Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yetintim Bible Ho Nhoma Ahorow Bere A Wɔabara Yɛn

Yetintim Bible Ho Nhoma Ahorow Bere A Wɔabara Yɛn

Yetintim Bible Ho Nhoma Ahorow Bere A Wɔabara Yɛn

SƐNEA MALCOLM G. VALE KA KYERƐE

“Muntintim Children nhoma no.” Me nsa kaa akwankyerɛ a ɛyɛ ahodwiriw yi fii Yehowa Adansefo Australia baa dwumadibea no sohwɛfo hɔ wɔ Wiase Ko II mu, bere a woyii nhoma no adi wɔ St. Louis, Missouri, U.S.A. nhyiam bi a wɔyɛe wɔ August 10, 1941 ase bere tiaa bi akyi. Dɛn nti na na akwankyerɛ no yɛ ahodwiriw?

EYE, wɔbaraa yɛn asɛnka adwuma no wɔ January 1941 mu, enti na nhoma a yebetintim kakra bi mpo bɛyɛ ade a ɛyɛ den. Eyi akyi no, na Children nhoma no kura nkratafa 384 na na wɔde kɔla ahorow na ayɛ emu mfonini no. Ná ɛsɛ sɛ wosiesie mfiri a yɛde tintim nhoma no, ná nkrataa ho yɛ den, na na wɔnkyerɛkyerɛɛ adwumayɛfo no sɛnea wotintim nhoma akɛse.

Ansa na mɛka nea ɛyɛe a yetumi tintim nhoma bere a wɔabara yɛn no, ma menka wo nea ɛyɛe a mebɛyɛɛ adwuma wɔ Australia baa dwumadibea hɔ sɛ nhoma tintim sohwɛfo.

M’asetra Mfiase

Ná me papa wɔ nhoma tintimbea bi wɔ Ballarat kurow a enya nkɔso mu wɔ Victoria, beae a wɔwoo me 1914. Enti bere a meyɛ adwuma wɔ papa tintimbea hɔ no, misuaa nhoma tintim adwuma no. Mede me ho hyɛɛ Church of England dwumadi ahorow mu nso, mekaa asɔre no nnwontofo kuw no ho too nnwom, na mebɔɔ asɔre dɔn. Minyaa anidaso mpo sɛ mɛkyerɛ Sunday sukuufo ade, nanso na ɛhaw me.

Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na mewɔ nsemmisa a anibere wom wɔ asɔre no nkyerɛkyerɛ ahorow bi ho. Ebi ne Baasakoro, hellgya, ne onipa kra a enwu da, na obiara amma me ɛho mmuae a ntease wom. Ɛyɛɛ me nwonwa nso sɛ, ɛtɔ mmere bi a, na yɛn sɔfo no de abufuw kasa tia nyamesom kuw ketewa bi a wɔfrɛ wɔn ho Yehowa Adansefo no. Mante ase sɛ kurow a emu nnipa yɛ 40,000 maa kuw ketewa a ɛte sɛɛ ho asɛm haw wɔn saa.

Kwasida bi a migyina asɔre dan no akyi bere a yɛapɔn anwummesɔre no, mihuu mmabaa bi a wofi Methodistfo Asɔredan a ɛbɛn hɔ no ho retwam. Mifii ase ne wɔn mu biako faa adamfo. Ná wɔfrɛ no Lucy, na awiei koraa no, ɔtoo nsa frɛɛ me kɔɔ ne fie de me kɔkyerɛɛ n’awofo. Hwɛ dwiriw a me ho dwiriw me bere a mihui sɛ ne maame Vera Clogan yɛ Yehowa Adansefo mu biako no. Yɛbɔɔ Bible mu nsɛm pii ho nkɔmmɔ ma ɛyɛɛ anigye, na na ntease wɔ nea ɔkae no mu yiye.

Ankyɛ koraa na me ne Lucy waree, na ebeduu 1939 no, na yɛte Melbourne, Victoria ahenkurow mu. Ɛwom sɛ na Lucy abɛyɛ Yehowa Adansefo mu biako de, nanso me de, na menyɛɛ m’adwene araa ɛ. Nanso, bere a Wiase Ko II fii ase wɔ September saa afe no mu no, mifii ase susuw nnɛema a masua afi Kyerɛwnsɛm no mu no ho anibere so. Bere a wɔbaraa Yehowa Adansefo adwuma no wɔ January 1941 mu no, ɛboaa me ma misii gyinae. Mihyiraa me nkwa so maa Yehowa Nyankopɔn, na ankyɛ koraa na wɔbɔɔ me asu.

