Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Monnyɛ Aduan A Ɛsɛe Ho Adwuma”

“Monnyɛ Aduan A Ɛsɛe Ho Adwuma”

“Monnyɛ Aduan A Ɛsɛe Ho Adwuma”

SƐNEA DAVID LUNSTRUM KA KYERƐE

Na me ne me nuabarima Elwood wɔ wim bɛboro mita 9 a yɛrekyerɛw sɛnkyerɛnne foforo agu Watchtower adwinnan no ho. Ɛda so ara wɔ hɔ bɛboro mfirihyia 40 ni, na ɛhyɛ nkurɔfo nkuran sɛ: “KENKAN ONYANKOPƆN ASƐM KYERƐW KRONKRON BIBLE NO DA BIARA.” Dapɛn biara nnipa mpempem pii hu saa sɛnkyerɛnne yi bere a wotwam wɔ Brooklyn Bridge a agye din yiye so no.

ME MMOFRABEREM nneɛma a mekae no bi ne da a na abusua no tu si hɔ ma nneɛma horo no. Ɛbɛbɔ anɔpa 5:00 no, na Maame asɔre dedaw rehoro yɛn abusua kɛse no nneɛma, na Paapa nso resiesie ne ho akɔ adwuma. Wɔsan so akyinnyegye denneennen mu bio, ma Paapa ka sɛ ɔkwan bi so no, nnipa nam adannaadi so na ɛbae wɔ bɛboro mfirihyia ɔpepem pii mu, na Maame fi Bible no mu kyerɛ sɛ nnipa yɛ Onyankopɔn adebɔ tee.

Bere a na m’adi mfe ason pɛ mpo no, mihui sɛ na Maame ahu nokware no. Ɛmfa ho sɛnea na medɔ Paapa no, mitumi hui sɛ na ne gyidi no mfa daakye ho anidaso biara mma. Hwɛ sɛnea anka Maame ani begye afa sɛ obehu sɛ mfe pii akyi no, ne mma mmarima baanu kyerɛwee sɛnkyerɛnne bi a ɛhyɛɛ nkurɔfo nkuran sɛ wɔnkenkan Bible, nhoma a na n’ani gye ho yiye no!

Nanso mereyɛ aka nea ennuu so sɛ mɛka. Ɛyɛɛ dɛn na mibenyaa adwuma a ɛsom bo saa yi? Ɛsɛ sɛ mesan m’akyi kɔ afe 1906, mfe abiɛsa ansa na wɔrewo me.

Maame Nokwaredi Ho Nhwɛso

Saa bere no na Maame ne Paapa aware foforo a wɔte ntamadan mu wɔ Arizona. Bible Asuafo, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo no, mu biako bae de nhoma horow a Charles Taze Russell kyerɛwee a wɔato din Studies in the Scriptures, maa Maame. Ɔtraa ase anadwo mũ nyinaa a na ɔrekenkan, na ankyɛ na ohui sɛ eyi ne nokware a na ɔrehwehwɛ no. Ne ho peree no sɛ Paapa a na ɔrekɔhwehwɛ adwuma no bɛba.

Ná Paapa nso ani nnye nea na asɔre ahorow no kyerɛkyerɛ no ho, enti ogyee Bible mu nokware ahorow yi toom kosii bere bi. Nanso akyiri yi, ɔne no paapae mu wɔ nyamesom mu na ɔmaa nneɛma mu yɛɛ den maa Maame mpo. Nanso Maame annyae ne mma honam fam ne honhom fam ahiade ho dwumadi ara da.

Me werɛ remfi sɛnea na Maame sian fam anadwo biara, bere a na ɔde da mũ ayɛ adwumaden, na ɔbɛkenkan Bible afã bi kyerɛ yɛn anaa ɔne yɛn bɔ honhom fam nkɔmmɔ a ɛsom bo. Na Paapa nso yɛ nsiyɛfo, na bere a na merenyin no, ɔkyerɛɛ me sɛnea wɔka dan ho. Yiw, Paapa kyerɛɛ me adwuma, nanso Maame kyerɛɛ me nea ɛsɛ sɛ meyɛ ho adwuma, sɛnea Yesu hyɛe no, ‘aduan a ɛnsɛe.’—Yohane 6:27.

