Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Ɛyɛe a Kristoman Bɛyɛɛ Wiase Yi Fã

Nea Ɛyɛe a Kristoman Bɛyɛɛ Wiase Yi Fã

Nea Ɛyɛe a Kristoman Bɛyɛɛ Wiase Yi Fã

AWIEI koraa no, Roma Ahemman a emu na tete Kristosom fii ase no gui. Abakɔsɛm akyerɛwfo pii ka sɛ saa asehwe no yɛ bere a Kristosom dii abosonsom so nkonim koraa nso. Bere a Anglikan sɔfopanyin E. W. Barnes reka adwene foforo a ɔwɔ no, ɔkyerɛwee sɛ: “Bere a Roma ne Hela anibue sɛee no, Kristosom ankɔ so anyɛ Yesu a ɔne Kristo no mu gyidi titiriw bio: ɛbɛyɛɛ ɔsom a wɔde ka nnipa bom wɔ wiase a emu apaapae mu.”​—The Rise of Christianity.

Ansa na saa asehwe no reba no, abakɔsɛm kyerɛ sɛ, wɔ afeha a ɛto so abien, abiɛsa ne anan Y.B. mu no, wɔn a na wɔka sɛ wodi Yesu akyi no twee wɔn ho fii Roma ahemman no ho wɔ akwan pii so. Nanso, ɛda nkyerɛkyerɛ, abrabɔ ne ahyehyɛde ho ɔwae a ɛsɔree adi nso sɛnea na Yesu ne n’asomafo no aka ato hɔ no pɛpɛɛpɛ. (Mateo 13:36-43; Asomafo no Nnwuma 20:29, 30; 2 Tesalonikafo 2: 3-12; 2 Timoteo 2:16-18; 2 Petro 2:1-3, 10- 22) Awiei no, wɔne Hela ne Roma ahemman no bɛyɛɛ adwene wɔ nneɛma bi mu, na wɔn a wɔkae sɛ wɔyɛ Kristofo no binom bedii wiase no abosonsom (te sɛ n’afahyɛ ahorow ne ɛnã nyamewa ne baasakoro nyame som), ne nyansapɛ (te sɛ ɔkra a enwu da mu gyidi), ne ne mpanyinni ho ahyehyɛde (sɛnea wohui wɔ asɔfokuw a ɛbae no mu) akyi. Ɛyɛ Kristosom ho ntease foforo a asɛe yi na ɛtwetwee abosonsomfo mpapahwekwa pii, na ɛbɛyɛɛ tumi bi a Roma ahempɔn no dii kan bɔɔ mmɔden sɛ wobeyi afi hɔ, nanso wogye toom akyiri yi na wɔbɔɔ mmɔden de dii wɔn ankasa atirimpɔw ahorow ho dwuma.

Wiase no Dii So

Asɔre abakɔsɛm kyerɛwfo Augustus Neander daa asiane ahorow a ɛwɔ abusuabɔ foforo a ɛbɛdaa “Kristosom” ne wiase no ntam no adi. Ɔkyerɛwee sɛ, sɛ Kristofo bɛyɛ wiase no fã a, “nea ebefi mu aba ne sɛ ɛremma wonhu nsonsonoe a ɛda asɔre no ne wiase no ntam . . .ɛbɛma asɔre no ahwere ne kronnyɛ, na bere a ɛte sɛ nea ɛredi wiase no so no, wiase no bedi asɔre no mmom so.”​—General History of the Christian Religion and Church, Po 2, kratafa 161.

Eyi ne nea ɛbae. Wɔ afeha a ɛto so anan mfiase no, Roma ɔhempɔn Konstantino bɔɔ mmɔden sɛ ɔde “Kristofo” som a na ɛwɔ hɔ no bɛka n’ahemman a na emu repaapae no abom. Nea ɛbɛyɛ na watumi ayɛ eyi no, ɔmaa wɔn a wose wɔyɛ Kristofo no ɔsom hokwan, na ogyee hokwan ahorow a na abosonsomfo mpanyimfo wɔ no bi maa wɔn asɔfokuw no. The New Encyclopœdia Britannica se: “Konstantino maa asɔre no ne wiase no bɛyɛɛ biako sɛ emmedi asetra mu nsɛm ho dwuma, na ɛboa maa asɔre no twetwee abosonsomfo.”

