Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nyansam A Yɛbɛnantew Wɔ Wiase No Ho

Nyansam A Yɛbɛnantew Wɔ Wiase No Ho

Nyansam A Yɛbɛnantew Wɔ Wiase No Ho

“Monnantew nyansam wɔn a wɔwɔ akyiri no fam.”​—KOLOSEFO 4:5.

1. Nneɛma bɛn ho asɛm na tete Kristofo no hyiae, na afotu bɛn na Paulo de maa Kolose asafo no?

TETE Kristofo a na wɔte Roma ahemman no nkurow mu no kɔɔ so hyiaa abosonsom, ɔbra bɔne a wɔnam so hwehwɛ anigye, ne abosonsomfo amanne ahorow ho nsɛm. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a na wɔte Kolose, kurow a na ɛwɔ Asia Kumaa atɔe mfinimfini fam no hyiaa ɛnã nyamewa som ne Frigiafo ahonhonsɛmdi, Helafo atubrafo abosonsomfo nyansapɛ, ne Yudafo atubraman no mu Yudasom ho nsɛm. Ɔsomafo Paulo tuu Kristofo asafo no fo sɛ ‘wɔnnantew nyansam’ wɔ wɔn a “wɔwɔ akyiri” a wɔte sɛɛ no ho.​—Kolosefo 4:5.

2. Dɛn nti na ehia sɛ Yehowa adansefo nantew nyansam wɔ wɔn a wɔwɔ asafo no akyi no fam nnɛ?

2 Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo hyia nneyɛe bɔne a ɛtete sɛɛ ne afoforo pii ho nsɛm mpo. Enti, ehia sɛ wɔn nso nantew nyansam wɔ wɔne wɔn a wɔwɔ nokware Kristofo asafo no akyi no abusuabɔ mu. Nyamesom ne amammui ahyehyɛde ahorow ne nsɛm ho amannɛebɔ adwuma mu nnipa pii sɔre tia Yehowa adansefo. Eyinom mu binom nam ɔkasatia ankasa anaa mpɛn pii no ntwatoso so bɔ mmɔden sɛ wobɛsɛe Yehowa Adansefo din, na wɔma nkurɔfo nya wɔn ho adwemmɔne. Sɛnea wobuu tete Kristofo no sɛ wɔyɛ ‘fekuw’ a wɔyɛ katee dodo na wɔn ho yɛ hu mpo no, saa ara nso na nnɛ, wɔwɔ Yehowa Adansefo ho adwemmɔne na wɔtoto wɔn ano mpɛn pii.​—Asomafo no Nnwuma 24:14; 1 Petro 4:4.

Yɛn ho Adwemmɔne a Afoforo Wɔ a Yebedi So

3, 4. (a) Dɛn nti na wiase no rempɛ nokware Kristofo asɛm da, nanso dɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden yɛ? (b) Dɛn na nhoma kyerɛwfo bi ka faa Yehowa Adansefo a wɔde wɔn koguu Nasifo nneduaban bi mu no ho?

3 Nokware Kristofo nhwɛ kwan sɛ wiase a, sɛnea ɔsomafo Yohane kyerɛ no, ‘ɛda ɔbɔnefo no tumi mu’ no bɛdɔ wɔn. (1 Yohane 5:19) Nanso, Bible hyɛ Kristofo nkuran sɛ wɔmmɔ mmɔden sɛ wɔbɛdan ankorankoro adwene aba Yehowa ne ne nokware som no so. Yɛyɛ eyi denam adanse a yedi wɔn tee ne yɛn suban pa nso so. Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Na mommɔ ɔbra pa amanaman no mu, na nea wotwiri mo wɔ mu sɛ nnebɔneyɛfo no, wɔhwɛ mo nneyɛe pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam, ‘ɔhwɛ da no’”.​—1 Petro 2:12.

4 Nhoma kyerɛwfo Sylvia Salvesen kaa Adansefo mmea a na ɔne wɔn wɔ ɔdan koro mu wɔ Nasifo nneduaban mu ho asɛm wɔ ne nhoma Forgive​—But Do Not Forget mu sɛ: “Mmea baanu no, Kãthe ne Margarethe ne afoforo pii nam wɔn gyidi ne wɔn nneyɛe nso so boaa me pii. Wɔbɔɔ mmɔden nyaa ntamagow a ani tew a edi kan a yɛde kyekyeree yɛn akuru so maa yɛn . . . Ne tiaatwa mu no, yɛne nnipa a wɔhwehwɛɛ yɛn yiyedi na wɔde wɔn nneyɛe kyerɛe sɛ wɔwɔ tema na ɛtrae.” Adansedi pa a efi wɔn a “wɔwɔ akyiri” ho bɛn ara ni!

