Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yi Mmeresanten Hene No Ayɛ!

Yi Mmeresanten Hene No Ayɛ!

Yi Mmeresanten Hene No Ayɛ!

“Awurade ne hene daa daa.”—DWOM 10:16.

1. Nsemmisa bɛn na ɛsɔre wɔ mmeresanten ho?

MMERESANTEN—wobɛka sɛ ɛyɛ dɛn ade? Wususuw sɛ bere betumi akɔ so daa daa ankasa? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛbere nni mfiase. Ɛnde dɛn nti na entumi ntra hɔ daa daa? Nokwarem no, New World Translation Bible no ka Onyankopɔn ho asɛm sɛ woyi no ayɛ “fi mmeresanten kosi mmeresanten mpo.” (Dwom 41:13) Saa asɛm yi kyerɛ dɛn? Sɛ yɛdan yɛn adwene kɔ asɛm bi a ɛne no sɛ—ahunmu—so a, ebetumi aboa yɛn ma yɛate ase.

2, 3. (a) Nsemmisa a ɛfa ahunmu ho bɛn na ɛboa yɛn ma yɛte mmeresanten ase? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛsom mmeresanten Hene no?

2 Ahunmu trɛw kodu he? Ɛwɔ baabi a ɛtrɛw kodu? Ɛde besi mfe 400 a atwam ni no, na wosusuw sɛ yɛn asase yi wɔ amansan no mfinimfini. Afei Galileo yɛɛ afiri a wɔde hwɛ akyirikyiri ade a ɛma soro nneɛma a wohu no yɛ akɛseakɛse. Afei Galileo tumi huu nsoromma foforo pii na otumi kyerɛe sɛ asase ne okyinsoromma afoforo twa owia ho hyia. Ná Nufusu Kwan so nsorommakuw no nte sɛ nufusu bio. Ɛbɛdaa adi sɛ ɛyɛ nsoromma akuw pii, ne dodow bɛyɛ ɔpepepem ɔha. Yentumi nkan saa nsoromma pii no nwie da wɔ yɛn nkwa nna nyinaa mpo mu. Akyiri yi, nsoromma ho animdefo huu nsoromma akuw ɔpepepem pii. Sɛnea afiri a wɔde hwɛ akyirikyiri ade a etumi hu ade wɔ akyirikyiri paa tumi da no adi no, eyinom atrɛw afa ahunmu a enni awiei. Ɛte sɛ nea ahunmu nni awiei. Saa ara na mmeresanten te—enni awiei.

3 Ɛte sɛ nea yɛn nnipa adwene a emu nnɔ pii no ntumi nte adwene a ɛne sɛ ɛbere nni awiei no ase. Nanso, Obi wɔ hɔ a ɔte ase korakora. Otumi kan nsoromma akuw ɔpepepem pii no mu nsoromma pepeankama no, yiw ɔbobɔ wɔn din mpo! Onii no ka sɛ: “Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro, na monhwɛ nea ɔbɔɔ eyinom. Ɔno na obu wɔn dɔm ano yi wɔn adi, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn; ne tumi dodow ne n’ahoɔden kɛse nti obiara nka akyiri. So wunhui? So wontee ɛ? Daa Onyankopɔn ne Awurade a ɔbɔɔ asase awiei no. Ɔmmrɛ, na ɔmpa abaw; ne nhumu mu nni ahwehwɛye.” (Yesaia 40:26, 28) Onyankopɔn ɔnwonwafo bɛn ara ni! Akyinnye biara nni ho sɛ ɔne Onyankopɔn a ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛsom no no!

‘Ɔhene Kosi Daa’

4. (a) Ɔkwan bɛn so na Dawid daa anisɔ a ɔwɔ ma mmeresanten Hene no adi? (b) Dɛn na abakɔsɛm mu nyansahufo a wɔsen biara no biako kae wɔ amansan no fibea ho?

