Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hyɛ Nkaedi No Ho Fã Sɛnea Ɛsɛ

Hyɛ Nkaedi No Ho Fã Sɛnea Ɛsɛ

Hyɛ Nkaedi No Ho Fã Sɛnea Ɛsɛ

NISSAN 14, 33 Y.B. anwummere na Yesu de Nkaedi no sii hɔ. * Ná afei ara na ɔne n’asomafo 12 no adi Twam afahyɛ no awie, enti yebetumi ahu da no. Bere a ɔpam ɔfatwafo Yuda no, Yesu “faa abodoo hyiraa so bubui, na ɔde maa wɔn kae sɛ: Munnye! Eyi ne me honam. Na ɔfaa kuruwa no daa ase de maa wɔn, na wɔn nyinaa nom bi. Na osee wɔn sɛ: Eyi ne me mogya a ɛyɛ apam no mogya a nnipa bebree nti wɔrehwie agu.”—Marko 14:22-24.

Yesu hyɛɛ n’asuafo sɛ wɔnkae ne wu no esiane sɛ ɛho hia nti. (Luka 22:19; 1 Korintofo 11:23-26) Ná n’afɔrebɔ no nkutoo na ebetumi agye adesamma afi nnome a bɔne ne owu a wonya fii awo mu no de aba wɔn so no mu. (Romafo 5:12; 6:23) Ná abodoo ne nsa a ɔde dii dwuma no yɛ ne nipadua ne ne mogya a ɛyɛ pɛ no ho sɛnkyerɛnne. Esiane sɛ yenim da no ankasa nti, yebetumi ahyɛ adeyɛ no ho fã wɔ da a ɛne no hyia wɔ afe biara mu, sɛnea na wodi Yudafo Twam no. Nanso ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa wɔ ɔkwan a ɛfata so. Dɛn ntia?

Ɔsomafo Paulo kae sɛ wɔn a wodi abodoo no na wɔnom nsa a ɛyɛ biribi ho sɛnkyerɛnne no ‘bɛka Awurade wu no kosi sɛ ɔbɛba.’ (1 Korintofo 11:26) Enti na ade a afahyɛ no bɛtwe adwene asi so ne Yesu wu ne nea ɛkyerɛ ma adesamma. Ná adeyɛ no bɛyɛ nea anibere wom, bere a yɛde kae Onyankopɔn papayɛ ne anisɔ a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ wɔ Yehowa ne ne Ba no ho. (Romafo 5:8; Tito 2:14; 1 Yohane 4:9, 10) Enti, Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Enti nea obedi abodoo yi, anaasɛ ɔbɛnom Awurade kuruwa yi ano sɛnea ɛnsɛ no, obedi Awurade nipadua ne ne mogya ho fɔ.”—1 Korintofo 11:27.

Sɛnea Ɛsɛ—Ɔkwan Bɛn So?

Ɛda adi sɛ, sɛ yɛnam yɛn ho a yɛde bɛhyɛ nneyɛe a ɛho wɔ asɛm mu anaa abosonsom amammerɛ a yebedi akyi so sɛe afahyɛ no a, Onyankopɔn ani rennye ho. (Yakobo 1:27; 4:3, 4) Eyi remma Easter bere mu afahyɛ a agye din ho kwan koraa. Bere a yedi Yesu ahyɛde a ɛne sɛ ‘yɛnyɛ eyi mfa nyɛ no nkae’ no so no, yɛbɛpɛ sɛ yɛhyɛ Nkaedi ho fã no sɛnea wɔde sii hɔ no pɛpɛɛpɛ. (Luka 22:19; 1 Korintofo 11:24, 25) Eyi remma nneɛma a Kristoman asɔre ahorow no de ahyehyɛ afahyɛ no mu ho kwan koraa. New Catholic Encyclopedia gye tom sɛ: “Mass a wɔbɔ nnɛ no yɛ soronko koraa wɔ afahyɛ tiawa a Kristo ne N’Asomafo dii no ho.” Na ɛdenam Mass a wɔtaa bɔ na wɔyɛ no da biara da mpo so no, Kristoman ayera afi nea Yesu de sii hɔ no ho, na wayɛ no ade a ɛnsom bo.

Paulo kyerɛw Korinto Kristofo no wɔ sɛnea wonyaa mu kyɛfa sɛnea ɛnsɛ no ho, efisɛ na Awurade Anwummeduan no ho haw bi asɔre wɔ asafo no mu. Ebinom ankyerɛ obu amma kronkron a ɛyɛ no. Wɔde wɔn anwummeduan bae na wodii ansa na wɔrefi nhyiam no ase anaa bere a ɛrekɔ so no. Mpɛn pii no, na wodidi nom nsa boro so. Eyi maa wɔyɛɛ nyaa na wɔn adwene mu anna hɔ. Esiane sɛ wɔn ani anna hɔ wɔ adwene ne honhom fam nti, wɔantumi ‘anhu nipadua no yiye’ na ɛno nti wodii “Awurade nipadua ne ne mogya ho fɔ.” Bere koro no ara mu no, ɔkɔm dee wɔn a wɔannidi anwummere no na egyee wɔn nso adwene. Ɛkame ayɛ sɛ na wɔn mu biara nni tebea bi a ɛbɛma wɔde anisɔ ne aniberesɛm a ɛwɔ adeyɛ no mu a wobebu no yiye—a ɛne sɛ na wɔredi afahyɛ no de akae Awurade wu—no adi abodoo no anom bobesa no bi. Eyi ma wobuu wɔn fɔ, efisɛ na wɔnkyerɛ obu wɔ ho, na na wobu no animtiaa mpo.—1 Korintofo 11:27-34.

