Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kristofo ne Adesamma Abusua Nnɛ

Kristofo ne Adesamma Abusua Nnɛ

Kristofo ne Adesamma Abusua Nnɛ

“Me din nti aman nyinaa bɛtan mo.”​—MATEO 24:9.

1. Na dɛn na ɛbɛyɛ Kristosom agyiraehyɛde titiriw?

NÁ WIASE no fã a wɔnyɛ no yɛ Kristofo a wodi kan no agyiraehyɛde titiriw. Kristo kaa n’asuafo no ho asɛm wɔ mpae a ɔbɔɔ ne soro Agya Yehowa no mu sɛ: “Mede w’asɛm mama wɔn; na wiase atan wɔn, efisɛ womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no.” (Yohane 17:14) Bere a wɔfrɛɛ Yesu wɔ Pontio Pilato anim no, ɔkae sɛ: “M’ahenni mfi wi yi ase.” (Yohane 18:36) Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ne abakɔsɛm akyerɛwfo di wiase no fã a na tete Kristosom nyɛ no ho adanse.

2. (a) Bere a bere kɔɔ so no, so na ɛsɛ sɛ nsakrae bi ba abusuabɔ a ɛda Yesu akyidifo ne wiase no ntam no mu? (b) So na Yesu Ahenni no nam amanaman a wɔbɛsakra no so na ɛbɛba?

2 So Yesu daa no adi akyiri yi sɛ abusuabɔ a ɛda n’akyidifo ne wiase no ntam bɛsakra, na n’Ahenni nam wiase a ɛbɛsakra ayɛ Kristofo no so na ɛbɛba? Dabi. Nea honhom kaa Yesu akyidifo no ma wɔkyerɛwee wɔ ne wu akyi mu biara nni hɔ a ɛde biribi a ɛte sɛɛ ho adwene bi mpo mae. (Yakobo 4:4 [wɔkyerɛw bere tiaa bi ansa na 62 Y.B. reba]; 1 Yohane 2:15-17; 5:19 [wɔkyerɛw no bɛyɛ 98 Y.B.]) Nea ɛne no bɔ abira no, Bible no de Yesu ‘ba a waba’ ne ‘ba a ɔbɛba’ akyiri yi wɔ Ahenni tumi mu no bata ‘nneɛma nhyehyɛe no awiei’ a ɛbɛkɔ akowie ‘n’awiei’ anaa ne sɛe mu no ho. (Mateo 24:3, 14, 29, 30; Daniel 2:44; 7:13, 14) Yesu kaa ne nokware akyidifo ho asɛm wɔ ne pa-rou-si’a, anaa ba a waba ho sɛnkyerɛnne no mu sɛ: “Ɛnna wobeyi mo ama ahohiahia, na wɔakum mo; na me din nti aman nyinaa bɛtan mo.”​—Mateo 24:9.

Nokware Kristofo Nnɛ

3, 4. (a) Katolekfo encyclopedia bi ka tete Kristofo no ho asɛm dɛn? (b) Akwan a edi nsɛ bɛn so na wɔka Yehowa Adansefo ne tete Kristofo no ho asɛm.

3 Nyamesom kuw bɛn na agye din wɔ nokwaredi a wɔde di Kristofo nnyinasosɛm ahorow so na wɔnyɛ wiase no fã, na wɔtan emufo na wɔtaa wɔn? Wiase nyinaa Kristofo ahyehyɛde bɛn na abakɔsɛm mu nsɛm a wɔka fa Kristofo a wodi kan ho no nyinaa fata wɔn? New Catholic Encyclopedia ka eyinom ho asɛm sɛ: “Ɛwom sɛ kan no wobuu tete Kristofo kuw no sɛ Yudafo mu fekusɛm foforo bi ara kwa de, nanso wɔdaa wɔn ho adi sɛ wɔyɛ soronko wɔ nyamesom nkyerɛkyerɛ ho, ne titiriw no nsiyɛ a emufo de somee sɛ Kristo adansefo ‘wɔ Yudea nyinaa ne Samaria de kɔpem asase ano nohɔ’ (Asomafo no Nnwuma 1.8).”​—Po 3, kratafa 694.

