Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wobetumi Ayi Nsɛmmɔnedi Afi Hɔ

Wobetumi Ayi Nsɛmmɔnedi Afi Hɔ

Wobetumi Ayi Nsɛmmɔnedi Afi Hɔ

SƐNEA nhoma akyerɛwfo Jane Norman ne Myron W. Harris kyerɛ no, “wobu nsɛmmɔne a mmofra a wɔadu mpanyin afe so di no sɛ bu a wommu ade ne kyi a wokyi mpanyimfo ne wɔn gyinapɛn ahorow.” Bere a mmofra pii susuw sɛ wontumi nyɛ hwee mfa nsakra tebea no, nhoma akyerɛwfo no bɔ amanneɛ sɛ “nnipa 3 biara mu biako na wosusuw sɛ, sɛ awofo ma wɔn ani ku wɔn mma ho yiye, na sɛ asetra amfono mmofra no a, wobetumi ama mmofra a wɔadu mpanyin afe so agyae nsɛmmɔnedi.” Sɛ awofo ma mmofra nya biribi yɛ bere nyinaa, na wɔn ani ku wɔn ho de brɛ nsɛmmɔnedi ase a, so ɛno ara betu nea ɛde nsɛmmɔnedi ba no ase?

Sɛ ɛka mmofra bi nkutoo a, wɔn mu pii mpɛ wɔn ho asɛm, nanso sɛ wɔne mmofra afoforo hyia anaasɛ wɔyɛ baanu baanu a, ebia wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nkwaseade ne atantanne, na wɔde atwe adwene aba wɔn ho so. Na ɛte saa wɔ Nelson, a sɛ ɔnom nnubɔne anaa nsa a ɔsɛe nneɛma de da n’abufuw adi no fam. Katolek Asɔre nkyerɛkyerɛ a ɛfa asase kyekyɛ ne hokwan ahorow a adwumayɛfo wɔ ho no maa José bo fuwii, na ɔtee nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔde ne ho hyɛ adwumayɛfo atuatew ne nsɛmmɔnedi akuw mu de sɔre tia. Nanso Nelson ne José nyinaa huu biribi a eye sen basabasayɛ ne nsɛmmɔnedi koraa.

Nneɛma Titiriw a Ɛde Nsɛmmɔnedi Ba

Momma yɛnhwehwɛ nea enti a mmofra binom di nsɛmmɔne no mu yiye. Mmerante ne mmabaa pii ayɛ basaa na “wɔka sɛ wiase atu afra, abɔ dam, na abɔdamfo ahyɛ mu mã.” Nanso, nea ɛne nea ebinom gye di bɔ abira no, nsɛm ho amanneɛbɔ bi kae sɛ: “Mmofra a wɔadu mpanyin afe so dwen nea wɔn asetra bɛyɛ ho. Wodwen ho sen sɛnea mpanyimfo susuw sɛ wɔyɛ no.” Sɛ ɛyɛ anibiannaso anaa ɛnte saa no, sɛ abofra bi de ne ho hyɛ nsɛmmɔnedi mu a, ebia ɔnam saa kwan yi so reda n’abasamtu a emu yɛ den, ne nsɛnnennen a wonni ho dwuma, anaa n’ahiade a ne nsa nka adi. Sɛnea nhwehwɛmu a yɛkaa ho asɛm mfiase no kyerɛ no, “wɔn a wobisabisaa wɔn nsɛm, a wɔn a na wɔadi nsɛmmɔne pɛn mpo ka ho no mu biara ampene nsɛmmɔnedi so, anaa wɔanka sɛ eye.”

