Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔbɔadeɛ No Betumi Ama W’asetra Ayɛ Nea Atirimpɔw Wom

Ɔbɔadeɛ No Betumi Ama W’asetra Ayɛ Nea Atirimpɔw Wom

Ɔbɔadeɛ No Betumi Ama W’asetra Ayɛ Nea Atirimpɔw Wom

“Ma wonyi [Yehowa, “NW”] din ayɛ, na ɔno na ɔhyɛe na wɔbɔɔ wɔn.”—DWOM 148:5.

1, 2. (a) Asɛmmisa bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho? (b) Ɔkwan bɛn so na adebɔ ho asɛm wɔ Yesaia asɛmmisa no mu?

“SO WUNHUI?” Ɛte sɛ nea ɛno yɛ asɛmmisa a ɛma nnipa pii bisa sɛ, ‘Minhuu dɛn?’ Nanso ɛyɛ asɛmmisa a anibere wom. Na yebetumi akyerɛ mmuae no ho anisɔ kɛse denam baabi a saa asɛmmisa no fi a yebehu no so—Bible mu nhoma a ɛne Yesaia no ti a ɛto so 40 no. Tete Hebrini, Yesaia, na ɔkyerɛwee, enti asɛmmisa no yɛ nea akyɛ. Na wɔrebisa no nnɛ nso, na ɛfa nea w’asetra kyerɛ ankasa ho.

2 Esiane sɛ ɛho hia saa nti, ɛsɛ sɛ yesusuw asɛmmisa a ɛwɔ Yesaia 40:28 no ho anibere so: ‘So wunhui? So wontee ɛ? Daa Onyankopɔn ne Yehowa a ɔbɔɔ asase awiei no.’ Enti ‘hu a yebehu’ no fa asase no Bɔfo ho, na asɛm a ɛka ho no kyerɛ sɛ wabɔ nneɛma pii a ɛsen asase no. Na Yesaia akyerɛw nsoromma ho asɛm wɔ nkyekyem abien a edi kan no mu sɛ: “Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro, na monhwɛ nea ɔbɔɔ eyinom. Ɔno na obu wɔn dɔm ano yi wɔn adi . . . ne tumi dodow ne n’ahoɔden kɛse nti obiara nka akyiri.”

3. Sɛ wunim Ɔbɔadeɛ no ho nsɛm pii mpo a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ wuhu pii ka ho?

3 Yiw, asɛmmisa “So wunhui?” no fa yɛn amansan no Bɔfo ho ankasa. Ebia w’ankasa begye adi sɛ Yehowa Nyankopɔn na “ɔbɔɔ asase awiei no.” Ebia wunim ne su ne n’akwan ho nsɛm pii nso. Nanso sɛ wuhyia obi a onnye nni sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ, a ɛda adi pefee sɛ onnim sɛnea ɔte nso ɛ? Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehyia obi a ɔte saa efisɛ nnipa ɔpepem pii na wɔwɔ hɔ a wonnim Ɔbɔadeɛ no anaasɛ wonnye no nni.—Dwom 14:1; 53:1.

4. (a) Dɛn nti na Ɔbɔadeɛ no ho a yebesusuw no yɛ nea ɛfata saa bere yi? (b) Mmuae ahorow bɛn na nyansahu ntumi mfa mma?

4 Nnipa pii wie sukuu bɛdan akyinnyegyefo a wɔte nka sɛ nyansahu wɔ nsɛmmisa a ɛfa amansan no ne nea nkwa fi bae ho no ho mmuae (anaasɛ ebetumi anya). Wɔ The Origin of Life (Franse din ankasa: Aux Origines de la Vie) mu no, nhoma akyerɛwfo Hagene ne Lenay ka sɛ: “Wɔda so ara gye nea nkwa fi bae ho kyim wɔ afeha a ɛto so aduonu biako mfiase mu. Saa asɛm yi a ɛyɛ den sɛ wɔbɛte ase no hwehwɛ sɛ wɔyɛ nhwehwɛmu wɔ mmaa nyinaa, efi ewim tɛtrɛɛ kosi ade a esua koraa so.” Nanso, ti a etwa to, “The Question Remains Alive” (Asɛm no Da So Ara Wɔ Hɔ), no gye tom sɛ: “Yɛanya nyansahu mu mmuae a ɛfa asɛmmisa, Ɛyɛɛ dɛn na nkwa baa asase so? no ho. Na dɛn nti na nkwa bae? So asetra wɔ atirimpɔw? Saa nsɛmmisa yi na nyansahu ntumi mmua. Nea ɛhwehwɛ ara ne ‘sɛnea’ nneɛma no bae. ‘Sɛnea’ ne ‘dɛn nti’ yɛ nsɛmmisa abien a ɛsono emu biara koraa. . . . Ɛdefa asɛmmisa ‘dɛn nti’ ho no, ɛsɛ sɛ nyansapɛ, nyamesom, ne—nea ɛsen ne nyinaa no—yɛn mu biara hu mmuae no.”