4 Hyɛ nsɛm ahorow yi nsow, “wobuu wɔn . . . fekusɛm foforo bi ara kwa,” “soronko wɔ ne. . . nkyerɛkyerɛ mu,” “nsiyɛ. . . sɛ adansefo.” Na afei hwɛ sɛnea encyclopedia koro no ara ka Yehowa Adansefo ho asɛm: “Fekusɛm bi . . . Adansefo gye di yiye sɛ ɛnkyɛ na wiase awiei no aba. Ɛte sɛ nea gyidi a emu yɛ den yiye yi ne ade a ɛsen biara a ɛma wɔde nsiyɛ a ano ntumi mmrɛ ase yɛ wɔn adwuma no. . . . Kuw no muni biara asɛyɛde titiriw ne sɛ obedi Yehowa ho adanse denam N’Ahenni a abɛn a ɔbɛka ho asɛm akyerɛ so. . . . Wobu Bible no sɛ wɔn gyidi fibea biako pɛ ne nea wogyina so bɔ wɔn bra . . . Sɛ obi bɛyɛ nokware Ɔdansefo a, ɛsɛ sɛ ɔfa ɔkwan bi so ka asɛm ma etu mpɔn.”​—Po 7, nkratafa 864-5.

5. (a) Nneɛma bɛn mu na Yehowa Adansefo nkyerɛkyerɛ da nsow? (b) Ma nhwɛso ahorow a ɛkyerɛ sɛ Yehowa Adansefo gyidi ahorow ne Kyerɛwnsɛm no hyia.

5 Nneɛma bɛn mu na Yehowa Adansefo nkyerɛkyerɛ da nsow? New Catholic Encyclopedia bobɔ kakraa bi din: “Wɔn [Yehowa Adansefo] kasa tia Baasakoro sɛ abosonsom . . . Wobu Yesu sɛ Yehowa Adansefo mu nea ɔsen biara, ‘onyame’ (saa na wɔkyerɛ Yohane 1.1 ase), a ɔba fam sen Yehowa nkutoo . . . Owui sɛ onipa na wonyan no sɛ honhom mu Ɔba a onwu da. N’Amanehunu ne ne wu ne bo a otua de maa adesamma san nyaa hokwan a wɔde bɛtra asase so daa. Nokwarem no, nokware Adansefo ‘nnipakuw kɛse’ no (Adi 7.9) anidaso ne sɛ wɔ- bɛtra Paradise wɔ asase so; anokwafo 144,000 pɛ (Adi 7.4; 14.1, 4) na wobetumi ne Kristo anya ɔsoro anuonyam. Wɔbesɛe nnebɔneyɛfo korakora. . . . Asubɔ​—a Adansefo no nam nsu mu a wɔde obi hyɛ so na ɛyɛ no . . . [yɛ] baguam sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa Nyankopɔn som. . . . Yehowa Adansefo nam mogya a wonnye so atwetwe ɔmanfo adwene aba wɔn ho so . . . Wɔnsakra wɔn aware ne nna ho abrabɔ pa no.” Ebia Yehowa Adansefo bɛda nsow wɔ saa nneɛma yi mu de, nanso wɔn gyidi wɔ saa nsɛm yi nyinaa ho no gyina Bible no so pintinn.​—Dwom 37:29; Mateo 3:16; 6:10; Asomafo no Nnwuma 15:28, 29; Romafo 6:23; 1 Korintofo 6:9, 10; 8:6; Adiyisɛm 1:5.

6. Gyinabea bɛn na Yehowa Adansefo akura mu? Dɛn ntia?

6 Roman Katolekfo nhoma yi de ka ho sɛ wɔ 1965 (ɛbɛyɛ sɛ afe a wɔkyerɛw asɛm no) mu no, “na Adansefo no mfa no sɛ wɔyɛ nnipa a wɔte wɔn mu no fã.” Ɛte sɛ nea ɔkyerɛwfo no susuwii sɛ, sɛ bere kɔ so na Yehowa Adansefo kɔ so dɔɔso na “wɔkɔ so yɛ nneɛma a ɛma wɔyɛ asɔre ankasa na wɔnyɛ fekusɛm bi bio a,” wɔbɛba abɛyɛ wiase yi fã. Nanso ɛmmaa saa. Ɛnnɛ, bere a Adansefo a wɔwɔ hɔ no dodow boro 1965 de no so mpɛn anan no, Yehowa Adansefo akɔ so akura wɔn gyinabea wɔ wiase yi ho no mu. ‘Wɔnyɛ wiase no fã,’ sɛnea na Yesu ‘nyɛ wiase no fã’ no.​—Yohane 17:16.

Wɔatwe Wɔn Ho Nanso Wɔnyɛ Basabasa

7, 8. Sɛnea na ɛyɛ nokware wɔ tete Kristofo no ho no, dɛn na ɛyɛ nokware wɔ Yehowa Adansefo ho nnɛ?