Ebetumi aba sɛ abofra bi ntaa nte nsɛm a wɔka de kyerɛ anisɔ anaa nea ɛhyɛ nkuran. Esiane sɛ nhomasua reyɛ nea ɛho hia pii na nnwuma pii hwehwɛ sɛ obi nya nimdeɛ titiriw anaa nsaanodwuma mu ahokokwaw a ɛkɔ akyiri nti, ebia na ehu aka no. Bio nso, ebia awofo, akyerɛkyerɛfo, anaa atipɛnfo bɛyɛ akasatiafo na wɔahwehwɛ pii, de adwene asi nneɛma a abofra no tumi yɛ so, na ɛnyɛ ne nipasu so. Nnipa pii tew atua anaa wodi nsɛmmɔne esiane sɛ wɔte nka sɛ wɔadi nkogu nti. So ɔdɔ ne bere a awofo benya ama wɔn mma remma ahoyeraw a ɛte saa so ntew kɛse?

Ebia wɔahu sɛ, bere a ɛte sɛ nea atumfoɔ pii abam abu wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wobesiw adan ho akyerɛkyerɛw ne mmofrabɔnesɛm afoforo ano ho no, ɔmanfo a nsɛm haw wɔn no mu dodow no ara hwɛ kwan sɛ akyerɛkyerɛfo ne sukuu mpanyimfo besiw nsɛmmɔnedi ano. Ɛdefa mmara a wɔde yɛ adwuma ho no, The World Book Encyclopedia ka sɛ: “Wobetumi abɔ obi ka wɔ nsɛmmɔnedi ho anaa wɔde no ato afiase. Nniso ahorow no wɔ mmara a ɛma wɔde nsɛmmɔne a mmofra di no ho asodi to wɔn awofo so. Nanso nsɛmmɔne pii wɔ hɔ a wɔmfa ho asotwe mma. Ɛyɛ den sɛ wɔde mmara bɛyɛ adwuma wɔ nsɛm a ɛtete saa ho, na nsɛmmɔne a ankorankoro bi di nyɛ nea ɛsɛe ade pii a ɛbɛhwehwɛ sɛ wɔde fa mmara kwan so.” Amanneɛbɔ bi kae sɛ nsɛmmɔnedifo ɔha biara mu 3 pɛ na wɔkyeree wɔn.

Ebia wubegye atom yiye sɛ abayɛn a ɛfata bɛyɛ ɔkwan pa a wɔnam so betu nea ɛde mmofrabɔnesɛm ba no ase. Nanso sɛ abusua asetra sɛe a, ɛde ɔhaw brɛ ɔman no. Ɔbenfo Ana Luisa Vieira de Mattos, a ɔwɔ São Paulo Sukuupɔn a ɛwɔ Brazil mu no kae sɛ, nneɛma a ɛma mmofra hyia nsɛnnennen no bi ne “abahyɛbɔne, mmara a wɔmfa mma, nkitaho a wonni, mmofra a wɔtoto wɔn ase, ne anibiannaso.”

Yɛahu Yesu nsɛm no mmamu wɔ yɛn bere yi mu ankasa: “Na sɛ amumɔyɛ rebɛdɔɔso nti, wɔn mu dodow no ara dɔ ano bedwo.” (Mateo 24:12) Na hena na ɔbɛka sɛ nsɛm a ɛwɔ 2 Timoteo 3:1-4 no mmaa mu? Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Na hu eyi sɛ, nna a edi akyiri no mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, abususɛnkafo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo, ntwirifo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, afatwafo, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoman, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Onyankopɔn.” Nokwasɛm ne sɛ, nnipa a wɔwɔ su ahorow a ɛte sɛɛ mu a yɛte no de mmofrabɔnesɛm ba. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn abam bu. Ɔmanfo ntumi nyii nsɛmmɔnedi mfii hɔ, nanso yebetumi ahu nnipa bi a wɔatumi ayɛ nsakrae wɔ wɔn asetra mu, wɔnyɛ basabasa anaa anibiannaso bio. Wɔ wɔn fam no wɔagyae nsɛmmɔnedi.