5, 6. (a) Adwuma bɛn na Kristo reyɛ mprempren, na dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi? (b) Suban bɛn na ɛsɛ sɛ yeyi adi kyerɛ wɔn a wɔwɔ wiase no mu no, na dɛn ntia?

5 Yebetumi ayɛ pii de ayi yɛn ho adwemmɔne a nkurɔfo wɔ no afi hɔ denam nyansam a yɛbɛnantew wɔ wɔn a wɔwɔ akyiri no ho so. Ɛyɛ nokware sɛ yɛte bere a yɛn Hene a ɔredi tumi, Kristo Yesu, repaapae nnipa mu “sɛnea oguanhwɛfo paapae nguanten ne mpapo mu” mu. (Mateo 25:32) Nanso mma wo werɛ mfiri da sɛ Kristo ne Ɔtemmufo no; ɔno na ɔkyerɛ wɔn a wɔyɛ “nguanten” ne wɔn a wɔyɛ “mpapo.”​—Yohane 5:22.

6 Ɛsɛ sɛ eyi nya suban a yeyi adi kyerɛ wɔn a wonni Yehowa ahyehyɛde mu no so nkɛntɛnso. Ebia yebebu wɔn sɛ wiasefo de, nanso wɔyɛ adesamma wiase a “Onyankopɔn dɔ . . . sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa” no mufo. (Yohane 3:16) Eye koraa sɛ yebebu nkurɔfo sɛ wobetumi abɛyɛ nguanten sen sɛ yɛde ahantan bebu wɔn sɛ mpapo. Ebinom a bere bi a atwam na wɔsɔre tia nokware no denneennen abɛyɛ Adansefo a wɔahyira wɔn ho so mprempren. Ayamye a woyii adi kyerɛɛ na wɔde dii kan nyaa eyinom mu pii ansa na wɔretie adanse a wohyɛɛ da dii wɔn no. Sɛ́ nhwɛso no, hwɛ mfonini a ɛwɔ kratafa 18 no.

Wɔyɛ Nsi, Ɛnyɛ Anuɔdenfo

7. Sobo bɛn na paapa no bɔe, nanso asɛm bɛn na yebetumi abisa?

7 Paapa John Paul II kasa tiaa fekuw ahorow nyinaa, ne titiriw no Yehowa Adansefo bere a ɔkae sɛ: “Nea ɛreyɛ ayɛ sɛ anuɔden a ebinom de bɔ mmɔden de hwehwɛ akyidifo afoforo, sɛ́ wɔkɔ afie afie, anaa wɔma wɔn a wɔretwam gyina ɔkwan ho, yɛ fekuwsɛm mu asomafo ne asɛmpatrɛwfo adwuma ho nsiyɛ a ɛnteɛ.” Yebetumi abisa sɛ, Sɛ yɛn de no yɛ “asomafo ne asɛmpatrɛwfo adwuma ho nsiyɛ a ɛnteɛ” de a, ɛnde ɛhe na wobehu asɛnka adwuma no ho nsiyɛ ankasa? Ɛda adi sɛ enni Katolekfo mu, na ɛno kyerɛ sɛ enni Protestantfo anaa Ortodoksfo asɔre ahorow no mufo nso mu.

8. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn afie afie adansedi adwuma no, na dɛn na yɛwɔ anidaso sɛ ebefi mu aba?