Mmuae ne Nea Ɛkyerɛ a Yebehu

5. Nnipa bɛn na sɛ wosua Ɔbɔadeɛ no ho ade pii a, ɛbɛboa wɔn titiriw?

5 Yiw, yɛpɛ sɛ yɛte nea enti a nkwa wɔ hɔ—ne ne titiriw no, nea enti a yɛwɔ ha—ase. Bio nso, ɛsɛ sɛ yɛma nkurɔfo a wonnye ntoom sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ na akyinnye biara nni ho sɛ wonnim n’akwan ho hwee no ho hia yɛn. Anaasɛ susuw wɔn a wɔtraa baabi a Onyankopɔn ho adwene a wokura no yɛ soronko koraa wɔ nea Bible ka ho no ho hwɛ. Nnipa ɔpepepem pii nyinii wɔ Apuei fam nsase no bi so, anaasɛ baabi a nnipa dodow no ara mmu Onyankopɔn sɛ obi ankasa a wotumi bɛn no a ɔwɔ su pa. Wɔn fam no, asɛmfua “onyame” no de wɔn adwene kɔ tumi bi a wontumi nhu sɛnea ɛte ankasa anaa ɔyɛfo bi a aniwa ntumi nhu no so. ‘Wonhuu Ɔbɔadeɛ no’ anaa n’akwan. Sɛ wɔn, anaasɛ nnipa ɔpepem pii a wokura adwene koro no ara, tumi begye tom sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ a, anka hwɛ mfaso ara a wobetumi anya, a daa nkwa ho anidaso ka ho! Wɔn nso betumi anya biribi a ɛho yɛ na—ntease, atirimpɔw, ne asomdwoe ankasa a ɛwɔ asetram.

6. Ɔkwan bɛn so na nnipa pii asetra te sɛ Paul Gauguin suahu no ne ne mfonini no biako?

6 Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a: Wɔ 1891 mu no, Franseni mfoniniyɛfo Paul Gauguin kɔɔ French Polynesia, baabi a ɛreyɛ ayɛ sɛ Paradise no, sɛ ɔrekɔpɛ asetra a abotɔyam wom. Nanso ankyɛ na ne kan ahohwibra de yare brɛɛ ɔne afoforo. Bere a ohui sɛ ɔreyɛ awu no, ɔyɛɛ mfonini kɛse bi guu ntama so, na ɛte sɛ nea ‘ɔkyerɛɛ asetra ase’ wɔ mfonini no mu ‘sɛ biribi a ɛyɛ ahintasɛm kɛse.’ So wunim edin a Gauguin de too saa mfonini no? “Ɛhe na Yefi Bae? Dɛn Nti na Yɛwɔ Ha? Ɛhe na Yɛrekɔ?” Ebia woate sɛ afoforo bisa nsɛm a ɛte saa ara. Nnipa pii bisa. Nanso sɛ wɔannya mmuae a ɛma abotɔyam—anhu nea asetra kyerɛ ankasa—a, ɛhefa na wobetumi de wɔn ani akyerɛ? Ebia nea wɔbɛka ara ne sɛ nsonsonoe kakraa bi pɛ na ɛda wɔn asetra ne mmoa de ntam.—2 Petro 2:12. *

7, 8. Dɛn nti na nyansahu mu nhwehwɛmu a wɔayɛ no nni mũ?

