Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Esiane sɛ wɔkyerɛ sɛ wotumi ma obi a wotwa no awo tumi wo bio bere a ɔpɛ nti, so Kristoni betumi abu no sɛ ɛyɛ ɔkwan a wɔfa so siw awo ano?

Awo a wotwa nkurɔfo abɛyɛ ɔkwan a wɔfa siw awo ano kɛse sen biara. Wɔ nnipa pii fam no, ɛte sɛ nea obi asetra ne ne nhomanim, ne ɔsom mu gyidi a ɔwɔ na ɛma ogye tom anaa ɔpo. Ɔsom mu gyidi ba asɛm yi mu wɔ Yehowa Adansefo a wɔne odwontofo no yɛ adwene sɛ: “[Yehowa, NW], kyerɛ me wo kwan, na fa me fa ɔtempɔn tamaa so” no fam. (Dwom 27:11) Akwan bɛn so na wɔfa twa obi awo?

Wɔfrɛ awo a wotwa mmarima no vasectomy. Wotwa ntini nketewa abien a ahobae fa mu no mu siw ano wɔ hweaa no mu. Wotumi fa nnuruyɛ akwan horow so yɛ eyi, nanso n’atirimpɔw ne sɛ wɔremma ahobae a efi hweaa no mu ntumi mfa mu. Wɔfrɛ awo a wotwa mmea no tubal ligation. Ɔkwan a wɔtaa fa so yɛ ɛno ne sɛ wotwa Mmadwoa dorobɛn a mmadwoa fa mu kogu awotwa mu no mu kyekyere (anaa, wɔhyew) ano.

Wofi bere tenten asusuw sɛ saa akwan yi yɛ nea wontumi nsakra no—kyerɛ sɛ, obi a wotwa no awo ntumi nwo bio. Nanso, esiane sɛ wɔn a wɔma wɔyɛ wɔn saa no bi tumi nu wɔn ho anaa nsɛm foforo sɔre nti, wɔahwehwɛ sɛ nnuruyɛfo boa wɔn ma wɔwo bio. Esiane sɛ wɔatumi ayɛ nnwinnade soronko ne nnwinnade nketewa a wɔde yɛ oprehyɛn nti, wɔatumi ayɛ ma pii atumi awo bio. Ɛdefa mmarima a wotwa wɔn awo ho no, wɔtaa kenkan sɛ wɔn a wɔpaw wɔn no mu ɔha biara mu 50 kosi 70 na wotumi ma wɔwo bio. Wɔkyerɛ sɛ wotumi ma mmea a wotwa wɔn awo no ɔha biara mu 60 kosi 80 tumi wo bio. Ebinom a wɔasua eyi ho ade aka sɛ ɛnsɛ sɛ wobu awo a wotwa sɛ biribi a wontumi nsakra no bio. Ebia wobesusuw sɛ vasectomy ne tubal ligation no te sɛ nnuru a wɔnom de siw awo ano, kɔndɔm, ne diaphram ahorow—adeyɛ a wotumi gyae bere a wɔpɛ sɛ wonyinsɛn no. Nanso, aniberesɛm bi wɔ hɔ a ɛnsɛ sɛ yebu ani gu so.

Biako ne sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a ebetumi ama sakra a wɔbɛsakra no no ayɛ den, sɛnea ntini no sɛee bere a wotwaa mu no, ntini no fã a wotwa fii hɔ anaa etwa a aba ano no, mfe dodow a atwam fi bere a wotwaa mu no, ne mmarima fam no, sɛ ebia yare mmoawa bi kaa ɔbarima no ahobae no a. Na ade a ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so ne sɛ ebetumi aba sɛ mmeae bi wɔ hɔ a nnwinnade nketewa a wɔde yɛ oprehyɛn no bi nni hɔ, anaasɛ ebia wɔrentumi ntua ho ka. Enti, ebia entumi nyɛ yiye mma nnipa pii a wɔpɛ paa sɛ wɔyɛ ma wotumi wo bio no. Wɔn fam no, ɛno ara ne no. * Enti nnipa dodow a wɔaka ho asɛm wɔ atifi hɔ sɛ wotumi ma wɔwo bio no yɛ atirimsɛm kɛkɛ, ɛnyɛ ade a wobetumi de ho ato so.

