Anokwa, ɔdɔ wɔ tumi pa ara!

Bible no boa yɛn ma yɛda su ahorow pii a eye adi. Ebi ne papayɛ, ayamye, ne ne titiriw no, ɔdɔ

Ɔdɔ yɛ su a yesua. Awofo pa ara na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ wɔn mma sɛnea wɔbɛda ɔdɔ adi. Wɔma wɔn mma aduan, wɔbɔ wɔn ho ban, na sɛ mmofra no pira anaa wɔyare a, wɔhwɛ ma wɔn ho tɔ wɔn. Awofo a wɔdɔ wɔn mma no, wɔne wɔn mma bɔ nkɔmmɔ, na wɔkyerɛkyerɛ wɔn. Afei nso sɛ wɔn mma yɛ bɔne a, wɔtwe wɔn aso, na wɔde afotusɛm a wɔde bɛbɔ wɔn bra ma wɔn. Yɛrenka nnyaw nhwɛso pa a awofo a wɔte saa yɛ ma wɔn mma no.

Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, awofo binom nhwɛ wɔn mma yiye. Ɛno kyerɛ sɛ mmofra a wɔte saa no, wɔrentumi nnyin mmɛyɛ nnipa pa daakye anaa? Ɛnte saa koraa! Wɔn a wɔanyinyin a wɔn mu binom mpo, wɔtetee wɔn wɔ mmusua a agyigya mu no, wɔn mu pii ayɛ nsakrae akɛse wɔ wɔn asetenam ama seesei wɔn abrabɔ ayɛ kama. Saafo yi mu bi wɔ hɔ a, ebia obiara anso ho dae da sɛ wɔbɛsesa! Yɛbɛka wɔn ho asɛm wɔ asɛm a edi hɔ no mu.