7 Enti wubetumi ate nea enti a obi te sɛ abɔde a aniwa hu ho ɔbenfo, Freeman Dyson kyerɛw nea edi so yi no ase: “Sɛ mesan bisa nsɛm a Hiob bisae no a, nnipa a wɔwɔ m’afa na wɔdɔɔso. Dɛn nti na yehu amane? Dɛn nti na atɛnkyea abu so wɔ wiase saa? Dɛn nti na yedi yaw hu amane?” (Hiob 3:20, 21; 10:2, 18; 21:7) Sɛnea yɛkae no, nnipa pii dan kɔ nyansahu so kɔhwehwɛ mmuae sen sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn. Abɔde a nkwa wom ho animdefo, ɛpo ne emu nneɛma ho animdefo, ne afoforo rema yɛanya yɛn asase yi ne nkwa a ɛwɔ so ho nimdeɛ pii. Nsoromma ho adenimfo ne abɔde a aniwa hu ho adenimfo nso nam ɔkwan foforo so reyɛ nhwehwɛmu asua yɛn okyinnsoromma yi, nsoromma, ne nsoromma akuw a ɛwɔ akyirikyiri mpo ho nneɛma pii. (Fa toto Genesis 11:6 ho.) Nneɛma pa bɛn na nokwasɛm a ɛte saa betumi ada no adi?

8 Nyansahufo bi ka Onyankopɔn “adwene” anaa ne “nsa ano nkyerɛwee” a ɛdaa adi wɔ amansan mu ho asɛm. Nanso so ɛno mma yɛnte asɛntitiriw no ase? Science nsɛmma nhoma no kae sɛ: “Sɛ nhwehwɛmufo ka sɛ nsoromma ho nimdeɛ da Onyankopɔn ‘adwene’ anaa ne ‘nsa ano nkyerɛwee’ adi a, na wɔrekyerɛ sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ amansan no mu nneɛma a ɛba fam—nneɛma a aniwa hu no.” Nokwarem no, abɔde a aniwa hu ho ɔdenimfo a wagye Nobel akyɛde, Steven Weinberg kyerɛwee sɛ: “Dodow a ɛyɛ sɛ nea yenya amansan no ho ntease no, dodow no ara nso na ɛte sɛ nea yenhu nea enti a ɛwɔ hɔ.”

9. Adanse bɛn na ebetumi aboa yɛne afoforo ma yɛasua Ɔbɔadeɛ no ho ade?

9 Nanso, ebia woyɛ nnipa ɔpepem pii a wɔasua asɛm no ho ade anibere so na wɔahu sɛ asetram atirimpɔw ankasa a obi benya no hwehwɛ sɛ ohu Ɔbɔadeɛ no mu biako. Kae nea ɔsomafo Paulo kyerɛwee no: “Nnipa ntumi nka sɛ wonnim Nyankopɔn. Efi wiasebɔ so no, nnipa betumi ahu sɛnea Onyankopɔn te denam nneɛma a Wayɛ so. Eyi kyerɛ Ne tumi a ɛwɔ hɔ daa. Ɛkyerɛ sɛ Ɔyɛ Nyankopɔn.” (Romafo 1:20, Holy Bible, New Life Version) Yiw, yɛwɔ yɛn wiase yi ne yɛn ankasa ho nokwasɛm ahorow a ebetumi aboa nkurɔfo ma wɔagye Ɔbɔadeɛ no atom na wɔnam ne so anya atirimpɔw. Susuw eyi mu afã ahorow abiɛsa ho: amansan a yɛwɔ mu yi, nea nkwa fi bae, ne nneɛma a yɛn ankasa adwene tumi yɛ.

Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Wugye Di

10. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw “mfiase” ho? (Genesis 1:1; Dwom 111:10)

10 Ɛyɛɛ dɛn na yɛn amansan yi bae? Ebia ɛdenam mfiri a wɔde hwɛ ahunmu ne ahunmu nhwehwɛmu ho nsɛm a woate so no, woahu sɛ nyansahufo dodow no ara nim sɛ bere bi na yɛn amansan yi nni hɔ. Ɛwɔ mfiase, na ɛkɔ so trɛw. Dɛn na eyi kyerɛ? Tie nea nsoromma ho ɔdenimfo Sir Bernard Lovell wɔ ka: “Sɛ bere bi a atwam no, na Amansan no yɛ ketekete biako pɛ a hwee nni mu a, ɛnde na ɛsɛ sɛ yebisa sɛ dɛn na na ɛwɔ hɔ ansa na ɛno reba . . . Ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ Mfiase bi ho nkyerɛkyerɛmu.”