4 Dawid ka Ɔbɔadeɛ, Onyankopɔn, ho asɛm wɔ Dwom 10:16 sɛ: “Awurade ne hene daa daa.” Na ɔsan tĩ mu ka wɔ Dwom 29:10 sɛ: “Awurade bɛtra hɔ sɛ ɔhene daa.” Yiw, Yehowa ne mmeresanten Hene! Afei nso, Dawid di adanse sɛ saa Ɔhene a ɔkorɔn yi ne nneɛma a yehu wɔ ahunmu no nyinaa Bɔfo ne ne Yɛfo, bere a ɔkaa asɛm yi wɔ Dwom 19:1 no: “Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam, na ewim kyerɛ ne nsa ano adwuma.” Bɛyɛ mfe 2,700 akyi no, nyansahufo Sir Isaac Newton a wagye din no kyerɛe sɛ ɔne Dawid yɛ adwene bere a ɔkyerɛw eyi no: “Onimdefo ne otumfoɔ bi atirimpɔw ne ne tumidi so nkutoo na owia, okyinsoromma ne nsoromma ho nhyehyɛe a ɛyɛ fɛ paa yi nam betumi aba.”

5. Dɛn na Yesaia ne Paulo kyerɛwee wɔ nyansa Fibea ho?

5 Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ ɛma yɛbrɛ yɛn ho ase sɛ yebehu sɛ Amansan Hene Yehowa, a ‘ɔsoro, yiw, ɔsoro mu soro ntumi nkora no’ no te hɔ daa! (1 Ahene 8:27) Yehowa a wɔka ne ho asɛm wɔ Yesaia 45:18 sɛ nea “ɔbɔɔ ɔsoro na ɔnwenee asase na ɔyɛe no” ne nyansa a ɛkorɔn koraa sen sɛnea onipa a owu adwene betumi ate ase no Fibea. Yehowa kae, sɛnea wɔasi so dua wɔ 1 Korintofo 1:19 no, sɛ: “Mɛsɛe anyansafo nyansa, na mɛma animdefo nimdeɛ ayɛ ɔkwa.” Ɔsomafo Paulo kaa bi kaa eyi ho wɔ nkyekyem 20 sɛ: “Onyansafo wɔ he? Kyerɛwfo wɔ he? Wi yi ase kyinnyegyefo wɔ he? Onyankopɔn nnan wi yi ase nyansa nkwaseasɛm anaa?” Yiw, sɛnea Paulo toaa so kae wɔ ti 3 nkyekyem 19 no, “wi yi ase nyansa yɛ nkwaseasɛm Onyankopɔn anim.”

6. Dɛn na Ɔsɛnkafo 3:11 ka wɔ “mmeresanten” ho?

6 Ɔsoro abɔde ka abɔde a Ɔhene Salomo kaa ho asɛm no ho: “[Onyankopɔn ayɛ] biribiara fɛfɛɛfɛ wɔ ne bere mu. Ɔde mmeresanten mpo ahyɛ wɔn komam, na adesamma anhu adwuma a Onyankopɔn ayɛ fi mfiase kosi awiei no mu da.” (Ɔsɛnkafo 3:11, NW) Nokwarem no, wɔde ahyɛ onipa komam sɛ ɔmmɔ mmɔden sɛ obehu nea “mmeresanten,” a ɛne mmere a enni awiei, kyerɛ. Nanso obetumi anya saa nimdeɛ no da bi?

Nkwa Ho Anidaso Nwonwaso

7, 8. (a) Nkwa ho anidaso nwonwaso bɛn na ɛda hɔ ma adesamma, na ɛbɛyɛ dɛn na yɛn nsa atumi aka? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi ahurusi sɛ ɔsoro adesua bɛkɔ so daa daa?

