Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NYAN! No. 1 2024 | Adɛn Nti Na Obu Ho Ayɛ Na Saa?

Ɛnnɛ wohwɛ wiase a, wutumi hu sɛ obu ho akɔ atwee, enti sɛ obi yɛ biribi de kyerɛ sɛ obu ade a, asɛ wayɛ biribi a ɛyɛ nwanwa.

Ɛho nhwɛso ne sɛ, nnipa pii mmu wɔn yɔnko, wɔn awofo, mpanyimfo, polisifo, wɔn adwumawuranom, ne wɔn akyerɛkyerɛfo. Sɛ wokɔ sohyia midia so a, anoɔyaw de, nkurɔfo fa no kwa! Nsɛmma nhoma bi a wɔato din Harvard Business Review ka sɛ, nneɛma a nkurɔfo yɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔmmu ade no, “kɔ ara na ɛrekɔ n’anim.” Nhoma no ka kaa ho sɛ, “nnipa pii reka ho asɛm, na wɔfi kaa ho asɛm mpo akyɛ.”

 

Adɛn Nti Na Nkurɔfo Nni Obu Mma Afoforo?

Hwɛ nea enti a ehia sɛ yenya obu ma afoforo, ne nea wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ wubu ade.

Adɛn Nti Na Nkurɔfo Nni Obu Mma Nkwa?

Yɛnhwɛ Bible afotu a ɛbɛboa yɛn ama yɛahu sɛnea yebetumi akyerɛ obu ama yɛne afoforo nkwa.

Adɛn Nti Na Nkurɔfo Nni Obu Mma Wɔn Abusuafo?

Sɛ abusua no muni biara kyerɛ sɛ obu ne yɔnko a, ɛma anigye ba abusua no mu.

Adɛn Nti Na Nkurɔfo Nni Obu Mma Wɔn Ho?

Bible tumi boa nkurɔfo ma wɔnya obu ma wɔn ho, na ɛma wɔn abrabɔ yɛ kama.

Adɛn Nti Na Obu Ho Ayɛ Na Saa?

Yehowa Adansefo reboa nnipa a wɔwɔ wiase baabiara ama wɔahu sɛnea wɔbɛda obu adi. Kenkan ɛho nsɛm.