Nokwasɛm ahorow bi ni. Mmarima a wotwa wɔn awo ho asɛm bi a wotintimii wɔ United States kae sɛ bere a wɔyɛɛ mmarima bi a wotwaa wɔn awo oprehyɛn a ɛbɛma wɔatumi awo bio a ɛho ka yɛ $12,000 akyi no, “ɔha biara mu 63 pɛ na wotumi ne wɔn ahokafo nyinsɛn.” Afei nso, “mmarima a wotwa wɔn awo ɔha biara mu asia pɛ na wɔhwehwɛ sɛ wɔsakra no ma wɔn.” Wɔ Germanfo nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Europa mfinimfini fam no, wohui sɛ mmarima a wɔma wotwa wɔn awo ɔha biara mu 3 pɛ na wɔhwehwɛ sɛ wɔsakra no akyiri yi. Sɛ emu fã tumi yɛ yiye mpo a, ɛbɛkyerɛ sɛ mmarima a wɔmaa wotwaa wɔn awo ɔha biara mu 98.5 de bɛka hɔ. Na dodow no bɛkɔ soro wɔ nsase a nnwinnade nketewa a wɔde yɛ oprehyɛn kakraa bi pɛ na ɛwɔ hɔ anaasɛ ebi nni hɔ koraa no so.

Ne saa nti, ɛnsɛ sɛ wobu awo a wotwa mmarima ne mmea no adewa, te sɛ awo ano a wosiw bere tiaa bi mu. Na wɔ nokware Kristofo fam no, ade foforo wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesusuw ho.

Ade titiriw ne sɛ awo tumi yɛ akyɛde a efi yɛn Bɔfo no hɔ. Ne mfitiase atirimpɔw no bi ne sɛ wɔbɛwo nnipa a wɔyɛ pɛ ‘ahyɛ asase so ma, na wɔahyɛ so.’ (Genesis 1:28) Bere a Nsuyiri no tew asase so nnipa dodow so ma ɛkaa baawɔtwe no, Onyankopɔn sii saa akwankyerɛ titiriw no so bio. (Genesis 9:1) Onyankopɔn ansi saa ahyɛde no so ankyerɛ Israel man no, nanso na Israelfo no bu awo sɛ biribi a ɛho hia yiye.—1 Samuel 1:1-11; Dwom 128:3.

Na nnipa awo ho nsɛm wɔ Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israelfo no mu. Sɛ nhwɛso no, sɛ na ɔbarima bi ware na wanwo ba a ɔbɛtoa n’anato so na owu a, na ɛsɛ sɛ ne nuabarima ware ne yere no na ɔwo ma no. (Deuteronomium 25:5) Nea ɛho hia kɛse nso ne nea na ɛfa ɔyere a ɔkɔboa ne kunu wɔ ntɔkwaw mu ho no. Sɛ na ɔbea no so ɔbarima a ɔne ne kunu reko no barima mu a, na ɛsɛ sɛ wotwa ne nsa; nea ehia titiriw no, Onyankopɔn anhwehwɛ aniwa a ebesi aniwa ananmu anaa ne kunu no awode a wɔbɛsɛe no. (Deuteronomium 25:11, 12) Ɛda adi sɛ na saa mmara yi bɛma wɔakyerɛ obu ama awode; na ɛnsɛ sɛ wɔsɛe no sɛnea ɛmfata. *

Yenim sɛ Kristofo nni Israelfo Mmara no ase, enti ahyɛde a ɛwɔ Deuteronomium 25:11, 12 no nkyekyere wɔn. Saa ara na Yesu anhyɛ anaa wankyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ n’asuafo ware na wɔwo mma dodow a wobetumi, sɛnea awarefo pii asusuw ho bere a wɔresi gyinae sɛ wɔbɛfa kwan bi so asiw wɔn awo ano no. (Mateo 19:10-12) Ɔsomafo Paulo hyɛɛ ‘akunafo nkumaa’ a akɔnnɔ hyɛ wɔn so no nkuran sɛ ‘wɔnware nwo mma.’ (1 Timoteo 5:11-14) Wanka awo a wobetwa Kristofo koraasɛ wobefi wɔn pɛ mu de wɔn awo tumi abɔ afɔreho asɛm.