Akwankyerɛ Pa a Eye Ma Mmofra

Dɛn na atumi aboa nsɛmmɔnedifo ne afoforo ma wɔayɛ nsakrae? Ɛwom sɛ ebia ɛbɛyɛ awofo ne akyerɛkyerɛfo binom nwonwa de, nanso Bible de akwankyerɛ a ɛfata na ɛda so ara yɛ adwuma ma yɛn. Bere a wɔn a mmere bi na wɔyɛ nsɛmmɔnedifo de yɛɛ adwuma no, akanyan wɔn ma wɔadi Onyankopɔn mmara pɔtee bi so: “Nni nnipa dodow akyi nkɔyɛ bɔne.” (Exodus 23:2) Nnipa pii na Onyankopɔn Asɛm mu nokware a ɛfa gyidi ne nkyerɛkyerɛ a na wɔnte ase ho no atwetwe wɔn, na nea wɔasua no anya wɔn so nkɛntɛnso pa. Susuw José, aberante bi a ofi São Paulo nhwɛso no ho hwɛ. Wɔtetee no maa obenyaa ahoni a wɔde di dwuma wɔ ɔsom mu mu gyidi. Bere a José hui sɛ Onyankopɔn wɔ din, a ɛne Yehowa, na N’ani nnye ahonisom ho no, ɔyɛɛ nsakrae sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ayɛ nea ɛsɔ Nyankopɔn ani.—Exodus 20:4, 5; Dwom 83:18; 1 Yohane 5:21; Adiyisɛm 4:11.

Sɛ anka Nelson behyia abasamtu a ɛba ntoatoaso wɔ basabasayɛfo kuw ne atuatew mu no, onyaa daakye ho anidaso ankasa, na ɛmaa ne ho tɔɔ no yiye. Ɔka sɛ: “Sɛ́ anka fekubɔne ne nnubɔne a mede di dwuma wɔ m’asetra mu bɛma m’abusuafo apo me no, wobu me kɛse wɔ fie mprempren. Mpɛn pii no, me papa ma mitu me nuanom mpanyimfo fo. Efi bere a me ne Yehowa Adansefo suaa Bible no, manya anigye efisɛ manya asetra a atirimpɔw wom mprempren.” Na wɔ mmofra a wɔtete nkurow akɛse mu te sɛ Marco—a wɔtaa hu basabasayɛ wɔ wɔn asetram—fam no, hu a wohu sɛ Onyankopɔn Ahenni bɛma asase adan paradise no ama wɔn ani agye yiye.—Adiyisɛm 21:3, 4.

San susuw obi a na kan no ɔne basabasayɛfo bɔ, a ɔko ntɔkwaw wɔ abɔnten so, na ɔsɛe nneɛma no ho. Sɛ ayisaa a na ɔyɛ mmɔbɔ wɔ ne mmofrabere mu no, Valter ho dwiriw no sɛ ohui sɛ, wɔ wiase a aporɔw, nhyehyɛe bɔne yi mu no, Onyankopɔn wɔ nkurɔfo. Wofi nokwaredi mu bɔ mmɔden sɛ wɔde Bible nnyinasosɛm bedi dwuma wɔ wɔn asetra mu, na woyi mmɔborohunu, tema, ne ayamye adi. Valter kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nea ɛne Yesu bɔhyɛ yi hyia no, mprempren mewɔ abusua kɛse, ‘nuabarimanom ne nuabeanom ne ɛnanom ne agyanom.’ Ɛdefa daakye ho no, mehwɛ kwan sɛ bere bi nnipa bɛtra ase wɔ anigye ne biakoyɛ mu wɔ Onyankopɔn trenee nniso ase.”—Marko 10:29, 30; Dwom 37:10, 11, 29.

Biribi a Eye Sen Kasatia

Nea ɛka tema ne ɔdɔ a woyi adi kyerɛ wɔn mfɛfo nnipa ho no, kan nsɛmmɔnedifo yi asua sɛnea “wokyi bɔne.” (Dwom 97:10; Mateo 7:12) Na wo nso ɛ? Sɛ woyɛ obi a nea efi nsɛmmɔnedi a abu so mu ba no haw w’adwene kɛkɛ mpo a, Onyankopɔn Asɛm a wubesua no bɛma woahu Yehowa sɛ obi ankasa, sɛ ɔsoro Agya a ɔwɔ ɔdɔ na ɔpɛ sɛ odwen wo ho. (1 Petro 5:6, 7) Ɛmfa ho w’ankasa mmerɛwyɛ anaa ohia no, Onyankopɔn betumi aboa wo ma woanyin wɔ honhom mu. Ɛno nkutoo mpo yɛ anigyesɛm!