Ɔman Som

Konstantino akyi no, Ɔhempɔn Julian (361-363 Y.B.) bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɔre atia Kristosom na ɔde abosonsom asi hɔ bio. Nan-so odii nkogu, na bɛyɛ mfe 20 akyi no, Ɔhempɔn Theodosius I baraa abosonsom na ɔde Baasakoro “Kristosom” sii hɔ sɛ Ɔman som wɔ Roma Ahemman no mu. Franseni abakɔsɛm kyerɛwfo Henri Marrou kyerɛw ma ɛfatae pɛpɛɛpɛ sɛ: “Ebeduu bere a Theodosius ahenni baa awiei no, na Kristosom, anaa sɛ yɛbɛka no pɔtee a tete Katoleksom abɛyɛ ɔsom a wɔpene so wɔ Roma ahemman no nyinaa mu.” Ná tete Katoleksom abesi nokware Kristosom ananmu, na na abɛyɛ ‘wiase no fã.’ Ná Ɔman som yi yɛ soronko koraa wɔ Yesu akyidifo a wodi kan a ɔkaa eyi kyerɛɛ wɔn no de ho: ‘Monyɛ wiase no fã.’​—Yohane 15:19.

Franseni abakɔsɛm kyerɛwfo ne nyansapɛfo Louis Rougier kyerɛwee sɛ: “Bere a Kristosom trɛwee no, nsakrae afoforo pii baa mu kosii sɛ ɛbɛyɛɛ biribi a ɛnna nsow. . . . Tete ahiafo asɔre a na nkurɔfo na ɛkyɛ wɔn nneɛma de hwɛ wɔn no bɛyɛɛ asɔre a na ɛredi nkonim a wɔantumi ansiw ano, na esiane sɛ antumi anni wiase atumfo a na wɔwɔ hɔ saa bere no so nti, ɛne wɔn yɛɛ adwene.”

Wɔ afeha a ɛto so anum Y.B. mu mfiase no, Roman Katolekfo “Ɔhotefo” Augustine kyerɛw ne nhoma titiriw The City of God. Ɔkaa nkurow abien bi ho asɛm wɔ mu, “Onyankopɔn kurow ne wiase no kurow.” So saa nhoma yi sii Katolekfo ho a wɔbɛtwe afi wiase no ho so dua? Ɛnte saa ankasa. Ɔbenfo Latourette se: “Augustine huu no pefee [sɛ] nkurow abien no, asase so de ne asoro de no adi afra.” Augustine susuwii sɛ “Onyankopɔn Ahenni no afi ase dedaw wɔ wiase yi mu fi bere a wɔde [Katolek] asɔre no sii hɔ no.” (The New Encyclopœdia Britannica, Macropœdia, Po 4, kratafa 506) Enti, nea na ebia ɛyɛ Augustine mfiase atirimpɔw biara no, nea na ebefi ne nsusuwii ahorow no mu aba ara ne sɛ ɛbɛma Katolek Asɔre no de ne ho ahyɛ wiase yi amammuisɛm mu akɔ akyiri kɛse.

