Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Woabisa Saa Nsɛm Yi Pɛn?

Woabisa Saa Nsɛm Yi Pɛn?
  •   Sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho a, adɛn nti na wama kwan ma bɔne ne amanehunu ateetee yɛn akyɛ saa?

  • Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ yɛte wiase yi nna a edi akyiri no mu?

  • Yɛyɛ dɛn hu sɛ Bible bɔhyɛ a ɛfa Onyankopɔn Ahenni ho no nyinaa bɛbam?

  • Enti Bible betumi aboa yɛn ma yɛasisi gyinae pa nnɛ?

Esiane sɛ Onyankopɔn a ɔbɔɔ yɛn no dɔ yɛn nti, wama yɛn saa nsɛmmisa no ne afoforo pii ho mmuae. Sɛ wopɛ sɛ wuhu mmuae no a, kɔ yɛn wɛbsaet, www.pr418.com/tw so. Saa wɛbsaet no boa nkurɔfo ma wosua Bible.

Sɛ wokɔ wɛbsaet no so a, wubehu dwumadi ahorow, nsɛm a wubetumi akenkan, nneɛma a wɔbɔ tie, video ahorow, nsɛm a wɔabisabisa nkurɔfo, ne nhoma ahorow pii. Wubenya Bible nso wɔ hɔ. Yɛde ne nyinaa ma a yennye sika biara, na yɛnhyɛ wo sɛ wo ne yɛn nsua Bible anaa bɛyɛ Yehowa Danseni.