Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adɛn Nti Na Nkurɔfo Nni Obu Mma Afoforo?

Adɛn Nti Na Nkurɔfo Nni Obu Mma Afoforo?

NEA ENTI A EHIA SƐ YENYA OBU MA AFOFORO

Sɛ yenya obu ma afoforo na sɛ abufuw ba mpo a, ɛma nkurɔfo bo dwo. Afei nso, ɛmma asɛm a ɛnyɛ asɛm mmɛyɛ asɛm kɛse.

  • Bible mu abebusɛm bi ka sɛ: “Mmuae bɔkɔɔ ma abufuw twa, na asɛm a ɛyɛ yaw de, ɛhyɛ abufuw.” (Mmebusɛm 15:1) Sɛ obi mmu ade na sɛ n’ano yɛ yaw a, ɛntaa nwie yiye.

  • Yesu kaa sɛ: “Nea ayɛ koma mã no na ano ka.” (Mateo 12:34) Ɛtɔ da a, nea ɛmma nkurɔfo nnya obu mma afoforo ne sɛ, ɛsono baabi a wɔfi ne wɔn honam ani kɔla. Ebinom nso bu afoforo abomfiaa. Sɛ obi bu nkurɔfo animtiaa saa a, ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ haw.

    Nnansa yi ara, wɔbisabisaa nnipa 32,000 a wɔfi aman 28 so nsɛm a ɛfa obu ho; wɔn mu ɔha mu nkyem 65 kaa sɛ ɛnnɛ, sɛnea nnipa mmu ade no, wɔnhuu ɛso bi da.

NEA WUBETUMI AYƐ

Sɛ wowɔ sukuu mu anaa adwuma mu a, ɛsɛ sɛ wunya obu ma obiara. Sɛ wo ne nkurɔfo nyɛ adwene mpo a, ɛsɛ sɛ wubu wɔn. Hwehwɛ nneɛma a wo ne nkurɔfo adwene betumi ahyia wɔ ho. Ɛbɛma woanya wɔn ho abotare na woammu obiara atɛn.

“Munnyae sɛ mubu nkurɔfo atɛn, na wɔammu mo atɛn.”—Mateo 7:1.

Nea wopɛ sɛ nkurɔfo yɛ ma wo no, wo nso yɛ saa ara ma wɔn. Sɛ woda ayamye adi na wo ne obiara di no yiye a, ebetumi ama wɔn nso ne wo adi no yiye.

“Sɛnea mopɛ sɛ nnipa yɛ mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.”—Luka 6:31.

Fa bɔne kyɛ. Ɛyɛ a nnwen adwemmɔne mma nkurɔfo, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ wɔka asɛm bi anaa wɔyɛ biribi na anyɛ wo dɛ a, wubetumi abu w’ani agu so.

“Onipa nhumu ma ɔtwentwɛn n’abufuw ase, na ɛyɛ anuonyam ma no sɛ obebu n’ani agu mfomso so.”—Mmebusɛm 19:11.

NEA YƐREYƐ

Baabi a Yehowa Adansefo te anaa wɔyɛ adwuma biara, wɔyɛ nneɛma de kyerɛ sɛ wɔbu ade.

Yɛde Bible kyerɛkyerɛ nkurɔfo na yennye wɔn sika, na wɔn a yɛkyerɛkyerɛ wɔn no nso, yɛmfa yɛn gyidi mpuapua wɔn sɛ kyinkyin ara a wɔnye nea yɛreka no ntom. Mmom no, sɛ yɛrekyerɛkyerɛ wɔn a, yɛde Bible afotu yɛ adwuma, enti yɛkyerɛkyerɛ wɔn wɔ “odwo ne nidi mu.”—1 Petro 3:15; 2 Timoteo 2:24.

Yɛnsa nnipa mu, na obiara a ɔpɛ sɛ ohu nea Bible kyerɛkyerɛ no, sɛ ɔba yɛn nhyiam ase a, yɛde anigye ma no akwaaba a yɛnhwɛ baabi a ofi. Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛte nkurɔfo ase, na yɛde ‘obu a ɛfata ama obiara.’—1 Petro 2:​17, New International Version.

Yebu aban mpanyimfo, na baabi a yɛte biara yɛbrɛ yɛn ho ase hyɛ wɔn ase. (Romafo 13:1) Yedi mmara so, na yetua tow ahorow. Ɛwom, yennyina ɔfã biara, nanso gyinae biara a afoforo sisi wɔ amanyɔsɛm ho no, yɛnkasa ntia.