7 Yesu Kristo kae wɔ mpaebɔ mu kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Eyi kyerɛ daa nkwa, sɛ wobenya wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo, ho nimdeɛ.” (Yohane 17:3, NW) Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya nimdeɛ a ɛte saa? Ɛho hia sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm, Kyerɛw Kronkron Bible no. Yɛnam saayɛ so betumi anya Onyankopɔn atirimpɔw akɛse, a nsiesiei a ɔnam ne Ba no so ayɛ ama daa nkwa wɔ paradise asase so ka ho, no ho nokware nimdeɛ. Ɛno na ɛbɛyɛ “nokware nkwa” a wɔka ho asɛm wɔ 1 Timoteo 6:19 no. Ɛne nea Efesofo 3:11 ka ho asɛm sɛ “[Onyankopɔn] tirim a ɔbɔe teteete yɛn Awurade Kristo Yesu mu” no behyia.

8 Yiw, yɛn nnipa abɔnefo betumi afa ɔsoro adesua ne Yesu agyede afɔrebɔ no mu gyidi so anya daa nkwa. Adesua yi bɛkɔ so akodu bere bɛn? Ɛbɛkɔ so daa nyinaa bere a wɔde yɛn Bɔfo no nyansa kyerɛkyerɛ adesamma nkakrankakra no. Yehowa nyansa nni ano. Esiane sɛ ɔsomafo Paulo huu eyi nti, ɔkae sɛ: “O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bun a emu dɔ! Wɔrenhu n’atemmu mu pɛɛpɛɛ, na wɔrenhu n’akwan akyi hwehwɛ nwie da!” (Romafo 11:33) Nokwarem no, ɛfata sɛ 1 Timoteo 1:17 frɛ Yehowa sɛ “mmeresanten hene”!

Yehowa Adebɔ Nyansa

9, 10. (a) Nnwuma kɛse bɛn na Yehowa yɛe wɔ asase no a osiesie maa adesamma sɛ akyɛde no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa nyansa a ɛkyɛn so no da adi wɔ n’abɔde mu? (Hwɛ adaka no.)

9 Susuw agyapade a ɛyɛ nwonwa a mmeresanten Hene no de ama yɛn nnipa no ho. Dwom 115:16 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Ɔsoro yɛ Awurade soro, na asase de, ɔde ama nnipa mma.” Wunsusuw sɛ ɛyɛ ade a ɛsom bo a ɔde ahyɛ yɛn nsa? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛte saa! Na hwɛ sɛnea yɛn ani sɔ nhumu soronko a yɛn Bɔfo no daa no adi bere a osiesiee asase no sɛ yɛn fie no!—Dwom 107:8.

10 Anwonwade kɔɔ so wɔ asase so wɔ adebɔ “nna” asia a wɔka ho asɛm wɔ Genesis ti 1, a ɛda biara yɛ mfe mpempem pii, no mu. Na awiei koraa no, Onyankopɔn abɔde yi bɛma asase so baabiara anya sare frɔmfrɔm, kwae akɛse ne nhwiren a ɛyɛ fɛ. Ná mmoa ahorow a wɔn ho yɛ anika, nnomaa akuwakuw a wɔn ho yɛ fɛ, ne fie ne wuram mmoa ahorow pii, a emu biara wɔ “sɛnea wɔn su te” bɛyɛ so ma. Wɔ ɔbarima ne ɔbea bɔ ho nkyerɛkyerɛmu no akyi no, Genesis 1:31 ka sɛ: “Onyankopɔn huu nea ɔyɛe nyinaa, na hwɛ, eye papa.” Hwɛ nneɛma a ɛyɛ fɛ a na atwa saa nnipa a wodi kan no ho ahyia! Yenhu Ɔbɔadeɛ bi a ɔwɔ ɔdɔ no nyansa, ne nhumu, ne sɛnea odwen nneɛma ho wɔ abɔde yi nyinaa mu?—Yesaia 45:11, 12, 18.

11. Ɔkwan bɛn so na Salomo kamfoo Yehowa adebɔ nyansa?