11. (a) Amansan no kɛse te dɛn? (b) Dɛn na nneɛma a wɔahyehyɛ no pɛpɛɛpɛ wɔ amansan no mu no kyerɛ?

11 Sɛnea nneɛma a ɛbom yɛ yɛn amansan yi, a yɛn asase yi ka ho no te no kyerɛ sɛ biribiara ahyehyɛ pɛpɛɛpɛ. Sɛ nhwɛso no, nneɛma atitiriw abien a ɛda nsow wɔ owia yi, ne nsoromma afoforo ho ne sɛ, efi bere tenten ayɛ adwuma pɛpɛɛpɛ na ɛmfom kwan nso. Nnansa yi akontaabu kyerɛ sɛ nsoromma akuw a ɛwɔ amansan a aniwa hu yi mu no dodow yɛ ɔpepepem 50 (50,000,000,000) kosi ɔpepepem 125. Na nsoromma ɔpepepem huhaa na ɛwɔ yɛn Milky Way nsoromma kuw no mu. Afei susuw ho hwɛ: Yenim sɛ ɛsɛ sɛ pɛtro ne mframa a ɛba kar engine mu no kari pɛ ansa na ayɛ adwuma yiye. Sɛ wowɔ kar a, ebia wobɛfa kar ho dwumfo bi a wanya ntetee na wayɛ engine no biribi sɛnea ɛbɛyɛ a wo kar no bɛyɛ adwuma pɛpɛɛpɛ a asɛm biara nni ho. Sɛ biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ saa wɔ engine mpo ho a, ɛnde na sɛ nhwɛso no, owia a “ɛredɛw” a ɛyɛ adwuma yiye nso ɛ? Ɛda adi pefee sɛ, wɔahyehyɛ tumi a ɛho hia no pɛpɛɛpɛ na ama nkwa atumi atra asase so. So ɛno bae ara kwa? Wobisaa Hiob a ɔtraa ase tete no sɛ: “So wo na wohyehyɛɛ mmara a ɛkyerɛ ɔsoro abɔde kwan, anaa wokyerɛɛ ɔdomankoma mmara a ɛwɔ asase so?” (Hiob 38:33, The New English Bible) Ɛnyɛ onipa biara na ɔyɛe. Enti nneɛma a ɛkɔ so pɛpɛɛpɛ no fi he na ɛbae?—Dwom 19:1.

12. Dɛn nti na ntease wom sɛ yebesusuw sɛ Onyansafo bi a ɔwɔ tumi na ɔbɔɔ ade?

12 So ebetumi aba sɛ efi ade bi anaa Obi a wontumi nhu no nkyɛn? Esiane nnɛyi nyansahu nti, susuw saa asɛm yi ho. Nsoromma ho adenimfo dodow no ara gye tom nnɛ sɛ nneɛma a ɛwɔ tumi kɛse wɔ ahunmu—nsoromma a ahye. Wontumi nhu nsoromma a ahye yi, nanso abenfo kyerɛ sɛ ɛwɔ hɔ. Saa ara nso na Bible bɔ amanneɛ sɛ abɔde a wɔwɔ tumi a wontumi nhu wɔn—ahonhom abɔde—wɔ atrae foforo. Sɛ abɔde a wontumi nhu wɔn a wɔwɔ tumi saa wɔ hɔ a, so ntease nnim sɛ yɛbɛka sɛ sɛnea amansan yi mu nneɛma ahyehyɛ pɛpɛɛpɛ no fi Onyansafo bi a ɔwɔ tumi?—Nehemia 9:6.

13, 14. (a) Dɛn na nyansahu aka fa nea nkwa fi bae ankasa ho? (b) Dɛn na nkwa a ɛwɔ asase so no twe adwene si so?