8 Nanso, nea ɛbɛyɛ a sobo biara a wɔbɔ yɛn sɛ yɛde anuɔden na ɛyɛ asɛnka adwuma no renyɛ nokware nti, ɛsɛ sɛ yeyi ayamye ne obu adi bere nyinaa bere a yɛkɔ afoforo nkyɛn no. Osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Mo mu hena na ɔyɛ onyansafo ne nimdefo? Ɔmfa ɔbra pa nkyerɛ ne nnwuma wɔ odwo a nyansa wɔ mu mu.” (Yakobo 3:13) Ɔsomafo Paulo tu yɛn fo sɛ ‘yɛnnyɛ atutupɛfo.’ (Tito 3:2) Sɛ́ nhwɛso no, sɛ́ anka yɛbɛka akyerɛ obi a yɛredi no adanse pefee sɛ ne gyidi ahorow nteɛ no, dɛn nti na yemfi yɛn komam nkyerɛ ne nsusuwii ahorow ho anigye? Afei ka asɛmpa no kyerɛ onipa no sɛnea ɛwɔ Bible no mu. Sɛ yɛfa akwampa so kɔ nnipa a ɛsono wɔn gyidi nkyɛn na yeyi obu a ɛfata adi a, yɛbɛboa wɔn ma wɔanya adwempa de atie na ebia wobehu mfaso a ɛwɔ nea Bible no ka so. Nea ebetumi afi mu aba ne sɛ ebinom bɛba ‘abɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam.’​—1 Petro 2:12.

9. Yɛbɛyɛ dɛn de afofu a Paulo de mae wɔ (a) Kolosefo 4:5, (b) Kolosefo 4:6 no adi dwuma?

9 Ɔsomafo Paulo tuu fo sɛ: “Monnantew nyansam wɔn a wɔwɔ akyiri no fam, na monhwɛ mo adagyew so yiye.” (Kolosefo 4:5) Bere a J. B. Lightfoot rekyerɛkyerɛ asɛm a edi akyiri no mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Mma hokwan biara a wode bɛka na wode bɛyɛ biribi a ebetumi atrɛw Onyankopɔn adwuma mu nhwere wo.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.) Yiw, ɛsɛ sɛ yɛde kasa ne nneyɛe siesie yɛn ho ma bere a ɛfata. Ɛsɛ sɛ yɛda nyansa a ɛte sɛɛ adi wɔ bere pa a yɛbɛpaw de akɔ nkurɔfo nkyɛn nso mu. Sɛ nkurɔfo antie asɛm no a, so ebetumi aba sɛ wɔnkyerɛ ho anisɔ, anaasɛ yɛankɔ wɔn nkyɛn bere pa mu? Paulo kyerɛwee nso sɛ: “Momma mo kasa ho mmra nyam daa a nkyene wɔ mu, na moahu sɛnea ɛsɛ sɛ mubua obiara.” (Kolosefo 4:6) Eyi gye ahosiesie ne nokware dɔ a yebenya ama yɛn yɔnko. Momma yɛnka Ahenni nkrasɛm no mma ɛho mmra nyam daa.

Wobu Ade na ‘Wɔasiesie Wɔn ho ama Adwuma Pa Biara’

10. (a) Afotu bɛn na ɔsomafo Paulo de maa Kristofo a na wɔte Kreta no? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo ayɛ nhwɛso pa wɔ Paulo afotu a wɔde di dwuma mu?

10 Ɛnsɛ sɛ yebu Bible nnyinasosɛm ahorow so. Nanso enhia sɛ yegye akyinnye wɔ nsɛm a ɛmfa Kristofo mudi mu kura ho. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Kae wɔn [Kristofo a wɔwɔ Kreta] na wɔmmrɛ wɔn ho asɛ mma mpanyinni ne tumi horow no, wɔnyɛ osetie, wonsiesie wɔn ho mma adwuma pa biara adwuma pa, wonntwiri obi, wɔnnyɛ atutupɛfo, wonnwo bɛtɛɛ, na wonyi odwo nyinaa adi nkyerɛ nnipa nyinaa.” (Tito 3: 1, 2) Bible ɔbenfo E. F. Scott kyerɛw faa asɛm yi ho sɛ: “Ɛnsɛ sɛ Kristofo kyerɛ obu ma tumidi nko, na mmom ɛsɛ sɛ wosiesie wɔn ho ma adwuma pa biara nso. Eyi . . . kyerɛ sɛ, sɛ ɛho behia a, ɛsɛ sɛ Kristofo ka wɔn a wodi kan susuw ɔmanfo ho no ho. Ogya bɛkɔ so atɔ nneɛma mu, ɔyare ne amanehunu ahorow bɛkɔ so aba a ɔman mma pa nyinaa bɛpɛ sɛ wɔboa wɔn yɔnko nnipa.” Asiane asisi wiase nyinaa mpɛn pii, na Yehowa Adansefo ka wɔn a wodi kan boa wɔn a amane to wɔn no ho. Wɔaboa wɔn nuanom ne wɔn a wɔwɔ asafo no akyi nso.

