Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Tete Kristofo ne Wiase No

Tete Kristofo ne Wiase No

Tete Kristofo ne Wiase No

BƐYƐ mfe mpem abien a atwam ni no, anwonwasɛm titiriw bi sii Mfinimfini Apuei. Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔwoo no koro no fii ne soro trabea hɔ sɛ ɔmmɛtra adesamma wiase no mu bere tiaa bi. Ɔkwan bɛn so na adesamma mu fã kɛse no ara gyee no? Ɔsomafo Yohane bua sɛ: “Ɔno [Yesu] wɔ wiase dedaw, na wɔnam no so na ɛyɛɛ wiase; nanso wiase anhu no. Ɔbaa n’ankasa ne de [Israel] mu, na wɔn a wɔyɛ n’ankasa de no annye no.”​—Yohane 1:10, 11.

Wiase no annye Onyankopɔn Ba, Yesu, antom koraa. Dɛn ntia? Yesu kyerɛkyerɛɛ ade biako nti a ɛte sɛɛ no mu sɛ: “Wiase . . . tan me, efisɛ midi adanse sɛ ne nnwuma yɛ bɔne.” (Yohane 7:7) Awiei koraa no, wiase koro yi ara​—Yudasom mu mpanyimfo binom, Edom hene, ne Roma ɔmammuifo bi a wɔyɛ n’ananmusifo​—maa wokum Yesu. (Luka 22:66-23:25; Asomafo no Nnwuma 3: 14, 15; 4:24-28) Na Yesu akyidifo no nso ɛ? So ne wiase no begye wɔn atom ntɛm so? Dabi. Aka bere tiaa bi ma Yesu awu no, ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ: “Sɛ mufi wiase a, anka wiase bɛdɔ n’ankasa ne de; na sɛ mumfi wiase na mapaw mo afi wiase yi, eyi nti na wiase tan mo.”​—Yohane 15:19.

Wɔ Asomafo no Mmere So

Yesu nsɛm no baa mu. Wɔ ne wu akyi adapɛn kakraa bi akyi no, wɔkyeree n’asomafo no, hunahunaa wɔn, na wɔhwee wɔn. (Asomafo no Nnwuma 4:1-3; 5:17, 18, 40) Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔtwee mmɔdenbɔfo Stefano kɔɔ Yudafo Sanhedrin no anim na afei wosiw no abo kum no. (Asomafo no Nnwuma 6:8-12; 7:54, 57, 58) Akyiri yi, Ɔhene Herode Agrippa I kum ɔsomafo Yakobo. (Asomafo no Nnwuma 12:1, 2) Wɔ Paulo asɛmpatrɛw akwantu no mu no, Yudafo Atubrafo a wɔwɔ mmeaemmeae no tuu afoforo aso ma wɔtaa no.​—Asomafo no Nnwuma 13:50; 14:2, 19.

Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wodi kan no yɛɛ wɔn ade wɔ saa ɔsɔretia no ho? Mfiase no, bere a asɔre mpanyimfo no baraa asomafo no sɛ wɔnnka asɛm wɔ Yesu din mu no, asomafo no kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.” (Asomafo no Nnwuma 4:19, 20; 5:29) Na eyi bɛyɛɛ wɔn su bere biara a wohyiaa ɔsɔretia. Nanso, ɔsomafo Paulo tuu Kristofo a wɔwɔ Roma fo sɛ: ‘Wɔmmrɛbrɛ wɔn ho ase nhyɛ aban a ɛwɔ anuonyam no ase.’ Na otuu wɔn fo bio nso sɛ: “Sɛ ebetumi a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu.” (Romafo 12:18; 13:1) Enti, na ɛsɛ sɛ Kristofo a wodi kan no paw gyinabea bi a ɛyɛ den. Wotiee Onyankopɔn sɛ wɔn Sodifo a odi kan. Na bere koro no ara, wɔbrɛɛ wɔn ho ase hyɛɛ wɔn man mu atumfo no ase na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔne nnipa nyinaa bɛtra asomdwoe mu.

