Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛ ɔyarefo benya ayaresa a, gye sɛ adɔkotafo tu nea akɔfa yare no aba no ase

DƐN NE ƆHAW NO?

Nea Akɔfa Yɛn Haw Aba No, Dɛn Na Yɛbɛyɛ Wɔ Ho?

Nea Akɔfa Yɛn Haw Aba No, Dɛn Na Yɛbɛyɛ Wɔ Ho?

Ɔhaw a ɛmma yennya asomdwoe ne ahotɔ, na ɛmma yenhu nea ɛbɛto yɛn daakye no, wugye di sɛ nnipa betumi adi ho dwuma? Sɛ yebetumi adi ho dwuma yiye a, ɛnyɛ ɔhaw no kɛkɛ na ɛsɛ sɛ yehu, mmom ɛsɛ sɛ yehu nea akɔfa ɔhaw no aba na yɛyɛ ho biribi.

Mfatoho bi ni. Owura bi a ne din de Tom yaree na akyiri yi owui. Adɛn nti na owui? Dɔkota a Tom wuu wɔ n’ayaresabea no kaa sɛ: “Bere a yare no fii ase no, obiara annwen ho sɛ ɔbɛhwehwɛ nea ɛkɔfaa yare no bae.” Wohwɛ asɛm no a, ɛreyɛ akɔyɛ sɛ, adɔkotafo a wodii kan hwɛɛ Tom no, nea wɔyɛe ara ne sɛ wɔmaa no aduru a ɛbɛboa no kɛkɛ.

Wohwɛ a, ɛnyɛ saa kwan yi ara na nnipa refa so adi wiase haw ho dwuma? Sɛ mfatoho no, sɛ aban ahorow pɛ sɛ wotu nsɛmmɔnedi ase a, wɔhyehyɛ mmara, wɔde video kamera bobɔ mmeae ahorow ma wohu nea afoforo reyɛ, na wɔma polisifo nneɛma a ɛbɛma wɔayɛ wɔn adwuma no yiye. Ɛwom, saa nneɛma yi boa kakra, nanso nea ɛma nnipa di nsɛmmɔne no de, enyi mfi hɔ. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, nea obi dwen ho, nea ɔpɛ, ne sɛnea ɔte nka na ɛma odi nsɛmmɔne.

Daniel te ɔman bi mu wɔ South America. Ɔka sɛ: “Kan no, na yɛn asom dwo yɛn. Ná akorɔmfo werɛmfo nhaw yɛn. Nanso seesei de, baabiara nnwoe. Esiane sɛ ɔman no mu ayɛ den nti, yetumi hu pefee sɛ nnipa pii ani bere ade, wɔnhwɛ nkurɔfo agyapade so yiye, na wommu nnipa nkwa nso.”

Ɔbarima bi a yɛbɛfrɛ no Elias guan fii Middle East kurow bi a na ntɔkwaw asi hɔ mu, na akyiri yi osuaa Bible. Ɔka sɛ: “Mmerante pii a wofi me kurom no, wɔn abusuafo, amanyɔfo ne nyamesomfo pii ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ ntɔkwaw no mu na ama wɔagye din. Wɔn atamfo no nso, saa ara na wɔn nkurɔfo ka kyerɛɛ wɔn! Wei nyinaa ma mihuu sɛ, yɛde yɛn ho to wiase atumfoɔ so a, nea ebefi mu aba nye koraa.”

Bible ka nokwasɛm yi sɛ:

  • “Onipa komam nsusuwii yɛ bɔne fi ne mmofraase.”—Genesis 8:21.

  • “Koma yɛ okontomponi sen ade nyinaa na ne ho yɛ ahometew. Hena na obetumi ahu mu?”—Yeremia 17:9.

  • ‘Koma no mu na nsusuwii bɔne, awudi, aguamammɔ, korɔnbɔ, ne adansekurum fi ba.’—Mateo 15:19.

Subammɔne a agye ntini wɔ nnipa mu no, yentumi ntuu ase. Ɛte sɛ nea ɛregye nsam, sɛnea ɔhaw ahorow a yɛadi kan aka ho asɛm wɔ nhoma yi mu ma yehu no. (2 Timoteo 3:1-5) Nimdeɛ bebrebe a yɛanya, ne nkɔanim a yɛanya wɔ sɛnea yedi nkitaho mu nyinaa akyi no, nneɛma sɛe ara na ɛresɛe. Adɛn nti na nnipa ntumi mma asomdwoe ne ahotɔ mma wiase? Wohwɛ a, yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ nea ɛboro yɛn ahoɔden so anaa? Enti wiase yi, yebetumi ayɛ no yiye ni?