11, 12. (a) Ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ wɔn ade dɛn wɔ atumfo no ho? (b) Ɛdefa Ahenni Asa ahorow si ho no, dɛn mu nso na ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma atumfo?

11 Paulo krataa a ɔde kɔmaa Tito no mu asɛm koro yi ara da no adi sɛ ɛho hia sɛ yɛkyerɛ obu ma atumfo. Ɛsɛ sɛ Kristofo mmofra a afã biara a wonni nti wokopue atemmufo anim no ma nyansam a wɔbɛnantew wɔ wɔn a wɔwɔ akyiri fam no ho hia wɔn titiriw. Wobetumi afa sɛnea wɔn ho te, wɔn suban ne ɔkwan a wɔfa so ne atumfo a wɔte sɛɛ kasa no so ayɛ pii de ama Yehowa nkurɔfo anya din pa anaasɛ wɔasɛe din pa a wɔwɔ no. Ɛsɛ sɛ ‘wodi nea nidi sɛ no ni,’ na wɔde obu a emu dɔ kyerɛkyerɛ wɔn gyinabea mu.​—Romafo 13:1-7; 1 Petro 2:17; 3:15.

12 Aban mpanyimfo a wɔwɔ faako a yɛte no ka “atumfo” no ho. Afei a wɔresisi Ahenni Asa ahorow pii yi, yentumi nkwati nkitaho ahorow a yɛne atumfo a wɔwɔ faako a yɛte no bedi. Mpɛn pii no, wonya asafo no mu mpanyimfo ho adwemmɔne. Nanso wɔahu sɛ, sɛ asafo ananmusifo no ne atumfo no hyehyɛ abusuabɔ pa na wɔne wɔn a wɔhwɛ adansi nhyehyɛe so wɔ kurow no mu no yɛ biako a, ebetumi ayi yɛn ho adwemmɔne a wɔwɔ no afi hɔ. Mpɛn pii no edi adanse pa kyerɛ nnipa a bere bi a atwam no na wonnim nneɛma pii anaa biribiara wɔ Yehowa Adansefo ne wɔn asɛm no ho no.

‘Sɛ Ɛbɛyɛ Yiye a, Mo Ne Nnipa Nyinaa Ntra Asomdwoe Mu’

13, 14. Afotu bɛn na Paulo de maa Kristofo a na wɔwɔ Rome, na ɔkwan bɛn so na yebetumi de adi dwuma wɔ yɛne wɔn a wɔwɔ asafo no akyi no nkitahodi ahorow mu?

13 Paulo de afotu a edi hɔ yi maa Kristofo a na wɔte abosonsomfo kurow Rome mu sɛ: “Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka! Monna nnwen nneɛma a ɛyɛ fɛ nnipa nyinaa anim! Sɛ ebetumi a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu. Adɔfo, munnnidi mo ho were, na mmom munnyaw mma (Onyankopɔn) abufuw! Na wɔakyerɛw sɛ: Me na aweredi wɔ me, me ara metua ka, [Yehowa] na ɔka saa. Enti sɛ ɔkɔm de wo tamfo a, ma no aduan! Sɛ osukɔm de no a, ma no biribi nnom! Na saa yɛ na wode bɛboaboa nnyansrama ano agu n’atifi. Mma bɔne nnni wo so nim, na mmom fa papa di bɔne so nim!”​—Romafo 12:17-21.

14 Yɛn, sɛ́ nokware Kristofo no ntumi nkwati asɔretiafo wɔ yɛne wɔn a wɔwɔ asafo no akyi no nkitahodi mu. Wɔ Paulo asɛm a yɛakenkan no mu no, ɔkyerɛ sɛ nyansa kwan ne sɛ yɛbɛbɔ mmɔden de ayamye nnwuma adi ɔsɔretia so nkonim. Te sɛ nnyansramma no, ayamye nnwuma yi betumi ayi ɔtan no afi hɔ, na ama ɔsɔretiafo no ayi ayamyɛ kɛse adi akyerɛ Yehowa nkurɔfo, na ebia wanya anigye wɔ asɛmpa no ho mpo. Sɛ ɛba saa a, na wɔde papa adi bɔne so nkonim.