Akyiri yi koraa no, yɛn abusua no tu kɔtraa Ellensburg a ɛyɛ kurow ketewaa a ɛwɔ Washington mantam, a ɛbɛyɛ kilomita 180 wɔ Seattle apue fam no mu. Bere a Maame ne yɛn mmofra no fii ase kɔɔ Bible Asuafo no nhyiam horow no, na yehyiam wɔ nkurɔfo afie mu. Mmarima a na wɔwɔ yɛn adesua kuw no mu nyinaa gyae, bere a wosii hia a afie afie som adwuma no ho hia so dua no. Nanso Maame anhinhim da. Eyi nyaa me so nkɛntɛnso kɛse ma mede me ho too akwankyerɛ a Yehowa ahyehyɛde de ma no so bere nyinaa.

Akyiri yi koraa no, Paapa ne Maame benyaa mma baakron. Wɔwoo me a meyɛ wɔn ba a ɔto so abiɛsa no, October 1, 1909 mu. Sɛ yɛka bom a, yɛn mu baasia suaa Maame nhwɛso pa no bɛyɛɛ Yehowa Adansefo a wɔyɛ hyew.

Ahosohyira ne Asubɔ

Bere a aka kakra ma madi mfe aduonu no, mihyiraa me ho so maa Yehowa, na mede nsu mu asubɔ yɛɛ eyi ho sɛnkyerɛnne wɔ 1927 mu. Asubɔ no kɔɔ so wɔ ɔdan dedaw bi a na ɛyɛ Baptist asɔre wɔ Seattle mu. Ɛyɛ me anigye sɛ na wɔayi abanten no afi atifi. Wodii yɛn anim de yɛn kɔɔ ɔtare no ho wɔ ase hɔ dan bi mu, beae a wɔmaa yɛn ntade yuu tuntum bi sɛ yɛnhyɛ. Na ɛte sɛ nea yɛrekɔ ayi.

Asram kakraa bi akyi no mesan kɔɔ Seattle bio, na saa bere yi na mesɔɔ apon ano adansedi hwɛe nea a edi kan koraa. Nea na odi anim no ka kyerɛɛ me sɛ, “Fa mpɔtam ha, na me nso mɛfa ɔfã nohoa.” Ɛmfa ho sɛ na misuro no, mede nhomawa a mahyehyɛ no akuw akuw abien maa ɔbea bi a na n’anim tew yiye. Metoaa ɔsom adwuma a wɔyɛ no apon ano no so bere a mesan kɔɔ Ellensburg no, na mprempren, bɛyɛ mfe 70 akyi ni no, m’ani da so gye ɔsom dwumadi a ɛte saa ho yiye.

Ɔsom Adwuma wɔ Wiase Nyinaa Adwumayɛbea Ti

Ɛno akyi bere tiaa bi na obi a na wasom wɔ Brooklyn Betel, Ɔwɛn Aban Asafo no wiase nyinaa adwumayɛbea ti, hyɛɛ me nkuran sɛ mintu me ho mma nkɔsom wɔ hɔ. Yɛn nkɔmmɔbɔ no akyi bere tiaa bi no, nkaebɔ bi puei wɔ Watchtower nsɛmma nhoma no mu a ɛdaa no adi sɛ mmoa ho hia wɔ Betel. Enti mede me din kɔe. Me werɛ remfi anigye a minyae bere a me nsa kaa krataa sɛ mimmefi Betel som adwuma ase wɔ Brooklyn, New York, wɔ March 10, 1930 mu no. Saa na ‘aduan a ɛnsɛe’ a mede bere nyinaa yɛɛ ho adwuma no fii ase