13 Adanse a ɛto so abien a ebetumi aboa nkurɔfo ma wɔahu sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ ne nea nkwa fi bae. Efi bere a Louis Pasteur sɔɔ nneɛma bi hwɛe akyi no, wɔabegye atom sɛ nkwa mfi biribi a nkwa nnim mu na ɛbaa prɛko pɛ. Enti ɛyɛɛ dɛn na nkwa baa asase so? Wɔ 1950 mfe no mu no, nyansahufo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ sɛ, ebetumi aba sɛ nkwa a ɛwɔ asase so no fii ase nkakrankakra bere a anyinam pae fii wim besii ɛpo mu mpɛn pii wɔ tete mmere mu no. Nanso adanse horow a wɔanya nnansa yi ma ɛda adi sɛ asase so nneɛma ntumi mfa saa kwan no so mma, efisɛ wonhuu ewim tebea a ɛte saa wɔ baabiara da. Enti, nyansahufo bi rehwehwɛ nkyerɛkyerɛmu bi a wonnya ho asɛm nka. Na so wɔn nso reman afi nokwasɛm no ho?

14 Bere a Britaniani nyansahufo Sir Fred Hoyle de mfe pii yɛɛ amansan yi ne nkwa a ɛwom mu nhwehwɛmu akyi no, ɔkae sɛ: “Sɛ́ anka yebegye nsusuwii a enni nnyinaso na enni mũ a wɔkyerɛ sɛ nkwa nam so bae ara kwa no atom no, ɛkame ayɛ sɛ eye sɛ yebesusuw nkwa ho sɛ biribi a wɔhyɛɛ da fi nyansam bɔe.” Yiw, mpɛn dodow a yesua sɛnea nkwa yɛ nwonwa no, dodow no ara na ɛda adi sɛ nkwa fi Onyansafo bi hɔ na ɛbae.—Hiob 33:4; Dwom 8:3, 4; 36:9; Asomafo no Nnwuma 17:28.

15. Dɛn nti na wobetumi aka sɛ woyɛ soronko?

15 Enti ade a yɛadi kan asusuw ho ne amansan no, na nea ɛto so abien ne faako a nkwa fi baa asase so. Hyɛ ade a ɛto so abiɛsa—sɛnea yɛn ankasa da nsow—no nsow. Wɔ akwan pii so no, ɛsono sɛnea onipa biara te, enti ɛda adi sɛ wo nso woyɛ soronko. Ɔkwan bɛn so? Ebia woate sɛ wɔde kɔmputa a ɛyɛ adwuma yiye paa toto amemene ho. Nanso, nokwarem no, nhwehwɛmu a wɔayɛ nnansa yi kyerɛ sɛ saa ntotoho yi mfata koraa. Nyansahufo bi a ɔwɔ Massachusetts Mfiridwuma Ho Adesuabea kae sɛ: “Nnɛyi kɔmputa ahorow nto nipa a wadi mfe 4 mpo koraa wɔ sɛnea otumi hu ade, kasa, keka ne ho, anaa ɔde n’adwene di dwuma no ho. . . . Wɔabu akontaa sɛ sɛnea kɔmputa a ɛyɛ adwuma yiye sen biara tumi boaboa nsɛm ano de yɛ adwuma no ne sɛnea nwaw nkwaadɔm yɛ adwuma no na ɛbɔ so—ɛyɛ tumi a ɛwɔ [wo] ti kwankoraa kɔmputa kɛse no mu fã ketewaa bi pɛ.”

16. Kasa a wutumi kasa no twe adwene si dɛn so?

16 Kasa yɛ nneɛma a w’amemene ma wutumi yɛ no mu biako. Ɛmfa ho sɛ nnipa binom ka kasa abien, abiɛsa, anaa nea ɛboro saa no, ka a yetumi ka biako mpo no ma yɛda nsow. (Yesaia 36:11; Asomafo no Nnwuma 21:37-40) Abenfo R. S. ne D. H. Fouts bisae sɛ: “So nnipa nkutoo . . . na etumi de kasa di nkitaho? . . . Ɛyɛ nokware sɛ mmoa a aka nyinaa nam . . . ahokeka, ehua, bɔn a wɔbɔn, esu, ne nwowa asaw so mpo di nkitaho. Nanso nnipa akyi no, mmoa nni kasa nnyigyei a wotumi ka bom ma ntease bam. Na ade a ebia ɛho hia paa nso ne sɛ mmoa ntumi nyɛ mfonini. Nea wotumi yɛ ara ne nsensanee.” Nokwarem no, nnipa nkutoo na wotumi de amemene no di dwuma kasa, na wɔyɛ mfonini ahorow a ɛma wotumi hu dekode.—Fa toto Yesaia 8:1; 30:8; Luka 1:3 ho.

