Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

yeast nkwaboaa no yɛ afiri a, anka yɛbɛka sɛ ɛho nneɛma dɔɔso paa. Ade bi wom a wɔfrɛ no DNA. Ɛno da nkyɛn a, nneɛma nketenkete bi wɔ mu a ɛhwɛ ma nnuannuru dan ahoɔdennuru, na ɛkyekyɛ ahoɔdennuru no ma nkwaboaa no fã ahorow sɛnea ɛbɛyɛ a ebetumi akɔ so atena nkwa mu.

Nea Abɔde a Nkwa Wom Ma Yehu

Nea Abɔde a Nkwa Wom Ma Yehu

Woto w’ani hwɛ asaase yi so a, abɔde a nkwa wom ama ɛso ayɛ fɛ. Wɔkeka wɔn ho, bere rekɔ so no wonyin, na wɔn ase trɛw. Ɛnnɛ, nimdeɛ a nnipa anya afa wɔn ho no akɔ anim sen bere biara. Nea wɔahu no betumi aboa yɛn ama yɛahu nea ɛyɛe a nkwa bae anaa? Momma yensusuw nea edidi so yi ho nhwɛ.

Sɛnea abɔde a nkwa wom te no ma yehu sɛ, amma kwa; wɔhyɛɛ da yɛe. Nkwammoaa dodow bi na ɛkeka bom ma yenya nnua, mmoa, nnipa, ne biribi foforo biara a nkwa wom. Nkwammoaa nketenkete yi mu biara yɛ adwumaden sɛnea ɛbɛyɛ a abɔde no betumi akɔ so atena nkwa mu, na n’ase atrɛw. Abɔde biara a nkwa wom no, sɛ ɛyɛ ketekete sɛ dɛn mpo a, nkwammoaa a ɛwɔ mu no yɛ adwumaden. Yɛmfa yeast a wɔde to paanoo no sɛ nhwɛso. Ɛyɛ abɔde a nkwa wom, na aba baako biara yɛ nkwaboaa baako. Sɛ wode toto nkwammoaa a ɛwɔ nnipa mu ho a, ɛyɛ nkyene koraa a ayera mu. Nanso ɛno mpo no, sɛ ɛyɛ afiri a anka yɛbɛka sɛ ɛho nneɛma dɔɔso paa. Saa yeast nkwaboaa yi, ade bi wɔ mu a wɔfrɛ no DNA. Ɛno na ɛkyerɛ nkwaboaa no adwuma a ɛsɛ sɛ ɛyɛ. Ɛno da nkyɛn a, nneɛma nketenkete bi wɔ nkwaboaa no mu a ɛyɛ adwuma sɛ “afiri.” Ɛhwɛ ma nnuannuru dan ahoɔdennuru, na ɛkyekyɛ ahoɔdennuru no ma nkwaboaa no fã ahorow sɛnea ɛbɛyɛ a ebetumi akɔ so atena nkwa mu. Sɛ aduan a ɛwɔ nkwaboaa no mu sa a, ɔtew adwuma a ɔyɛ no so koraa. Edu baabi mpo a, ɔyɛ te sɛ nea wada no. Wei nti, yeast a wɔde to paanoo tumi da hɔ ara kyɛ. Nanso sɛ wunya de fra esiam pɛ, na asan afi ase reyɛ adwuma bio.

Nyansahufo de mfe pii asua yeast nkwaboaa ho ade, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛboa wɔn ama wɔate sɛnea nkwammoaa a ɛwɔ nnipa mu no yɛ adwuma no ase yiye. Wɔahu nneɛma pii de, nanso nea ɛda wɔn anim na ɛdɔɔso. Afiri ho ɔbenfo bi a wɔfrɛ no Ross King a ɔkyerɛ ade wɔ Chalmers University of Technology a ɛwɔ Sweden no ka sɛ, “Nhwehwɛmu a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛate sɛnea yeast kɛkɛ mpo yɛ adwuma ase no, ɛdɔɔso ara ma anyansahufo a wɔbɛboa ama yɛayɛ nhwehwɛmu no, yɛrepɛ bi a yennya.”

Wudwen ho sɛn? Sɛ wohwɛ sɛnea yeast nkwaboaa ketekete yi koraa ho nneɛma dɔɔso ne sɛnea ɛyɛ adwuma no a, wohwɛ a, ɛno ara na ɛbae anaa obi na ɔtoo ne bo ase bɔe?

Biribiara a nkwa wom wɔ DNA, na DNA nso amma kwa. Nkwaboaa biara, biribi wɔ mu a wɔfrɛ no DNA. Nneɛma nketenkete bi na ɛka bom yɛ DNA. Sɛ yɛfa nkwammoaa a ɛwɔ nnipa mu sei a, nkwaboaa biara mu no, saa nneɛma nketenkete yi bɛboro ɔpepepem mmiɛnsa na ɛwɔ mu. Wɔahyehyɛ saa nneɛma nketenkete yi pɛpɛɛpɛ sɛnea ɛbɛyɛ a nkwaboaa biara betumi ama yɛn nsa aka ahoɔdennuru bi te sɛ protein.

Nyansahufo kyerɛ sɛ, ɛbɛyɛ den paa sɛ saa nneɛma nketenkete yi ankasa bɛhyehyɛ wɔn ho pɛpɛɛpɛ wɔ nkwaboaa biara mu. Kyerɛ sɛ, ɛrentumi nyɛ yiye mpo.

Nokwasɛm mpo ne sɛ, ɛmmaa da sɛ nyansahufo atumi akeka nneɛma a nkwa nnim abom ama adan biribi a nkwa wom.

Wode nnipa toto abɔde ahorow a aka ho a, yɛda mu fua. Nnipa tumi yɛ nneɛma a ɛbɛma wɔn ani agye paa wɔ asetena mu. Yetumi de yɛn nsa yɛ nneɛma a ɛyɛ fɛ, yetumi ne afoforo di nkitaho, na yetumi ma afoforo hu sɛnea yɛte nka nso. Yetumi te aduan dɛ, te ade hua, na yɛte nnyigyei ahorow. Afei nso, yetumi hu kɔla ahorow-ahorow ne mmeae a ɛyɛ fɛ, na wei nyinaa ma yɛn ani gye. Ɛno da nkyɛn a, ɛyɛ a yedwen daakye ho, na yɛyɛ ho nhyehyɛe to hɔ. Afei nso, ɛyɛ a yɛbɔ mmɔden sɛ yebehu nea enti a yɛwɔ wiase. Abɔde a nkwa wom a ɛwɔ asaase so no, nnipa nko ara na etumi yɛ saa nneɛma yi.

Wudwen ho sɛn? Nneɛma a nnipa tumi yɛ yi, ɛde no nkakrankakra na ɛbae sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi akɔ so atena nkwa mu na yɛawo mma? Anaa ɛkyerɛ sɛ nkwa yɛ akyɛde a efi Ɔbɔadeɛ bi a ɔwɔ ɔdɔ hɔ?