11 Obi a mmeresanten Hene no nyansa maa ne ho dwiriw no ne Salomo. Ɔtwee adwene sii Ɔbɔadeɛ no nyansa so mpɛn pii. (Mmebusɛm 1:1, 2; 2:1, 6; 3:13-18) Salomo ma yɛn awerɛhyem sɛ, “asase de, etim hɔ daa.” N’ani sɔɔ abɔde mu anwonwade pii, a nea amununkum a ɛma osu tɔ no yɛ ma asase yɛ frɔmm no ka ho. Enti, ɔkyerɛwee sɛ: “Nsubɔnten nyinaa sen kɔ po mu, nanso ɛpo renyɛ ma: Fako a nsubɔnten no nennam kɔ no, ɛhɔ ara na ɛsan kɔ bio.” (Ɔsɛnkafo 1:4, 7) Enti bere a osu ne nsubɔnten no ama asase ayɛ frɔmm akyi no, emu nsu no fi ɛpo no mu san kɔ amununkum no mu. Sɛ nsu a ɛma nneɛma ho tew na edi kyinhyia yi nni hɔ a, anka asase yi bɛyɛ dɛn, na ɛhe na anka yɛwɔ?

12, 13. Yɛbɛyɛ dɛn atumi akyerɛ Onyankopɔn abɔde ho anisɔ?

12 Ɛsɛ sɛ yɛde nneyɛe ka abɔde a ɛkari pɛ ho anisɔ a yɛwɔ no ho, sɛnea Ɔhene Salomo kae wɔ nsɛm a ɔde wiee Ɔsɛnkafo no mu no: “Asɛm no awiei, ne nea yɛate nyinaa ne sɛ: Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na eyi ne nnipa nyinaa asɛde. Na nneyɛe nyinaa na Onyankopɔn de bɛba atemmu mu, na nea ahintaw nyinaa nso, papa oo, bɔne oo, wabu so atɛn.” (Ɔsɛnkafo 12:13, 14) Ɛsɛ sɛ yesuro sɛ yɛbɛyɛ biribiara a Onyankopɔn mpɛ. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde osuro a nidi wom betie no.

13 Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yebeyi mmeresanten Hene no ayɛ wɔ n’adebɔ nnwuma a ɛyɛ nwonwa no ho! Dwom 104:24 ka sɛ: “Awurade, wo nnwuma dɔɔso dɛn ara, nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa, w’abɔde ahyɛ asase so ma.” Momma yɛmfa anigye mpene dwom yi nkyekyem a etwa to no so bere a yɛka kyerɛ yɛn ho ne afoforo sɛ: “Me kra, hyira Awurade. Munyi Awurade ayɛ” no.

Asase so Abɔde a Etwa To

14. Akwan bɛn so na Onyankopɔn abɔde a ɛne nnipa no korɔn sen mmoa koraa?

14 Yehowa abɔde nyinaa di mũ. Nanso asase so abɔde a ɛyɛ nwonwa paa ne yɛn—adesamma. Yehowa bɔɔ Adam, ne afei Hawa, de wiee n’adebɔ da a ɛto so asia no—abɔde a wɔkorɔn sen mpataa, nnomaa, ne mmoadoma koraa. Ɛwom sɛ eyinom mu pii fi nkate mu yɛ anyansafo de, nanso wɔama adesamma adwene a wɔde susuw nneɛma ho, ahonim a etumi hu papa ne bɔne, nea ɛma wotumi yɛ daakye ho nhyehyɛe, ne awosu a ɛma wonya ɔpɛ sɛ wɔde ɔsom bɛma. Ɛyɛɛ dɛn na eyinom nyinaa bae? Wɔbɔɔ onipa wɔ Onyankopɔn suban so, na ɛnyɛ sɛ ofi mmoa a wonnim nyansa mu. Ne saa nti, onipa nkutoo na obetumi ada yɛn Bɔfo a ɔdaa ne ho adi sɛ “Yehowa, Yehowa, Onyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfoɔ, nea ne bo kyɛ fuw na n’adɔeyɛ ne ne nokware dɔɔso pii” no su horow adi.—Exodus 34:6, NW.

15. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde ahobrɛase kamfo Yehowa?