7 Bere a Robert M. Grant de Kristofo a wodi kan anoyi a afeha a ɛto so abien kyigyinafo Justin Martyr kyerɛwee reka asɛm no, ɔkyerɛwee wɔ ne nhoma Early Christianity and Society mu sɛ: “Sɛ Kristofo yɛ ɔman anidanfo a, anka wɔde wɔn ho besie na wɔatumi adu wɔn botae no ho. . . . Wodi ɔhempɔn no mmara a ɛde asomdwoe ne nhyehyɛe pa ba no so sen obiara.” Saa ara na nnɛ nso, wonim Yehowa Adansefo wɔ wiase nyinaa sɛ wɔpɛ asomdwoe na wɔyɛ ɔman mma a wodi mmara so. Nniso ahorow nyinaa nim sɛ ɛnsɛ sɛ wosuro Yehowa Adansefo biribiara ho.

8 Amerika Kesee Fam sɛnkyerɛwfo bi kyerɛwee sɛ: “Gye obi a ɔyɛ katee na ɔwɔ Yehowa Adansefo ho adwemmɔne na obesusuw sɛ wobetutu amammui nniso bi ase; wontutu ɔman ase na wɔpɛ asomdwoe sɛnea nyamesom kuw bi betumi ayɛ.” Jean-Pierre Cattelain kyerɛw wɔ ne nhoma L’objection de conscience (Biribi a wofi ahonim mu pow) mu sɛ: “Adansefo no brɛ wɔn ho ase ma atumfo no sɛnea ɛsɛ, na wodi mmara so mpɛn pii; wotua wɔn tow ahorow na wɔnhwehwɛ sɛ wobebisabisa nniso horow ho asɛm asakra no anaasɛ wɔasɛe no, efisɛ wɔmfa wiase yi mu nsɛm nhaw wɔn ho.” Cattelain de ka ho sɛ, sɛ Ɔman no hwehwɛ sɛ Yehowa Adansefo de wɔn nkwa a wɔahyira so koraa ama Onyankopɔn no to hɔ ma no a, ɛnde wonni so. Wɔ eyi mu no, wɔte sɛ kan Kristofo no.​—Marko 12:17; Asomafo no Nnwuma 5:29.

Tumidifo Nte Wɔn Ase

9. Ɛdefa wiase no fã a wɔnyɛ ho no, nsonoe a ɛda adi pefee bɛn na ɛda tete Kristofo no ne nnɛyi Katolekfo ntam?

9 Roma ahempɔn no mu dodow no ara ante tete Kristofo no ase na wɔtaa wɔn. Bere a The Epistle to Diognetus a ebinom susuw sɛ wɔkyerɛw no afeha a ɛto abien Y.B. mu rekyerɛ nea enti a ɛte saa no, ese: “Kristofo te wiase de, nanso wɔnyɛ wiase no fã.” Nea ɛne eyi bɔ abira no, Vatican Bagua a Ɛto so Abien no kae wɔ Asɔre no Nkyerɛkyerɛ ho Mmara Nhoma mu sɛ, ɛsɛ sɛ Katolekfo “de wɔn ho hyehyɛ wiase nsɛm mu de hwehwɛ Onyankopɔn ahenni” na “wɔde wɔn ho hyɛ wiase no mu na wɔatumi atew ho.”

10. (a) Tumidifo no buu tete Kristofo no dɛn? (b) Wɔtaa bu Yehowa Adansefo dɛn, na nkɛntɛnso bɛn na enya wɔ wɔn so?

10 Abakɔsɛm kyerɛwfo E. G. Hardy ka sɛ Roma ahempɔn no buu tete Kristofo no sɛ “mmɔdenbɔfo a wommu wɔn ɔkwan bi so.” Franseni abakɔsɛm kyerɛwfo Étienne Trocmé ka “sɛnea Helafo ne Romafo mpanyimfo animdefo buu wɔn a wosusuw sɛ wɔyɛ Apuei Famfo fekuw a wonhuu bi da [Kristofo no] animtiaa no” ho asɛm. Pliny the Younger, Roma amrado a ɔwɔ Bithynia, ne ‘Ɔhempɔn Trajan ntam nkitahodi no da no adi sɛ ɛkame ayɛ sɛ na tumidifo no nyinaa nnim sɛnea nokware Kristosom te ankasa. Saa ara na nnɛ wɔnte Yehowa Adansefo ase mpɛn pii, na wiase tumidifo no bu wɔn animtiaa mpo. Nanso, eyi nyɛ Adansefo no nwonwa na emmu wɔn abam nso.​—Asomafo no Nnwuma 4:13; 1 Petro 4: 12, 13.

