Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ABAN A EBEDI ƆHAW NO HO DWUMA

“Asomdwoe a Enni Awiei Bɛba”

“Asomdwoe a Enni Awiei Bɛba”

Amanaman Nkabom no rehyɛ nnipa nyinaa nkuran sɛ wɔnyɛ baako, wɔnkyerɛ obu mma nnipa fahodi, na wɔnhwɛ abɔde a atwa yɛn ho ahyia so yiye. Adɛn ntia? Maher Nasser kaa wɔ UN Chronicle nhoma mu sɛ: “Wim tebea resɛe, nsɛmmɔnedifo akuw adɔɔso, nsisi kɔ ara na ɛrekɔ so, ntɔkwaw rekɔ so wɔ aman pii so, nnipa pii na wɔhyɛ wɔn ma wotu fi wɔn man mu, na amumɔyɛsɛm, yaredɔm, ne ɔhaw afoforo pii adɔɔso. Weinom nyinaa rekɔ so wɔ . . . wiase baabiara.”

Nnipa bi mpo de, nea wɔka ne sɛ, yehia aban a ­ebedi wiase nyinaa so. Wɔn mu bi ne Italyni nyansapɛfo ne anwensɛm kyerɛwfo a ɔsan yɛ ɔmanyɔfo, Dante (1265-​1321), ne nyansahufo Albert Einstein (1879-​1955). Ná Dante gye di sɛ, wiase a amanyɔsɛm ama emu apaapae de, asomdwoe rentumi ntena mu. Ɔfaa Yesu asɛm kaa sɛ: “Ahenni biara a ɛne ne ho di asi no dan amamfõ.”—Luka 11:17.

Wiase nyinaa kõ a ɛtɔ so mmienu mu no, wɔtoo atɔmik bɔmb mmienu. Ɛno akyi pɛɛ na Albert Einstein kyerɛw krataa kɔmaa Amanaman Nkabom Mmarahyɛ Bagua no. Ɔkaa sɛ: “Ɛsɛ sɛ Amanaman Nkabom no yɛ ntɛm de nneɛma gu akwan mu sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya aban baako pɛ wɔ wiase nyinaa. Wei de asomdwoe ne ahotɔ bɛba aman nyinaa mu.”

Nanso dɛn na ɛkyerɛ sɛ nnipa a wobedi tumi wɔ saa aban no mu no, wɔremmɔ nyansakorɔn, wɔbɛyɛ wɔn adwuma yiye, na wɔrenhyɛ obiara so? Anaasɛ wɔn suban rensɛe sɛnea atumfoɔ binom suban asɛe no? Saa nsɛmmisa yi ma yɛkae asɛm a Britain abakɔsɛm kyerɛwfo Lord Acton kae no. Ɔkaa sɛ: “Tumi ma onipa sɛe, na tumi a obi ne obiara mmɔ mu hye sɛe onipa koraa.”

Ne nyinaa mu no, sɛ nnipa nyinaa benya asomdwoe ne ahotɔ a, gye sɛ yɛyɛ baako. Nanso ɛbɛyɛ dɛn na wei atumi ayɛ yiye? Ebetumi aba mpo? Bible bua saa nsɛmmisa yi sɛ yiw. Na ɛma yehu sɛ ɛbɛyɛ yiye. Nanso ɛbɛyɛ dɛn aba? Ɛnyɛ amanyɔfo a wɔn suban tumi sɛe no na wɔde bɛba. Mmom ɛnam aban a Onyankopɔn ahyehyɛ so na ɛbɛba. Nea ɛka ho bio ne sɛ, saa aban no bɛma yɛahu sɛ Onyankopɔn nko ara na ɔwɔ hokwan sɛ odi n’abɔde so. Aban bɛn na yɛreka ho asɛm yi? Bible no kyerɛ sɛ ɛyɛ “Onyankopɔn Ahenni.”—Luka 4:43.

“W’AHENNI MMRA”

Bere a Yesu Kristo rekyerɛ n’asuafo no mpaebɔ no, Onyankopɔn Ahenni ho asɛm na na ɛwɔ n’adwenem. Ɔkaa sɛ: “W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so.” (Mateo 6:9, 10) Yiw, Onyankopɔn Ahenni bɛhwɛ ama nnipa ayɛ Onyankopɔn apɛde wɔ asase so. Ɛnyɛ nnipa a wɔn ani bere tumi na wɔyɛ pɛsɛmenkominya no apɛde na wɔbɛyɛ.

Wɔsan frɛ Onyankopɔn Ahenni no “ɔsoro ahenni.” (Mateo 5:3) Adɛn ntia? Ɛwom, Ahenni no bedi asase so, nanso ɛnyɛ asase so na ebefi adi ade, mmom ebedi tumi afi ɔsoro. Susuw nea ɛno kyerɛ ho hwɛ. Saa aban a ebedi wiase nyinaa so yi, ɛho renhia sɛ nnipa tua tow biara ma no. Hwɛ sɛnea ɛbɛma ne manfo nyinaa ho adwo wɔn!

Sɛnea asɛmfua “ahenni” kyerɛ no, Onyankopɔn Ahenni yɛ aban a ɔhene di so tumi. Saa Ɔhene no ne Yesu Kristo. Onyankopɔn na ama no tumi sɛ onni ade. Bible ka Yesu ho asɛm sɛ:

  • “N’ahenni bɛda ne mmati so . . . N’ahenni mu bɛtrɛw na asomdwoe a enni awiei bɛba.”—Yesaia 9:6, 7.

  • ‘Ɔno na wɔde tumi ne anuonyam ne ahenni maa no sɛ aman, nkurɔfo ne kasa horow nyinaa nsom no. Ne tumi rentwam da.’—Daniel 7:14.

  • “Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade [Nyankopɔn] ne ne Kristo no dea.”—Adiyisɛm 11:15.

Nea ɛbɛyɛ na mpae a Yesu kyerɛɛ n’asuafo no bɛba mu no, Onyankopɔn Ahenni bɛma Onyankopɔn apɛde ayɛ hɔ koraa wɔ asase so. Sɛ Ahenni no redi tumi a, nnipa nyinaa besua sɛnea wobesiesie asase no ama ayɛ sɛnea na ɛte mfiase no. Wei bɛma nnipa ne mmoa ahyɛ asase so mã.

Ne korakora no, Onyankopɔn Ahenni bɛkyerɛkyerɛ ne manfo, na wɔn nyinaa benya nimdeɛ baako de abɔ wɔn bra. Mente-me-ho-ase ne mpaapaemu biara remma wɔn mu. Yesaia 11:9 ka sɛ: “Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio . . . efisɛ Yehowa ho nimdeɛ bɛhyɛ asase so mã sɛnea nsu akata po so no.”

Nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa bɛyɛ baako na asomdwoe atena wɔn ntam. Wei na Amanaman Nkabom no nyae a anka wɔbɛyɛ. Dwom 37:11 ka sɛ: ‘Nnipa begye wɔn ani asomdwoe bebree mu.’ Ebedu bere bi no, nsɛm te sɛ “nsɛmmɔnedi,” “ohia,” ne “ɔko” befi yɛn kasa mu. Na efĩ remmene yɛn bio. Nanso bere bɛn na wei bɛba? Bere bɛn koraa na Onyankopɔn Ahenni bedi asase nyinaa so tumi? Ɔkwan bɛn na ɛbɛfa so ayɛ saa? Nhyira a Onyankopɔn Ahenni no de bɛba no, wobɛyɛ dɛn anya bi? Ma yɛnhwɛ.