Yɛn Asetra mu Nsakrae Akɛse

Saa bere no, na yɛte ofie bi a ahotɔ wom mu tua ka wɔ Melbuorne. Nanso ankyɛ biara na wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yentu nkɔtra fie bi a Adansefo afoforo pii te mu mu. Yɛtɔn yɛn dan mu nkongua nyinaa ma ɛkaa nea ɛwɔ piam no, na yetu kɔtraa nea wɔfrɛ no akwampaefo fie mu. Mekɔɔ so yɛɛ nhoma tintim adwuma no, na mitumi boa ma yetuaa fie no ho aka. Okununom afoforo no nso yɛɛ saa ara. Eyi nti, yɛn yerenom tumi de wɔn bere nyinaa yɛɛ asɛnka adwuma no, na yɛn mmarima no ne wɔn kɔɔ asɛnka ne Kristofo adesua ahorow anwummere anwummere ne dapɛn awiei.

Eyi akyi bere tiaa bi no, me ne me yere nsa kaa krataa fii Ɔwɛn Aban Asafo no ti hɔ sɛ yɛmmra Sydney. Yɛtɔn yɛn pia mu nkongua de tuaa aka nketenkete bi a na yɛde, nanso nea ɛbɛyɛ a yebenya sika afa keteke akɔ Sydney nti, na ɛsɛ sɛ yɛtɔn kawa a mede hyɛɛ Lucy aware ho bɔ no!

Esiane nneɛma pii a ɔko no nti wosiw yɛn ho kwan, na afei nso wɔbaraa yɛn adwuma no nkyɛe nti, na yentumi nkra Bible ne Bible ho nhoma ahorow mfi amannɔne. Eyi nti, Australia baa dwumadibea no sii gyinae sɛ ebetintim nhoma wɔ kokoam na ama yɛakɔ so anya honhom fam aduan, na wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmɛhwɛ adwuma no so. Minyaa hokwan ne Scotlandni bi, George Gibb, a ɔyɛɛ adwuma wɔ Australia baa dwumadibea no tintimbea hɔ bɛyɛ mfe 60 no yɛɛ adwuma. * Saa bere no na me nsa kaa akwankyerɛ yi sɛ: “Muntintim Children nhoma no.”

Nea Ɛyɛe a Yɛsan Nyaa Nhoma Tintim Afiri

Yenyaa osuahu ahorow pii a ɛyɛ anigye ne nea ɛtɔ mmere bi a ɛyɛ hu wɔ ɔko bere a nsɛm pii sisii no mu. Sɛ́ nhwɛso no, na yehia afiri na yɛatumi afi nhoma tintim no ase. Ná aban mpanyimfo agye nea na yɛde tintim nhoma kakraa bi ansa na ɔko no reba no, na afei wɔato ɔdan ketewa a Asafo ti no tintim nhoma wom no mu, na wɔwɛn ano. Ná yɛbɛyɛ dɛn atumi anya afiri no de akɔ mmeae a yebetumi de asie atintim nhoma?

Awɛmfo a akode wɔ wɔn ho a wɔyɛ adwuma nnidiso nnidiso wɛn Asafo ti agyapade no nnɔnhwerew 24 da biara. Nanso, na afasu no biako ne keteke kwan ketewa bi a wɔntaa mfa so na ɛbɔ hye. Enti yɛfaa akwan a ɛne Hesekiel 12:5-7 hyia so maa Betel adwumayɛfo bi a wɔayɛ krado yiyii ɔfasu no mu ntayaa no bi hyɛn mu anadwo. Nea ɛbɛyɛ a obiara nhu sɛ wɔahyɛn mu nti, wɔsan de ntayaa a wɔayiyi no hyehyɛe ɔfasu no mu bio. Wɔnam ade a wɔyɛɛ no anadwo bɛyɛ adapɛn abien yi so de ahwɛyiye tutuu nhoma tintim afiri ketewa bi a wɔfrɛ no Linotype ne mfiri afoforo bi. Afei, wɔde afã ahorow no puei bɔkɔɔ bere a awɛmfo no wɔ hɔ!

