Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmɔnedi—Dɛn Ntia?

Nsɛmmɔnedi—Dɛn Ntia?

Nsɛmmɔnedi—Dɛn Ntia?

“MINNI hwee ka.” Wɔde nkyerɛwde akɛse kyerɛw saa nsɛm yi guu ɔfasu bi a na wɔaka ho foforo wɔ São Paulo borɔn bi a ɛyɛ fɛ so. Ebia wubesusuw sɛ ɛyɛ nsɛmmɔnedi. Na adan ho akyerɛkyerɛw yɛ nsɛmmɔne ahorow no mu biako.

Fa no sɛ nsɛmmɔnedifo bi asɛe wo kar foforo bi. Anaa ebia woahu ɔman agyapade bi—a mfaso wɔ so ma nnipa pii—a nsɛmmɔnedifo asɛe no. Dɛn ntia? Oo, dɛn nti na wɔyɛ saa? So woasusuw nea enti a nsɛmmɔnedi abu so saa no ho pɛn? Wɔ mmeae pii no, ɛte sɛ nea nsɛmmɔnedifo ani gye sɛ wɔbɛsɛe telefon nnaka ho anaasɛ wɔsɛe no. Wɔtaa de wɔn ani si aban ahyɛn a wɔde fa akwantufo, te sɛ keteke anaa bɔs so. Ɛte sɛ nea hwee mfa nsɛmmɔnedifo ho. Nanso dɛn na ɛhyɛ nsɛmmɔne pii a yehu anaa wodi yɛn no akyi?

Marco, * aberantewaa bi a ofi Rio de Janeiro, hawee bere a ne bɔɔlbɔ kuw no dii nkogu no—ɔhawee araa ma ofii ase totow abo bobɔɔ bɔs a bɔɔlbɔ kuw a wodii nkonim no mufo tete mu no mu. Anaa susuw Claus ho. Bere a wammɔ mmɔden wɔ sukuu no, ne bo fuwii araa ma ɔtotow abo bubuu mfɛnsere. Nanso, bere a wɔkaa sɛ ne papa ntua nneɛma a ɔsɛee no no ho ka no, “n’anigye” no tu yerae. Ná Erwin, yɛ abofra foforo a ɔkɔ sukuu na ɔsan yɛ adwuma. Na wohu ɔne ne mfɛfo sɛ wɔyɛ mmofra pa. Nanso na nea wɔde gyigye wɔn ani ne sɛ wɔbɛsɛe mpɔtam hɔ nneɛma. Na Erwin awofo nnim ho hwee. Ná Valter yɛ ayisaa a onni baabiara te sɛ São Paulo abɔnten so. Na ne nnamfonom titiriw yɛ nsɛmmɔnedifo kuw, na na ɔne wɔn na ɛbɔ, na osuaa ntɔkwako nso. Nhwɛso a ɛtete saa kyerɛ sɛ nnipa bi na wɔhyɛ nsɛmmɔnedi akyi, na nea ɛkanyan obi, anaa nkate a ɛma obi sɛe ade no gu ahorow.

The World Book Encyclopedia ka sɛ: “Nsɛmmɔnedi betumi ayɛ nneyɛe a wɔde tɔ werɛ anaa ɔkwan a wɔfa so da adwene a wɔwɔ wɔ amammuisɛm ho adi. Ɛtɔ mmere bi a mmofra ne mpanyin nyinaa di nsɛmmɔne de ‘gyigye wɔn ani.’” Nanso, sɛ anka nsɛmmɔnedi bɛyɛ biribi a mmofra de gyigye wɔn ani ara kwa no, ebetumi asɛe ade kɛse na adi awu mpo. Mmofra bi pɛe sɛ wɔyɛ biribi de “gyigye wɔn ani,” na bere a wohui sɛ ɔbarima bi ada no, wɔde biribi a wɔde sɔ ogya guu ne so, na wɔhyew no. Akyiri yi, Indiani, a wɔyɛɛ no saa no wui wɔ ayaresabea. Sɛnea amanneɛbɔ bi kyerɛ no, “mmerante no kae sɛ, na wosusuw sɛ ɛrenyɛ obiara asɛm efisɛ na wɔahyew adesrɛfo pii wɔ mmɔnten so a na obiara nkaa ho hwee.” Sɛ́ nsɛmmɔnedi te sɛ nea epira anaasɛ empira no, nea efi mu ba no nni ano wɔ sika fam ne nkate fam. Enti, dɛn na ebetumi asiw nsɛmmɔnedi ano anaasɛ ɛbɛma afi hɔ?

Hena Na Obetumi Ama Nsɛmmɔnedi Afi Hɔ?

So polisifo ne sukuu ahorow betumi asiw nsɛmmɔnedi ano? Ade biako ne sɛ, amumɔyɛ a anibere wom te sɛ nnubɔnetɔn ne awudisɛm tumi gye atumfo no adwene sen nsɛmmɔne a “empira” no. Sɛnea polisini bi kyerɛ no, sɛ abofra nya asɛm a, awofo taa “ka sɛ mmofra afoforo a wɔne no bɔ no, anaa sukuu, anaa polisifo a wɔkyeree no no na anyɛ no yiye.” Nhomasua ne mmara ho nhyehyɛe betumi ama nsɛmmɔnedi ano abrɛ ase; nanso, sɛ awofo ansakra wɔn su ɛ? Ɔpanyin bi a ɔhwehwɛ nea ɛde mmofrabɔnesɛm ba mu kae sɛ: “Ɛyɛ efie a ɛfono wɔn ne hokwan a wonya. [Mmofra no] mma fie ntɛm, na wonni dwuma bi di. Ebia obiara ani nni wɔn so—sɛ ɛnte saa a anka wɔrempue.”

Ɛwom sɛ nsɛmmɔnedi yɛ aniberesɛm wɔ mmeae ahorow pii de, nanso susuw sɛnea yebetumi asakra nneɛma no ho hwɛ. Mmofra nsɛmmɔnedifo a yɛkaa wɔn ho asɛm mfiase no sakrae; mprempren wɔagyae nsɛmmɔnedi koraa. Dɛn na ɛmaa saa mmofrabɔne yi sesae? Bio nso, sɛ wuhu sɛ ɛnyɛ sɛ nsɛmmɔne ano abrɛ ase nko na mmom wɔayi afi hɔ koraa nso ɛ? Yɛsrɛ sɛ kenkan asɛm a edi hɔ no.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 4 Wɔasesa edin ahorow no.