Ahemman a Emu Apaepae

Wɔ afe 395 Y.B. mu bere a Theodosius I wui no, na wɔapene so ma wɔakyɛ Roma Ahemman no mu abien. Ná Apuei Fam anaa Byzantine Ahemman no ahenkurow ne Constantinople (kan Byzantium; mprempren Istanbul), na Atɔe Fam Ahemman no ahenkurow (afe 402 Y.B. akyi) ne Ravenna, Italy. Nea efi mu bae ne sɛ Kristoman mu bɛpaapaee wɔ amamuisɛm mu ne nyamesom mu nso. Ɛdefa abusuabɔ ahorow a ɛda Asɔre ne Ɔman ntam ho no, Apuei Fam Ahemman mu asɔre no dii Eusebius a ofi Kaesarea (Konstantino Ɔkɛse no bere so ni) nkyerɛkyerɛ akyi. Eusebius buu n’ani guu Kristofo nnyinasosɛm a ɛne sɛ wɔnnyɛ wiase no fã no so, na osusuwii sɛ, sɛ ɔhempɔn no ne ahemman no bɛyɛ Kristofo a, Asɔre ne Ɔman bɛba abɛyɛ Kristofo kuw biako, na ɔhempɔn no adi dwuma sɛ Onyankopɔn nanmusifo wɔ asase so. Mpɛn pii no, Apuei Famfo Ortodoks asɔre ahorow no adi abusuabɔ a ɛda Asɔre ne Ɔman ntam no akyi wɔ mfehaha no mu. Timothy Ware, Ortodoksfo sɔfopanyin bi daa nea efi mu bae no adi wɔ ne nhoma The Orthodox Church mu sɛ: “Ɔmampɛ ayɛ Ortodoksfo nnyinaso wɔ mfeha du a atwam no mu.”

Wɔ Atɔe Fam no, Germanfo mmusua a wɔko faa wɔn asase no tuu Roma ɔhempɔn a otwa to no ade so wɔ afe 476 Y.B. mu. Eyi na ɛmaa Atɔe Fam Roma Ahemman no gui. The New Encyclopœdia Britannica ka amammui mu kwan a ɛbɛdaa hɔ no ho asɛm sɛ: “Wɔhyehyɛɛ tumidi foforo bi: Roman Asɔre no, Rome sɔfopanyin no asɔre. Asɔre yi gye dii sɛ ɛyɛ Roma Ahemman a enni hɔ bio no dedifo.’ Encyclopedia yi kɔ so ka sɛ: “Roman paapanom no . . . de ka a asɔre no ka sɛ edi wiase tumi no kɔɔ akyiri sen sɛnea na asɔre ne ɔman mmara ma kwan, na wɔde nea wɔfrɛ no tumi abien ho nkyerɛkyerɛ no bae kae sɛ ɛnyɛ honhom fam tumi a wɔde di asɔre no so nko na Kristo de maa paapa no, na mmom ɔmaa no tumi a wɔde di wiase ahenni ahorow so nso.”

Protestant Ɔman Asɔre Ahorow

Wɔ Mfinimfini Mfe no mu nyinaa no, Ortodoksfo ne Roman Katolekfo asɔre ahorow no nyinaa kɔɔ so de wɔn ho hyɛɛ amammuisɛm, wiasefo atirisopam, ne akodi ahorow mu kɛse. So Protestantfo Ɔsesɛw a wɔyɛe wɔ afeha a ɛto so 16 mu no de nokware Kristosom a atwe ne ho afi wiase no ho sii hɔ bio?

Dabi. Yɛkenkan wɔ The New Encyclopœdia Britannica mu sɛ: “Lutheranfo, Calvinfo, ne Anglikanfo Protestant Sesɛw asɔre ahorow no . . . kɔɔ so dii Augustine a na wɔn ani gye ne nyamekyerɛ ho titiriw no nsusuwii ahorow akyi denneennen. . . . Afeha a ɛto so 16 Europa Protestantfo asɔre atitiriw abiɛsa no biara . . . nyaa mmoa fii wiase atumfo a wɔwɔ Saxony [Germany mfinimfini], Switzerland ne England hɔ, na wokuraa ɔman ho gyinabea koro a mfinimfini mfe asɔre no pawee no ara mu.”

