Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dan W’adesoa To Yehowa So Bere Nyinaa

Dan W’adesoa To Yehowa So Bere Nyinaa

Dan W’adesoa To Yehowa So Bere Nyinaa

NNIPA pii te nka nnɛ sɛ nnesoa ama wɔadi amia. Sikasɛm mu ahokyere, abusua mu haw ahorow a emu yɛ den, akwahosan ho nsɛnnennen, ɛyaw ne amanehunu a nhyɛso ne atirimɔden tumidi de ba, ne ɔhaw foforo pii da wɔn so te sɛ nea owiyammo sɛn wɔn kɔn mu. Wɔ nhyɛso horow yi akyi no, te a ebinom te nka sɛ wɔnsɛ hwee ne nkogu a wɔn ankasa sintɔ ahorow ma wodi no nso ama wɔabotow. Nnipa pii reyɛ apa abaw koraa. Sɛ ɛte sɛ nea nnesoa reyɛ abunkam wo so a, wobɛyɛ dɛn atumi agyina ano?

Bere bi Ɔhene Dawid tee nka sɛ ontumi nnyina nhyɛso no ano. Sɛnea Dwom 55 kyerɛ no, dadwen a nhyɛso ne ɔtan a efi n’atamfo hɔ ma ohyiae no ma ɔhawee yiye. Odii awerɛhow kɛse na osuroe. Nea otumi yɛe ara ne sɛ osii apini wɔ n’awerɛhodi mu. (Dwom 55:2, 5, 17) Nanso, wɔ n’amanehunu no nyinaa akyi no, onyaa ɔkwan a ɔfaa so gyinaa ano. Ɔkwan bɛn so? Ɔde ne ho too Onyankopɔn so sɛ ɔmmoa no. Afotu a ɔde maa afoforo a wobetumi ate nka sɛnea ɔyɛe no ne sɛ: “Dan w’adesoa to Awurade so.”—Dwom 55:22.

Na ɔkyerɛ dɛn bere a ɔkae sɛ “dan w’adesoa to Awurade so” no? Ɛyɛ Yehowa anim kɛkɛ a yɛbɛkɔ wɔ mpaebɔ mu na yɛaka yɛn dadwen ho asɛm akyerɛ no? Anaa yɛn ankasa betumi ayɛ biribi de aboa ma tebea no ayɛ yiye? Na sɛ yɛte nka sɛ yɛmfata koraa sɛ yɛbɛbɛn Yehowa nso ɛ? Yebetumi ahu nea na Dawid kyerɛ denam osuahu ahorow bi a ɛbɛyɛ sɛ na ɔkae no yiye bere a ɔkyerɛw saa nsɛm no a yɛbɛhwɛ no so.

Fa Yehowa Ahoɔden Yɛ Nneɛma

Wokae sɛnea Goliat maa ehu kaa Israel akofofo no? Saa ɔbarima ɔbran yi a ne tenten boro mita 2.7 no yii wɔn hu. (1 Samuel 17:4-11, 24) Nanso Dawid ansuro. Dɛn ntia? Efisɛ wammɔ mmɔden sɛ ɔnam n’ankasa ahoɔden so ne Goliat bedi. Efi bere a wɔsraa no sɛ Israel daakye hene no, ɔmaa Onyankopɔn honhom kyerɛɛ no kwan hyɛɛ ne den wɔ nea ɔyɛe nyinaa mu. (1 Samuel 16:13) Enti ɔka kyerɛɛ Goliat sɛ: “Mede asafo Awurade, Israel mpasua a woabɔ wɔn ahohora no Nyankopɔn din na mereba wo nkyɛn. Ɛnnɛ da yi Awurade de wo bɛhyɛ me nsa.” (1 Samuel 17:45, 46) Na Dawid nim ataabo tow yiye, nanso yebetumi agye adi sɛ Yehowa honhom kronkron na ɛkyerɛɛ ɔbo a ɔtow bɔɔ Goliat no kwan ma etumi kum no.

Dawid gyinaa asɛm a emu yɛ den kɛse yi ano na odii nkonim denam ahotoso a onyae sɛ Onyankopɔn bɛboa no na wahyɛ no den no so. Na ɔne Onyankopɔn anya abusuabɔ pa a ahotoso wom. Akyinnye biara nni ho sɛ ɔkwan a Yehowa faa so gyee no wɔ bere a atwam no mu no hyɛɛ eyi mu den. (1 Samuel 17:34-37) Te sɛ Dawid no, wubetumi ama abusuabɔ a emu yɛ den atra wo ne Yehowa ntam, na woanya ahotoso koraa sɛ obetumi ahyɛ wo den awowaw wo wɔ tebea horow nyinaa mu, na ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ saa.—Dwom 34:7, 8.