15 Momma yenyi Yehowa ayɛ nna no ase wɔ sɛnea ɔyɛɛ yɛn nipadua ma ɛyɛɛ nwonwa no ho. Mogya a ɛnam yɛn ntini mu a ɛho hia ma nkwa no di kyinhyia wɔ nipadua mu anibu 60 biara. Sɛnea Deuteronomium 12:23 ka no, “mogya ne ɔkra”—yɛn nkwa—a ɛsom bo wɔ Onyankopɔn ani so. Nnompe a ɛyɛ den, honam bɛtɛbɛtɛ, ne hon nkwaadɔm a ɛyɛ nnam, yɛ nea adwene a ɛkorɔn koraa sen aboa biara de na etumi kora nsɛm a kɔmputa a ne kɛse te sɛ abansoro tenteenten ntumi nkora no ma edi mũ. Eyi mma wommrɛ wo ho ase? Ɛsɛ sɛ ɛma woyɛ saa. (Mmebusɛm 22:4) Na susuw eyi nso ho: Yɛn ahurututu, dwɛɛdwɛɛwa, tɛkrɛma, ɛsẽ, ne ano tumi yɛ adwuma bom ma yɛka nnipa kasa mpempem pii no biara. Dawid too dwom a ɛfata maa Yehowa sɛ: “Meda wo ase sɛ woyɛɛ me ma ɛyɛ hu ne nwonwa; wo nneyɛe yɛ nwonwa, na me kra nim saa yiye.” (Dwom 139:14) Momma yɛne Dawid mmom mfa aseda nyi Yehowa, yɛn Yɛfo ne yɛn Nyankopɔn nwonwafo no, ayɛ!

16. Dwom bɛn na odwontofo bi a wagye din to de yii Yehowa ayɛ, na nsato a ɛka koma bɛn na ɛsɛ sɛ yetie?

16 Asɔre nnwom a Joseph Haydn kyerɛwee wɔ afeha a ɛto so 18 mu no biako mu nsɛm ka eyi yi Yehowa ayɛ: “Monna No ase, Ne nnwuma a ɛyɛ nwonwa kɛse nyinaa! Monto Ne nidi ho nnwom, monto N’anuonyam ho nnwom, munhyira na monkamfo Ne Din! Yehowa ayeyi tra hɔ daa daa, Amen, Amen!” Nea ɛyɛ dɛ sen saa mpo ne Nnwom mu nsɛm a efi honhom mu a wɔtaa ti mu, te sɛ nsa a wɔto frɛ mpɛn anan wɔ Dwom a ɛto so 107:8, 15, 21, 31 yi: “Wɔnkamfo Awurade, n’adɔe ho, ne n’anwonwade, nnipa mma mu.” Wo nso wode saa ayeyi no bi ma? Ɛsɛ sɛ woyɛ saa, efisɛ nea ɛyɛ fɛ ankasa biara fi Yehowa, mmeresanten Hene, no hɔ.

Nnwuma Akɛse a Ɛsen Saa Mpo

17. Ɔkwan bɛn so na “Mose dwom ne oguammaa no dwom” no kamfo Yehowa?

17 Mmeresanten Hene no afi nnwuma akɛse a ɛsen saa mpo ase wɔ mfe mpem asia a atwam ni mu. Yɛkenkan wɔn a wɔwɔ soro a wɔadi atamfo a wɔyɛ adaemone so nkonim ho asɛm wɔ Bible nhoma a etwa to no mu, wɔ Adiyisɛm 15:3, 4 sɛ: “Wɔto Onyankopɔn akoa Mose dwom ne oguammaa no dwom sɛ: Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ, wo nnwuma yɛ akɛse na ɛyɛ nwonwa. Amanaman hene, w’akwan teɛ na ɛyɛ nokware. Awurade, hena na ɔrensuro wo na ɔnhyɛ wo din anuonyam? Efisɛ wo nko na woyɛ kronkron, na amanaman nyinaa bɛba abɛkotow w’anim, efisɛ w’asɛntrenee ada adi.” Dɛn nti na wɔfrɛ eyi sɛ “Mose dwom ne oguammaa no dwom”? Momma yɛnhwɛ.

