Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyaa Asetram Atirimpɔw

Onyaa Asetram Atirimpɔw

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Onyaa Asetram Atirimpɔw

YESU se onim ne nguan. (Yohane 10:4) Sɛ onipa wɔ koma pa na ɔdɔ asomdwoe ne trenee a, wɔbɛtwe saa onipa no akɔka Yesu akyidifo no ho. Onipa a ɔte saa no benya asetram atirimpɔw, sɛnea ɔbea bi nyae wɔ Belguim no. N’asɛm no ni:

“Bere a Yehowa Adansefo bɔɔ me pon mu no, na mahaw yiye, na na meresusuw ho sɛ mekum me ho. Na m’ani gye nea Yehowa Adansefo ka wɔ wiase a ɛyare no haw ahorow ano aduru no ho, nanso na m’ani nnye adwene a ɛne sɛ Onyankopɔn na ɔbɛboa yɛn ma yɛanya ano aduru no ho. Na magyae asɔre kɔ mfe awotwe esiane sɛ mikyi nyaatwomyɛ a na ɛkɔ so wɔ hɔ no nti. Nanso, mede me ho bɔɔ Adansefo no, mibehui sɛ ɛyɛ den sɛ obi betumi atra ase ma ayɛ yiye bere a Onyankopɔn nni n’asetra so.

“Awerɛhosɛm ne sɛ, nsrahwɛ kakraa bi akyi no, mante Adansefo no nka bio. Me werɛ howee yiye. Na menom sigaret pakɛt abien da biara na mifii ase de nnubɔne dii dwuma mpo. Na mepɛ sɛ me ne me nanabarima a wawu di nkitaho nti, mede me ho hyɛɛ ahonhonsɛmdi mu. Hwɛ sɛnea ehu kaa me bere a eyi nti ahonhommɔne bɛtow hyɛɛ me so bere a me nkutoo mewɔ hɔ anadwo no! Eyi kɔɔ so asram dodow bi. Na misuro sɛ ɛbɛka me nkutoo anadwo biara.

“Afei, da koro mikotuu mpase, a mamfa ɔkwan a metaa fa so no so, no mikoduu ɔdan kɛse bi a wɔresi ho. Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ mihuu nnipakuw kɛse bi wɔ hɔ. Mebɛn hɔ no, mihuu sɛ ɛyɛ Yehowa Adansefo na wɔresi Ahenni Asa. Mekaee ba a na Yehowa Adansefo abɛsra me wɔ me fie no, na misusuw anigye a ɛbɛyɛ bere a nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa tra ase sɛ nea saa nkurɔfo no yɛ no ho.

“Na mepɛ ankasa sɛ Adansefo no bɛsan abɛsra me wɔ me fie bio, enti me ne wɔn a na wɔreyɛ adwuma wɔ Asa no ho no kasae. Mebɔɔ Onyankopɔn mpae, na nnafua du akyi no ɔbarima no a ɔbɛsraa me nea edi kan no san baa me pon ano. Ɔkae sɛ yɛntoa Bible adesua no so, na mede anigye penee so. Ɛhɔ ara ɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmra nhyiam ahorow wɔ Ahenni Asa so. Mepenee so. Ná minhuu nhyiam a ɛyɛ anigye saa da! Na mede bere tenten ahwehwɛ nnipa a wɔdɔ wɔn ho wɔn ho na wɔwɔ anigye. Na awiei koraa no mihuu wɔn!

“Ɛno akyi no mekɔɔ nhyiam no nyinaa. Adapɛn abiɛsa akyi no, migyaee subammɔne a ɛne sigaretnom no. Metoo me nsoromma mu hwɛ ho nhoma ahorow ne mpaawa a abonsansɛm ho nnwom wɔ so gui, na metee nka sɛ na adaemone no regyae me haw. Misiesiee m’asetra kwan sɛnea Yehowa Bible gyinapɛn ahorow kyerɛ, na asram abiɛsa akyi no mifii ase kaa asɛmpa no. Wɔbɔɔ me asu asram asia akyi. Mifii akwampae aboafo adwuma ase wɔ m’asubɔ no akyi nnanu.

“Meda Yehowa ase wɔ nneɛma pa a wayɛ ama me nyinaa ho. Awiei koraa no m’asetra ayɛ nea ɛwɔ atirimpɔw. Yiw, Yehowa din yɛ aban dennen a manya guankɔbea ne ahobammɔ wɔ mu. (Mmebusɛm 18:10) Mete nka ankasa sɛnea odwontofo no tee no bere a ɔkyerɛw wɔ Dwom 84:10 sɛ: ‘Wo fi dakorodi ye sen nna apem. Mepɛ me Nyankopɔn fi nammɔnnampan mu tra mmom sen sɛ mɛtra abɔnefo ntamadan mu.’”

Saa ɔbea ɔhobrɛasefo yi nyaa asetram atirimpɔw. Saa ara na obiara a ɔde koma pa hwehwɛ Yehowa betumi anya bi.