“Wɔkasa Tia Mmaa Nyinaa”

11. (a) Nsɛm bɛn na wɔka faa tete Kristofo no ho, na dɛn na wɔaka afa Yehowa Adansefo ho? (b) Dɛn nti na Yehowa Adansefo mfa wɔn ho nhyehyɛ amammuisɛm mu?

11 Wɔkaa tete Kristofo no ho asɛm sɛ: “Fekuwsɛm yi de, yenim sɛ wɔkasa tia mmaa nyinaa.” (Asomafo no Nnwuma 28:22) Wɔ afeha a ɛto so abien Y.B. mu no, ɔbosonsonni Celsus kae sɛ nnipa a wɔn ho nni mfaso biara na wɔpɛ Kristosom. Saa ara na wɔaka Yehowa Adansefo ho asɛm sɛ “mpɛn pii no, yɛn mu nnipa a wɔba fam no na wɔyɛ bi.” Asɔre abakɔsɛm kyerɛwfo Augustus Neander bɔɔ amanneɛ sɛ “wobuu Kristofo no sɛ nnipa a wiase no mu biribiara mfa wɔn ho na wɔn ho nni mfaso mma asetra mu biribiara; . . . na wobisae sɛ, sɛ nnipa nyinaa te sɛ wɔn a anka asetra mu nsɛm bɛyɛ dɛn?” Esiane sɛ Yehowa Adansefo mfa wɔn ho nhyehyɛ amammuisɛm mu nti, wɔkasa tia wɔn nso mpɛn pii sɛ wɔn ho nni mfaso wɔ nnipa abusua mu. Nanso ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi de wɔn ho ahyehyɛ amammuisɛm mu na bere koro no ara wɔabɔ Onyankopɔn Ahenni no ho dawuru sɛ adesamma anidaso koro pɛ? Yehowa Adansefo gye ɔsomafo Paulo nsɛm yi di: “Wo nso hu amane sɛ Kristo Yesu sraani pa. Ɔsraani biara nkɔ ɔsa mfa ne ho ntõatõa ofie asetrasɛm mu, efisɛ n’atirimpɔw ne sɛ ɔbɛsɔ nea ɔfaa no adwuma ani.”​—2 Timoteo 2:3, 4, Revised Standard Version, Ecumenical Edition.

12. Ade titiriw bɛn na Yehowa Adansefo atwe wɔn ho afi ho te sɛ tete Kristofo no?

12 Ɔbenfo K. S. Latourette kyerɛw wɔ ne nhoma A History of Christianity mu sɛ: “Ade biako a na tete Kristofo no ne Hela ne Roma ahemman no nyɛ adwene wɔ ho ne akodi a wɔde wɔn ho behyem. Wɔ mfeha abiɛsa a edi kan no mu no, Kristofo nhoma a wɔakora so abesi nnɛ biara nni hɔ a ɛmaa Kristofo kwan sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ akodi mu.” Edward Gibbon nhoma The History of the Decline and Fall of the Roman Empire ka sɛ: “Ná ɛrentumi nyɛ yiye sɛ Kristofo no bɛdan wɔn ho asraafo, atemmufo, anaa ahene mma a wɔrempow adwuma bi a ɛkorɔn sen saa.” Yehowa Adansefo nso kuta afã biara a wonni no mu denneennen na wodi Bible nnyinasosɛm ahorow a wɔada no adi wɔ Yesaia 2:2-4 ne Mateo 26:52 no so te sɛ tete Kristofo no.