Nhumu Ho Hia

Ebinom anya Nkaedi abodoo ne bobesa no mu kyɛfa, ɛwom sɛ akyiri yi, wohui sɛ anka ɛnsɛ sɛ wɔyɛ saa de. Wɔn a wonya Nkaedi abodoo ne bobesa no mu kyɛfa sɛnea ɛsɛ no yɛ wɔn a Onyankopɔn apaw wɔn, na Onyankopɔn honhom di ɛno ho adanse. (Romafo 8:15-17; 2 Korintofo 1:21, 22) Ɛnyɛ wɔn ankasa gyinaesi anaa wɔn mmɔdenbɔ na ɛma wɔfata. Nnipa 144,000 pɛ na Onyankopɔn bɛma wɔne Kristo adi tumi wɔ soro, na sɛ wɔde wɔn toto wɔn a wonya Kristo agyede no mu mfaso no nyinaa ho a, na wɔyɛ kakraa bi. (Adiyisɛm 14:1, 3) Yesu bere so na wofii ase paw nnipa no, enti ɛnnɛ, nnipa kakraa bi na wonya mu kyɛfa. Na bere a wɔn mu bi wu no, ɛsɛ sɛ wɔn dodow so tew.

Dɛn nti na obi betumi anya abodoo ne bobesa no mu kyɛfa sɛnea ɛnsɛ? Ebia na efi nyamesom adwenhorow bi a na okura dedaw—adwene a ɛne sɛ anokwafo nyinaa kɔ soro. Anaasɛ ebia na efi akɛsesɛm anaa pɛsɛmenkominya—adwene a ɛne sɛ obi fata sen afoforo—ne anuonyampɛ. Ebia efi nkate a emu yɛ den bi a ɔhaw ahorow bi a emu yɛ den anaa asiane bi a ɛma obi hwere asetra mu anigye wɔ asase so de ba. Ebetumi nso aba sɛ efi obi a ɔwɔ ɔsoro frɛ a ɔne no wɔ ayɔnkofa a emu yɛ den nti. Ehia sɛ yɛn nyinaa kae sɛ gyinaesi no yɛ Onyankopɔn de, ɛnyɛ yɛn de. (Romafo 9:16) Enti, sɛ obi ‘sɔ ne ho hwɛ wie’ na sɛ ohu sɛ nokwarem no, anka ɛnsɛ sɛ onya abodoo ne bobesa no mu kyɛfa a, ɛsɛ sɛ ogyae saa yɛ mprempren.—1 Korintofo 11:28.

Anidaso a Onyankopɔn de ama adesamma mu dodow no ara ne daa nkwa wɔ paradise asase so. Ɛno yɛ nhyira kɛse a yebetumi ahwɛ kwan, na ɛyɛ nea ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛn ani begye ho. (Genesis 1:28; Dwom 37:9, 11) Ɛyɛ asase so na gyidifo adɔfo a wɔanyan wɔn bɛba abɛka wɔn ho, na wobehyia tete atreneefo te sɛ Abraham, Sara, Mose, Rahab, Dawid, ne Yohane Suboni—wɔn nyinaa wuwui ansa na Yesu rebue ɔsoro asetra ho kwan no.—Mateo 11:11; fa toto 1 Korintofo 15:20-23 ho.

Wɔn a wɔwɔ asase so anidaso no di Awurade Anwummeduan no sɛnea ɛsɛ denam kɔ a wɔkɔ na wofi obu mu tie so, ɛwom mpo sɛ wonnya abodoo ne bobesa no mu kyɛfa de. Wɔn nso nya Kristo afɔrebɔ no mu mfaso, na ɛboa wɔn ma wonya gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim. (Adiyisɛm 7:14, 15) Bere a wotie ɔkasa a wɔma no, ɛhyɛ anisɔ a wɔwɔ ma akronkronne no mu den, na ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛkɔ so ne Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ baabiara ayɛ biako no yɛ kɛse.

Saa afe yi, wobedi Nkaedi no wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow bɛboro 78,000 a ɛwɔ wiase no nyinaa mu bere a owia akɔtɔ wɔ Benada, April 2. Wobɛkɔ bi?

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 2 Ná Yudafo da no fi ase anwummere. Sɛnea yɛn kalenda no kyerɛ no, na saa Nisan 14 no fi ase fi Yawda anwummere wɔ March 31, kosi Fida anwummere wɔ April 1. Wɔde Nkaedi no sii hɔ Yawda anwummere, na Yesu wui Fida awia wɔ Yudafo da no ara. Wonyanee no da a ɛto so abiɛsa no, Kwasida anɔpatutuutu.

[Kratafa 8 mfonini]

Yehowa Adansefo hyɛ Nkaedi ho fã no pɛn koro afe biara