Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Easter anaa Nkaedi—Nea Ɛwɔ He na Ɛsɛ Sɛ Wudi?

Easter anaa Nkaedi—Nea Ɛwɔ He na Ɛsɛ Sɛ Wudi?

Easter anaa Nkaedi—Nea Ɛwɔ He na Ɛsɛ Sɛ Wudi?

BERE a anim rebaebae April 7 no, nnipa pii bɛhwɛ wɔn da kronkron a ɛsen biara wɔ afe no mu kwan—Easter. Bere bi, na saa din no na wɔde frɛ nna 120 apontow ne mmuadadi a dapɔnna bi a wɔfrɛ no Septuagesima na efi ase na ɛba awiei wɔ nea wɔfrɛ no Baasakoro Da no mu. Ɛnnɛ, wɔde din no frɛ da pɔtee bi a wɔde kae Yesu wusɔre—Easter Kwasida.

Nanso, wɔ anwummere bi a edi kan wɔ dapɛn koro no ara mu no, nnipa foforo ɔpepem pii behyiam ahyɛ Kristo wu Nkaedi a wɔsan frɛ no Awurade Anwummeduan no ho fã. Ɛyɛ afahyɛ a Yesu ankasa de sii hɔ wɔ n’anadwo a etwa to wɔ asase so no. Enti ɔka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.”—Luka 22:19.

Nea ɛwɔ he na ɛsɛ sɛ wudi?

Easter Mfiase

Wonhu edin Easter a wɔde di dwuma wɔ nsase pii so no wɔ Bible mu. Medieval Holidays and Festivals nhoma no ka kyerɛ yɛn sɛ “wɔde dapɔnna no too Ahemadakye ne Fefɛw Bere abosonsom Nyamewa, Eostre.” Na na hena ne saa onyamewa yi? The American Book of Days bua sɛ: “Sɛnea atetesɛm kyerɛ no, Eostre na obuee Valhalla apon de maa Baldur, a wɔfrɛ no Onyame Fitaa, esiane sɛ na ne ho tew nti, na wɔsan frɛɛ no Owia Nyame, esiane sɛ na ne moma so ma adesamma nya hann nti no baa hɔ.” Ɛde ka ho sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ, wɔ Asɔre no mfiase no wogyee abosonsom amammerɛ no toom, na wɔma ɛyɛɛ Kristosom mu adeyɛ. Esiane sɛ na wodi Eostre afahyɛ no de fa nkwa a ɛyɛ foforo wɔ fefɛw bere mu ho nti, na ɛnyɛ den sɛ wɔbɛyɛ no afahyɛ a ɛfa nyan a Yesu a wɔkaa n’asɛmpa no nyan fii awufo mu no ho.”

Eyi a wogye toom no kyerɛkyerɛ sɛnea wɔ nsase bi so no, Easter ho amammerɛ ahorow, te sɛ Easter nkesua, Easter adanko, ne paanoo a ɛyɛ hyew a wɔayɛ mmeamudua ato so no fii ase. Ɛdefa paanoo a ɛyɛ hyew, “a ɛso adodow na wɔayɛ . . . mmeamudua ato so,” ho amammerɛ ho no, Easter and Its Customs nhoma no ka sɛ: “Ná mmeamudua no yɛ abosonsom sɛnkyerɛnne bere tenten ansa na nsɛm a esisii Fida a edi kan a wokum Yesu no rema ayɛ ade titiriw a wɔyɛ daa, na ansa na Kristofo mmere no reba no, na ɛtɔ mmere bi a, wɔyɛ mmeamudua to paanoo ne keeki so.”

Yenhu sɛ wɔbɔ saa nneɛma yi din wɔ Kyerɛwnsɛm no mu baabiara, saa ara na adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ tete Yesu asuafo no nyaa mu gyidi. Nokwarem no, ɔsomafo Petro ka kyerɛ yɛn sɛ ‘yɛmpɛ asɛm no nufusu kronkron, na yɛnam so anyin akɔ nkwagye mu.’ (1 Petro 2:2) Ɛnde, dɛn nti na Kristoman asɔre ahorow no gye ade a ɛte saa a ɛda adi pefee sɛ ɛyɛ abosonsom sɛnkyerɛnne no de kaa wɔn gyidi ahorow ne wɔn nneyɛe ho?

Curiosities of Popular Customs nhoma no bua sɛ: “Ná ɛyɛ tete Asɔre no nhyehyɛe a ɛnsakra sɛ wobebu saa abosonsom afahyɛ ahorow a ɛwɔ hɔ no sɛ Kristofo adeyɛ, esiane sɛ na wontumi ngu no nti. Wɔ Easter fam no, na ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ wɔbɛsesã no. Anigye a na wonya bere a owia ankasa pue, ne abɔde a ɛsan ba nkwa mu bere a ewuwu wɔ awɔw bere no, bɛyɛɛ anigye bere a trenee Owia puei, bere a Kristo sɔre fii awufo mu no. Wɔsesãã abosonsom afahyɛ ahorow bi a na wodi no May 1 nso ma ɛne Easter afahyɛ hyiae.” Sɛ́ anka wɔbɛkwati abosonsom ne nkonyaayi amanne ahorow a agye din no, nyamesom akannifo no maa hokwan ma wɔyɛɛ no “Kristofo adeyɛ.”

