Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnwuma Pa a Ɛhyɛ Yehowa Anuonyam

Nnwuma Pa a Ɛhyɛ Yehowa Anuonyam

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Nnwuma Pa a Ɛhyɛ Yehowa Anuonyam

YESU see n’asuafo no wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ: “Momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na ama wɔatumi ahu mo nnwuma pa, na wɔahyɛ mo agya a ɔwɔ soro no anuonyam.” (Mateo 5:16 NW) Saa ara na nnɛ, nokware Kristofo yɛ “nnwuma pa” a ɛhyɛ Yehowa anuonyam.

Dɛn ne saa nnwuma pa yi? Nea ɛka ho ne asɛmpa no a yɛbɛka, nanso yɛn abrabɔ pa nso yɛ ne fã bi a ɛho hia. Mpɛn pii no ɛyɛ yɛn abrabɔ pa na edi kan twetwe nkurɔfo ba Kristofo asafo no mu. Osuahu ahorow a edidi so yi kyerɛkyerɛ sɛnea Yehowa Adansefo a wɔwɔ Martinique ‘rema wɔn kanea ahyerɛn nnipa anim.’

□ Bere a Yehowa Adansefo mu biako reyɛ afie afie asɛnka adwuma no, ɔkɔsraa Katolekni bea bi. Ná ɔbea yi ne ɔbarima bi atra mfe 25 a wɔnwaree. Ná onim Yehowa Adansefo nkyerɛkyerɛ, efisɛ bɛyɛ mfe ason a atwam no, ogyee Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no bi. * Ɔbea no ka kyerɛɛ Ɔdansefo no sɛ: “Ɔsom ahorow no adɔɔso dodo. Mintumi nhu nea minnye nni wɔ basaayɛ yi nyinaa mu.” Ɔdansefo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ obetumi ahu nokware no wɔ Bible no nkutoo mu, na sɛnea ɛbɛyɛ na wahu no, ɛsɛ sɛ osua Kyerɛwnsɛm no yiye na ɔbɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmma no ne honhom ne n’akwankyerɛ.

Ɛwom sɛ na ɔbea no ani gye sɛ obesua Bible no de, nanso ɔpow nsa a wɔto frɛɛ no mpɛn dodow bi sɛ ɔmmra Kristofo nhyiam wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so bere tenten bi. Dɛn ntia? Ná ɔfɛre ade yiye. Nanso, bere a wɔtoo nsa frɛɛ no sɛ ɔmmra Kristo wu Nkaedi no, odii ne fɛre no so, na ɔkɔe.

Nea ɛkanyan no kɛse paa wɔ nhyiam no ho ne ɔdɔ tebea a na ɛwɔ Ahenni Asa so hɔ no. Ná onhuu nokware ayɔnkofa a ɛte saa wɔ n’asɔre mu da! Wɔ saa nhyiam no akyi no, ofii ase kɔɔ nhyiam ahorow a hɔnom Adansefo no yɛ nyinaa, na ankyɛ, ɔwaree ɔbarima no a na ɔne no wɔ hɔ no. Mprempren ɔyɛ asafo no muni a wɔabɔ no asu.

□ Ɔdansefo foforo nso nnwuma pa sow aba pa. Ná ɔwɔ dibea a asɛyɛde wom wɔ adwumayɛbea bi mu. Bere a wɔkɔfaa ɔbarima bi fii Réunion supɔw so bae no, adwumayɛfo no bi fii ase dii ne ho fɛw esiane akwatia a ɔyɛ nti. Ɔbɛyɛɛ obi a wɔserew no. Nea ɛne no bɔ abira no, na Ɔdansefo no da ayamye ne obu adi kyerɛ ɔbarima no bere nyinaa. Ankyɛ obisaa no nea enti a ɔyɛ soronko saa.

Ɔdansefo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ esiane Bible nnyinasosɛm a wasua afi Yehowa Adansefo hɔ nti na obu ade saa no. Ɔsan kyerɛɛ no nea Kyerɛwnsɛm no ka fa Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ne wiase foforo bi ho anidaso ho. Ɔbarima no penee Bible adesua so, ofii ase kɔɔ Kristofo nhyiam horow, na ɔwaree ɔbea a na ɔne no wɔ hɔ no.

Awiei koraa no, ɔbarima no san kɔɔ Réunion. Mfiase no, ohyiaa nsɛnnennen fii n’abusuafo hɔ, titiriw ɔbea no abusuafo. Nanso afei, wɔn ani gyee Kristofo abrabɔ pa no ho yiye. Wɔbɔɔ ɔbarima no asu, na mprempren ɔyɛ asafo mu somfo. Abusuafo no mu pii, a ne yere ne ne mmabea baanu ka ho, nso som wɔ Kristofo asafo no mu sɛ Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa ho adawurubɔfo.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. na etintimii.