Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wo Bɔfo No—Hu Sɛnea Ɔte

Wo Bɔfo No—Hu Sɛnea Ɔte

Wo Bɔfo No—Hu Sɛnea Ɔte

“Mɛma me papa nyinaa asen w’anim, na mɛpae [Yehowa, “NW”] din wɔ w’anim.”—EXODUS 33:19.

1. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi Ɔbɔadeɛ no ni?

ƆSOMAFO Yohane a ɔkyerɛw Bible mu nhoma a etwa to no kyerɛw asɛm a emu dɔ yi faa Ɔbɔadeɛ no ho sɛ: “[Yehowa, NW], wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na ɛyeyɛe na wɔbɔe.” (Adiyisɛm 4:11) Sɛnea asɛm a edi eyi anim daa no adi no, nneɛma a nnɛyi nyansahu da no adi no ma yɛtaa nya nea enti a ɛsɛ sɛ yegye Ɔbɔadeɛ bi a ɔbɔɔ nneɛma nyinaa no di.

2, 3. (a) Dɛn na nkurɔfo hia na ama wɔasua Ɔbɔadeɛ no ho ade? (b) Dɛn nti na Ɔbɔadeɛ no a yebehu no anikan no nyɛ nea ntease wom?

2 Sɛnea ɛho hia sɛ yegye tom sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ no, saa ara na ɛho hia sɛ yehu sɛnea ɔte—sɛ ɔyɛ ɔteasefo, a ɔwɔ nipasu ne akwan a ɛtwetwe nnipa bɛn no. Baabi a woayɛ saa akodu biara no, so ɛrenyɛ papa sɛ wubehu no yiye? Ɛno nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wuhu no anikan, sɛnea yehu nnipa foforo no.

3 Yehowa na Ɔbɔɔ nsoromma mpo, na owia yɛ nsoromma a ɛnso ahe biara. So wobɛbɔ mmɔden sɛ wobɛbɛn owia ankasa? Dabida! Nnipa dodow no ara hwɛ yiye mpo sɛ wɔnnyen wɔn ani nhwɛ anaa wonnyina mu mma ɛnhyew wɔn bere tenten. Ano hyew ankasa bɛyɛ 15,000,000 digrii Celsius (27,000,000°F.). Anibu biako biara no, saa ɔhyew yi a anoden te sɛ nuklea ahoɔden no ma tumi ba ewim nneɛma a emu duru bɛyɛ tɔn ɔpepem anan mu. Emu kakraa bi pɛ na ɛba asase so sɛ ɔhyew ne hann, nanso saa dodow no kora nkwa a ɛwɔ asase so nyinaa so. Ɛsɛ sɛ saa nokwasɛm titiriw no ma yehu tumi nwonwaso a Ɔbɔadeɛ no wɔ. Enti ɛfata sɛ Yesaia tumi kyerɛw “[Ɔbɔadeɛ no] tumi dodow ne n’ahoɔden kɛse” ho asɛm.—Yesaia 40:26.

4. Dɛn na Mose srɛe, na Yehowa dii ho dwuma dɛn?

4 Nanso, wunim sɛ Israelfo no fii Misraim wɔ 1513 A.Y.B. mu akyi asram bi no, Mose srɛɛ Ɔbɔadeɛ no sɛ: “Ɛnde, ma minhu w’anuonyam.” (Exodus 33:18) Sɛ wokae sɛ Onyankopɔn na Ɔbɔɔ owia mpo a, wubetumi ate nea enti a ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Wuntumi nhu m’anim; efisɛ onipa renhu m’anim nnya nkwa” no ase. Ɔbɔadeɛ no maa Mose hintawee Bepɔw Sinai so baabi na ‘Obetwaam.’ Enti Mose huu Onyankopɔn ‘atikɔ,’ sɛnea yɛbɛka no no, wɔmaa ohuu Ɔbɔadeɛ no anuonyam, anaa n’ahoyi bi.—Exodus 33:20-23; Yohane 1:18.

5. Ɔkwan bɛn so na Ɔbɔadeɛ no dii Mose abisade ho dwuma, na dɛn na ɛdaa no adi?