YEBETUMI AYƐ WIASE YIYE NI?

Sɛ mpo nnipa tumi fa anwonwakwan bi so tu subammɔne a ɛwɔ nkurɔfo mu no ase a, yɛrentumi mma nnipa nyinaa nnya asomdwoe ne ahotɔ wɔ wiase. Adɛn ntia? Efisɛ, ɛnyɛ biribiara na nnipa betumi ayɛ.

Nokwasɛm a ɛwom ara ne sɛ: “Enni onipa nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yeremia 10:23) Yiw, Onyankopɔn ammɔ yɛn sɛ yenni yɛn ankasa yɛn ho so. Sɛnea Onyankopɔn ammɔ yɛn sɛ yɛntena nsu ase anaa mframa mu wɔ wim no, saa ara na wammɔ yɛn sɛ yenni yɛn yɔnko nnipa so.

Sɛnea Onyankopɔn ammɔ yɛn sɛ yɛntena nsu ase no, saa ara na wammɔ yɛn sɛ yenni yɛn yɔnko nnipa so

Susuw ho hwɛ: Ɛyɛ a nkurɔfo ani gye ho sɛ afoforo bɛkyerɛ wɔn sɛnea ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn bra anaa? Sɛ obi kyerɛ nkurɔfo sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn ade wɔ nyinsɛn a wɔsɛe no, abɔnefo a wobu wɔn kumfɔ, anaa sɛnea ɛsɛ sɛ wɔtete wɔn mma ho a, wɔn ani gye ho anaa? Nneɛma a nnipa pii adwene nhyia wɔ ho no, emu kakraa bi ni. Ebia ɛbɛyɛ den sɛ yebegye atom, nanso nea Bible ka no, nyansa wom. Nea ɛwom ara ne sɛ, yenni tumi anaa hokwan biara sɛ yedi yɛn yɔnko nnipa so. Sɛ saa a, ɛnde ɛhe na ɛsɛ sɛ yɛkɔhwehwɛ mmoa?

Nea ɛbɛboa yɛn pa ara ne sɛ yɛbɛhwehwɛ mmoa afi yɛn Bɔfo no nkyɛn. Ade yi ɔno na ɔbɔɔ yɛn! Ebinom susuw sɛ ne werɛ afi yɛn, nanso ɛnte saa koraa. Nokwasɛm ne sɛ Bible mu nsɛm a nyansa wom no ma yehu sɛ odwen yɛn ho. Sɛ yɛte Bible ase a, ɛma yehu yɛn ho yiye. Na ɛma yehu nea enti a nneɛma a akɔ so wɔ nnipa asetenam no yɛ awerɛhow saa. Wei nti na bere bi, German nyansapɛfo bi kyerɛwee sɛ: “Nnipa ne aban ahorow nsuaa hwee mfii nea ato nnipa pɛn mu, enti wɔnsesaa wɔn suban.”

BIBLE MU NYANSA BƆ YƐN HO BAN!

Bere bi, onyansafo bi kaa sɛ, “nyansa nam ne mma [anaa ne nnwuma] nyinaa so di bem.” (Luka 7:​35) Nyansa a yɛreka ho asɛm yi, ɛho nhwɛso wɔ Dwom 146:⁠3 a ɛka sɛ: ‘Mommfa mo ho nnto onipa ba so.’ Afotu a nyansa wom yi betumi aboa yɛn na yɛamfa yɛn ani anto nnipa so amma wɔanni yɛn huammɔ. Kenneth te North America kurow bi mu. Baabi a ɔte no, awudisɛm ahyɛ hɔ ma. Ɔka sɛ: “Aban biara ba a, wɔhyɛ bɔ sɛ wɔbɛma nneɛma ayɛ yiye, nanso wontumi nyɛ. Daa wodi nnipa huammɔ, na wei ma yehu sɛ nea Bible ka no, nyansa wom na ɛyɛ nokware.”

Daniel a yɛadi kan aka ne ho asɛm no kyerɛwee sɛ: “Nsɛm a esisi daa no ma migye di pa ara sɛ nnipa ntumi nni ne yɔnko nnipa so yiye. . . . Sɛ woasie sika wɔ sikakorabea anaa wode sika ahyehyɛ nnwuma ahorow bi mu a, ɛno kɛkɛ nkyerɛ sɛ wo daakye besi wo yiye. Minim nnipa pii a wɔayɛ saa ama wɔn nsa asi fam.”

Bible boa yɛn na yɛamfa yɛn ho anto nnipa so amma wɔanni yɛn huammɔ, nanso ɛnyɛ ɛno nko. Ɛsan ma yɛn anidaso, sɛnea yebehu wɔ nhoma yi mu no.