Bere bi akyi no, yenyaa mfiri afoforo fii mmeae afoforo, na ankyɛ na yenyaa kokoam nhoma tintimbea ahorow a ɛkɔ so yiye wɔ mmeae ahorow wɔ Sydney nyinaa. Enti ɛnyɛ Children nhoma no nko na yetumi tintim tetaree akyi, na mmom yɛyɛɛ The New World, “The Truth Shall Make You Free,” ne The Kingdom Is At Hand nhoma mũ no nyinaa ne 1942, 1943, 1944, ne 1945 Yearbook of Jehovah’s Witnesses. Nea ɛka ho ne sɛ, wɔ ɔko bere no a wɔbaraa adwuma no mu nyinaa no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ Australia nyinaa anhwere Ɔwɛn-Aban biako mpo. Eyi maa yɛn ankasa yenyaa awerɛhyem sɛ Yehowa nsa nyɛ tia da.​—Yesaia 59:1.

Mpofirim Nsrahwɛ Ahorow a Yegyinaa Ano

Bere a ɔko bere mu nhwehwɛmu gu so kɛse no, aban mpanyimfo kɔsrasraa nhoma tintimbea ahorow a wotintim nhoma gye sika no mpofirim mpɛn pii kɔhwɛɛ dekode a wɔretintim. Enti yɛde biribi a ɛbɔ kɔkɔ hyɛɛ tintimbea bi a yɛyɛ mu adwuma wɔ kokoam mu, dade bi a ɛwɔ fam a nea ahɔho besi ne so no nsa betumi aka ntɛm. Sɛ obi a onnim no anaasɛ osusuw sɛ ɔka wɔn a wɔbɛhwehwɛ hɔ no ho foro ba soro hɔ pɛ a, na wamia dade no so.

Sɛ omia dade no so a, bɛhwɛ sɛnea anuanom guan fa mfɛnsere mu wɔ baabiara! Wɔn a wɔafa wɔn sɛ adwumayɛfo ankasa wɔ hɔ no kaa akyi kataa Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma anaa Bible ho nhoma foforo biara nkrataa a yɛatintim reyɛ ho adwuma so ntɛm. Wɔde nkrataa a wɔatintim awie a wɔreboaboa ano ama adetɔfo abɛtɔ a ne kɛse ne asafo nhoma afoforo no yɛ pɛ na ɛyɛɛ saa.

Wɔ nsrahwɛ a ɛte sɛɛ biako mu no, wɔn a wɔbaa hɔ no baanu traa nkrataa a wɔatintim de rebɛyɛ aseresɛm nhoma ahorow a na ɛda so ara wɔ nkrataa atɛtrɛtɛ so no so, na na Ɔwɛn-Aban nkrataa a wotintim no anadwo a atwam no hyɛ ase. Wɔ nhoma tintimbea bi a na ɛwɔ kurow no fã bi mu no, na yetintim nhoma ahorow a ɔmanfo tɔ no awia, na yeatintim Ɔwɛn-Aban ahorow no anadwo ne adapɛn awiei.

Nea Ɛyɛe a Yenyaa Nkrataa a Yehia

Na ɛyɛ den yiye sɛ yebenya nkrataa atintim nhoma ahorow no. Nanso, nhoma tintimbea akɛse a ɔko no nti na wɔn adwuma so atew no pɛe sɛ wɔtɔn wɔn de a aboro so no ​—ɛda adi sɛ na ne bo yɛ den bere biara. Nanso bere bi de, yenyaa nkrataa no bi fii baabi foforo.

Ná nkrataa a ani kɔkɔɔ wɔ hyɛn bi a ɛde nneɛma reba Australia mu, nanso hyɛn no bɛsɛee wɔ po so maa nsu kɔɔ nkrataa no pii mu. Wɔkae sɛ obiara a ɔpɛ mmɛtɔ nkrataa no nyinaa, na nea ɛyɛɛ yɛn nwonwa ne sɛ yɛn nko ara na yɛkɔe. Eyi ma yetumi tɔɔ no aboɔmmerɛw koraa. Yɛhataa nkrataa no wɔ awia mu, na ɛma yenyaa pii fii mu, na afei yetwitwaa no sɛnea yɛn afiri no betumi de ayɛ adwuma.

Ná yɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi de nkrataa kɔkɔɔ no ayɛ adwuma? Yesusuwii ma ɛfatae sɛ, sɛ yɛde nkrataa kɔkɔɔ no tintim aseresɛm nhoma ahorow no a, wɔn a wɔkenkan no ani begye ho ara. Enti, yɛde nkrataa fitaa a anka yɛde bɛyɛ aseresɛm nhoma ahorow no tintim Ɔwɛn-Aban ne Asafo ti no nneɛma afoforo.

