Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnianim Nsɛm

Nnianim Nsɛm

Nneɛma Nsia a Ehia Sɛ Mmofra Sua

Sɛ wo ba nyin bɛyɛ ɔpanyin a, sɛn na wobɛpɛ sɛ nkurɔfo hu no?

  • Obi a Ɔwɔ Ahosodi

  • Obi a Ɔbrɛ Ne Ho Ase

  • Obi a Otumi Gyina Tebea Biara Ano

  • Obi a Otumi Di N’asɛde Ho Dwuma

  • Obi a Ɔyɛ N’ade Sɛ Ɔpanyin

  • Obi a Ɔyɛ Ɔnokwafo

Sɛ wugyaa mmofra saa ara a, wɔn ankasa ntumi nna su ahorow yi adi. Wohia wo mmoa.

Yɛbɛhwɛ nneɛma nsia a ɛho hia sɛ wokyerɛkyerɛ wo mma wɔ nhoma yi mu; ɛbɛboa wɔn ama wɔanyin ayɛ mpanyin pa.