18. Adwuma kɛse bɛn na wɔkae wɔ dwom mu wɔ Exodus ti 15?

18 Bɛyɛ mfe 3,500 ni, bere a Farao asraafo ahoɔdenfo no wuwui wɔ Po Kɔkɔɔ no mu no, Israelfo no de aseda yii Yehowa ayɛ wɔ nnwonto mu. Yɛkenkan wɔ Exodus 15:1, 18 sɛ: “Ɛnna Mose ne Israelfo no too dwom yi maa Awurade kae sɛ: Mɛto Awurade dwom, na ɔma na wama ne ho so, ɔpɔnkɔ ne ne sotefo no, watow wɔn agu po mu. Awurade bedi hene de bɛkɔ akosi daa daa.” Mmeresanten Hene yi trenee mmara ahorow no daa adi wɔ atɛn a obuu n’atamfo a wobuu ne tumidi animtiaa, na ɔsɛee wɔn no mu.

19, 20. (a) Dɛn nti na Yehowa hyehyɛɛ Israel man no? (b) Ɔkwan bɛn so na Oguammaa no ne afoforo abua Satan mpoatwa no?

19 Dɛn nti na eyi ho behiae? Eden turo no mu na Ɔwɔ nitefo no maa yɛn awofo a wodi kan no yɛɛ bɔne. Eyi ma wɔde bɔne sintɔ maa adesamma nyinaa. Nanso, ntɛm ara na mmeresanten Hene no yɛɛ nhyehyɛe ahorow a ɛne n’atirimpɔw hyia a ɛbɛkɔ akowie n’atamfo nyinaa a obeyi wɔn afi asase so na wama paradise tebea horow asan aba mu. Mmeresanten Hene no hyehyɛɛ Israel man de ne Mmara maa wɔn de yɛɛ sɛnea ɔbɛyɛ eyi no ho mfonini.—Galatifo 3:24.

20 Nanso, awiei koraa no, Israel ankasa anni nokware, na awerɛhosɛm yi sɛee koraa bere a n’akannifo no de Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no hyɛɛ Romafo nsa ma wɔde atirimɔden yɛɛ no ayayade kum no no. (Asomafo no Nnwuma 10:39; Filipifo 2:8) Nanso, Yesu mudi mu a okura kosii wu mu sɛ “Onyankopɔn guammaa” no buaa mpoa a Onyankopɔn tete Tamfo, Satan, twae—sɛ onipa biara nni asase so a obetumi akɔ so adi Onyankopɔn nokware wɔ sɔhwɛ a emu yɛ den mu—no sɛ ɛyɛ atoro wɔ ɔkwan titiriw bi so. (Yohane 1:29, 36; Hiob 1:9-12; 27:5) Ɛwom sɛ Adam de sintɔ woo wɔn de, nanso nnipa foforo ɔpepem pii a wosuro Onyankopɔn adi Yesu anammɔn akyi denam wɔn mudi mu a wɔakura wɔ Satan ntua mu no so.—1 Petro 1:18, 19; 2:19, 21.

21. Nea ɛne Asomafo no Nnwuma 17:29-31 hyia no, dɛn na edi hɔ a yebesusuw ho?

21 Seesei bere no adu sɛ Yehowa bɛma saa anokwafo no akatua na wabu nokware ne trenee ho atamfo nyinaa ntɛn. (Asomafo no Nnwuma 17:29-31) Ɔkwan bɛn na ɔbɛfa so ayɛ eyi? Yɛn asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛ.

Ntimu Adaka

□ Dɛn nti na wɔfrɛ Yehowa “mmeresanten Hene” ma ɛfata?

□ Ɔkwan bɛn so na Yehowa nyansa da adi wɔ n’abɔde mu?

□ Akwan bɛn so na onipa desani yɛ abɔde nwonwaso?