Mmea Dwumadi a Ɛho Hia No

Kristofo mmea a wɔwɔ Australia pii suaa nhoma akyi tetare wɔ ɔko bere no mu. Ahohuru bere mu awiabere bi a ɔhyew wom kɛse no, na wɔn mu binom nko ara reyɛ adwuma wɔ ɔdan bi a wɔde lɔre si mu a na yɛyɛ mu adwuma tua ka mu wɔ borɔn ketewa bi so wɔ Sydney fã bi. Nea ɛbɛyɛ a obiara renhu wɔn nti, wɔtotoo mfɛnsere ne apon no nyinaa mu. Nneɛma a aduru a wɔde tetare nkrataa wom no tuu wusiw a ɛyɛ hyew a ɛbɔn, na na ɛyɛ den sɛ wɔbɛtra ɔhyew no mu. Enti woyiyii wɔn ho ma ɛkaa wɔn ntade a wɔhyɛ wɔ ase no nko ara.

Mpofirim ara, obi bɔɔ ɔpon no mu. Kristofo anuanom mmea no teɛɛm bisaa sɛ ɛyɛ hena, na aban panyin bi a ɔhwɛ nnwuma ho nsɛm so gyee so. Ná ofi adwuma bi a wɔwɔ tumi sɛ wɔma nkurɔfo kɔyɛ adwuma wɔ baabiara a wohia nnipa wɔ ɔko berem mu. Anuanom mmea yi teɛɛm buae sɛ wontumi mma no mma hɔ saa bere no ara, efisɛ ahohuru no nti wɔayi wɔn ntade agu hɔ na wɔreyɛ adwuma.

Ɔpanyin no yɛɛ dinn kakraa; afei ɔteɛɛm sɛ ɔwɔ adwuma foforo bi yɛ wɔ mpɔtam hɔ. Ɔkae sɛ ɔbɛsan aba da a edi hɔ no abɛhwɛ sɛnea ɛhɔ te. Ntɛm ara Kristofo mmea yi frɛɛ yɛn wɔ telefon so, na yɛde lɔre kɛse kɔɔ hɔ anadwo no kɔsesaa biribiara a na wɔretetare akyi, na yɛde kɔɔ baabi foforo.

Ná wɔn a yɛne wɔn tintim nhoma wɔ kokoam no mu pii nnim nhoma tintim ho adwuma, enti nea yetumi yɛe no ma mihuu pefee sɛ Yehowa honhom na ɛmaa yɛn mmoa ne akwankyerɛ a ehia no. Ɛyɛɛ hokwan kɛse maa me ne me yere Lucy a ɔyɛɛ adwuma wɔ beae a wɔtetare nhoma akyi no sɛ yɛyɛɛ ne nyinaa bi.

Ɔkwan bɛn so na wɔhwɛɛ yɛn adwuma no so wɔ saa sɔhwɛ mmere no mu? Ná aban no de anohyeto bi ama nea ɔresom saa bere no sɛ Yehowa Adansefo baa dwumadibea no sohwɛfo no sɛ ɔnkɔtra kurow bi a ɛne Sydney ntam kwan yɛ 100 kilomita mu. Mmara no baraa no sɛ ɛnsɛ sɛ ɔkɔ kilomita 8 fi kurow no mfinimfini. Na wɔde petro galɔn biako na na ɛma lɔre biara ɔsram biara. Nanso anuanom no ara de wɔn nyansa yɛɛ biribi a ɛma wonyaa gas​—dade kankye a wɔayɛ no teatea a emu duru bɛyɛ tɔn fã a wɔde si lɔre akyi. Yɛhyew gyabiriw wɔ eyi mu, na ɛma yenyaa carbon monoxide sɛ pɛtro. Me ne anuanom afoforo a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa nam saa kwan yi so tuu kwan anadwo pii kohyiaa baa dwumadibea sohwɛfo no wɔ suka bi a emu nsu ayow a ɛbɛn kurow a wɔatwa no asu akɔ mu no mu dapɛn biara. Enti, na yetumi susuw nneɛma pii ho ansa na yɛasan asɔ nea ɛma yɛn gas no asan aba Sydney anɔpa tutuutu.