Roma Ahemman no mu Kristofo

Wɔ Roma Ahemman no mu wɔ afeha a edi kan mu no, akyinnye biara nni ho sɛ Kristofo nyaa mfaso fii Pax Romana anaasɛ Roma Asomdwoe a Roma asraafo akuw horow hwɛ ma ɛtraa hɔ no mu. Mmara a ɛma wɔyɛ ade sɛnea ɛsɛ, akwan pa, ne po so akwantu a na eye saa bere no boa maa Kristosom trɛwee. Ɛda adi sɛ Kristofo a wodi kan no huu ɛka a na wɔde ɔmanfo, na wotiee Yesu ahyɛde sɛ “momfa Kaesare de mma Kaesare” no. (Marko 12:17) Ɔrekyerɛw Roma ɔhempɔn Antoninus Pius (138-161 Y.B.) no, Justin Martyr kyerɛe sɛ Kristofo fii wɔn pɛ mu tuaa wɔn tow ahorow “sen nnipa nyinaa.” (First Apology, ti 17) Wɔ 197 Y.B. mu no, Tertullian ka kyerɛɛ Roma atumfoɔ no sɛ, ɛsɛ sɛ wɔn towgyefo no “kamfo Kristofo” wɔ ahonim mu a wofi tua wɔn tow ahorow no ho. (Apology, ti 42) Na eyi ne ɔkwan biako a wɔfaa so dii Paulo afotu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ tumi a ɛwɔ anuonyam no ase no so.

Bio nso, sɛnea na wɔn Kristofo nnyinasosɛm ahorow bɛma wɔn kwan akodu no, afeha a edi kan Kristofo no bɔɔ mmɔden ne nnipa nyinaa traa asomdwoe mu. Nanso na eyi nyɛ mmerɛw. Na nnipa a wɔte wɔn mu no bra asɛe kɛse, na na wɔde wɔn ho ahyɛ Helafo ne Romafo abosonsom a na wɔde ɔhempɔn som kaa ho nkyɛe no mu kɛse. Na Roma abosonsom no yɛ Ɔman som a ɛho hia yiye, enti ná wobetumi abu pow a obi pow sɛ ɔde ne ho behyem no sɛ sɔre a ɔsɔre tia Ɔman no. Eyi kaa Kristofo dɛn?

Oxford ɔbenfo E. G. Hardy kyerɛwee sɛ: “Tertullian kaa nneɛma pii a na Kristoni a ɔwɔ ahonim pa no ntumi nyɛ a na ɛfa abosonsom ho: sɛ nhwɛso no, ntam a na wɔtaa ka wɔ nhyehyeɛ ahorow mu, akanea a na wɔde bobɔ apon ho wɔ afahyɛ mu, ne nea ɛkeka ho; Abosonsomfo amanne ahorow nyinaa, agumadi ne mmoa a wɔne wɔn di agoru; abosonsom ho nneɛma a ɔbɛkyerɛ; sraadi; aban nnwuma.”​—Christianity and the Roman Government.

Yiw, na ɛyɛ den sɛ Kristoni bɛtra Roma aheman no mu a ɔrensɛe ne gyidi. Franse Katolekni ɔkyerɛwfo A. Hamman kyerɛw sɛ: “Ná ɛrenyɛ yiye sɛ wobɛyɛ biribi a wunhyia ɔsom ho asɛm. Kristoni gyinabea de ɔhaw baa no so da biara; wanyɛ nneɛma atitiriw a na nnipa no yɛ no bi . . . Ɔkɔɔ so hyiaa ɔhaw ahorow wɔ fie, wɔ mmorɔn so, wɔ guaso . . . Ná ɛsɛ sɛ Kristoni, sɛ́ ɔyɛ Roma ɔman ba anaa ɔhɔho no, yi ne ti so wɔ borɔn so bere a ɔretwam wɔ abosonnan anaa ohoni bi ho no. Ná ɔbɛyɛ dɛn atumi atwe ne ho afi adeyɛ yi ho a ɛntwetwe afoforo adwene mma no so, na ɔkwan bɛn so na na ɔbɛyɛ a ommu ne gyidi so? Sɛ na odi gua na ehia sɛ okogye bosea a, na ɛsɛ sɛ ɔka ntam wɔ anyame no din mu kyerɛ nea ɔregye ne hɔ bosea no. . . . Sɛ ɔpenee so gyee aban adwuma mu dibea bi a, na wɔhwɛ kwan sɛ ɔbɛbɔ afɔre. Sɛ wɔfa no asraafo adwuma mu a, na ɔbɛyɛ dɛn akwati ntam a ɔbɛka ne sraadi mu amanne horow a wɔyɛ no?”​—La vie quotidienne des premiers chrétiens (95-197) (Da Biara Da Asetra wɔ Tete Kristofo Mu, 95-197 Y.B.).