13. Sobo bɛn na wɔbɔ Yehowa Adansefo, nanso dɛn na nokwasɛm ahorow no da no adi?

13 Wɔn a wɔmpɛ Yehowa Adansefo asɛm kasa tia wɔn sɛ wɔtetew mmusua mu. Ampa, mmusua bi wɔ hɔ a, sɛ emufo biako anaa nea ɛboro saa bɛyɛ Yehowa Adansefo a, emu tetew. Yesu ka too hɔ sɛ ɛbɛba saa. (Luka 12:51-53) Nanso akontaabu kyerɛ sɛ aware a emu tetew wɔ saa kwan yi so no yɛ kakraa bi. Sɛ́ nhwɛso so, Yehowa Adansefo a wɔwɔ France no mu awarefo 3 biara mu 1 wɔ ɔhokafo a ɔnyɛ Ɔdansefo. Nanso, sɛ wɔkyekyem a, Adansefo ne wɔn a wɔnyɛ Adansefo aware mu awaregu nnɔɔso nsen nea ɛkɔ so wɔ ɔman no mu no. Dɛn ntia? Asomafo Paulo ne Petro de afotu a nyansa wom a efi honhom mu maa Kristofo a wɔware wɔn a wonnye nni, na Yehowa Adansefo bɔ mmɔden di wɔn nsɛm no so. (1 Korintofo 7:12-16; 1 Petro 3:1-4) Sɛ ayeware bi gu a, ɛkame ayɛ sɛ bere nyinaa, ɔhokafo a ɔnyɛ Ɔdansefo no na ɔde ba. Nea ɛne eyi bɔ abira no, aware mpempem pii ayɛ yiye efisɛ awarefo no bɛyɛɛ Yehowa Adansefo na wofii ase de Bible nnyinasosɛm ahorow dii dwuma wɔ wɔn asetra mu.

Kristofo, Ɛnyɛ Baasakoro Akyidifo

14. Sobo bɛn na wɔbɔɔ tete Kristofo no, na dɛn nti na eyi yɛ nwonwa?

14 Ɛyɛ nwonwa sɛ sobo a wɔde bɔɔ tete Kristofo no wɔ Roma Ahemman no mu biako ne sɛ wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Ɔbenfo Augustus Neander kyerɛw sɛ: “Edin a na nkurɔfo taa de frɛ Kristofo no ne . . . wɔn a wɔpow abosonsomfo anyame, wɔn a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ.” Hwɛ nwonwa a ɛyɛ sɛ abosonsomfo a wɔn anyame a wɔsom wɔn ‘nyɛ anyame, na ɛyɛ onipa nsa ano adwuma, dua ne ɔbo nko’ no bɛto Kristofo a wɔnsom anyame pii na wɔsom Ɔbɔadeɛ teasefo no din sɛ wɔn a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ.​—Yesaia 37:19.

15, 16. (a) Dɛn na nyamesomfo binom aka wɔ Yehowa Adansefo ho, na asemmisa bɛn na ɛde ba? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa Adansefo yɛ Kristofo ampa?

15 Saa ara na ɛyɛ nwonwa sɛ nnɛ Kristoman mu atumfo binom nnye nni sɛ Yehowa Adansefo yɛ Kristofo. Dɛn ntia? Efisɛ Adansefo no pow Baasakoro no. Kristoman kyerɛkyerɛ mu wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so sɛ “Kristofo ne wɔn a wogye Kristo tom sɛ ɔne Onyankopɔn.” Nea ɛne eyi bɔ abira no, nnɛyi nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛkyerɛ edin “Kristoni” mu sɛ “obi a ogye Yesu Kristo di na odi ne nkyerɛkyerɛ akyi,” na ɛkyerɛkyerɛ “Kristosom” mu sɛ “ɔsom a egyina Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ so, na egye di sɛ ɔyɛ Onyankopɔn ba.” Kuw bɛn na saa nkyerɛkyerɛmu yi fata wɔn kɛse?

16 Yehowa Adansefo gye adanse a Yesu ankasa de mae wɔ onii ko ɔyɛ no ho tom. Ɔkae sɛ: “Onyankopɔn ba ne me,” na ɛnyɛ sɛ, “Mene Ɔba Nyankopɔn no.” (Yohane 10:36; fa toto Yohane 20:31 ho.) Wogye ɔsomafo Paulo asɛm a efi honhom mu a ɛfa Kristo ho no di: “Ɔno na ɔwɔ Onyankopɔn tebeam de, nanso wamfa no sɛ ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ.” * (Filipifo 2:6, The New Jerusalem Bible) The Paganism in Our Christianity nhoma no ka sɛ: “Yesu Kristo anka biribi a ɛte sɛɛ [Baasakoro a wɔn nyinaa yɛ pɛ] ho asɛm de, na asɛmfua ‘Baasakoro’ no nni baabiara wɔ Apam Foforo no mu. Yɛn Awurade wu akyi mfe ahasa ara na Asɔre no gyee saa adwene no toom; na nkyerɛkyerɛ yi ho biribiara fi abosonsom mu.” Yehowa Adansefo gye nea Bible kyerɛkyerɛ wɔ Kristo ho no tom. Wɔyɛ Kristofo na wɔnyɛ Baasakoro akyidifo.

