Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔdɔ a Yebenya Ama Wɔn a ‘Wɔyɛ Gyidi Fifo’

Ɔdɔ a Yebenya Ama Wɔn a ‘Wɔyɛ Gyidi Fifo’

Ɔdɔ a Yebenya Ama Wɔn a ‘Wɔyɛ Gyidi Fifo’

NOKWARE Kristofo ne wɔn ho wɔn ho bɔ te sɛ abusua. Nokwarem no, efi afeha a edi kan Y.B. mu no, wɔakɔ so afrɛ wɔn ho sɛ “onua” ne ‘onuawa.’ (Marko 3:31-35; Filemon 1, 2) Eyi nyɛ nsɛmfua biara kɛkɛ; mmom ɛkyerɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn asomfo te nka ma wɔn ho wɔn ho no mu. (Fa toto 1 Yohane 4:7, 8 ho.) Yesu kae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.”—Yohane 13:35.

Wohuu ɔdɔ a ɛte saa wɔ July 1997 mu, bere a ɔpɛ bi sii bere tenten, na ɛno akyi no osu kɛse bi tɔe maa nsu yirii wɔ Chile no. Mpofirim ara, aduan, ntade, ne nneɛma afoforo ho behiaa nnipa pii. Sɛ asiane si a, Yehowa Adansefo bɔ mmɔden di Paulo afotu a ɔde kɔmaa Galatifo no akyi: “Enti, yɛwɔ bere a ɛfata yi, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo.”—Galatifo 6:10.

Enti, Yehowa Adansefo yɛɛ nhyehyɛe ntɛm ara dii ho dwuma. Wogyigyee nnuan, ntade, ne nea ɛtete saa siesiee no kama, hyehyɛe, na afei wɔde kɔɔ beae a asiane no sii hɔ. Mmofra mpo de agode bae! Bere a onuawa bi hui sɛ nneɛma a wɔde rebɛboa wɔn a wɔn ho aka mu no ayɛ Ahenni Asa no so mã no, ne ho dwiriw no. Ɔkae sɛ: “Mede ahodwiriw te gyinae, a na minhu sɛ menserew anaasɛ minsu. Na ɛno ne nea yehia ankasa.”

Afei, mpofirim ara, asasewosow bi sii wɔ beae koro no ara a na nsuyiri asɛe hɔ no. Ebubuu adan pii. Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi adi ahiade no ho dwuma no, wɔhyehyɛɛ mmoa kuw ahorow pii. Ɔmantam Adansi Boayikuw, a wɔn na mpɛn pii no wosisi Yehowa Adansefo nhyiam adan no de wɔn ho gyee mu ntɛm ara. Dɛn na efi mu bae? Wosisii adan a ɛyɛ fɛ—a anuanom ankasa na wosisii—maa wɔn a wɔhweree wɔn afie no. Bere a afie no nyɛ nea ɛkyɛn so biara no, na nsonsonoe kɛse da ɛne nea wiase mmoa kuw ahorow asisi a wobetua ho ka a na wonsiesiee fam hɔ nyɛɛ mfɛnsere na wɔnkaa ho no ntam.

Anuanom binom tuu kwan fii akyirikyiri bɛboae. Ɔmantam Adansi Boayikuw biako mu guamtrani de nnanu kɔɔ hɔ nsrahwɛ—ɛmfa ho sɛ na ɔte mmubuafo akongua mu. Onua bi a n’ani afura yɛɛ adwumaden, soaa nnua kɔmaa duadwumfo no maa otwitwaa mu sɛnea ɛfata. Onua sotifo bi sesaa nnua no kɔɔ faako a na ɛho hia hɔ.

Mmoa a anuanom de mae no maa wɔn a wohui no mu pii ho dwiriw wɔn. Wɔ kurow biako mu no, na polisifo kar bi si onuawa biako fie nkyɛn a na wɔresiesie. Na polisifo no pɛ sɛ wohu nea ɛrekɔ so no. Wɔn mu biako bisaa onua bi sɛ: “Adwumayɛfo bɛn na wɔn ani agye pii yi, na akatua ahe na wɔde ma wɔn?” Onua no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔn nyinaa atu wɔn ho ama. Polisifo no mu biako kae sɛ ɔsram biara otua ntotoso du du wɔ n’asɔre, nanso efi bere a asasewosow no sii no ne sɔfo mmɛsraa no mpo da! Ade kyee no polisini bi frɛɛ onuawa no wɔ telefon so. Ɔno nso huu adwumayɛfo no. Ɔkae sɛ, honhom soronko a adwumayɛfo no de yɛ adwuma no maa ne ho dwiriw no na ɔpɛe sɛ ɔkɔka wɔn ho!

Nokwarem no, mmoa a wɔde mae wɔ Chile no maa adwumayɛfo no nyaa osuahu a ɛyɛ anigye, na ɛyɛɛ adanse a edi mũ maa wɔn a wohui no.