5 Wɔammu ani angu ɔpɛ a na Mose wɔ sɛ obehu Ɔbɔadeɛ no yiye no so. Ɛda adi sɛ bere a na Onyankopɔn nam ɔbɔfo so rekasa no, otwaam wɔ Mose anim kae sɛ: “[Yehowa, NW], Onyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfoɔ, nea n’abodwo kyɛ na n’adɔeyɛ ne ne nokware dɔɔso pii, nea ɔkora adɔeyɛ ma mpem mpem, na ɔde amumɔyɛ ne mmarato ne bɔne firi, na bem na ɔmma ɔbɔnefo nni.” (Exodus 34:6, 7) Eyi kyerɛ sɛ yɛn Bɔfo no a yebehu no yiye no nhwehwɛ sɛ yebehu biribi a aniwa tua bi, na mmom ɛne sɛ yɛbɛte sɛnea ɔte, ne nipasu ne ne nneyɛe, ase koraa.

6. Dɛn nti na yɛn nipadua mu nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa no yɛ anwonwade?

6 Ɔkwan biako a yɛbɛfa so ayɛ saa ne sɛ yebehu Onyankopɔn su horow denam nneɛma a wabɔ no so. Susuw wo nipadua mu nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa no ho hwɛ. Wɔ asɛm bi a ɛfa nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa ho mu no, Scientific American kae sɛ: “Efi awo mu kosi owu mu no, nipadua mu nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa no ayɛ krado bere nyinaa. Abɔde mu nneɛma nketenkete ne nkwammoaa pii . . . bɔ yɛn ho ban fi ɔyare mmoawa ahorow ho. Sɛ saa ahobammɔ no nni hɔ a, anka nnipa ntumi ntra nkwa mu.” Ɛhe na saa nhyehyɛe no fi? Saa nsɛmma nhoma no mu asɛm bi kae sɛ: “Nkwammoaa akuw nwonwaso a wɔn ho yɛ den a wotumi di nkitaho a wɔbɔ nipadua no ho ban fi ɔyare mmoawa ahorow ho no fi ase fi nkwammoaa kakraa bi a wodi kan pue wɔ nyinsɛn akyi bɛyɛ adapɛn akron no mu.” Ɔpemfo de nkwaadɔm bi ma akokoaa a ɔda yafunu mu no. Akyiri yi, ɛdenam ne nufusu so no, ɔde nkwammoaa a wɔko tia nyarewa ne nnuru a ahoɔden wom ma abofra no.

7. Dɛn na yebetumi asusuw afa yɛn nipadua mu nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa no ho, na dɛn na ɛbɛma yɛaka?

7 Wowɔ ntease pa nti a ɛsɛ sɛ woka sɛ wo nipadua mu nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa no sen nea nnɛyi aduruyɛ betumi de ama yɛn nyinaa koraa. Enti, bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn na eyi ka fa nhyehyɛe yi Fibea ne ne Mafo no ho?’ Akyinnye biara nni ho sɛ, saa nhyehyɛe yi a ‘edi kan pue wɔ nyinsɛn akyi bɛyɛ adapɛn akron,’ na ɛyɛ krado sɛ ɛbɛbɔ abofra a wɔwo no foforo ho ban no, da nyansa ne nhyehyɛe pa adi. Nanso so yebetumi agyina saa nhyehyɛe yi so ahu pii afa Ɔbɔadeɛ no ho? Dɛn na yɛn mu dodow no ara ka fa Albert Schweitzer ne afoforo a wɔde wɔn nkwa nna nyinaa bɔɔ afɔre yɛɛ nnuru maa ahiafo no ho? Mpɛn pii na yɛbɔ nkurɔfo a wɔwɔ mmɔborohunu saa no din pa. Sɛ yɛde toto ho a, dɛn na yebetumi aka afa yɛn Bɔfo a ɔma adefo ne ahiafo nyinaa nipadua mu nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa no ho? Ɛda adi pefee sɛ, ɔyɛ ɔdɔ, ɔnhwɛ nnipa anim, ɔwɔ ayamhyehye, na obu atɛntrenee. So eyi ne asɛm a wɔka faa Ɔbɔadeɛ no ho a Mose tee no nhyia?