17. Nsonsonoe titiriw bɛn na ɛda aboa a ɔrehwɛ ahwehwɛ mu ne onipa a ɔrehwɛ ahwehwɛ mu ntam?

17 Bio nso, wunim wo ho; wuhu sɛ wo ara wo ne no. (Mmebusɛm 14:10) So woahu anomaa, ɔkraman, anaa agyinamoa sɛ wahwɛ ahwehwɛ mu ma wasɔw ahwehwɛ no, wapɔ, anaa watow ahyɛ so? Osusuw sɛ wahu aboa foforo, a onhu sɛ ɛyɛ n’ankasa. Nea ɛne no bɔ abira no, sɛ wohwɛ ahwehwɛ mu a, wuhu sɛ ɛyɛ wo. (Yakobo 1:23, 24) Ebia wobɛhwɛ sɛnea wote anaa wubesusuw sɛnea daakye wobɛyɛ ho. Mmoa nyɛ saa. Yiw, w’amemene ma woda nsow. Hena na ɔyɛɛ eyi? Sɛ w’amemene mfi Nyankopɔn nkyɛn a, na ɔkwan bɛn so na ɛnam bae?

18. Adwene mu tumi bɛn na ɛma woda nsow wɔ mmoa ho?

18 Afei nso, w’amemene ma wokyerɛ adwinne ne dwom ho anigye, na saa ara na ɛma wunya ɔbrasu wɔ abrabɔ mu. (Exodus 15:20; Atemmufo 11:34; 1 Ahene 6:1, 29-35; Mateo 11:16, 17) Dɛn nti na wowɔ su a ɛtete saa na mmoa nni bi? Wɔde wɔn amemene di dwuma titiriw de hwehwɛ wɔn mprempren ahiade—aduan a wobenya, ɔhokafo a wɔbɛhwehwɛ anaa berebuw a wɔbɛyɛ. Nnipa nkutoo na wodwen daakye ho. Ebinom mpo susuw sɛnea wɔn nneyɛe benya nneɛma a atwa wɔn ho ahyia anaa wɔn nkyirimma so nkɛntɛnso daakye ho. Dɛn ntia? Ɔsɛnkafo 3:11, NW, ka fa nnipa ho sɛ: “[Ɔbɔadeɛ no] de bere a enni awiei ahyɛ wɔn komam.” Yiw, tumi a wode dwen bere a enni awiei anaa daa nkwa ho no, yɛ soronko.

Ma Ɔbɔadeɛ no Mma W’asetra Nyɛ Nea Atirimpɔw Wom

19. Nneɛma abiɛsa bɛn na wubetumi de adi dwuma de aboa afoforo ma wɔasusuw Ɔbɔadeɛ no ho?

19 Yɛaka nneɛma abiɛsa pɛ ho asɛm: sɛnea nneɛma kɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ amansan kɛse yi mu, faako a nkwa fi baa asase so, ne nokwasɛm a ɛfa sɛnea nnipa amemene da nsow ne nneɛma horow a etumi yɛ no ho. Dɛn na nsɛmpɔw abiɛsa yi twe adwene si so? Ɔkwan a wubetumi afa so aboa afoforo ma wɔagye atom ni. Nea edi kan no, wubetumi abisa sɛ: So amansan yi wɔ mfiase? Nnipa dodow no ara begye atom sɛ enyaa mfiase. Afei bisa sɛ: So ɛno ara na ɛbae, anaasɛ biribi na ɛkɔfa bae? Nnipa dodow no ara gye tom sɛ biribi na ɛkɔfaa amansan yi bae. Eyi de yɛn ba asɛmmisa a etwa to so sɛ: So ade bi a ɛwɔ hɔ daa anaa obi a ɔwɔ hɔ daa na ɔma ɛbae? Bere a moasusuw ɔsɛmpɔw no ho saa kwan no so ma emu ada hɔ na ntease aba mu no, ebetumi aboa nnipa pii ma wɔaka sɛ: Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ! Sɛ saa a, ɛnde so ɛnsɛ sɛ asetra yɛ nea atirimpɔw wom?