Awiei koraa no, wɔde bara a na wɔabara Yehowa Adansefo no kɔɔ Asɛnnibea Kɛse a ɛwɔ Australia no. Ɔtemmufo no kae sɛ bara a wɔabara yɛn no “nni mmara mu, ɛyɛ mpofirim adeyɛ ne nhyɛso,” na wobuu Yehowa Adansefo bem koraa wɔ dwumadi biara a etutu ɔman ase ho. Asennibea Kɛse no nyinaa penee gyinaesi yi so, enti yetumi yii yɛn anim toaa Ahenni dwumadi ahorow a mmara ma kwan no so.

Dwumadi Afoforo ne Nhyira Ahorow

Anuanom pii a wɔde wɔn ho sie tintim nhoma no de wɔn ho hyɛɛ akwampae adwuma no mu wɔ ɔko no akyi. Akyiri yi wɔn mu binom kɔɔ Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu no wɔ New York. Ná me ne Lucy nso wɔ saa botae no ho adwene, nanso yɛwoo ɔbabea. Afei meyɛɛ m’adwene sɛ mɛkɔ akɔyɛ nhoma tintim adwuma no bio. Yɛbɔɔ mpae sɛ Yehowa mmoa yɛn daa na yɛmfa Ahenni nneɛma nni kan, ne watie yɛn. Mede me ho hyɛɛ asomfo adwuma foforo bi mu wɔ ɔkwan a edi hɔ yi so.

Lloyd Barry, a mprempren ɔsom sɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni wɔ BrookIyn, New York no frɛɛ me wɔ telefon so. Saa bere no na ɔsom sɛ ɔhwɛfo kwantufo wɔ Sydney. Obisaa me sɛ minim da a yɛbɛyɛ yɛn nhyiam a edi hɔ no. Bere a mekae sɛ minim no ɔkae sɛ: “Yɛpɛ sɛ wohwɛ aduan ho nhyehyɛe no so.”

Me ho dwiriw me kakra, nanso mekaa no bɔkɔɔ sɛ: “Nso menyɛɛ biribi a ɛte saa wɔ m’asetra mu da.”

Ɛyɛɛ no ahi ma obuae sɛ: “Eye, Onua, saa bere yi na ɛsɛ sɛ wusua!” Misuae na mekɔɔ so nyaa hokwan hwɛɛ aduan ho nhyehyɛe so wɔ nhyiam akɛse mpo ase bɛboro mfe 40.

Mfe no mu no, nhoma a na yetintim gye sika adwuma no mu trɛwee, ne eyi maa mitutuu akwan kɔɔ amannɔne mpɛn pii wɔ adwuma no ho. Mede akwantu yi hyehyɛɛ bere a wɔreyɛ amanaman ntam nhyiam ahorow wɔ New York City ne mmeae afoforo wɔ United States. Eyi ma minyaa hokwan ne wɔn a wɔhwɛ nhyiam ase nnwuma ahorow so, titiriw wɔn a wɔhwɛ aduan ho nhyehyɛe so no bɔɔ nkɔmmɔ. Eyi nti, sɛ mesan ba Australia a, na mitumi di nhyiam horow no ahiade ahorow ho dwuma yiye.

Esiane sɛ yɛn mfe rekɔ anim nti, ɛtɔ mmere bi a, me ne Lucy susuw ho sɛ, sɛ wɔanwo yɛn ntɛm pii a, ebia anka yebetumi ayɛ pii asen saa. Nanso, ɔkwan foforo so no, esiane sɛ wɔwoo me 1914 ne wɔwoo Lucy 1916 nti, yebu no hokwan kɛse sɛ yɛde yɛn ani ahu Bible nkɔmhyɛ ahorow mmamu. Na yɛda Yehowa ase sɛ wahyira yɛn ma yɛne nnipa asua ade, aboa wɔn ma wɔasua nokware no, na yehu wɔn sɛ wɔresom mprempren sɛ asomfo a wɔabɔ wɔn asu. Yɛn mpaebɔ ne sɛ yebetumi akɔ so asom no akosi daa, na yɛagye no atom daa sɛ Amansan Hene no.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 14 Hwɛ The Watchtower, September 15, 1978, nkratafa 24-7.

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Nhoma tintimbea wɔ Strathfield Bethel, 1929-73

George Gibb gyina nhoma tintim mfiri a wɔfa fii tintimbea hɔ de faa ɔfasu a ɛwɔ akyiri mu no biako ho