Ɔman Mma Pa, Nanso Wɔkaa Wɔn ho Nsɛmmɔne

Bɛyɛ afe 60 anaa 61 Y.B. mu no, bere a na Paulo wɔ Rome retwɛn ama Ɔhempɔn Nero adi n’asɛm no, Yudafo mpanyimfo kaa tete Kristofo no ho asɛm sɛ: “Fekuwsɛm yi de, yenim sɛ wɔkasa tia mmaa nyinaa.” (Asomafo no Nnwuma 28:22) Abakɔsɛm kyerɛwtohɔ di adanse sɛ na wokasa tia Kristofo​—nanso na ɛnteɛ. Wɔ ne nhoma The Rise of Christianity mu no, E. W. Barnes ka sɛ: “Wɔ Kristo- som ho tete nokware kyerɛwtohɔ ahorow mu no, na wɔka ho asɛm sɛ abrabɔ pa ne mmara so di da adi yiye wom. Na kuw mma no wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ ɔman mma pa ne nkoa a wodi nokware. Wɔanyɛ abosonsomfo mfomso ne nneyɛe bɔne ahorow no bi. Wɔ wɔn ankasa asetram no, na wɔhwehwe sɛ wɔ ne wɔn yɔnkonom tra asomdwoe mu, na wɔyɛ nnamfo a wotumi de ho to wɔn so. Wɔkyerɛkyerɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ nkurɔfo a wɔn ani da hɔ, wɔbɔ wɔn ho mmɔden na wobu bra pa. Sɛ na wodi wɔn nnyinasosɛm so a, na wodi nokware wɔ nnipa a na wɔn bra aporɔw na wɔma biribiara ho kwan a na wɔte wɔn mu no mu. Ná wɔn gyinapɛn wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho yɛ papa: na wobu aware, na na wɔn abusua asetra ho tew. Bere a na wɔwɔ suban pa a ɛte sɛɛ no, na anka ɛnyɛ ade a obi betumi asusuw sɛ wɔyɛ ɔman mma a wɔhaw adwene. Nanso wofi bere tenten abu wɔn animtiaa, aka wɔn ho nsɛmmɔne na wɔatan wɔn.”

Sɛnea tete wiase no ante Yesu asɛm ase no, saa ara na ante Kristofo no ase na ɛtan wɔn. Esiane sɛ wɔpowee sɛ wɔbɛsom ɔhempɔn no ne abosonsomfo anyame nti, wɔtotoo wɔn ano sɛ wɔyɛ wɔn a wonnye onyame biara nni. Sɛ asiane bi si a, na wɔde asodi to wɔn so sɛ wɔn na wɔahyɛ anyame no abufuw. Esiane sɛ wɔpowee sɛ wɔbɛkɔ agoro a ɔbra bɔne anaasɛ mogyahwiegu wom ase nti, wobuu wɔn sɛ; nkurɔfo a wɔmpɛ nnipa, ‘adesamma abusua no atamfo’ mpo. Wɔn atamfo no kae sɛ Kristofo “fekuw” yi paapaee mmusua mu ma enti wɔsɛee ɔmanfo asomdwoe. Tertullian kaa okununom a wɔyɛ abosonsomfo a wɔpɛe sɛ wɔn yerenom bɛsɛe aware mmom sen sɛ wɔbɛyɛ Kristofo ho asɛm.

Wɔkasa tiaa Kristofo esiane sɛ na wɔko tia nyinsɛn tugu a na abu so saa bere no nti. Nanso wɔn atamfo ka too wɔn so sɛ wokum mmofra. Wɔkae sɛ wonom mmofra a wɔde wɔn bɔ afɔre no mogya wɔ wɔn nhyiam ase. Na bere koro no ara, wɔn atamfo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ wɔn ma wɔadi nam a wɔde mogya afra, bere a wonim sɛ na eyi tia wɔn ahonim. Enti saa asɔretiafo yi kyerɛe sɛ nea wɔka faa Kristofo no ho no nyɛ nokware.​—Tertullian, Apology, ti 9.

