Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Beer-seba—Baabi a na Asubura Kyerɛ Nkwa

Beer-seba—Baabi a na Asubura Kyerɛ Nkwa

Bɔhyɛ Asase no So Mmeae Ahorow

Beer-seba​—Baabi a na Asubura Kyerɛ Nkwa

“EFI Dan kosi Beer-seba.” Ɛyɛ ɔkasasin a Bible akenkanfo nim. Ɛka Israel nyinaa ho asɛm, efi Dan, a ɛbɛn atifi fam hye so kosi Beer-seba, a ɛwɔ anafo fam so. Wɔkaa Salomo asomdwoe nniso no ho asɛm sɛ: “Yuda ne Israel traa ase dwoodwoo wɔn bobe ne wɔm borɔdɔma ase mmiako mmiako, efi Dan kosi Beer-Seba, Salomo nna nyinaa.”​—1 Ahene 4:25; Atemmufo 20:1.

Nanso nsonoe ahorow a ɛda Dan ne Beer-Seba ntam no kɔ akyiri sen ɔkwan a ɛda ntam no. Sɛ́ nhwɛso no, na osu taa tɔ wɔ Dan; ná nsu fi fam bɛyɛ Asubɔnten Yordan nsuti no biako sɛnea yehu wɔ mfonini a ɛwɔ nifa so mu no. Nanso na Beer-Seba yɛ soronko koraa, na ɛwɔ baabi a osu ntaa ntɔ wɔ hɔ koraa, mpoano ne faako a Po a Awu no kɔpem wɔ anafo fam ntam.

Osu a ɛtɔ wɔ Beer-Seba mpɔtam hɔ afe biara dodow yɛ efi sentimita 15 kosi 20. Ɛno nti, hyɛ Beer-Seba sumpi anaa esiw mfonini a ɛwɔ atifi hɔ no nsow. * Nhabammono a wuhu no kyerɛ sɛ wotwaa mfonini no wɔ awɔw bere mu osu kakraa bi a ɛtɔe akyi, bere a wura a atwa Beer-Seba ho ahyia yɛ mono bere tiaa bi mu no. Ná nsasetaw a ɛbɛn hɔ no ye​—na ɛda so ara ye​—ma nnɔbae ahorow te sɛ aburow.

Esiane sɛ na nsu ho yɛ den wɔ hɔ nti, Bible kyerɛwtohɔ ahorow a ɛfa Beer-Seba ho si nsubura ne nsu hokwan ahorow so dua. Ná kurow no bɛn akwan anaa akwantufo akuw akwan a etwam wɔ sare so anhweatam no so kɔ anafo fam akyirikyiri no. Sɛnea ebia wubesusuw ho no, na akwantufo a wɔretwam anaasɛ wɔregyina ha no behia nsu ama wɔn ho ne wɔn mmoa. Ná nsu yi mfi fam mma te sɛ nea ɛte wɔ Dan, na mmom na wobetumi anya afi nsubura mu. Nokwarem no, na Hebri asɛmfua be’er’ kyerɛ tokuru anaa amoa a wotu de twe nsu fi fam. Beer- Seba kyerɛ “Ntanka Asubura” anaa “Nsubura Ason.”

Abraham ne n’abusua traa Beer- Seba ne ne mpɔtam kyɛe, na na wonim hia a nsubura ho hia. Bere a Sara afenaa Hagar guan kɔɔ sare so no, ebia ɔyɛɛ n’adwene sɛ obenya nsu afi nsubura mu anaa Anhweatam sotefo a na wɔsaw emu nsu​—te sɛ Anhweatam so ɔbea a ɔwɔ kratafa a edi hɔ atifi hɔ a ɔresaw nsu afi Sinai Nsupɔw so asubura bi mu no nkyɛn. Bere a akyiri yi na ɛsɛ sɛ Abraham pam Hagar ne ne ba a ommu ade no, ofi ayamyɛ mu de nsu guu ade mu maa no, Bere a ɛsae no dɛn na ɛbae? “Na Onyankopɔn buee n’ani, na ohuu asubura bi, na ɔkɔe kɔsaw bi hyɛɛ nhoma kotoku no ma, na ɔde bi maa abarimaa no nomee.”​—Genesis 21:19.

Abraham nyaa nsu a ɔde hyɛɛ Ha- gar nhoma kotoku ma no wɔ he? Ɛbɛyɛ sɛ onya fii asubura a otui a oduaa asɛntɛw dua wɔ ho no mu. (Genesis 21:25-31) Yebetumi aka sɛ afei de nyansahufo ahu fata a ɛfata sɛ Abraham paw asɛntɛw no, efisɛ dua yi nhaban yɛ nketenkete na ɛnnom nsu pii, enti ɛmfa ho sɛ nsu pii nni asase no mu no, ebetumi anyin.​—Hwɛ ase hɔ mfonini no.

Akasakasa bi a ɛbaa Abraham ne Filistifo hene bi ntam na ɛma otuu asubura no. Esiane nsu a na ɛho yɛ den wɔ hɔ nyinaa ne ahoɔden a egya na wɔatu asubura a emu dɔ nti, na asubura yɛ agyapade a ɛsom bo. Nokwarem no, saa bere no na asubura a wɔsaw emu nsu a wɔnsrɛ kwan kyerɛ agyapade hokwan a wobu no animtiaa.​—Fa toto Numeri 20:17,19 ho.

Sɛ wokɔ Tell Beer-Seba a, wobehu asubura bi a emu dɔ wɔ anafo fam apuei asian no so. Obiara nnim bere a wodii kan tui wɔ abo a ɛyɛ den mu, na wɔde abo yɛɛ ano (a wohu wɔ ase hɔ no) maa enyaa ahoɔden. Nnɛyi nnipa a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma tuu emu kɔɔ fam mita 30, nanso wɔannu ase. Wɔn mu biako kae sɛ: “Anhwɛ a wobɛka sɛ asubura yi ne . . . ’Ntanka Asubura’ no, beae a Abraham ne Abimelek yɛɛ wɔn apam no.”​—Biblical Archaeology Review.

Ɛda adi sɛ Beer-Seba trɛwee akyiri yi wɔ Bible mmere mu bɛyɛɛ kurow a wɔabɔ ho ban yiye a ɔpon kɛse da ano. Nanso ade titiriw a ɛma ɛtraa hɔ na enyaa nkɔso ne nsu a ɛho hia a wonya fii n’asubura a emu dɔ mu no.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Wubetumi ahwɛ Tell Beer-Seba mfonini yi kɛse wɔ 1993 Calendar of Jehovah’s Witnesses so.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 24]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 25]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.