Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NYAN! No. 3 2017 | Ɛyɛ Ampa sɛ Bible Fi Onyankopɔn Hɔ?

Bible fi Onyankopɔn hɔ anaasɛ nnipa nsusuwii nko ara na ɛwom?

“Nyan!” yi bɛma yɛahu adanse mmiɛnsa a enti yebetumi agye adi sɛ Bible no fi Onyankopɔn hɔ ampa.

 

ASƐM A ƐDA SO

Bible​—‘Efi Onyankopɔn Honhom Mu’ Ampa?

Ebinom kyerɛ sɛ, sɛ yɛreka Bible ho asɛm a, yɛrentumi nyi Onyankopɔn mfi mu. Ebinom nso kyerɛ sɛ Bible yɛ nhoma a atetesɛm, anansesɛm, abakɔsɛm, ne mmara a nnipa ahyehyɛ na ɛwom.

ASƐM A ƐDA SO

Bible​—Emu Nsɛm Nyinaa Yɛ Nokware

Bible kaa abɔde ho nsɛm bere tenteenten ansa na nyansahufo rekyerɛkyerɛ mu. Ɛsan kaa bere a ahemman bi bɛsɔre ne bere a ɛbɛhwe ase ho asɛm pɛpɛɛpɛ. Afei, nsɛmmisa a ɛho hia paa no, ɛma yenya ho mmuae a ɛtɔ asom.

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO

Efie Nnwuma Ho Hia

Awofo, ɛyɛ mo den sɛ mobɛma mo mma ayɛ efie nnwuma anaa? Sɛ saa a, ɛnde monhwɛ sɛnea sɛ moma wɔyɛ efie nnwuma a, ɛbɛboa wɔn ama wɔahu wɔn asɛde na ama wɔn ani agye.

Ehon Nkwaadɔm a Ɛwɔ Wo Nsono Mu​—Ɛyɛ Wo Nipadua “Adwene a Ɛto So Mmienu” Anaa?

‘Adufradan a emu ntini bebrebe no, dodow no ara wɔ wo yafunu mu. Adwuma pɔtee bɛn na ɛyɛ ma wo?

NSƐM A WOBISABISA

Obi a Ɔyɛ Program Gu Kɔmputa So Kyerɛkyerɛ Ne Gyidi Mu

Bere a Ɔbenfo Fan Yu fii n’adwuma ase sɛ nkontaabu ho ɔbenfo no, na ogye di sɛ nneɛma bae kɛkɛ a ɛnyɛ obi na ɔbɔe. Nanso, seesei Ɔbenfo Yu gye di sɛ nkwa amma kwa, na mmom Onyankopɔn na ɔbɔe. Adɛn ntia?

BIBLE NO ADWENE

Abɔfo

Sɛ yɛhwɛ nhoma ahorow, mfonini a nkurɔfo adrɔdrɔ, ne sini mu a, yehu abɔfo ho nsɛm pii. Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka fa wɔn ho?

WƆBƆE ANAA?

Ɛpo Mu Ahweaa Ho Nhwi

Mmoa a wɔte nsu a ɛyɛ nwini mu bebree wɔ sradeɛ pii wɔ wɔn wedeɛ mu a ɛmma awɔw nkɔ wɔn mu. Nanso ɛpo mu ahweaa deɛ, biribi foforo na ɛboa no.

Nneɛma Foforo a Ɛwɔ Wɛbsaet Ha

Mɛyɛ Dɛn Anya Ahofadi Pii?

Ebia wote nka sɛ woanyin, enti ɛsɛ sɛ wɔde nidi a ɛsɛ ɔpanyin ma wo, nanso w’awofo ne wo nyɛ adwene. Nneɛma bɛn na wobɛyɛ na w’awofo anya wo mu ahotoso?

Hena Ne Bible no Kyerɛwfo?

Sɛ nnipa na ɛkyerɛwee a, ɛnde adɛn na yɛfrɛ no “Onyankopɔn asɛm”? Hena nsusuwii na ɛwɔ Bible mu?