Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnianim Nsɛm

Nnianim Nsɛm

Nneɛma 12 a Ama Asi Mmusua Bi Yiye

Yɛtaa te sɛ nneɛma nkɔ yiye wɔ mmusua bi mu ma enti mmusua no agyigya. Nanso mmusua bi wɔ hɔ a asi wɔn yiye. Ɛdɛn na ɛboaa wɔn?

  • Efi afe 1990 kosi 2015 no, wɔn a wɔadi boro mfe 50 a wogyae aware wɔ United States no, wɔn dodow bu bɔɔ ho, na wɔn nso a wɔadi boro mfe 65 a wogyae aware no, wɔn dodow bu bɔɔ ho mmiɛnsa.

  • Awofo adwene atu afra: Abenfo bi ka sɛ, ɛsɛ sɛ awofo kamfo wɔn mma bere nyinaa. Afoforo nso ka sɛ, ɛsɛ sɛ awofo yɛ katee wɔ wɔn mma so, na ɛno na ɛbɛkyerɛ sɛ wɔpɛ wɔn asɛm.

  • Mmabun renyinyin ayɛ mpanyimfo, nanso wonni ntetee papa biara a wɔde bɛbɔ bra ama asi wɔn yiye.

Nanso, nokwasɛm ne sɛ . . .

  • Aware betumi ayɛ nkabom a ɛtena hɔ daa na mfaso wɔ so.

  • Awofo betumi asua sɛ wɔbɛteɛ wɔn mma so wɔ ɔdɔ mu.

  • Mmabun betumi anya ntetee a wohia na wonyin a wɔde abɔ bra.

Ɛbɛyɛ dɛn na wei nyinaa ayɛ yiye? Nyan! yi bɛma yɛahu nneɛma 12 a ama asi mmusua bi yiye.