□ Nnwuma bɛn na ɛma “Mose dwom ne oguammaa no dwom” no ho behia?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 12 adaka]

Yehowa Nyansa A Ɛkyɛn So

Mmeresanten Hene no nyansa da adi akwan pii so wɔ n’abɔde a ɛwɔ asase so no mu! Hyɛ nsɛm a Agur kyerɛwee yi nsow: “Onyankopɔn asɛm nyinaa ho tew, ɔyɛ ɔkyɛm ma wɔn a wɔde wɔn ho to no so.” (Mmebusɛm 30:5) Afei Agur ka Onyankopɔn abɔde pii a nkwa wom, akɛse ne nketewa, ho asɛm. Sɛ nhwɛso no, wɔ nkyekyem 24 kosi 28 (NW) no, ɔka “nneɛma anan a esusua koraa wɔ asase so, nanso wofi nkate mu yɛ anyansafo” ho asɛm. Eyinom ne ɔtɛtea, okukuban, mmoadabi ne ɔdannena.

“Wofi nkate mu yɛ anyansafo”—yiw, saa na wɔyɛɛ mmoa. Wonnwen nneɛma ho sɛ nnipa na mmom wɔde wɔn ho to nyansa a wɔde adua wɔn mu no so. Wo ho adwiriw wo wɔ eyi ho pɛn? Abɔde a wɔyɛ wɔn ade pɛpɛɛpɛ bɛn ara ni! Sɛ nhwɛso no, wɔahyehyɛ ntɛtea akuwakuw, a ebinom yɛ nhemmaa, adwumayɛfo, ne mmarima. Wɔ ntɛtea ahorow bi mu no, wɔn mu adwumayɛfo no boaboa mmoawa a wɔfrɛ wɔn aphid ano kogu ban bi a wɔagye mu. Wɔtwe aphid no mu nufusu wɔ hɔ, bere a ntɛtea asraafo no pam atamfo biara a wɔbɛtoa wɔn no. Wɔde afotu ma wɔ Mmebusɛm 6:6 sɛ: “Ɔkwadwofo, kɔ ntɛtea nkyɛn, hwɛ n’akwan, na hu nyansa.” Ɛnsɛ sɛ nhwɛso a ɛtete saa no ka yɛn nnipa ma ‘yɛyɛ pii wɔ Awurade adwuma mu’?—1 Korintofo 15:58.

Onipa ayɛ wimhyɛn akɛseakɛse. Nanso hwɛ nneɛma ahorow pii a nnomaa, a aserewa a ne mu duru nnu gram 30 ka ho no, tumi yɛ sen ɛnonom! Wimhyɛn kɛse a wɔfrɛ no Boeing 747 no hia pɛtro lita 180,000, wimhyɛnkafo a wɔatete wɔn, na wɔde nneɛma a ne yɛ nna fam kyerɛ no kwan ansa na atumi atwa po no. Nanso, aserewa ketewaa no de ne mu srade gram 1 twa kwan fi Amerika Kusuu Fam kɔfa Gulf of Mexico kɔ Amerika Kesee Fam. Onhia pɛtro bebree biara, onhia ɔkwan a ɔbɛfa so atu no ho ntetee biara, onhia akwankyerɛ nkrataa anaa kɔmputa a eye kyɛn so biara! Adannandi a ɛbae ara kwa na ɛma otumi yɛ saa? Dabida! Anomaa ketewaa yi fi nkate mu yɛ onyansafo, a ne Bɔfo Yehowa Nyankopɔn na ɔbɔɔ no saa.

[Kratafa 10 mfonini]

“Mmeresanten hene” no abɔde a egu ahorow no kamfo n’anuonyam

[Kratafa 15 mfonini]

Sɛnea Mose ne Israel nyinaa dii ahurusi wɔ Yehowa nkonimdi wɔ po kɔkɔɔ no mu ho no, saa ara na wobedi ahurusi kɛse wɔ Harmagedon akyi