Yɛ Nea Wubetumi Fa Di Ɔhaw no Ho Dwuma

Nanso, eyi nkyerɛ sɛ worenni yaw a emu yɛ den, na dadwen ne ehu mpo nka wo wɔ bere bi mu da, sɛnea Dwom 55 kyerɛ pefee no. Sɛ nhwɛso no, bere a Dawid de akokoduru daa Yehowa mu ahotoso adi akyi mfe bi no, n’atamfo ma ehu kɛse kaa no. Ɔhweree Ɔhene Saul anim dom na oguan de peree ne nkwa. Bɔ mmɔden susuw sɛnea ɛbɛyɛ sɛ eyi maa Dawid yɛ basaa, ne nsemmisa a ɛbɛyɛ sɛ ɛsɔree wɔ n’adwene mu wɔ Yehowa atirimpɔw a ɛbɛbam ho no ho. Asɛm no ne sɛ na wɔasra no sɛ Israel daakye hene, nanso na ɔrebɔ mmɔden sɛ obenya ne ti adidi mu sɛ oguanfo wɔ sare so, bere a na wɔtaa no sɛ akekaboa bi no. Bere a ɔbɔɔ mmɔden sɛ obenya guankɔbea wɔ kurow Gat, Goliat kurom mu no, wohuu onii ko a na ɔyɛ. Dɛn na esii? Kyerɛwtohɔ no ka sɛ ‘osuroe.’—1 Samuel 21:10-12.

Nanso wamma suro a osuro ne dadwen kɛse no ansiw no kwan sɛ ɔbɛhwehwɛ Yehowa mmoa. Sɛnea Dwom 34 (a suahu a onyae ma ɔkyerɛwee) no kyerɛ no, Dawid kae sɛ: “Mahwehwɛ Awurade, na wabua me, na wagye me afi nea misuro nyinaa mu. Ohiani yi teɛɛm, na Awurade tiee no, na ogyee no n’ahohia nyinaa mu.”—Dwom 34:4, 6.

Nokwarem no, Yehowa boaa no. Nanso, hyɛ no nsow sɛ Dawid antra hɔ kwa sɛ Yehowa mmegye no. Ohui sɛ ɛho hia sɛ ɔyɛ nea obetumi nyinaa wɔ tebea horow no mu na ama watumi afi tebea a emu yɛ den no mu. Ohui sɛ Yehowa na ogyee no, nanso n’ankasa yɛɛ ho biribi, ɔyɛe sɛ wabɔ dam na amma Gat hene ankum no. (1 Samuel 21:14–22:1) Ɛho hia sɛ yɛn nso yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de soa yɛn nnesoa, sen sɛ yɛbɛtra hɔ kwa sɛ Yehowa mmegye yɛn.—Yakobo 1:5, 6; 2:26.

Mfa Nneɛma Foforo Nka Wo Nnesoa Ho

Dawid suaa biribi foforo a ɛyɛ yaw akyiri yi wɔ n’asetra mu. Na ɛyɛ dɛn ade? Ɛne sɛ ɛtɔ mmere bi a yɛde nneɛma foforo ka yɛn nnesoa ho. Bere a Dawid dii Filistifo no so nkonim akyi no, nneɛma ankɔ yiye amma no bere a osii gyinae sɛ ɔde apam adaka no bɛkɔ Yerusalem no. Abakɔsɛm kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na Dawid sɔree, na ɔne ɔman a wɔka ne ho no nyinaa kɔe kofii Baale-Yuda, sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn adaka . . . no afi hɔ aba. Na wɔde Onyankopɔn adaka no sii teaseɛnam foforo so, . . . na Abinadab mma Usa ne Ahio de teaseɛnam foforo no kɔe.”—2 Samuel 6:2, 3.

Teaseɛnam a wɔde faa Adaka no kɔe no ma wobuu akwankyerɛ a na Yehowa de ama wɔ ho no nyinaa so. Ɔkae pefee sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔama wɔn kwan sɛ wɔnsoa Adaka no, Kehat Lewifo, no nkutoo soa wɔ wɔn mmati so, bere a wɔde nnua awurawura nkaa a wɔahyɛ da ayɛ wɔ Adaka no ho mu no. (Exodus 25:13, 14; Numeri 4:15, 19; 7:7-9) Akwankyerɛ ahorow yi a wobuu so no de asiane bae. Bere a ɛkaa kakraa bi na anka anantwi a wɔretwe teaseɛnam no rema Adaka no ahwe ase no, Usa, a ɛbɛyɛ sɛ ɔyɛ Lewini nanso ɔnyɛ ɔsɔfo no, kɔsoo mu sɛ ɔde si so yiye, na Yehowa bɔɔ no wɔ n’animtiaabu no ho.—2 Samuel 6:6, 7.