Ɛyɛ papa sɛ Kristofo susuw nneɛma a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn bu awo tumi a wɔwɔ no ho. Ɛsɛ sɛ awarefo biara si gyinae sɛ ebia wɔbɛfa ɔkwan bi a ɛfata so ayɛ wɔn awo ho nhyehyɛe na wohu bere a wɔbɛyɛ saa. Nokwarem no, sɛ nnuruyɛ mu adanse wɔ hɔ sɛ ɛna anaa abofra no betumi ahyia nnuruyɛ mu asiane bi a anibere wom, a sɛ ebia onyinsɛn bio a obetumi awu a, ɛnde na ɛsɛ sɛ wɔn gyinaesi no yɛ nea emu yɛ den yiye. Ebinom a wɔwɔ saa tebea no mu de amemenemfe ama wɔatwa wɔn awo wɔ ɔkwan a yɛadi kan aka ho asɛm no so, sɛnea ɛbɛyɛ a nyinsɛn foforo biara mfa ɛna no (a ebia ɔwɔ mma dedaw no) anaa abofra a wɔbɛwo no akyiri yi a obetumi anya owuyare no nkwa nto asiane mu.

Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ, Kristofo a wonhyia asiane soronko biara a ɛte saa no de ‘adwenemtew’ bedi dwuma ma bu a Onyankopɔn bu awo tumi no ateɛteɛ wɔn nsusuwii ne wɔn nneyɛe. (1 Timoteo 3:2; Tito 1:8; 2:2, 5-8) Eyi begyina ahokokwaw mu a wobefi de Kyerɛwnsɛm mu nsɛm adi dwuma so. Nanso, sɛ ɛbɛda adi sɛ Kristoni bi hyɛɛ da buu n’ani guu nneɛma a ɛsom bo ma Onyankopɔn so ɛ? So afoforo adwenem renyɛ wɔn naa sɛ wanyɛ nhwɛso pa, na osisi gyinae a ɛne Bible nhyia? Nokwarem no, dimmɔne a ɛhaw adwene saa a obi nya betumi aka ɔsomfo no sɛ ebia ɔfata sɛ onya ɔsom mu hokwan soronko bi a, nanso sɛ onii no nnim na wɔyɛɛ no a, ebia ɔrenhwere hokwan biara.—1 Timoteo 3:7.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 6 “Anyɛ yiye koraa no, mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛsan aka [ntini a wɔatwam] asi anim no mu ɔha biara mu 40 yɛ yiye, na adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ nkɔanim kɛse betumi aba bere a wɔanya nkɔso wɔ nnwinnade nketewa a wɔde yɛ oprehyɛn ho nimdeɛ mu no. Nanso, ɛsɛ sɛ wobu mmarima a wotwa wɔn awo sɛ adeyɛ a wontumi nsakra no.” (Encyclopædia Britannica) “Ɛsɛ sɛ wobu awo a wotwa sɛ adeyɛ a wontumi nsakra no. Ɛmfa ho sɛ ebia nea ɔma wɔyɛ no saa no ate sɛ wotumi sakra no no, ntini a wotwam san ka si anim no ho ka sõ, na wontumi mma ho awerɛhyem sɛ ɛbɛyɛ yiye. Mmea a wɔkɔ ma wɔsan ka si anim fam no, sɛ wonyinsɛn a ɛntaa ntɔ awotwaa no mu.”—Contemporary OB/GYN, June 1998.

^ nky. 10 Mmara foforo a ebetumi ayɛ nea ɛho hia kae sɛ, ɔbarima biara a n’awode asɛe koraa ntumi mma Onyankopɔn asafo mu. (Deuteronomium 23:1) Nanso, Insight on the Scriptures ka sɛ ɛda adi sɛ na “eyi fa wɔn a wɔhyɛ da sɛe wɔn awode wɔ ɔbrasɛe te sɛ mmarima a wɔne mmarima da ho no ho.” Enti, na saa mmara no mfa obi a wɔsa no anaa wosiw n’awo ano ho. Insight ka nso sɛ: “Yehowa kaa awerɛkyekyesɛm bi siei sɛ bere bi bɛba a obegye ayitotofo atom sɛ n’asomfo, na sɛ wɔyɛ osetie a, wobenya din a eye sen mmabanin ne mmabea. Bere a Yesu Kristo yii Mmara no fii hɔ no, na nnipa a wobegye no adi nyinaa, ɛmfa ho wɔn kan gyinabea anaa tebea, betumi abɛyɛ Onyankopɔn honhom mu mma. Woyii honam fam nsonsonoe fii hɔ.—Yes 56:4, 5; Yoh 1:12.”