Ɔda Sɛnea Ɔte Adi

8. Ɔkwan titiriw bɛn so na Yehowa da ne ho adi kyerɛ yɛn?

8 Nanso, ɔkwan foforo wɔ hɔ a yebetumi afa so ahu yɛn Bɔfo no yiye—ɛdenam Bible no so. Eyi ho hia ankasa efisɛ ne ho nneɛma bi wɔ hɔ a nyansahu anaa amansan yi rentumi nna no adi koraa, na nneɛma foforo nso wɔ hɔ a wɔkyerɛkyerɛ mu pefee wɔ Bible no mu. Nea nyansahu ntumi nkyerɛ no ho nhwɛso bi ne Ɔbɔadeɛ no din ankasa. Bible no nkutoo na ɛma yehu Ɔbɔadeɛ no din ne nea ɛkyerɛ. Wɔ Bible no Hebri nkyerɛwee mu no, ne din no pue bɛyɛ mpɛn 7,000, na wɔde anom nkyerɛwde anan a wobetumi akyerɛ ase YHWH, a wɔtaa bɔ no Yehowa wɔ Twi mu, na akyerɛw.—Exodus 3:15; 6:3.

9. Dɛn na Ɔbɔadeɛ no din ankasa kyerɛ, na dɛn na yebetumi agyina eyi so aka?

9 Nea ɛbɛyɛ na yɛahu Ɔbɔadeɛ no yiye no, ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ ɔnyɛ biribi a aniwa ntumi nhu a “Ɔyɛɛ Ne Ho” kɛkɛ anaa biribi hunu a ɛkyerɛ “Mene.” Ne din ankasa kyerɛ saa. Ɛyɛ Hebri adeyɛ asɛm bi a ɛkyerɛ “bɛyɛ” anaa “yɛ hɔ.” * (Fa toto Genesis 27:29; Ɔsɛnkafo 11:3 ho.) Onyankopɔn din no kyerɛ “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ,” na esi so dua sɛ ɔwɔ atirimpɔw na odi ho dwuma nso. Sɛ yehu ne din na yɛde di dwuma a, yebetumi agye atom yiye sɛ odi ne bɔhyɛ ahorow ho dwuma na ɔma n’atirimpɔw bam ankasa.

10. Nhumu titiriw bɛn na yebetumi anya afi Genesis kyerɛwtohɔ no mu?

10 Bible no ne baabi a yebenya Onyankopɔn atirimpɔw ne ne nipasu ho nimdeɛ. Genesis kyerɛwtohɔ no da no adi sɛ bere bi, na asomdwoe wɔ adesamma ne Nyankopɔn ntam, na na wɔwɔ nkwa nna tenten a atirimpɔw wom ho anidaso. (Genesis 1:28; 2:7-9) Esiane sɛ ɔma sɛnea ne din no kyerɛ yɛ hɔ daa nti, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa de amanehunu ne abasamtu a ahaw nnipa bere tenten no bɛba awiei. Yɛkenkan n’atirimpɔw a ɔbɛma abam no ho asɛm sɛ: “Wɔde wiase a aniwa tua yi ahyɛ abasamtu ase, ɛnyɛ n’ankasa pɛ nti, na mmom Ɔbɔadeɛ no pɛ nti, nea ɔyɛɛ saa a ɔmaa enyaa anidaso sɛ da bi . . . wɔbɛma anya Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi no.”—Romafo 8:20:21, The New Testament Letters, a J. W. C. Wand yɛe no.

11. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw Bible kyerɛwtohɔ ho, na nsɛm bɛn na ɛwɔ kyerɛwtohɔ a ɛte saa no biako mu?