Wɔnka Asɔre Nkabom Ho

17. Dɛn nti na Yehowa Adansefo mmoa asɔre nkabom anaa gyidi afrafra dwumadi?

17 Sobo foforo abien a wɔde bɔ Yehowa Adansefo ne sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ asɔre nkabom dwumadi no mu, na “wɔsakra nnipa anuɔden so.” Wɔde sobo abien yi nyinaa bɔɔ tete Kristofo no nso. Akyinnye biara nni ho sɛ Kristoman a Katolekfo, Ortodoksfo ne Protestantfo na wɔwom no yɛ wiase yi fã. Te sɛ Yesu no, Yehowa Adansefo ‘nyɛ wiase no fã.’ (Yohane 17:14) Ɛbɛyɛ dɛn na wɔafa gyidi afrafra dwumadi ahorow so ne nyamesom ahyehyɛde ahorow a wɔhyɛ abrabɔ ne gyidi ahorow a ɛmfata Kristofo ho nkuran ayɛ biako?

18. (a) Dɛn nti na wontumi nkasa ntia Yehowa Adansefo sɛ wɔka sɛ wɔn som no nko ara ne nokware no? (b) Ɛwom sɛ Roman Katolekfo gye di sɛ wɔn som ne nokware no de, nanso dɛn na wonni?

18 Hena na obetumi akasa atia Yehowa Adansefo ma afata sɛ wogye di sɛ wɔn nkutoo na wɔresom nokware som te sɛ tete Kristofo no? Bere a Katolek Asɔre no de nyaatwom reka sɛ ɛboa asɔre nkabom no dwumadi mpo no, ese: “Yegye di sɛ nokware som biako yi da so ara wɔ Katolek ne Asomafo no Asɔre a Awurade Yesu de hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔntrɛw mu wɔ nnipa nyinaa mu bere a ɔka kyerɛɛ asomafo no sɛ: ‘Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa asuafo’ no mu.” (Vatican Bagua II, “Nyamesom mu Ahofadi ho Mpaemuka”) Nanso ɛda adi sɛ gyidi a ɛte sɛɛ nnɔɔso sɛ ɛbɛma Katolekfo anya “nsiyɛ a ano ntumi mmrɛ ase” de akɔyɛ asuafo.

19. (a) Dɛn na Yehowa Adansefo asi wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ, na adwene bɛn na ɛwɔ akyi? (b) Dɛn na yɛbɛhwehwɛ mu wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

19 Yehowa Adansefo wɔ nsiyɛ a ɛte saa. Wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ so adi adanse bere tenten a Onyankopɔn pɛ sɛ wɔyɛ saa. (Mateo 24:14) Wɔde nsi na ɛyɛ wɔn adansedi adwuma no na ɛnyɛ anuɔden. Ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn yɔnko nnipa na ɛkanyan wɔn na ɛnyɛ ɔtan a wɔtan adesamma. Wɔn anidaso ne sɛ nnipa dodow a ɛbɛyɛ yiye biara benya nkwa. (1 Timoteo 4:16) Wɔbɔ mmɔden sɛ ‘wɔne nnipa nyinaa bɛtra asomdwoe mu’ te sɛ tete Kristofo no. (Romafo 12:18) Yebesusuw ɔkwan a wɔfa so yɛ eyi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 16 Wɔakyerɛkyerɛ asɛm a ɛfa Baasakoro nkyerɛkyerɛ ho yi mu wɔ August 1, 1971 Ɔwɛn-Aban mu wɔ nkratafa 245-6.

Ntimu

□ Dɛn na ɛhyɛɛ tete Kristofo no agyirae, na ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo sɛ wɔn?

□ Nneɛma bɛn mu na Yehowa Adansefo da adi sɛ wɔyɛ ɔman mma pa?

□ Tumidifo no buu tete Kristofo no dɛn, na so ɛsono sɛnea wobu wɔn nnɛ?

□ Dɛn na gyidi a Adansefo no wɔ sɛ wɔwɔ nokware no kã wɔn ma wɔyɛ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Yehowa Adansefo asi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ so adi adanse bere tenten a Onyankopɔn pɛ sɛ wɔyɛ saa no

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Pilato kae sɛ: “Hwɛ, onipa no ni!”​—Nea na ɔnyɛ wiase no fã no.​—Yohane 19:5

[Mfonini Fibea]

“Ecce Homo” by A. Ciseri: Florence, Galleria d’Arte Moderna / Alinari/​Art Resource, N.Y.