Sɛ ɔhene no, na ɛsɛ sɛ eyi ho asodi no bi bɛda Dawid so. Nea ɔyɛe no kyerɛ sɛ ɛtɔ mmere bi a wɔn a wɔne Yehowa wɔ abusuabɔ pa mpo betumi ayɛ ade a ɛmfata wɔ tebea a emu yɛ den ho. Mfiase no Dawid bo fuwii. Afei osuroe. (2 Samuel 6:8, 9) Wɔsɔɔ ɔne Yehowa ntam abusuabɔ a ahotoso wom no hwɛe denneennen. Na eyi yɛ bere a ɛte sɛ nea wannan n’adesoa anto Yehowa so, bere a wanni n’ahyɛde so. Ɛtɔ mmere bi a, etumi ba saa wɔ yɛn fam? Sɛ ɛtɔ mmere bi a yenunu Yehowa wɔ ɔhaw ahorow a n’akwankyerɛ a yebu yɛn ani gu so ma ɛba ho?—Mmebusɛm 19:3.

Bɔne Adesoa Ano a Yebegyina

Akyiri yi Dawid maa bɔne adesoa kɛse bɛdaa n’ankasa so denam Yehowa abrabɔ ho gyinapɛn a obuu so wɔ ɔkwan a anibere wom so no so. Saa bere yi Dawid anni n’asɛyɛde a ɛne ne mmarima a obedi wɔn anim akɔ ɔko no ho dwuma. Ɔtraa Yerusalem bere a wɔkɔe sɛ wɔrekɔko no. Eyi de ɔhaw a emu yɛ den bae.—2 Samuel 11:1.

Ɔhene Dawid huu ɔhoɔfɛfo Bat-Seba sɛ ɔreguare. Ɔne no sɛee aware na onyinsɛnee. (2 Samuel 11:2-5) Nea ɛbɛyɛ na wɔabɔ mmɔden akata wɔn abrabɔ bɔne no so no, ɔyɛɛ nhyehyɛe ma ne kunu, Uria, fi akono san baa Yerusalem. Uria powee sɛ ɔne ne yere bɛda bere a Israel reko no. (2 Samuel 11:6-11) Afei Dawid faa ɔkwammɔne so na ama wakata ne bɔne so. Ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ Uria mfɛfo asraafo no nnyaw Uria wɔ ɔsa no mu baabi a ɛyɛ den na ama wɔakum no. Bɔne a anibere wom bɛn ara ni!—2 Samuel 11:12-17.

Nanso, awiei koraa no, Dawid bɔne bɛdaa adi, na ne ho daa hɔ. (2 Samuel 12:7-12) Bɔ mmɔden susuw awerɛhow ne bɔne mu duru a ɛbɛyɛ sɛ Dawid tee nka bere a ohuu sɛnea ade a n’akɔnnɔ bɔne ma ɔyɛe no kɛse te no ho. Te a ɔtee nka sɛ wadi nkogu no betumi abunkam no so, titiriw esiane sɛ ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ onipa a nsɛm taa haw no kɛse nti. Ebia ɔtee nka sɛ ɔnsɛ hwee koraa!

Nanso, Dawid gyee ne bɔne toom ntɛm ara, na ɔka kyerɛɛ odiyifo Natan sɛ: “Mayɛ Awurade bɔne.” (2 Samuel 12:13) Dwom 51 ka sɛnea ɔtee nka ne sɛnea ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔntew ne ho na ɔmfa ne bɔne mfiri no no kyerɛ yɛn sɛ: “Hohoro me ho fi m’amumɔyɛ mu koraa, na prapra me ho fi me bɔne mu. Na me mmarato no, mahu, na me bɔne wɔ m’anim daa yi.” (Dwom 51:2, 3) Esiane sɛ onuu ne ho ampa nti, otumi ne Yehowa san hyehyɛɛ abusuabɔ a emu yɛ den. Dawid amfa n’adwene ansi afobu nka a ɔtee ne sɛ a ɔnsɛ hwee no so. Ɔdan n’adesoa too Yehowa so denam ahobrɛase a ɔde gyee ne bɔne toom, daa nokware ahonu adi, na ɔbɔɔ mpae a emu yɛ den de srɛɛ Yehowa fafiri no so. Ɔsan nyaa Yehowa anim dom.Dwom 51:7-12, 15-19.

Yi a Woyii No Mae Ano a Ogyinae

Eyi de yɛn ba asɛm a ɛmaa Dawid kyerɛw Dwom 55 no so. Na ɔwɔ ahoyeraw kɛse mu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Me koma pere wɔ me mu, na owu ho hu agu me so.” (Dwom 55:4) Dɛn na ɛma odii saa yaw yi? Ná Dawid ba Absalom abɔ pɔw sɛ obegye ahenni no afi Dawid nsam. (2 Samuel 15:1-6) Na ɛyɛ den paa ma Dawid sɛ obegyina yi a n’ankasa ba yii no mae yi ano, nanso nea ɛsɛee asɛm no koraa ne sɛ na Dawid fotufo a ogye no di paa, ɔbarima bi a wɔfrɛ no Ahitofel, akɔka ne tiri so a na wɔapam no ho. Ahitofel ho asɛm na Dawid ka wɔ Dwom 55:12-14 no. Esiane sɛ wɔpam Dawid tiri so yii no mae nti, oguan fii Yerusalem. (2 Samuel 15:13, 14) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ eyi ma odii awerɛhow!