11 Bible no betumi aboa yɛn nso ma yɛahu yɛn Bɔfo no yiye efisɛ ɛkyerɛ ne nneyɛe ne sɛnea odi nneɛma ho dwuma bere a na ɔne tete Israel redi nsɛm no. Susuw nhwɛso bi a ɛfa Elisa ne Siriafo a na wɔne wɔn di asi no sahene Naaman ho no ho hwɛ. Bere a wokenkan saa kyerɛwtohɔ yi wɔ 2 Ahene ti 5 no, wubehu sɛ Israelni abeawa dommum bi na ɔkyerɛe sɛ Elisa a na ɔwɔ Israel no betumi asa Naaman kwata no. Naaman kɔɔ hɔ a na ɔrehwɛ kwan sɛ Elisa bɛyɛ guasodeyɛ bi de asa no yare anwonwakwan so. Mmom no, Elisa ka kyerɛɛ Siriani no sɛ onkoguare wɔ Asubɔnten Yordan mu. Ɛwom sɛ Naaman nkoa hyɛɛ no nkuran ansa na ɔrekoguare de, nanso bere a ɔyɛɛ saa no, onyaa ayaresa. Naaman maa Elisa akyɛde a ɛsom bo, nanso wannye. Akyiri yi, ne hokafo bi wiaa ne ho kɔɔ Naaman nkyɛn kodii atoro gyee nneɛma no bi. N’atorodi no maa kwata yɛɛ no. Eyi yɛ nnipa sintɔ ho kyerɛwtohɔ bi a ɛka yɛn—nea yebetumi asua biribi afi mu.

12. Dɛn na Elisa ne Naaman kyerɛwtohɔ no betumi ama yɛaka afa Ɔbɔadeɛ no ho?

12 Anigye so no, kyerɛwtohɔ no kyerɛ sɛ amansan Bɔfo no korɔn paa, nanso ɔdom abeawa ketewa no, ade a ɛne nea nkurɔfo pii susuw bɔ abira koraa. Ɛkyerɛ nso sɛ Ɔbɔadeɛ no nnom abusua anaa ɔman biako pɛ. (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Anigyesɛm ne sɛ, sɛ́ anka Ɔbɔadeɛ no bɛhwɛ kwan sɛ nkurɔfo bedi atoro—ade a tete ne nnɛyi “ayaresafo” yɛ—no, ɔdaa nyansa a ɛkyɛn so adi. Ná onim sɛnea wɔsa kwata. Ɔdaa nhumu ne atɛntrenee adi nso sɛ wamma amimdi ho kwan. Ebio, so ɛno ne Yehowa nipasu a Mose tee ho asɛm no nhyia? Ɛwom sɛ saa Bible kyerɛwtohɔ no yɛ tiawa de, nanso hwɛ sɛnea yebetumi agyina so koraa ahu sɛnea yɛn Bɔfo no te!—Dwom 33:5; 37:28.

13. Kyerɛkyerɛ sɛnea yebetumi anya asuade a mfaso wɔ so afi Bible kyerɛwtohɔ mu.

13 Kyerɛwtohɔ afoforo a ɛfa anisɔ a Israelfo ankyerɛ ne sɛnea Onyankopɔn yɛɛ ho biribi ho no da no adi sɛ Yehowa dwen yɛn ho ampa. Bible ka sɛ Israelfo no sɔɔ no hwɛe mpɛn pii, na ɛma odii yaw ankasa. (Dwom 78:40, 41) Enti, Ɔbɔadeɛ no wɔ nkate na odwen nea nnipa yɛ ho. Afei nso, pii wɔ hɔ a yebetumi asua afi ankorankoro a wonim wɔn yiye ho kyerɛwtohɔ mu. Bere a wɔpaw Dawid sɛ Israel hene no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Onipa hwɛ nea etua aniwa, na [Yehowa, NW] de, ɔhwɛ komam.” (1 Samuel 16:7) Yiw, Ɔbɔadeɛ no hwɛ komam, ɛnyɛ sɛnea afoforo hu yɛn kɛkɛ. Hwɛ sɛnea ɛma yenya abotɔyam!