Ebia wubebisa sɛ, ‘na ɔhaw bi wɔ ɛno mu?’ Ebinom susuw sɛ ɔhaw biara nnim. Episcopal sɔfo Allan W. Watts kae wɔ ne nhoma EasterIts Story and Meaning mu sɛ: “Sɛ wɔde ɔsom bi te sɛ Kristosom fi baabi brɛ nnipa a, wɔpaw ne tete amammerɛ a efi tete ɔsom ahorow mu no bi na ‘ɛpene so.’ Wɔpaw nea ɛte sɛ nea ɛyɛ nnyinasosɛm koro no ara a ɛwɔ hɔ daa no a Asɔre no kyerɛkyerɛ de ka wɔn nneyɛe ho.” Wɔ nnipa pii fam no, nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔn asɔre pene afahyɛ ahorow yi so na ebu no ade kronkron no yɛ ntease a ɛfata a enti ɛsɛ sɛ wogye tom. Nanso wɔrebu wɔn ani agu nsemmisa atitiriw so. Onyankopɔn te nka dɛn wɔ amammerɛ ahorow yi ho? Ɔde akwankyerɛ bi a yɛde bedi akyi wɔ asɛm no mu ama yɛn?

Onyankopɔn Adwene a Wubehu

Christina Hole kae wɔ ne nhoma Easter and Its Customs mu sɛ: “Easter Da, Yɛn Awurade Wusɔre Afahyɛ no, yɛ Kristofo Asɔre afahyɛ a ɛsen biara.” Nhoma akyerɛwfo foforo pene so. Robert J. Myers ka wɔ Celebrations nhoma no mu sɛ: “Da kronkron anaa afahyɛ biara nni Kristofo afe no mu a ɛne Easter Kwasida sɛ.” Nanso, ɛno ma nsemmisa bi sɔre. Sɛ Easter di ho hia saa a, dɛn nti na ahyɛde pɔtee bi nni Bible mu sɛ yenni? Kyerɛwtohɔ bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yesu tete asuafo no dii Easter Kwasida no?

Ɛnyɛ sɛ Bible no mfa akwankyerɛ mma wɔ afahyɛ a ɛsɛ sɛ yedi ne nea ɛnsɛ sɛ yedi ho. Onyankopɔn kaa eyi ho asɛm pefee kyerɛɛ tete Israel man no, na sɛnea yɛahu dedaw no, wɔde ahyɛde a emu da hɔ maa Kristofo sɛ wɔnhyɛ Kristo wu nkaedi no ho fã. (1 Korintofo 11:23-26; Kolosefo 2:16, 17) The Encyclopædia Britannica no bi a wodii kan yɛe no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Adanse biara nni Apam Foforo, anaa asɔre Agyanom no nhoma ahorow mu a ɛkyerɛ sɛ wodii Easter afahyɛ. Mmere titiriw bi a na wɔatew ho no yɛ adeyɛ bi a na enni tete Kristofo no adwenem. . . . Saa ara na Awurade anaa n’asomafo no anhyɛ sɛ wonni eyi anaa afahyɛ foforo biara.”

Ebinom te nka sɛ anigye a afahyɛ ahorow a ɛtete saa no yɛ ne anigye a ɛde ba no yɛ adanse a ɛfata a enti ɛsɛ sɛ wodi. Nanso, yebetumi asua biribi afi bere a Israelfo faa Misrifo nyamesom mu adeyɛ bi na wɔtoo ne din “Awurade afahyɛ” no mu. Wɔn nso “traa ase didi nomee, na wɔsɔre gorui.” Nanso wɔn nneyɛe no hyɛɛ Yehowa abufuw kɛse, na ɔmaa wɔn asotwe a emu yɛ den.—Exodus 32:1-10, 25-28, 35.

Onyankopɔn Asɛm mu da hɔ yiye. “Hann” a ɛne nokware gyidi ahorow ne “sum” a ɛne Satan wiase no rentumi nnya ayɔnkofa biara; Kristo ne abosonsom rentumi ‘nka.’ Wɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Enti mumfi wɔn mu, na montew mo ho, sɛnea Awurade se ne no, na monnka nea ɛyɛ fi; na me nso magye mo.”—2 Korintofo 6:14-18.

Esiane sɛ Nkaedi afahyɛ no nkutooɛnyɛ Easter—na wɔhyɛ wɔ Bible mu sɛ Kristofo nni nti, ɛsɛ sɛ wodi. Enti yɛbɛyɛ dɛn atumi adi no ɔkwan a ɛfata so?

[Kratafa 5 mfonini]

Israelfo “Awurade afahyɛ” no hyɛɛ Onyankopɔn abufuw kɛse

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]

Cover: M. Thonig/H. Armstrong Roberts