Nanso, wamma ne yawdi ne n’awerɛhodi a emu yɛ den no ammrɛ awerɛhyem ne ahotoso a na ɔwɔ wɔ Yehowa mu no ase. Ɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma atirisopamfo no nhyehyɛe nyɛ ɔkwa. (2 Samuel 15:30, 31) Yɛsan hu bio sɛ Dawid antra hɔ kwa sɛ Yehowa nyɛ biribiara. Bere a onyaa hokwan no ara pɛ, ɔyɛɛ nea obetumi de ko tiaa ne tiri so a wɔpamee no. Ɔsomaa ne fotufo foforo, Hushai, ma ɔsan kɔɔ Yerusalem kɔyɛɛ ne ho sɛ ɔka atirisopam no ho, nanso nokwarem no, ɔkɔe sɛ ɔrekɔsɛe no. (2 Samuel 15:32-34) Ɛdenam Yehowa mmoa so no, ne nhyehyɛe no yɛɛ yiye. Hushai maa Dawid nyaa bere a ɛdɔɔso de boaboaa ne ho de bɔɔ ne ho ban.—2 Samuel 17:14.

Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Dawid ani sɔɔ Yehowa hwɛ a ahobammɔ wom ne ne boasetɔ, ne pɛ a na ɔpɛ sɛ ɔde ne bɔne befiri no wɔ n’asetra mu nyinaa no! (Dwom 34:18, 19; 51:17) Osuahu yi nti na Dawid de ahotoso hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa yɛn ho nto Yehowa so wɔ yɛn ahohia bere mu na waboa yɛn, sɛ ‘yɛnnan yɛn adesoa nto Awurade so.’—Fa toto 1 Petro 5:6, 7 ho.

Wo Ne Yehowa Nnya Abusuabɔ a Ɛyɛ Den na Ahotoso Wom, na Kura Mu

Yɛyɛ dɛn nya Yehowa ne Dawid ntam abusuabɔ no bi, abusuabɔ a ɛwowaw no wɔ sɔhwɛ ne ahohia kɛse bere mu no? Yenya saa abusuabɔ no denam Onyankopɔn Asɛm, Bible, no a yɛde nsiyɛ sua no so. Yɛma kwan ma ɔkyerɛkyerɛ yɛn ne mmara, nnyinasosɛm ne ne nipasu. (Dwom 19:7-11) Bere a yedwennwen Onyankopɔn Asɛm ho no, yɛbɛn no kɛse, na yesua sɛ yɛde yɛn ho bɛto no so koraa. (Dwom 143:1-5) Yɛma saa abusuabɔ no mu yɛ den bere a yɛne yɛn mfɛfo asomfo bɔ na ama Yehowa akɔ so akyerɛkyerɛ yɛn no. (Dwom 122:1-4) Yɛma yɛne Yehowa ntam abusuabɔ no mu yɛ den denam mpaebɔ a efi komam so.—Dwom 55:1.

Nokwarem no, te sɛ yɛn no, Dawid hawee, bere a na ɔne Yehowa ntam abusuabɔ mu nyɛ den sɛnea anka ɛsɛ sɛ ɛyɛ no. Nhyɛso betumi ama ‘yɛabɔ dam.’ (Ɔsɛnkafo 7:7) Nanso Yehowa hu nea ɛrekɔ so, na onim nea ɛwɔ yɛn komam. (Ɔsɛnkafo 4:1; 5:8) Ehia sɛ yɛyere yɛn ho ma yɛne Yehowa ntam abusuabɔ mu yɛ den. Ɛnde, ɛmfa ho sɛ nnesoa bɛn ara na yɛso no, yebetumi de yɛn ho ato Yehowa so ma nhyɛso no agyae, anaa wama yɛn ahoɔden a yɛde begyina yɛn tebea no ano. (Filipifo 4:6, 7, 13) Asɛm no ne sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɛn Yehowa yiye. Bere a Dawid yɛɛ eyi no, onyaa ahobammɔ koraa.

Enti, sɛnea wo nsɛm tebea te biara no, Dawid ka sɛ dan w’adesoa to Yehowa so bere nyinaa. Ɛno ansa na yebehu nokware a bɔhyɛ yi yɛ no: “Obeso wo mu, ɔremma ɔtreneeni ntwiw n’anan mu da.”—Dwom 55:22.