20, 21. Dɛn nti na Ɔbɔadeɛ no a yebehu no no hia na ama yɛanya atirimpɔw wɔ asetram?

20 Ɛsɛ sɛ yɛn asetra nyinaa, a yɛn suban ne abrabɔ ankasa ka ho, ma yehu sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ. Ɔbenfo Rollo May kyerɛwee bere bi sɛ: “Ade biako pɛ a ɛbɛma yɛn asetra afata ne sɛ yɛbɛhwehwɛ nea enti a yɛwɔ ha.” Ɛhe na yebenya saa su no? Ɔtoaa so sɛ: “Onyankopɔn adwene ne nea ehia paa. Onyankopɔn adwene na ɛma asetra di mu fi adebɔ mfiase kosi awiei.”

21 Ɛnde, yebetumi ate nea enti a na odwontofo no reda ahobrɛase ne nyansa adi bere a ɔpaa Ɔbɔadeɛ no kyɛw sɛnea edi so yi no ase yiye: “[Yehowa, NW], kyerɛ me w’akwan, na fa me fa w’atempɔn so. Ma mennantew wo nokware mu, na kyerɛkyerɛ me, na wone me nkwagye Nyankopɔn.” (Dwom 25:4, 5) Bere a odwontofo no behuu Ɔbɔadeɛ no yiye no, akyinnye biara nni ho sɛ, n’asetra bɛyɛɛ nea mfaso wɔ so, nea atirimpɔw wom, na na onim nea ɔreyɛ. Ebetumi aba saa ara wɔ yɛn mu biara fam.—Exodus 33:13.

22. Dɛn na Ɔbɔadeɛ no akwan a yebehu no hwehwɛ?

22 Nea ɛka Ɔbɔadeɛ no ‘akwan’ a yebehu ho ne sɛ yebehu sɛnea ɔte, ne nipasu ne n’akwan yiye. Nanso esiane sɛ yenhu Ɔbɔadeɛ no na ɔwɔ tumi a ɛkyɛn so nti, yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu no yiye? Yebesusuw eyi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 6 Bere a Ɔbenfo Viktor E. Frankl reka Nasi nneduaban ahorow mu suahu ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Atirimpɔw a onipa hwehwɛ no ne n’asetra mu ade titiriw, na ɛnyɛ ‘biribi a ɛho nhia papa wɔ asetram,’ a ɛba ne mu kwa,” sɛnea ɛte wɔ mmoa fam no. Ɔde kaa ho sɛ wɔ wiase ko a ɛto so abien no akyi mfe pii no, nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ France “daa no adi sɛ nnipa a wɔyɛɛ wɔn mu nhwehwɛmu no mu ɔha biara mu 89 na wogye toom sɛ onipa hia ‘biribi’ a ɛbɛma wɔanya atirimpɔw wɔ asetram.”

[Wubebua Dɛn?]

□ Dɛn nti na biribi a ɛkyɛn nyansahu na ebetumi akyerɛ yɛn amansan yi ho nsɛm?

□ Sɛ woreboa afoforo ma wɔasusuw Ɔbɔadeɛ no ho a, dɛn na wubetumi atwe adwene asi so?

□ Dɛn nti na Ɔbɔadeɛ no a yebehu no no ne ade titiriw a ɛbɛma yɛanya asetram atirimpɔw a abotɔyam wom?

[Adesua ho Nsɛmmisa]

[Asɛm a Wɔahyehyɛ/Mfonini wɔ kratafa 18]

Wobɛka Dɛn

Yɛn Amansan Yi

↓ ↓

Enni Mfiase Ɛwɔ Mfiase

↓ ↓

Ɛnyɛ Obi Obi Na

Na Ɔma Ɛbae Ɔma Ɛbae

↓ ↓

Biribi a Obi a Ɔte

Ɛwɔ Hɔ Hɔ Daa DAA NA ƐMA ƐBAE Na Ɔma Ɛbae

[Kratafa 15 mfonini]

Amansan no kɛse ne nneɛma a wɔhyehyɛɛ no pɛpɛɛpɛ wom no ama nnipa pii asusuw Ɔbɔadeɛ no ho

[Asɛm Fibea]

Pages 15 and 18: Jeff Hester (Arizona State University) and NASA