Obi besusuw sɛ, osuahu a na mewɔ sɛ adukafo no nti, anka wɔbɛma maka biribi ho aduru. Nanso m’adwuma a edi kan ne afiri a wɔde pompam nhoma a mede yɛɛ adwuma wɔ adwinnan mu hɔ no. Ɛwom sɛ na eyi yɛ anihaw adwuma de, nanso mede anigye yɛɛ adwuma no bɛboro mfe asia. Nhoma tintim aflri kɛse a na yɛama no abodin, akohyɛn dedaw no yɛɛ nhomawa de faa hama so baa yɛn nkyɛn wɔ ɔdan no ase hɔ. Yɛn ani gyei bere a na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛpam nhomawa no ahoɔhare so sɛnea efi akohyɛn no mu ba no.

Ɛno akyi no, meyɛɛ adwuma wɔ adwumayɛbea ahorow pii, a na beae a wɔyɛ gramofon no nso ka ho. Yɛde saa mfiri yi bɔɔ Bible mu nsɛm a wɔakyere agu mpaawa so wɔ afiewuranom apon ano. Wɔn a wɔatu wɔn ho ama a wɔwɔ yɛn adwumayɛbea hɔ na wɔhyehyɛe na wɔyɛɛ gramofon a wɔayɛ no atenten no. Ɛnyɛ kasa a wɔakyere agu mpaawa so nko na gramofon yi bɔe na mmom na ɛwɔ afã a wɔasiesie a wɔde nhomawa ne ebia paano bi hyɛ. Minyaa hokwan sɛ mɛkyerɛ sɛnea wɔde saa adwinnade foforo yi dii dwuma wɔ ɔmantam nhyiam bi ase wɔ Detroit, Michigan, wɔ 1940 mu.

Nanso na ɛnyɛ mfiri a ɛda nsow nkutoo na yɛreyɛ. Ná yɛreyɛ honhom mu nsakrae a ehia nso. Sɛ nhwɛso no, na Yehowa Adansefo bɔ mmeamudua ne ahenkyɛw baagye. Nanso yebehui sɛ wokum Yesu wɔ dua a esi ntenten so na ɛnyɛ mmeamudua so. (Asomafo no Nnwuma 5:30) Enti yegyaee baagye yi bɔ. Minyaa hokwan no yiyii nea baagye no hyem no fii ho. Na akyiri yi yɛnanee sika kɔkɔɔ no kɔtɔnee.

Ɛwom sɛ na yɛyɛ adwuma nnanum ne fã dapɛn biara a na yenni adagyew koraa de, nanso yɛde yɛn ho hyɛɛ Kristofo som adwuma no mu dapɛn awiei. Da bi wɔkyeree yɛn mu 16 de yɛn koguu afiase wɔ Brooklyn. Dɛn ntia? Saa bere no na yebu ɔsom biara sɛ atoro som. Enti na yekura sɛnkyerɛnne a ɛkenkan wɔ ɔfã biako sɛ “Nyamesom Yɛ Afiri ne Nnaadaa” ne ɔfã a aka no nso sɛ “Som Onyankopɔn ne Ɔhene Kristo.” Wɔde yɛn guu afiase esiane sɛ na yekura sɛnkyerɛnne horow yi nti, nanso Ɔwɛn Aban Asafo no mmaranimfo, Hayden Covington, beyii yɛn. Saa bere no na wodi nsɛm pii a ɛfa ɔsom mu ahofadi ho wɔ Asennibea Kunini a ɛwɔ United States no, na na ɛyɛ anigye sɛ na mewɔ Betel ma enti metee yɛn nkonimdi horow ho amanneɛbɔ no tee.

Awiei koraa no, wɔmaa me dwumadi wɔ mmeae a me suahu wɔ aduka ho no bɛba mfaso mu. Yenyaa radio adwumayɛbea, WBBR, wɔ Staten Supɔw a ɛyɛ New York Kuropɔn no nkurow atitiriw anum no biako mu. Ná adwumayɛbea no radio aban no kɔ soro bɛboro mita 60, na na wɔde hama abiɛsa asoso mu. Metraa apa a ne tenten nnu mita biako na ne trɛw yɛ sɛntimita 20 so bere a nea me ne no yɛ adwuma no maa me so kɔɔ soro no. Bere a mete sorosoro wɔ saa agua ketewaa no so no, mekaa hama a wɔde asuso mu no ne aban no ho aduru. Nnipa pii abisa me sɛ ebia annye mpaebɔ pii bere a yɛreyɛ saa adwuma no anaa!