Sɛ́ anka Ɔsesɛw no bɛdan adwene akɔ nokware Kristosom so mmom no, ɛde ɔman anaa mmusua asɔre ahorow pii a ɛhwehwɛɛ amammui aman no anim dom, na ɛboaa wɔn wɔ wɔn akodi ahorow mu yiye no na ɛbae. Nokwarem no, Katolekfo ne Protestantfo asɔre ahorow no nyinaa ahyɛ nyamesom mu akodi ahorow ho nkuran. Arnold Toynbee kyerɛw akodi ahorow a ɛte sɛɛ ho asɛm wɔ ne nhoma An Historian’s Approach to Religion mu sɛ: “Ɛdaa Katolekfo ne Protestantfo a wɔwɔ France, Netherlands, Germany ne Ireland, ne wɔn atamfo Protestantfo fekuw ahorow a ɛwɔ England ne Scotland adi wɔ atirimɔdenne a ɛne sɛ obiara nam akode so bɔ mmɔden sɛ ɔbɛbrɛ ne yɔnko ase so mu.” Ɛnnɛ bere yi ntawntawdi a ɛrepaapae Ireland ne kan Yugoslavia mu no kyerɛ sɛ Roman Katolek, Ortodoks ne Protestant asɔre ahorow no da so ara de wɔn ho hyɛ wiase yi nsɛm mu denneennen.

So eyinom nyinaa kyerɛ sɛ nokware Kristosom a atwe ne ho afi wiase no ho nni asase so bio? Asɛm a edi hɔ no bebua.

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa 10, 11]

NEA ƐYƐE A “KRISTOSOM” BƐYƐƐ ƆMAN SOM

WƆANHYEHYƐ Kristosom sɛ ɛmmɛyɛ wiase yi fã da. (Mateo 24:3, 9; Yohane 17:16) Nanso, abɔkɔsɛm nhoma ahorow kyerɛ sɛ “Kristosom” bɛyɛɛ Ɔman som a wogya tom wɔ Roma Ahemman no mu wɔ afeha a ɛto so anan Y.B. mu. Ɛyɛɛ dɛn na ɛbaa saa?

Efi Nero so (54-68 Y.B.) bɛsi afeha a ɛto so abiɛsa Y.B. mu awiei no, Roma ahempɔn nyinaa ankasa taa Kristofo anaasɛ wɔmaa kwan ma wɔtaa wɔn. Gallienus (253-268 Y.B.) ne Roma ɔhempɔn a odi kan a ɔhyɛe sɛ wɔmpene wɔn so. Saa bere no mpo na wɔabara Kristosom wɔ ahemman no mu nyinaa. Ɔtaa no kɔɔ so wɔ Gallienus akyi na ɛmu yɛɛ den mpo wɔ Diocletian (284-305 Y.B.) ne wɔn a wodii n’akyi pɛɛ no nniso ase.

Nsakrae bere no bae wɔ afeha a ɛto so anan no mfiase, bere a wɔkyerɛ sɛ Ɔhempɔn Konstantino l sakra bɛyɛɛ Kristoni no. Franse nhoma Théo​—Nouvelle encyclopédie catholique (Théo​—New Catholic Encyclopedia) ka “nsakrae” yi ho asɛm sɛ: “Konstantino kae sɛ ɔyɛ ɔhempɔn Kristoni. Nokwasɛm no ne sɛ, bere a ɔda ne wupa so na wɔbɔɔ no asu.” Nanso, wɔ 313 Y.B. mu no, Konstantino ne ne yɔnko ɔhempɔn Licinius, hyɛɛ mmara bi a ɛmaa Kristofo ne abosonsomfo nyinaa ɔsom hokwan. New Cotholic Encyclopedia ka sɛ: “Ɔsom hokwan a Konstantino de maa Kristofo, a ɛkyerɛe sɛ wɔagye Kristosom nso atom sɛ religio licita [ɔsom a mmara ma ho kwan] aka abosonsom ho no de nsakrae kɛse bi bae.”

Nanso, The New Encyclopædia Britannica bɔ amanneɛ sɛ: “Ɔno [Konstantino] anyɛ Kristosom ahemman no som.” Fransefo abakɔsɛm kyerɛwfo Jean-Rémy Palanque, a ɔyɛ Fransefo Ahyehyɛde no muni kyerɛw sɛ: “Nanso, Roma Man no . . . kɔɔ so yɛɛ abosonsomfo man a wogye tom. Na bere a Konstantino de ne ho rebata Kristo som ho no, wanyi saa tebea no amfi hɔ.” Ɔbenfo Ernest Barker kyerɛw wɔ nhoma The Legacy of Rome mu sɛ: “[Nkonim a Konstantino dii no] amma wamfa Kristosom ansi hɔ ntɛm so sɛ “Ɔmansom. Konstantino ani gyee ho sɛ obebu Kristosom sɛ ɔmanfo som ahorow no biako wɔ ahemman no mu. Wɔ mfe aduɔson a edi hɔ no mu no, wɔyɛɛ abosonsomfo amanne ahorow dedaw no wɔ Rome ma wɔpenee so.”