Wobuu Wɔn Animtiaa sɛ Wɔyɛ Awaefo Kuw Foforo

Abakɔsɛm kyerɛwfo Kenneth Scott Latourette kyerɛwee sɛ: “Nsɛm afoforo a wotwa too Kristofo so de dii wɔn ho fɛw ne ba a na Kristosom bae nkyɛe, na wɔde totoo kyɛ a na ɔsom ahorow a na ɛne no nhyia [Yudasom ne Helafo ne Romafo som] akyɛ no ho.” (A History of the Expansion of Christianity, Po 1, kratafa 131) Wɔ afeha a ɛto so abien Y.B. mu mfiase hɔ no, Roma abakɔsɛm kyerɛwfo Suetonius frɛɛ Kristosom sɛ “gyidi hunu foforo ne amumɔyɛsɛm.” Tertullian dii adanse sɛ wɔtan edin Kristoni no ankasa ma enti na Kristofo yɛ kuw a wɔmpɛ wɔn asɛm koraa.

Bere a Robert M. Grant reka sɛnea na Roma Ahemman no atumfo no bu Kristofo no wɔ afeha a ɛto so abien no mu ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Asɛm no ara ne sɛ na wobu Kristosom sɛ ɔsom a ɛho nhia, etumi pira.”​—Early Christianity and Society.

Wɔka Too Wɔn So sɛ Wɔsakra Nnipa Anuɔden So

Ɔbenfo Jean Bernardi a ɔwɔ Sorbonne sukuupɔn mu kyerɛwee wɔ ne nhoma Les premiers siècles de I’Eglise (Asɔre no Mfeha a Edi Kan No), mu sɛ: “Ná ɛsɛ sɛ [Kristofo] no kɔ baguam na wɔkasa baabiara kyerɛ obiara. Wɔ nkuraa ase ne nkuropɔn mu, wɔ aguabɔbea ne afie mu. Sɛ́ Wogye wɔn anaasɛ wonnye wɔn. Ná ɛsɛ sɛ wɔka kyerɛ ahiafo, ne adefo a wɔn ahonyade ayɛ akwanside ama wɔn no nso. Ná ɛsɛ sɛ wɔka kyerɛ nnipa a wɔba fam ne Roma amansin so amradofo no . . . Ná ɛsɛ sɛ wotwa akwan na wɔde po so ahyɛn kɔka asɛm no wɔ asase so nyinaa.”

So wɔyɛɛ eyi? Yiw ɛda adi sɛ wɔyɛe. Ɔbenfo Léon Homo ka sɛ amanfo kasa tiaa tete Kristofo no esiane sɛ wɔde “nnamyɛ sakraa nnipa nti.” Ɔbenfo Latourette ka sɛ bere a Yudafo no ammɔ mmɔden sɛ wɔbɛsakra afoforo no, “Kristofo yɛɛ asɛmpatrɛwfo a wɔyɛ nnam, ma enti wonyaa wɔn ho adwemmɔne.”

Wɔ afeha a ɛto so abien Y.B. mu no, Roma nyansapɛfo Celsus kasa tiaa akwan a na Kristofo nam so ka asɛm no. Ɔkae sɛ wɔn a wonnim nhoma na wɔyɛ Kristofo, na wɔn ‘a wonnim nyansa, nkoa, mmea, ne mmofra nkumaa nkutoo na ebetumi adan wɔn adwene.’ Ɔkasa tiaa Kristofo wɔ wɔn nkyerɛkyerɛ a wɔde dua “nnipa a wonnim nyansa” adwenem ma “wogye di bere a wonsusuw ho nyansam” no ho. Ɔkae sɛ Kristofo ka kyerɛ wɔn asuafo afoforofo no sɛ: “Mummmisa nsɛm biara; munnye nni ara.” Nanso, sɛnea Origen kyerɛ no, Celsus ankasa gye toom sɛ “ɛnyɛ wɔn a wonnim nhoma ne nnipa a wɔba fam nkutoo na Yesu nkyerɛkyerɛ no twee wɔn ma wɔbaa Ne som no mu.”