Ahohuru bere mu adwuma bi a me werɛ remfi da ne adwinnan mfɛnsere no ho hohorow ne mfɛnsere no ano aduka. Yɛfrɛɛ no yɛn ahohuru bere mu ahomegye. Yesiesie yɛn apa no na bere a yɛde dufua ne hama di dwuma no, yedii abansoro a ɛtoa so awotwe no so aforosian.

Abusua a Wɔyɛɛ Me Mmoa

Me paapa wui wɔ 1932 mu, na misusuw ho sɛ ebia menkɔ fie nkɔhwɛ Maame anaa. Enti da bi, ansa na bere bɛso ma yɛakodidi awia no, me de asɛm bi a makyerɛw agu krataa so kɔtoo ɔpon ti beae a Onua Rutherford, Asafo no titrani bɛtra no. Mekyerɛw wom sɛ mepɛ sɛ me ne no kasa. Bere a ɔtee nea ɛhaw me no na obehui sɛ mewɔ nuabarimanom ne nuabeanom a wɔda so ara wɔ fie no, obisaa me sɛ, “Wopɛ sɛ wotra Betel na woyɛ Awurade adwuma no anaa?”

Mibuae sɛ “Yiw, mepɛ.”

Enti ɔhyɛɛ nyansa sɛ menkyerɛw Maame nhwɛ sɛ ebia ɔpene me gyinaesi a ɛne sɛ mɛtra hɔ no so anaa. Saa na meyɛe, na ɔkyerɛw ba bɛkyerɛɛ me sɛ ɔpene me gyinaesi no so kosi ase. Nokwarem no, m’ani gyee Onua Rutherford ayamye ne n’afotu no ho yiye.

Wɔ mfe pii a mede traa Betel no, na mekyerɛw m’abusuafo bere nyinaa hyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnsom Yehowa, sɛnea na Maame ahyɛ me nkuran no ara pɛ. Maame wui wɔ July 1937 mu. Hwɛ nkuranhyɛ ara a na wayɛ ama yɛn abusua no! Me nuabarima ne me nuabea panyin, Paul ne Esther, ne me nuabea kumaa Lois nkutoo na ammɛyɛ Adansefo. Nanso na Paul ani gye yɛn adwuma no ho na ɔmaa yɛn asase ma yesii yɛn Ahenni Asa a edi kan wɔ so.

Me nuabea Eva, bɛyɛɛ ɔkwampaefo anaa bere nyinaa ɔsɛmpakafo, wɔ 1936 mu. Saa afe koro no ara, ɔwaree Ralph Thomas na wɔma wɔkɔyɛɛ akwantu adwuma de som Yehowa Adansefo asafo ahorow wɔ 1939 mu. Akyiri yi, wɔkɔɔ Mexico, beae a wɔde mfirihyia 25 boaa Ahenni adwuma no.

Me nuabeanom, Alice ne Frances nso de wɔn ho hyɛɛ akwampae adwuma no mu wɔ 1939 mu. Hwɛ anigye ara a na ɛyɛ sɛ mihuu Alice sɛ ogyina ɔpon akyi na ɔrekyerɛ sɛnea wɔde gramofon afiri a meboa ma wɔyɛe no di dwuma wɔ St. Louis ɔmantam nhyiam a wɔyɛɛ no 1941 no ase! Ɛwom sɛ ɛtɔ bere bi a, esiane abusua asɛyɛde ahorow nti ogyae n’akwampae adwuma no kakra de, nanso sɛ wɔka ne nyinaa bom a, ɔde mfirihyia 40 na asom wɔ bere nyinaa som adwuma no mu. Frances toaa so kɔɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu wɔ 1944 mu na ɔde bere bi somee sɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ Puerto Rico.

