Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wobɛyɛ Dɛn Ahu Asɛm Yi Mu Nokware?

Wobɛyɛ Dɛn Ahu Asɛm Yi Mu Nokware?

“Yɛn amansan yi, ɛno ara na ɛbae.”—Abɔde mu abenfo Stephen Hawking ne Leonard Mlodinow, 2010.

“Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asaase.”—Bible, Genesis 1:1.

Onyankopɔn na ɔbɔɔ amansan yi ne emu nneɛma nyinaa, anaa ɛno ara na ɛbae? Asɛm a abenfo mmienu yi kae no kyerɛ sɛ wogye di sɛ ɛbae ara kwa. Bible no nso se, obi na ɛbɔe. Nea ɛte ne sɛ, ebinom gye di paa sɛ nea abenfo mmienu no aka no yɛ nokware, na ebi nso se nea Bible no reka no na ɛyɛ nokware. Ebi de, wɔaka nsensɛnmu, wonhu nea wonnye nni. Afoforo nso di saa asɛm yi ho akyinnye wɔ TV dwumadi ahorow so, na ebinom nso akyerɛw ho asɛm wɔ nhoma ahorow a agye din pii mu.

Sɛ woyɛ sukuuni a, ebia w’akyerɛkyerɛfo ama woate ase sɛ, amansan yi ne emu nneɛma nyinaa bae ara kwa, na ɛnyɛ obi na ɔbɔe. Nanso yemmisa sɛ, wɔmaa wo adanse a ɛkyerɛ sɛ Ɔbɔadeɛ biara nni hɔ? Ebi nso a, woate sɛ asɔfo bi rekyerɛkyerɛ sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ. Nanso wɔn nso maa wo adanse a ɛfoa nea wɔka no so anaa? Anaa nea wɔkae ara ne sɛ, ɛsɛ sɛ wugye di efisɛ ɛyɛ asɔre no nkyerɛkyerɛ.

Ebia wode saa asɛm yi akɔ adwinnwen mu, na ɛyɛ wo sɛ obiara nni hɔ a obetumi de ne nsa asi ne bo aka sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ anaa onni hɔ. Ebi mpo a na worebisa wo ho sɛ, ‘Saa asɛm yi koraa, mihu nokware a ɛwɔ mu a, ɛbɛboa me sɛn?’

Nyan! yi bɛma woanya saa asɛmmisa yi ho mmuae. Nanso nea edi kan koraa no, yɛnhwɛ adanse ahorow a ama ebinom gye di sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ. Yewie a, yɛbɛhwɛ nea enti a ɛho hia sɛ yehu nea ɛyɛe a nkwa bae.