Wɔampene Ɔsom Nkabom So

Wɔkasa tiaa tete Kristofo no bio esiane ka a wɔkae sɛ wɔn na wɔwɔ nokware Nyankopɔn koro no ho nokware no nti. Wɔampene ɔsom ahorow nkabom anaa gyidi afrafra so. Latourette kyerɛwee sɛ: “Esiane sɛ na wɔnte sɛ gyidifo afoforo a na wɔwɔ hɔ saa bere no mu dodow no ara nti, na [Kristofo no] nye ɔsom afoforo no ntom. . . . Nea na ɛne som afoforo a na wɔtetee nkyɛe a na wɔma nneɛma pii ho kwan no bɔ abira no, Kristofo no kae sɛ wɔn na wɔwɔ nokware no.”

Wɔ 202 Y.B. mu no, Ɔhempɔn Septimius Severus hyɛɛ mmara tiaa Kristofo de baraa wɔn sɛ wɔnnsakra nnipa afoforo. Nanso, eyi amma wɔannyae wɔn gyidi no ho adansedi. Latourette kyerɛkyerɛ nea efii eyi mu bae no mu sɛ: “Pow a [tete Kristofo] powee sɛ wobegye saa bere no mu abosonsom ne asetram amanne ahorow ne abrabɔ mu nneyɛe atom no ma wonyaa biakoyɛ su ne ahyehyɛde bi a ɛmaa wotumi ne ɔmamfo no dii asi. Akokoduru a na egye na obi de ne ho abɔ wɔn ho no yɛɛ gyidi fibea a emu yɛ den maa wɔn agyidifo afoforofo no ma wotumi gyinaa ɔsɔretia ano na ɛma wotumi de mmɔdenbɔ yɛɛ afoforo asuafo.”

Enti, afei abakɔsɛm kyerɛwtohɔ no mu da hɔ. Sɛ yɛka ne nyinaa bom a, ɛwom sɛ tete Kristofo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ ɔman mma pa na wɔne nnipa nyinaa atra asomdwoe mu de, nanso wɔpowee sɛ wɔbɛyɛ ‘wiase no fã.’ (Yohane 15:19) Ná wobu atumfoɔ no. Nanso sɛ na Kaesare siw wɔn asɛnka no ho kwan a, ɛnde na wontumi nnyae asɛm no ka. Wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔne nnipa nyinaa bɛtra asomdwoe mu nanso wɔpowee sɛ wobegyae wɔn gyidi mu wɔ abrabɔ gyinapɛn ahorow ne abosonsom ho. Eyi nyinaa nti, wobuu wɔn animtiaa, wokaa wɔn ho nsɛmmɔne, wɔtan wɔn, na wɔtaa wɔn, sɛnea na Kristo aka sɛ wɔbɛyɛ wɔn no ara pɛ.​—Yohane 16:33.

So wɔkɔɔ so twee wɔn ho fii wiase no ho? Anaasɛ bere a bere kɔɔ so no, wɔn a wose wɔyɛ Kristofo no sesaa wɔn su wɔ eyi ho?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]

“Kristoni gyinabea de ɔham baa no so da biara; wanyɛ nneɛma atitiriw a na nnipa no yɛ no bi.”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]

“Nsɛm afoforo a wotwa too Kristofo so de dii wɔn ho fɛw ne ba a na Kristosom bae nkyɛe, na wɔde totoo kyɛ a na ɔsom ahorow a na ɛne no nhyia . . . akyɛ no ho.”

[Mfonini wɔ kratafa 3]

Esiane sɛ Kristofo powee sɛ wɔbɛsom Roma ɔhempɔn ne abosonsomfo anyame nti, wɔtotoo wɔn ano sɛ wɔyɛ wɔn a wonnye onyame biara nni

[Mfonini Fibea]

Museo della Civiltà Romana, Roma

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Ná wonim afeha a edi kan mu Kristofo sɛ wɔyɛ Ahenni no ho asɛmpakafo mmɔdenbɔfo

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]

Cover: Alinari/​Art Resource, N.Y.