Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ANIDASO WƆ HƆ MA ASAASE YI ANAA?

Mframa

Mframa

YEHIA mframa na yɛatena nkwa mu. Nanso ɛnyɛ ahome nko ara nti na yehia mframa. Sɛ ɛnyɛ mframa na ɛsɔn awia no ano den so a, anka ebepira yɛn. Mframa nni hɔ a, anka asaase so nyinaa bɛyɛ nwininwiniinwini ma yɛrentumi ntena so.

Asɛm Ato Mframa

Sɛnea nnipa resɛe mframa no, ɛde abɔde a ɛwɔ asaase so nkwa ato asiane mu. Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no ka sɛ, yeyi nnipa 100 a, emu 1 pɛ na onya mframa pa home.

Abenfo kyerɛ sɛ, mframa a nnipa resɛe no no, ɛka ho bi na nyarewa bi te sɛ ntehyewa, ahrawa mu kansa, ne komayare adɔɔso. Afe biara, nnipa bɛyɛ 7,000,000 na mframa bɔne a wɔhome nti, wɔwu ntɛm dodo.

Asaase Yi—Wɔyɛe Sɛ Ɛntena Hɔ Daa

Sɛnea wɔbɔɔ yɛn asaase yi nti, etumi ma abɔde a ehia mframa pa nyinaa nya bi home daa. Sɛ ɛnyɛ nnipa na ɛresɛe mframa a, anka mframa pa ho renyɛ nã da. Yɛnhwɛ ɛho nhwɛso kakra.

  • Nnipa pii nim sɛ nnua ne afifide a ɛwɔ kwae mu tumi twe carbon dioxide fi asaase so. Nanso nea nkurɔfo pii nnim ne sɛ, nsaase a nsu taataa so no, ɛso afifide ne nnua twe carbon dioxide sen nnua ne afifide a ɛwɔ kwae mu. Carbon dioxide dodow a kwae mu nnua twe no, nnua a ɛwɔ baabi a nsu taataa no tumi twe mmɔho nnum.

  • Nhwehwɛmu a wɔayɛ no nnansa yi kyerɛ sɛ, ɛpo mu afifide akɛse bi te sɛ nea wɔfrɛ no kɛlp no twe carbon dioxide fi mframa mu, na wɔde sie nsu ase. Nea ɛba ne sɛ, kɛlp nhaban wɔ ade bi a ɛte sɛ bɔtɔ a mframa gyina mu. Ɛno ma kɛlp tumi tɛn nsu ani twa kwan kɔ akyirikyiri. Ɛkɔ ara kodu ɛpo no mfinimfini a, na bɔtɔ no apae. Afei kɛlp a carbon dioxide ayɛ no ma no mem kɔ ɛpo ase. Ɛkɔtɔ po ase a, ebetumi ada hɔ mfe bebree.

  • Sɛnea asaase so mframa yɛ fĩ a etumi san yɛ kama no, yehuu ho biribi bere a korona yare no ma wɔkaa nkurɔfo hyɛɛ dan mu no. Bere a faktri adwuma kɔɔ fam wɔ wiase nyinaa afe 2020, na kar dodow a ɛnam kwan so no so tewee koraa no, ɛmaa mframa bɔne a ɛkɔ wim no brɛɛ ase, na ankyɛ koraa na mframa no mu tewee. Adwumakuw bi a wɔyɛ nhwehwɛmu wɔ mframa a yɛhome ho de amanneɛbɔ bi too gua afe 2020. Wɔkaa sɛ, aman a wɔyɛɛ nhwehwɛmu wɔ hɔ no, wɔyi mu 10 a, emu 8 bɔɔ amanneɛ sɛ, bere a yare no ma wɔkaa nkurɔfo hyɛɛ dan mu no, ankyɛ koraa na mframa no san yɛɛ kama.—“2020 World Air Quality Report.”

Mmɔden a Nnipa Rebɔ

Sɛ yɛde sakre kɔ adwuma ne ade a, ebetumi ama mframa bɔne dodow so atew

Aban ahorow taa ka kyerɛ wɔn a wɔyɛ mfiridwuma no sɛ wɔntew nneɛma fĩ a wɔpia kɔ wim no so. Afei nso, nsunsuanso a mframa bɔne de ba no, da biara abenfo hu akwan foforo a wɔbɛfa so abrɛ no ase. Ɛho nhwɛso ne sɛ, wɔanya kwan bi a wɔfa so ma mmoawammoawa yɛ nneɛma a ɛsɛe mframa ho adwuma ma ɛbɛyɛ nneɛma a empira nnipa. Afei nso, abenfo tu nkurɔfo fo sɛ, ɛyɛ a wɔnnantew anaa wɔntena sakre so mmom sen sɛ wɔbɛtena kar mu. Ogya ne kanea a nkurɔfo de yɛ adwuma wɔ fie nso, wɔka sɛ wɔntew so.

Aban ahorow reboa wɔn manfo ama wɔanya sutof mono a ɛnsɛe mframa, nanso nnipa bebree nnya bi

Nanso amanneɛbɔ bi a afe 2022 mu, wiase akuw akɛse te sɛ Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no ne Wiase Nyinaa Sikakorabea no ka boom de too gua ma yehu sɛ, mmɔden a nnipa rebɔ yi, ɛno nko ara nnɔɔso.

Amanneɛbɔ no kaa sɛ, afe 2020 mu no, sɛ yɛkyɛ wiase mu nnipa mu mmiɛnsa a, emu baako de, nneɛma a wɔde sɔ gya no, na ɛsɛe mframa. Wokɔ mmeae pii a, nnipa kakraa bi na wɔbenya sika atɔ sutof foforo a wɔnoa so aduan anaa wɔbenya ɔkwan foforo a wɔbɛfa so asɔ gya a ɛnsɛe mframa.

Nea Enti a Anidaso Wɔ Hɔ—Nea Bible Aka

“Yehowa ne nokware Nyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro . . . Ɔno na ɔtrɛw asaase ne ɛso nneɛma mu. Ɔde ahome ma nnipa a wɔte so.”—Yesaia 42:5.

Mframa a yɛhome ne nneɛma a ɛma mframa mu tew no, Onyankopɔn na ɔbɔɔ ne nyinaa. Ne tumi nni ano, na ɔdɔ nnipa nso. Enti wohwɛ a, ɔbɛtena hɔ ama nkurɔfo asɛe mframa no a ɔnyɛ ho hwee anaa? Hwɛ asɛm a yɛato din, “Onyankopɔn Ahyɛ Bɔ Sɛ Asaase Yi Bɛtena Hɔ Daa.