Yehowa ne ne Ba, Yesu Kristo, pɛ sɛ nnipa ahorow nyinaa sua Bible mu nokware no ankasa. Onyankopɔn Asɛm betumi ayɛ pii asen boa ara a ɛbɛboa nkurɔfo ma wɔagyae nsɛmmɔnedi mprempren. Ebetumi akanyan wɔn ma wɔanya nkɔso pii wɔ sɛnea wɔde ɔsoro nnyinasosɛm di dwuma mu. Ne saa nti, wɔbɛyɛ Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ wiase nyinaa, amanaman ntam nuayɛkuw a wonim sɛ wɔn ho tew na wobu bra pa no mufo. Nea ɛne Efesofo 4:24, hyia no, saa Kristofo anokwafo yi “ahyɛ onipa foforo a wɔbɔɔ no Nyankopɔn so, nokware trenee ne ahotew mu” no. Ɛrenkyɛ, nnipa a wɔte saa no bɛhyɛ wiase mã efisɛ eyinom nkutoo ne wɔn a wobenya nkwa na wɔatra ase daa.—Fa toto Luka 23:43 ho.

Wiase Foforo a Nsɛmmɔnedi Nnim Betumi Aba

So wugye tom sɛ wobetumi atu nsɛmmɔnedi ase ankasa? Sɛ saa a, ɛbɛyɛ dɛn na saa nsakrae a ɛho hia yi aba? Onyankopɔn Ahenni beyi nhyehyɛe bɔne yi afi hɔ nnansa yi ara. Wɔn a wɔte asase so no bebu Onyankopɔn trenee mmara a wɔboapa bu so no ho akontaa. (Fa toto Yesaia 24:5, 6 ho.) Bere a “mmaratofo de, wɔbɛsɛe wɔn nyinaa prɛko” no, wobegye wɔn a wɔdɔ trenee no. “Yehowa bɛboa wɔn na wagye wɔn. Obegye wɔn afi abɔnefo nsam na wagye wɔn nkwa efisɛ wɔde wɔn ho to no so.”—Dwom 37:38-40, NW.

Nokwarem no, wobetu nsɛmmɔnedi ase afi hɔ koraa. Saa ara na wobeyi amumɔyɛ, nhyɛso, amanehunu, ne bɔne nyinaa afi hɔ. Afei, wiase foforo no mu asetra bɛyɛ nea asomdwoe, ɔdɔ, trenee, kommyɛ, ne dwoodwoo wom. Yesaia 32:18 kyerɛkyerɛ nea ɛbɛba no mu ankasa sɛ: “Me man bɛtra asomdwoe fi, ne ahotɔ trabea, ne kommyɛ homebea.” Yiw, nnipa a wɔwɔ ɔdɔ ne tema ma afoforo na wɔbɛtra wiase nyinaa paradise a ɛyɛ fɛ no mu.

Nnipa a kan no na wɔyɛ nsɛmmɔnedifo ne afoforo ɔpepepem pii ne Yehowa Nyankopɔn renya abusuabɔ a anigye wom dedaw. Wɔmfa wɔn ho nhyɛ nsɛmmɔnedi biara mu bio. So wo nso wobɛma Onyankopɔn Asɛm akyerɛ wo kwan ma woakɔtra ne wiase foforo no mu? Dɛn nti na wunsuasua odwontofo a ɔtraa ase tete, a ɔkyerɛw Yehowa nsɛm yi no: “Mebue w’adwenem, na makyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so, m’ani wɔ wo so, na metu wo fo.”—Dwom 32:8.

[Kratafa 7 mfonini]

Bere ne ɔdɔ a awofo nya ma mmofra no bɔ wɔn ho ban