Enti saa bere yi na “Kristosom” yɛ ɔsom a mmara ma ho kwan wɔ Roma Ahemman no mu. Bere bɛn na ɛbɛyɛɛ Ɔman som a wogya tom sɛnea ɛkyerɛ no ankasa? Yɛkenkan wɔ New Catholic Encyclopedia mu sɛ: “Wɔn a wodii tumi wɔ [Konstantino] akyi no dii ne nhyehyɛe no so, gye sɛ Julian [361-363 Y.B.], a ne wu na ɛde ɔtaa a ɔde baa Kristosom so baa awiei mpofirim no. Awiei koraa no, wɔ afeha a ɛto so 4 no mfe aduonu anum a etwa to mu no, Theodosius Ɔkɛse no [379-395 Y.B.] yɛɛ Kristosom ɔman som wɔ Ahemman no mu, na ɔbrɛɛ baguam abosonsom ase.”

Bere a Bible ɔdenimfo ne abɔkɔsɛm kyerɛwfo F. J. Foakes Jackson resi eyi so dua na wada nea na Ɔman som fofofo yi yɛ ankasa adi no, ɔkyerɛw sɛ: “Konstantino bere so no na Kristosom ne Roma ahemman ho wɔ abusuabɔ. Theodosius bere so no na ɛyɛ biako. . . .Efi saa bere no, wɔn a wɔde nidi a ɛyɛ pɛ ma Agya, Ɔba ne Honhom Kronkron no na ɛsɛ sɛ wɔfrɛ wɔn Katolekfo. Ɔhempɔn yi de ne nyamesom nhyehyɛe ahorow nyinaa dii atirimpɔw yi ho dwuma, na nea ɛde bae ne sɛ Katolekfo Gyidi bɛyɛɛ Romafo som biako pɛ a mmara ma ho kwan.”

Jean-Rémy Palanque kyerɛwee sɛ: “Bere a Theodosius reko atia abosonsom no, ɔbɛpenee tete [Katolek] Asɔre no so nso; ne mmara a ɔhyɛe wɔ 380 Y.B. mu no hyɛɛ ne manfo nyinaa sɛ wɔnka sɛ wɔwɔ Paapa Damasus ne Alexandria sɔfopanyin [a ogye Baasakoro di] no gyidi no mu, na ɔmaa ɔsom hokwan hweree wɔn a wɔanni so no. Constantinople Bagua kɛse no (381) kasa tiaa nkyerɛkyerɛ a etia asɔre no de nyinaa bio, na ɔhempɔn no hwɛ hui sɛ ɔsɔfopanyin biara renni nkyerɛkyerɛ ahorow a ɛte sɛɛ akyi. Ná Nicene [Baasakoro] Kristosom abɛyɛ Ɔman som kɛse ampa . . . Asɔre no ne Ɔman no yɛɛ biako kɛse na enyaa mmoa a edi mu fii Ɔman no nkyɛn.”

Enti, ɛnyɛ asomafo no bere so Kristosom a ɛyɛ krunnyenn no na ɛbɛyɛɛ Ɔman som wɔ Roma Ahemman no mu. Ɛyɛ afeha a ɛto so anan Baasakorofo Katoleksom a Ɔhempɔn Theodosius I hyɛɛ wɔn ma wogye toom, a Katolek Asɔre no de adi dwuma abesi nnɛ, nu ɛyɛ wiase yi fã ankasa no.

[Mfonini Fibea]

Emperor Theodosius I: Real Academia de la Historia, Madrid (Foto Oronoz)

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 8]

Scala/​Art Resource, N.Y.