Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ntamadan a ɛwɔ Tash Rabat Bon mu

NSASE NE NNIPA

Kyrgyzstan Nsrahwɛ

Kyrgyzstan Nsrahwɛ

KYRGYZSTAN yɛ kurow a mmepɔw a sukyerɛmma wɔ atifi atwa ho ahyia. Ɛhyɛ Asia mfinimfini baabi. Aman a ɛne no bɔ hyeɛ ne Kazakhstan, Uzbekistan, Tajikistan, ne China. Ɔman no fã kɛse no ara yɛ mmepɔw. Tian Shan Mmepɔw a ɛtoatoam no fã a ɛware paa no wɔ Kyrgyzstan. Bepɔw no tenten yɛ anammɔn 24,406 (mita 7,439). Kwae nni ɔman no mu papa, nanso yɛka baabi a walnut nnua wɔ paa wɔ asase yi so a, Kyrgyzstan ka ho.

Yehowa Adansefo de Bible no rekyerɛkyerɛ nnipa mpempem pii wɔ Kyrgyzstan

Kyrgyzstanfo bu ade paa na wɔpɛ ahɔhoyɛ nso. Sɛ wokɔ ɔman no mu a, wuhu sɛ wodi mpanyimfo ni paa. Sɛ abofra te bɔs mu na ɔpanyin bɛforo a, ɔsɔre ma ɔtena ase. Saa ara nso na sɛ wɔte pon ho redidi a, wɔma mpanyimfo tena baabi a nidi wom paa.

Anyɛ yiye koraa no, awarefo a ɛwɔ hɔ taa wo mmiɛnsa anaa nea ɛsen saa. Sɛ kaakyire no nyin na ɔware mpo a, ɔno na ɔtaa tena fie hwɛ n’awofo wɔ wɔn nkwakoraabere ne wɔn mmerewabere mu.

Sɛ ɔbaa yɛ abofra a, wɔkyerɛ no ofie nnwuma sɛnea ɛbɛyɛ na sɛ onyin na ɔkɔ aware a, ɔbɛyɛ ɔyere pa. Sɛ wonyin kakra a, wɔn ankasa tumi hwɛ fie. Sɛ ɔbaa nnya nyinii mpo a, na n’awofo afi ase retotɔ n’ayeforo ho nneɛma te sɛ ntama, kapɛt, mpasotam ne nea ɛkeka ho. Sɛ edu ayeforo da no a, ɔbarima no tua ti ade; ɛtaa yɛ sika ne ayɛmmoa.

Sɛ wɔreyɛ ayi anaa wɔrehyɛ fã bi a, wokum oguan anaa pɔnkɔ. Wogua nnam no, na wɔkyekyɛ ma nnipa pɔtee bi. Mfe a obi adi anaa nkɔso a wanya wɔ asetena mu no na ɛbɛkyerɛ nea obenya. Sɛ wɔrekyekyɛ nnam no saa a, wɔkyerɛ ampa sɛ wobu ade. Ɛno akyi no, wɔkyekyɛ wɔn aduan a wɔfrɛ no beshbarmak. Ɛyɛ aduan a wɔn ani gye ho paa; wɔde wɔn nsa na edi.

Komuz yɛ sanku a agye din paa wɔ hɔ