Wɔn a wosua koraa wɔ abusua no mu, Joel ne Elwood, bɛyɛɛ akwampaefo wɔ 1940 mfe no mfiase wɔ Montana. Joel akɔ so ayɛ Ɔdansefo nokwafo na seesei ɔsom sɛ asafo mu ɔsomfo. Elwood bɛkaa me ho wɔ Betel wɔ 1944 mu, na ɛma minyaa komam anigye kɛse. Bere a mifii fie no, na onnii mfe anum. Sɛnea madi kan aka no, me ne no na yɛboom kyerɛw sɛnkyerɛnne a ɛwɔ adwinnan no ho a ɛse, “Kenkan Onyankopɔn Asɛm Kyerɛw Kronkron Bible no Da Biara” no. Metaa susuw nnipa dodow a mfe a atwam no wɔahu saa sɛnkyerɛnne no ama ahyɛ wɔn nkuran ma wɔakenkan wɔn Bible.

Elwood somee wɔ Betel kosii sɛ ɔwaree Emma Flyte wɔ 1956 mu. Elwood ne Emma de mfe pii yɛɛ adwuma boom wɔ bere nyinaa som adwuma no mu, bere a wɔsom kakra wɔ Kenya wɔ Afrika, ne Spain nso. Kokoram kaa Elwood ma owui wɔ Spain wɔ 1978 mu. Emma akɔ so wɔ akwampae adwuma no mu wɔ Spain de abesi nnɛ.

Aware ne Abusua

Mifii Betel September 1953 kɔwaree Alice Rivera a na ɔyɛ ɔkwampaefo wɔ Brooklyn Center Asafo a na mewɔ mu no mu. Memaa Alice hui sɛ mewɔ ɔsoro anidaso, nanso na n’ani da so ara gye ho sɛ ɔbɛware me.—Filipifo 3:14.

Mfe 23 a metraa Betel akyi no, na ɛnyɛ merɛw sɛ mɛyɛ nsakrae na mafi m’ankasa adwuma ase sɛ odukafo bio na mede ahwɛ Alice ne m’ankasa wɔ akwampae adwuma no mu. Ná Alice yɛ ɔboafo bere nyinaa, mpo sɛ akwahosan ho asɛm nti na ɛsɛ sɛ ogyae akwampae adwuma no a. Na yɛrehwɛ yɛn ba a odi kan kwan wɔ 1954 mu. Awo no mu yɛɛ den, ɛwom sɛ yɛn babarima John, yɛɛ yiye de. Alice hweree mogya pii wɔ ne yafunu a wɔpae no mu araa ma na aduruyɛfo no nsusuw sɛ obenya nkwa. Eduu baabi no na wɔnte mpo sɛ mogya nam ne ntini mu. Nanso ofii mu kae saa anadwo no na bere kɔɔ so no, ne ho tɔɔ no koraa.

Mfe kakraa bi akyi, bere a Alice papa wui no, yɛsan tu kɔɔ akyiri wɔ Long Supɔw so, na yɛne ne maame kɔtrae. Esiane sɛ na yenni kar nti, na menantew anaa mefa bɔɔs ne keteke a ɛnam kwan a ɛda asase ase so na etu kwan. Menam saayɛ so tumi toaa akwampae adwuma no so na mehwɛɛ m’abusua. Bere nyinaa som adwuma mu anigye horow no boro biribiara a mede abɔ afɔre so koraa. Boa a maboa nnipa—te sɛ Joel Natale a ogyaee baseball agodie a na anka ɛbɛma wadi yiye ba bɛyɛɛ Ɔdansefo—no yɛ nhyira horow a manya no mu biako pɛ.