14. Sɛ yɛkenkan Hebri Kyerɛwnsɛm no a, ade a mfaso wɔ so bɛn na yebetumi ayɛ?

14 Wɔkyerɛw Bible mu nhoma no mu aduasa akron ansa na Yesu reba, na ɛma yehu hia a ehia sɛ yɛkenkan. Ɛnsɛ sɛ eyi yɛ Bible kyerɛwtohɔ anaa abakɔsɛm a yebesua kɛkɛ. Sɛ yɛpɛ sɛ yehu sɛnea yɛn Bɔfo no te a, ɛsɛ sɛ yedwennwen saa kyerɛwtohɔ no ho, na ebia yɛasusuw sɛ, ‘Dɛn na saa asɛm yi ma yehu fa ne nipasu ho? Ne su ahorow no mu nea ɛwɔ he na ɛda adi wɔ ha?’ * Saa a yɛbɛyɛ no bɛboa akyinnyegyefo mpo ma wɔahu sɛ Onyankopɔn na ɔma wɔkyerɛw Bible no, na ama wɔagyina so abehu ne Kyerɛwfo a ɔwɔ dɔ no yiye.

Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse Bi Boa Yɛn Ma Yehu Ɔbɔadeɛ No

15. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Yesu nneyɛe ne ne nkyerɛkyerɛ yɛ nea asuade wom?

15 Nokwarem no, ebetumi aba sɛ wɔn a wonnye nni sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ anaa wonni Onyankopɔn ho adwempa no nnim Bible ho hwee. Ebia woahyia nnipa bi a wɔantumi ankyerɛ sɛ ebia Mose traa ase ansa na Mateo reba anaasɛ Mateo traa ase ansa na Mose reba, na wonnim Yesu nnwuma anaa ne nkyerɛkyerɛ ho hwee. Ɛno yɛ awerɛhow ankasa efisɛ obi betumi afa Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse, Yesu, so asua Ɔbɔadeɛ no ho nsɛm pii. Esiane sɛ na ɔne Onyankopɔn wɔ abusuabɔ a emu yɛ den nti, na obetumi ada sɛnea yɛn Bɔfo no te adi. (Yohane 1:18; 2 Korintofo 4:6; Hebrifo 1:3) Na ɔyɛɛ saa. Nokwarem no, ɔkae bere bi sɛ: “Nea wahu me no ahu agya no.”—Yohane 14:9.

16. Nkɔmmɔ a Yesu ne Samariani bea no bɔe no kyerɛkyerɛ dɛn mu?

16 Susuw saa nhwɛso yi ho hwɛ. Bere bi a na Yesu atu kwan abrɛ no, ɔne Samariani bea bi kasae wɔ baabi a na ɛbɛn Sikar. Ɔkaa nokware a edi mũ ho asɛm kyerɛɛ no, na ɔtwee adwene sii hia a ehia sɛ ‘wɔsom Agya no wɔ honhom ne nokware mu’ no so. Ná Yudafo a wɔwɔ hɔ saa bere no ne Samariafo nka. Nea ɛne no bɔ abira no, Yesu daa ɔpɛ a Yehowa wɔ sɛ obegye mmarima ne mmea anokwafo a wofi aman nyinaa mu a wɔwɔ koma pa atom no adi, sɛnea yehui wɔ Elisa ne Naaman asɛm no mu no. Ɛsɛ sɛ ɛma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa mpene nyamesom mu nitan a ɛmfata a abu so wɔ wiase nnɛ no so. Yebetumi ahyɛ nokwasɛm a ɛne sɛ na Yesu wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ ɔbea, na wɔ ha no, ɔbea a na ɔne ɔbarima bi a ɔnyɛ ne kunu te, no nsow. Sɛ́ anka Yesu bɛkasa atia no no, ɔne no dii wɔ nidi mu, wɔ ɔkwan a na ebetumi aboa no ankasa so. Ɛno akyi no, Samariafo foforo tiee Yesu, na wɔkae sɛ: “Yɛahu sɛ oyi ne wiase agyenkwa no ampa.”—Yohane 4:2-30, 39-42; 1 Ahene 8:41-43; Mateo 9:10-13.