15. Bere bɛn titiriw na ɛsɛ sɛ Kristofo de ahwɛyiye nantew nyansam wɔ wɔn a wɔwɔ asafo no akyi no fam?

15 Nyansam a yɛbɛnantew wɔ wɔn a wɔwɔ asafo no akyi no fam ho hia titiriw wɔ afie a aware mu ɔhokafo bi nni nokware no mu mu. Sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm ahorow di dwuma a, ɛma yɛyɛ okununom pa, ɔyerenom pa, agyanom pa, ɛnanom pa, ne mmofra a wɔyɛ osetie na wosua ade pii wɔ sukuu. Ɛsɛ sɛ nea onnye nni no tumi hu nkɛntɛnso pa a Bible nnyinasosɛm ahorow anya wɔ gyidini no so. Enti abusua mufo a wɔahyira wɔn ho so ‘betumi afa wɔn abrabɔ a ɔkasa nnim so anya’ ebinom.​—1 Petro 3:1, 2.

‘Yiye a Yɛbɛyɛ Nnipa Nyinaa’

16, 17. (a) Afɔrebɔ ahorow bɛn na ɛsɔ Onyankopɔn ani yiye? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn nuanom ne wɔn a wɔwɔ asafo no akyi no nso ‘yiye’?

16 Papa a ɛkyɛn so a yebetumi ayɛ yɛn yɔnko ne sɛ yɛbɛka nkwagye asɛm no akyerɛ no na yɛakyerɛkyerɛ no sɛ Yehowa nam Yesu Kristo so resiesie ɔne nnipa ntam. (Romafo 5:8-11) Enti ɔsomafo Paulo ka kyerɛ yɛn sɛ: “Enti momma yɛmfa [Kristo] so mmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre daa, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no aba.” (Hebrifo 13:15) Paulo de ka ho sɛ: “Na yiyeyɛ ne adekyɛ na mommma mo ani mmpa so, efisɛ saa afɔrebɔ no sɔ Onyankopɔn ani.” (Hebrifo 13:16) Wɔ baguam adansedi akyi no, ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi “yiyeyɛ.” Ɛyɛ afɔrebɔ a ɛsɔ Onyankopɔn ani yiye no fã a ehia.

17 Ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛyɛ yɛn honhom fam anuanom a ebia wohia mmoa wɔ nkate mu, honhom fam, honam mu anaa honam fam nneɛma mu no yiye. Paulo daa eyi adi bere a ɔkyerɛw eyi no: “Yɛwɔ bere a ɛfata yi, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo.” (Galatifo 6:10; Yakobo 2:15, 16) Nanso ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi Paulo nsɛm a ɛne sɛ “momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye” no. Ayamye a yebeyi adi akyerɛ obusuani, ofipamfo anaa yɛn yɔnko dwumayɛfo bi no betumi ayɛ pii de ayi yɛn ho adwemmɔne a ɔwɔ no afi hɔ, na ama n’ani abegye nokware no ho.

18. (a) Asiane ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati? (b) Yɛbɛyɛ dɛn de yɛn Kristofo papayɛ no adi dwuma de aboa yɛn baguam adansedi no?

18 Ɛnsɛ sɛ yɛne wɔn a wɔwɔ asafo no akyi no bɔ pii na yɛatumi ayɛ eyi. Fekubɔ ahorow a ɛte sɛɛ betumi ayɛ asiane. (1 Korintofo 15:33) Na ntease biara nnim sɛ yɛbɛfa wiase no adamfo. (Yakobo 4:4) Nanso Kristofo papayɛ a yɛbɛda no adi no betumi aboa yɛn asɛnka adwuma no. Wɔ aman bi so no, ɛkɔ so yɛ den sɛ yɛbɛka asɛm no akyerɛ nkurɔfo wɔ wɔn afie mu. Wɔafa akwan horow so abɔ afie binom ho ban, na ɛma ɛyɛ den sɛ yɛbɛkɔ wɔn a wɔtete mu no nkyɛn. Wɔ aman a anya nkɔso mu no, wotumi fa telefon so ka asɛm no. Wotumi yɛ akwan so adansedi wɔ aman pii so. Nanso, suban pa, obu, ne ayamye a yebeyi adi akyerɛ na yɛaboa afoforo no ma yenya hokwan ahorow a yɛde beyi yɛn ho adwemmɔne a nkurɔfo wɔ no afi hɔ, na yɛadi adanse pa wɔ aman nyinaa mu.