Bere a tebea mu bɛyɛɛ den wɔ New York mpɔtam hɔ wɔ 1967 mu no, meyɛɛ no sɛ mede Alice ne John bɛsan akɔ me kurom, Ellensburg akɔtra hɔ. Seesei, mete abotɔyam nka bere a mihu me maame mmanana ne nanakanso sɛ wɔde wɔn ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma mu no. Ebi mpo som wɔ Betel. John ne ne yere ne ne mma nso de nokwaredi resom Yehowa.

Awerɛhosɛm ne sɛ, mehweree me yere a medɔ no, Alice wɔ owu mu wɔ 1989 mu. Me ho a mede ahyɛ bere nyinaa som adwuma no mu a adagyew nnim no aboa me ma matumi agyina adehwere no ano. Seesei me ne me nuabea Alice yɛ akwampae adwuma no bom. Hwɛ fɛ a ɛyɛ sɛ yɛte dan koro mu bio na yɛyɛ adwuma a ehia sen biara yi a adagyew nnim!

Wɔ 1994 osutɔ bere mu no, mekɔsraa Betel nea edi kan koraa wɔ bɛyɛ mfe 25 mu. Hwɛ anigye a minyae sɛ mihuu nnipa pii a mene wɔn yɛɛ adwuma bɛboro mfirihyia 40 a atwam ni no. Bere a mekɔɔ Betel wɔ 1930 mu no na nnipa 250 pɛ na wɔwɔ abusua no mu, nanso Betel abusua a ɛwɔ Brooklyn no dodow boro 3,500 nnɛ!

Honhom Fam Aduan Wowaw Me

Mpɛn pii no, mekɔnantew Yakima Asubɔnten a ɛbɛn yɛn fie no ho anɔpatutuutu. Mifi hɔ tumi hu Bepɔw Rainier a ɛkorɔn a asukyenee akata so a ne tenten bɛboro mita 4,300 wɔ wim. Wuram mmoa nyɛ na wɔ hɔ. Ɛtɔ mmere bi a, mihu ɔforote, na bere bi mpo mihuu ɔforote akɛse no bi.

Mmere a wim atɛm dinn na aka me nkutoo no ma mitumi susuw Yehowa nsiesiei a ɛyɛ nwonwa no ho. Mebɔ mpae srɛ ahoɔden a mede bɛkɔ so asom yɛn Nyankopɔn, Yehowa wɔ nokwaredi mu. Ɛyɛ a m’ani gye ho sɛ mɛto dwom bere a menam no, titiriw dwom, “Ma Yehowa Koma Ani Nnye,” a emu nsɛm no ka sɛɛ no: “Nyankopɔn yɛbɛyɛ w’apɛde; Nyansam yebewie w’adwuma. Ɛno na yɛn nso yɛbɛma wo koma anya anigye.”

M’ani agye sɛ mapaw adwuma a ɛma Yehowa koma ani gye. Mebɔ mpae sɛ mɛkɔ so ayɛ adwuma yi kosi sɛ menya ɔsoro akatua a wɔde ahyɛ bɔ no. Ɛyɛ m’anidaso sɛ saa asɛm yi bɛkanyan afoforo nso ma wɔde wɔn nkwa ayɛ ‘aduan a ɛnsɛe ho adwuma.’—Yohane 6:27.

[Kratafa 23 mfonini ahorow]

Elwood a ɔrekyerɛw sɛnkyerɛnne, “KENKAN ONYANKOPƆN ASƐM KYERƐW KRONKRON BIBLE NO DA BIARA.”

[Kratafa 24 mfonini]

Me ne Grant Suiter ne John Kurzen rekyerɛ sɛnea wɔde gramofon foforo no di dwuma wɔ ɔmantam nhyiam ase wɔ 1940 mu

[Kratafa 25 mfonini]

Ná yɛn mu dodow a na yɛwɔ nokware no mu no wɔ bere nyinaa som adwuma no mu wɔ 1944 mu: David, Alice, Joel, Eva, Elwood, ne Frances

[Kratafa 25 mfonini]

Anuanom a yɛaka, fi benkum so: Alice, Eva, Joel, David, ne Frances