17. Dɛn so na Lasaro wusɔre ho kyerɛwtohɔ no twe adwene si?

17 Momma yensusuw mfatoho foforo a ɛbɛma yɛatumi asua Ɔbɔadeɛ no ho ade ho denam Yesu nneyɛe ne ne nkyerɛkyerɛ a yebesusuw ho so. Susuw bere a Yesu adamfo Lasaro wui no ho hwɛ. Ná Yesu adi kan ada tumi a ɔwɔ sɛ obetumi anyan awufo no adi. (Luka 7:11-17; 8:40-56) Nanso, ɔyɛɛ n’ade dɛn bere a ohuu Lasaro nuabea Maria sɛ ɔresu no? Yesu “ho yeraw no.” Ná ɔnyɛ obi a asɛm mfa ne ho anaasɛ obi a ɔnka nkɔ nnipa mu; ‘osui.’ (Yohane 11:33-35) Na na eyi nyɛ nkate bi a ɔreda no adi kɛkɛ. Ɛkaa Yesu maa ɔyɛɛ ho biribi pa—onyanee Lasaro. Wubetumi asusuw sɛnea eyi boaa asomafo no ma wohuu sɛnea Ɔbɔadeɛ no te nka ne sɛnea ɔyɛ nneɛma no ho. Ɛsɛ sɛ ɛboa yɛne afoforo nso ma yɛte Ɔbɔadeɛ no nipasu ne n’akwan ase.

18. Ɛsɛ sɛ nkurɔfo te nka dɛn wɔ Bible no sua ho?

18 Ntease biara nnim sɛ yɛbɛma yɛn ani awu sɛ yebesua Bible na yɛahu pii afa yɛn Bɔfo no ho. Bible no nyɛ nhoma a ne bere atwam. Obi a osuae na ɔbɛyɛɛ Yesu adamfo paa ne Yohane. Ɔkyerɛw akyiri yi sɛ: “Yenim sɛ Onyankopɔn ba no aba na wabɛma yɛn adwene a yɛde hu ɔnokwafo no; na yɛwɔ ɔnokwafo no mu, ne ba Yesu Kristo no mu: oyi ne nokware Nyankopɔn ne daa nkwa no.” (1 Yohane 5:20) Hyɛ no nsow sɛ “adwene” a yɛde bedi dwuma de anya “ɔnokwafo,” Ɔbɔadeɛ, no ho nimdeɛ no betumi akowie “daa nkwa” mu.

Wobɛyɛ Dɛn Atumi Aboa Afoforo Ma Wɔasua Ne Ho Ade?

19. Dɛn na wɔayɛ a wɔde bɛboa nnipa a wɔn adwenem yɛ wɔn naa no?

19 Nnipa bi wɔ hɔ a wohia mmoa na ama wɔagye adi sɛ Ɔbɔadeɛ bi a ɔwɔ ayamhyehye na odwen yɛn ho wɔ hɔ, na wɔahu sɛnea ɔte. Yɛwɔ nnipa ɔpepem pii a wɔn adwenem da so ara yɛ wɔn naa wɔ Ɔbɔadeɛ no ho, anaa wokura ne ho adwene a ɛne nea ɛwɔ Bible mu no nhyia. Wobɛyɛ dɛn atumi aboa wɔn? Wɔ 1998 ne 1999 Yehowa Adanse ɔmantam ne amanaman ntam nhyiam ahorow ase no, woyii adwinnade foforo bi a etu mpɔn adi wɔ kasa pii mu—nhoma no ne Is There a Creator Who Cares About You? (So Ɔbɔadeɛ Bi Wɔ Hɔ a Odwen Wo Ho?)

20, 21. (a) Yɛbɛyɛ dɛn atumi de Creator nhoma no adi dwuma ma atu mpɔn? (b) Ka osuahu ahorow a ɛkyerɛ sɛnea wɔde Creator nhoma no adi dwuma ma asow aba dedaw.

