Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

WODII WƆN HAW HO DWUMA

Ricardo Ne Andres Ho Nsɛm

Ricardo Ne Andres Ho Nsɛm

Sɛ obi sua Bible a, etumi ma n’abrabɔ sesa ma ɛyɛ nwonwa. Ma yɛmfa nnipa mmienu nyɛ wei ho nhwɛso: Ricardo ne Andres.

RICARDO: Midii mfe 15 no, mede me ho kɔbɔɔ nsɛmmɔnedifo bi. Wɔsɛee me suban koraa. Mede sii m’ani so mpo sɛ mɛkɔ akɔda afiase mfe du! Nea mede sii m’ani so no, wohwɛ a wobɛka sɛ nyansa biara nnim. Nanso baabi a na mete no, sɛ obi kɔda afiase ba a, na nkurɔfo hoahoa no, na na wobu no pa ara. Enti na mepɛ sɛ meyɛ te sɛ saafo no.

Nneɛma a nsɛmmɔnedifo yɛ no, meyɛɛ ne nyinaa bi. Ebi ne nnubɔnenom, aguamammɔ, ne awudisɛm. Anadwo bi de, me ne nsɛmmɔnedifo bi totow yɛn ho atuo. Ná ɛyɛ me sɛ mewu, nanso manwu. Ɛno akyi no, mifii ase dwen m’abrabɔ ho pa ara, na misii gyinae sɛ mɛsesa. Nanso mɛyɛ no sɛn? Ɛhefa na memfa m’ani nkyerɛ?

Ná m’abusuafo no mu pii nni anigye. Ná wɔn abrabɔ nkɔ yiye koraa. Nanso me wɔfa baako de, na n’abusua nte saa. Ná minim sɛ wɔyɛ nnipa pa, na wɔde Bible no na ɛbɔ wɔn bra. Nokwasɛm ni, wɔn na bere bi mpo wɔkyerɛɛ me sɛ Onyankopɔn din de Yehowa. Bere a me ne nsɛmmɔnedifo no totow yɛn ho atuo wiei no, ankyɛ na mebɔɔ Yehowa mpae. Mebɔɔ ne din wɔ mpae no mu, na mesrɛɛ no sɛ ɔmmoa me. Anwonwasɛm, mebɔɔ mpae no, n’adekyee pɛɛ na Yehowa Danseni bi bɛbɔɔ me pon mu! Ɔno na ɔne me suaa Bible.

Ankyɛ, mihyiaa ɔhaw kɛse bi. Ɛne sɛ, wɔn a na me ne wɔn bɔ no, na wɔtaa frɛfrɛ me wɔ fon so sɛnea ɛbɛyɛ a me ne wɔn bɛsan abɔ bio. Ɛwom sɛ na ɛyɛ den de, nanso mamfa m’adwene amma wɔn. Ná masi me bo sɛ merennyae Bible a meresua no. Ɛyɛ me dɛ sɛ meyɛɛ saa! M’abrabɔ sesae koraa, na minyaa anigye ankasa.

Mekae sɛ mebɔɔ mpae ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, bere bi na mepɛ sɛ mekɔda afiase mfe du sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo begye me atom. Enti meka kyerɛɛ no sɛ mepɛ sɛ mede bere pii ka asɛmpa no, enti anyɛ yiye koraa no, ɔmma memfa mfe du nyɛ saa. Wei bɛma matumi aboa nkurɔfo sɛnea obi nso boaa me no. Onyankopɔn tiee me mpaebɔ, efisɛ mfe 17 ni na mede bere pii aka asɛmpa no! Afiase nso de, mankɔda hɔ da.

Wɔn a na me ne wɔn bɔ kan no, wɔn mu pii gu afiase, na wɔada hɔ mfe pii ni. Ebinom nso awuwu. Mehwɛ m’akyi a, m’ani sɔ nea m’abusuafo a wɔyɛ Adansefo no yɛ maa me no pa ara. Ná wɔyɛ soronko, na wɔde Bible bɔɔ wɔn bra. Mibenyaa obu maa wɔn koraa sen wɔn a na me ne wɔn bɔ no. Ne korakora no, meda Onyankopɔn ase sɛ wakyerɛ me ɔkwampa a ɛsɛ sɛ mefa so bɔ me bra.

ANDRES: Baabi a wɔwoo me tetee me no, na ahiafo dɔɔso, na na nnubɔnenom, apoobɔ, awudi ne tuutuusi abu so wɔ hɔ. Ná me papa yɛ kɔwensani a ɔsan nom cocaine. Ɔne me maame de, atɛnnidi ne ntɔkwaw nko ara.

Me mmofraase pɛɛ na mifii ase nom nsã ne nnubɔne. Ná meyɛ ɔkobɔfo a daa miwiawia nkurɔfo ade, na na metɔn nneɛma a mawia no. Minyinii kakra no, na me papa pɛ sɛ ɔbɛn me, nanso wanyɛ no ɔkwampa so. Ɔkyerɛɛ me sɛnea yɛfa sum ase de nnubɔne ne nneɛma a ɛtete saa ba ɔman no mu bɛtɔn. Minyaa sika pii ntɛmntɛm. Afei da koro bi polisifo baa me fie bɛkyeree me. Wɔbɔɔ me sobo sɛ anka mereyɛ adi awu. Ɛno nti, wɔde me too afiase mfe nnum.

Anɔpa bi, wɔbɔɔ yɛn a yɛda afiase hɔ nyinaa amanneɛ sɛ Yehowa Adansefo aba hɔ, na wɔpɛ sɛ wɔne yɛn besua Bible. Mikotiee wɔn asɛm no bi. Nsɛm a wɔkae no, na ɛtɔ asom pa ara, enti mifii ase ne Adansefo no suaa ade. Bere a wɔne me resua Bible no, wɔanyiyi mu anka nea ɛbɛyɛ m’asom dɛ nko ara ankyerɛ me, mmom wɔma mihui sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ mebɔ bra pa.

Ankyɛ na mibehui sɛ, sɛ obi ammoa me a, merentumi nsesa m’abrabɔ. Wei te saa efisɛ wɔn a na me ne wɔn da afiase no, na wɔn ani nnye nsakrae a mereyɛ no ho, enti na wohunahuna me. Mebɔɔ Yehowa mpae srɛɛ ahoɔden ne nyansa. Yehowa boaa me, ma mitumi mpo kaa Bible mu asɛm kyerɛɛ wɔn a na me ne wɔn da afiase hɔ no.

Bere soe sɛ woyi me fi afiase no, na ɛyɛ me den sɛ mefi hɔ. Minyae mpo a, anka wɔma metenaa hɔ kyɛe kakra! Merefi hɔ akɔ no, wɔn a na wɔda afiase no mu pii yɛɛ me baabae. Ebinom mpo de anigye kaa sɛ, “Ɔsɔfo ketewa, nantew yiye oo.”

Sɛ mamma kwan amma Onyankopɔn ankyerɛkyerɛ me a, minnim nea anka ɛbɛto me. Ɛyɛ me dɛ pa ara sɛ Onyankopɔn dɔ me, na wammu me sɛ magye nsam. *

^ Sɛ wokɔ yɛn wɛbsaet, jw.org/tw so a, wubehu nkurɔfo ho nsɛm pii a ɛkyerɛ sɛ Bible tumi sesa nnipa. Kɔ NHOMAKORABEA, na hwehwɛ nsɛm a ɛba toatoa so a yɛato din “Bible Tumi Sesa Nnipa“ no