Asɔretiafo Nsɛnkeka a Yebesiw Ano

19. (a) Esiane sɛ ɛnyɛ yɛn adwene ne sɛ yɛbɛsɔ nnipa ani nti, dɛn na yebetumi ahwɛ kwan? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden di Daniel nhwɛso no akyi na yɛde Petro afotu no di dwuma?

19 Yehowa Adansefo nsɔ nnipa ani na wonsuro wɔn nso. (Mmebusɛm 29:25; Efesofo 6:6) Wonim yiye sɛ, ɛmfa ho sɛ wɔbɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛyɛ nhwɛso pa atua wɔn tow ahorow na wɔayɛ ɔman mma pa no, asɔretiafo bɛkɔ so aka wɔn ho nsɛmmɔne na wɔabu wɔn animtiaa. (1 Petro 3:16) Esiane sɛ wonim eyi nti, wɔbɔ mmɔden sɛ wobesuasua Daniel a n’atamfo kaa eyi faa ne ho no: “Yɛrennya Daniel yi ho asɛm biara, gye sɛ yehu bi ne Nyankopɔn mmara ho.” (Daniel 6:5) Yɛremmu Bible nnyinasosɛm ahorow so mfa nsɔ nnipa ani da. Nanso yɛnhwehwɛ sɛ wobekum yɛn wɔ yɛn gyidi ho. Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛtra ase asomdwoe mu na yɛatie ɔsomafo no afotu yi: “Eyi ne nea Onyankopɔn pɛ, sɛ mode papayɛ siw nnipa a wonni adwene no nkwaseasɛm ano.”​—1 Petro 2:15.

20. (a) Gyidi bɛn na yɛwɔ, na nkuranhyɛ bɛn na Yesu de maa yɛn? (b) Yɛbɛyɛ dɛn akɔ so anantew nyansam wɔ wɔn a wɔwɔ asafo no akyi no fam?

20 Yegye di sɛ yɛn ho a yɛatwe afi wiase no ho no ne Bible no hyia pɛpɛɛpɛ. Afeha a edi kan Kristofo ho abakɔsɛm no foa eyi so. Yesu nsɛm yi hyɛ yɛn nkuran: “Mo ho behia mo wi yi ase de, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Me na madi wiase so nkonim.” (Yohane 16:33) Yensuro. “Na sɛ mudi papa akyi a, hena ne nea ɔbɛhaw mo? Na sɛ trenee nti muhu amane nso, nhyira ne mo. Na munnsuro wɔn ho hu, na mommma mo bo nntutu. Na mummu Awurade Kristo kronkron mo koma mu. Nso munsiesie mo ho daa, sɛ mobɛkyerɛ obiara a obisa mo anidaso a ɛwɔ mo mu no ase, odwo ne [obu a emu dɔ] mu.” (1 Petro 3: 13-16) Sɛ yɛfa saa kwan yi so a, yɛbɛkɔ so anantew nyansam wɔ wɔn a wɔwɔ asafo no akyi no fam.

Ntimu

□ Dɛn nti na ehia sɛ Yehowa Adansefo nantew nyansam wɔ wɔn a wɔwɔ asafo no akyi fam?

□ Dɛn nti na nokware Kristofo ntumi nhwɛ kwan da sɛ wiase no bɛpɛ wɔn asɛm, nanso dɛn na ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden yɛ?

□ Suban bɛn na ɛsɛ sɛ yɛda no adi kyerɛ wɔn a wɔwɔ wiase no mu no, na dɛn ntia?

□ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn nuanom ne wɔn a wɔwɔ asafo no akyi no nyinaa ‘yiye’?

□ Ɔkwan bɛn so na nyansam a yɛbɛnantew wɔ wɔn a wɔwɔ asafo no akyi fam no betumi aboa baguam adansedi no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Benkum so: Nokware Kristofo a wɔwɔ France reboa wɔn mpɔtamfo wɔ nsuyiri bi akyi

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Ayamye a Kristofo beyi adi akyerɛ no betumi ayɛ pii de ayi wɔn ho adwemmɔne a nkurɔfo wɔ no afi hɔ

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Ɛsɛ sɛ Kristofo ‘siesie wɔn ho ma adwuma pa biara’