20 Ɛyɛ nhoma a ɛbɛma gyidi a w’ankasa wowɔ wɔ Ɔbɔadeɛ no mu ne anisɔ a wowɔ ma ne nipasu ne n’akwan no ayɛ kɛse. Dɛn nti na yɛde ahotoso ka saa? Efisɛ adwene a ɛte saa na wɔhyɛɛ da de yɛɛ Is There a Creator Who Cares About You? nhoma no. Asɛmti biako a ɛda nhoma no nyinaa so ne “Dɛn na ebetumi ama w’asetra ayɛ nea atirimpɔw wom?” Wɔakyerɛw nsɛm no wɔ ɔkwan a ɛbɛma wɔn a wɔn nhomasua akɔ anim mpo ho adwiriw wɔn so. Nanso, ɛka nneɛma a yɛn nyinaa ani gyina ho asɛm. Wubehu nsɛm a ɛyɛ anigye na etumi dan ti a akenkanfo a wonnye nni sɛ Ɔbɔadeɛ no wɔ hɔ no ani begye ho. Nhoma no nka nsɛm te sɛ nea ɔkenkanfo no gye di sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ. Nnipa a wɔn adwenem yɛ wɔn naa no ani begye ɔkwan a ɛfa so ka nneɛma a nyansahufo ahu nnansa yi ara ne ɛho nkyerɛkyerɛmu ho. Nokwasɛm a ɛtete saa no bɛhyɛ wɔn a wogye Onyankopɔn di mpo gyidi den.

21 Sɛ woresua nhoma no a, wubehu sɛ n’afã bi bɔ Bible abakɔsɛm no mua de si Onyankopɔn nipasu so dua, na ɛboa akenkanfo ma wobehu Nyankopɔn yiye. Nnipa pii a wɔakenkan dedaw no aka sɛnea aba saa wɔ wɔn fam no ho asɛm. (Hwɛ asɛm a edi hɔ no, nkratafa 25-6.) Ɛmmra sɛ ɛbɛba saa wɔ wo nso wo fam bere a wokenkan nhoma no na wode di dwuma boa afoforo ma wobehu wɔn Bɔfo no yiye no.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 9 Jesuit nhomanimfo M. J. Gruenthaner a bere bi na ɔyɛ The Catholic Biblical Quarterly no samufo no de adeyɛ asɛm bi dii dwuma kae sɛ Hebri adeyɛ asɛm yi “nkura adwene a ɛne sɛ biribi a aniwa ntumi nhu na ɛwɔ hɔ, na mmom bere nyinaa ɛkyerɛ biribi a yenim sɛ ɛwɔ hɔ, kyerɛ sɛ, ɛda ne ho adi sɛ ɛwɔ hɔ.”

^ nky. 14 Sɛ awofo reka Bible mu asɛm akyerɛ wɔn mma a, wobetumi aboa mmofra no denam nsɛm te sɛ nea ɛwɔ atifi hɔ no a wobebisa so. Saayɛ so no, mmofra betumi abehu Nyankopɔn, na wɔasua nso sɛ wobedwennwen N’asɛm ho.

So Wohyɛɛ no Nsow?

□ Ɔkwan bɛn so na Mose huu Yehowa yiye wɔ Bepɔw Sinai so?

□ Dɛn nti na Bible a yebesua no bɛboa ma yɛahu sɛnea Onyankopɔn te?

□ Sɛ yɛkenkan Bible no a, dɛn na yebetumi ayɛ ma yɛabɛn yɛn Bɔfo no kɛse?

□ Ɔkwan bɛn so na woayɛ nhyehyɛe sɛ wode Creator nhoma no bedi dwuma?

[Adesua ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 20 mfonini]

Dɛn na yɛn nipadua mu nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa no da no adi fa yɛn Bɔfo no ho?

[Kratafa 21 mfonini]

Po a Awu mu Nhoma Mmobɔwee no fã bi a wɔasi Tetragrammaton (Onyankopɔn din wɔ Hebri mu) no so dua wom

[Asɛm Fibea]

Courtesy of the Shrine of the Book, Israel Museum, Jerusalem

[Kratafa 23 mfonini]

Dɛn na yebetumi asua afi sɛnea Yesu yɛɛ n’ade wɔ Maria awerɛhodi ho no mu?