Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Enti a Ehia Sɛ Wuhu Asɛm Yi Mu Nokware

Nea Enti a Ehia Sɛ Wuhu Asɛm Yi Mu Nokware

Adɛn nti na ehia sɛ yehu sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ anaa onni hɔ? Ebesi ha yi, adanse ahorow a yɛasusuw ho no ama woagye adi sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ anaa? Sɛ saa a, ebia w’ani begye ho sɛ wubehu adanse afoforo nso a ɛkyerɛ sɛ ɔno na ɔma wɔkyerɛw Bible no. Sɛ wuhu sɛ Bible no fi Onyankopɔn hɔ, na wugye emu nsɛm di a, ɛbɛma woanya mfaso ahorow pii. Mfaso no bi na edidi so yi.

Ɛbɛma w’ani agye paa wɔ asetena mu

BIBLE KA SƐ: ‘Onyankopɔn yɛɛ nneɛma papa. Ɛne sɛ, ɔmaa osu tɔ fii soro maa mo, ɔmaa mo mmere a aduan ba, ɔmaa mo aduan di mee, na ɔde anigye hyɛɛ mo koma ma.’—Asomafo Nnwuma 14:17.

NEA ƐKYERƐ: Mframa a yɛhome, osu a ɛtɔ, owia a ɛbɔ, ne nneɛma a ɛtete saa no yɛ akyɛde a efi Ɔbɔadeɛ no hɔ. Sɛ wusua Bible no na wubehu sɛ, ɔdɔ a Onyankopɔn dɔ wo nti na ɔde saa nneɛma yi nyinaa ama wo a, ɛbɛma anisɔ a wowɔ ma no no ayɛ kɛse.

Wubenya afotu pa a wode bɛbɔ wo bra da biara

BIBLE KA SƐ: “Ɛno bɛma woate trenee ne atɛn turodoo ne adetrenee ase, na woate papayɛ akwan nyinaa ase.”—Mmebusɛm 2:9.

NEA ƐKYERƐ: Onyankopɔn na ɔbɔɔ wo, enti onim nea ɛbɛma w’ani agye. Sɛ wotɔ wo bo ase kan Bible no na wotweetwee mu a, wubenya afotusɛm pii a ɛbɛboa wo wɔ w’abrabɔ mu.

Wubenya wo nsɛmmisa ho mmuae

BIBLE KA SƐ: ‘Wubenya Onyankopɔn ho nimdeɛ’—Mmebusɛm 2:5.

NEA ƐKYERƐ: Sɛ wuhu sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ a, ebetumi aboa wo ma woanya nsɛmmisa bi a ɛho hia paa ho mmuae. Ebi ne sɛ: Adɛn nti na yɛwɔ wiase? Adɛn nti na amanehunu abu so saa? Sɛ obi wu a, tebea bɛn na ɔkɔ mu? Wubenya saa nsɛmmisa yi nyinaa ho mmuae wɔ Bible mu, na ɛbɛma wo koma atɔ wo yam.

Ɛbɛma woanya anidaso sɛ nneɛma bɛyɛ yiye daakye

BIBLE KA SƐ: “‘Me ara minim adwene a madwen wɔ mo ho,’ Yehowa asɛm ni. ‘Ɛyɛ asomdwoe adwene, na ɛnyɛ mmusu; ɛne sɛ, mɛma mo daakye ne anidaso.’”—Yeremia 29:11.

NEA ƐKYERƐ: Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ, daakye obeyi abɔnefosɛm, amanehunu, ne owu mpo afi hɔ. Sɛ wunya bɔhyɛ ahorow yi mu awerɛhyem a, ɛbɛboa wo paa. Sɛ ɛba sɛ wuhyia ɔhaw bi wɔ w’asetena mu a, wubetumi agyina mu, efisɛ wunim sɛ wowɔ anidaso.