Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Gyidi Betumi Asesa W’asetra

Gyidi Betumi Asesa W’asetra

Gyidi Betumi Asesa W’asetra

“ƐYƐ nokware sɛ obi a onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ betumi abɔ bra pa.” Eyi ne asɛm a obi a onhu nea ɛbɛma wahu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, kae. Ɔkae sɛ ɔde abrabɔ pa gyinapɛn a ɛkorɔn na ɛtetee ne mma, ma wɔn nso de gyinapɛn a ɛkorɔn saa ara atete wɔn mma—a ne nyinaa Onyankopɔn mu gyidi biara nnim.

So eyi kyerɛ sɛ Onyankopɔn mu gyidi ho nhia? Ɛda adi sɛ saa na na onipa yi susuw. Na ɛyɛ nokware sɛ ɛnyɛ wɔn a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ nyinaa na wɔyɛ nnipa bɔne. Ɔsomafo Paulo kaa “amanaman mufo” a wonnim Onyankopɔn nanso ‘wofi awosu mu yɛ mmara ma wɔn ho’ ho asɛm. (Romafo 2:14) Wɔde ahonim woo obiara—a wɔn a wontumi nhu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no ka ho. Nnipa pii bɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn ahonim bedi dwuma ɛmfa ho mpo sɛ wonnye Onyankopɔn a ɔde nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ho adwene hyɛɛ wɔn tirim no nni no.

Nanso, Onyankopɔn mu gyidi a ɛyɛ den a obi nya—nea egyina Bible so—tumi nya ne so nkɛntɛnso pa sen ahonim mu a wofi yɛ ade ara kwa. Gyidi a egyina Bible so no boa ahonim no, na ɛma etumi yiyi papa ne bɔne mu yiye. (Hebrifo 5:14) Bio nso, gyidi hyɛ nkurɔfo den ma wokura gyinapɛn a ɛkorɔn mu bere a wohyia nhyɛso a emu yɛ den no. Sɛ nhwɛso no, wɔ afeha a ɛto so 20 mu no, amammui nniso bɔne dii aman pii so maa nnipa a ɛda adi sɛ wɔn bra ye dii atirimɔdensɛm a ɛyɛ hu. Nanso wɔn a wɔwɔ Onyankopɔn mu nokware gyidi no annyae nneɛma mu ansiesie ɛmfa ho mpo sɛ na ɛde wɔn nkwa bɛto asiane mu no. Afei nso, gyidi a egyina Bible so betumi asakra nnipa. Ebetumi agye nkurɔfo afi abasamtu mu na aboa wɔn ma wɔakwati mfomso horow a anibere wom. Susuw nhwɛso ahorow bi ho hwɛ.

Gyidi Betumi Asakra Abusua Asetra

“Mo gyidi ama moatumi ayɛ nea anka morentumi nyɛ.” Saa na Engiresi temmufo bi kae bere a na ɔde John ne Tania mma resan ama wɔn no. Bere a John ne Tania asɛm baa atumfoɔ no anim no, na wɔnwaree, na na wɔn fie asetra nye koraa. Nea ɛbɛyɛ na John anya sika de atua nnubɔne ne kyakya a ɔto ho ka no, ɔde ne ho hyɛɛ nsɛmmɔnedi mu. Ná ɔnhwɛ ne yere ne ne mma. Enti “anwonwade” bɛn na na asi?

Da bi, John tee sɛ ne nuabarima ba abarimaa bi reka Paradise ho asɛm. Ɛyɛɛ no nwonwa ma enti obisaa ho asɛm fii abarimaa no awofo hɔ. Ná n’awofo yɛ Yehowa Adansefo, ma enti wofi Bible no mu boaa John ma ohui. John ne Tania de nkakrankakra nyaa gyidi a egyina Bible so, na ɛsakraa wɔn abrabɔ. Wɔde wɔn aware kɔhyɛɛ mmara ase, na wogyaee ɔbra bɔne a na wɔbɔ no. Atumfoɔ a wɔkɔhwɛɛ sɛnea wɔn asetra te wɔ fie no huu biribi a bere tiaa bi a atwam no na anka wontumi nyɛ—abusua a wɔwɔ anigye a wɔn fie tew, baabi a ɛfata sɛ wɔtete mmofra. Ná ɔtemmufo no di bem sɛ ɔkae sɛ John ne Tania gyidi foforo na ama wɔayɛ “anwonwade” yi no.

Wɔ baabi a ɛne England ntam kwan ware yiye no, ɛkaa kakraa bi na anka ɔbaa warefo bi a ɔte aman a ɛbɛn Mediterranea Supɔw no bi mu kɔkaa akontaabu bi a ɛyɛ awerɛhow no ho. Ná ɔreyɛ nhyehyɛe de ne ho akɔka nnipa ɔpepem pii a wogyae aware afe biara no ho. Ná ɔwɔ ba, nanso na ne kunu anyin sen no dodo. Eyi nti, na n’abusuafo rehyɛ no sɛ onnyae aware, ma enti na wafi ase reyɛ ho nhyehyɛe ankasa. Nanso, na ɔne Yehowa Adansefo no mu biako resua Bible no. Bere a Ɔdansefo no tee nea ɛrekɔ so no, ɔkyerɛkyerɛɛ nea Bible ka fa aware ho no mu—sɛ nhwɛso no, ɔkae sɛ aware yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn nkyɛn, ma enti ɛnyɛ biribi a wobetumi agu no kɛkɛ. (Mateo 19:4-6, 9) Ɔbea no susuw ho n’adwenem sɛ, ‘Ɛyɛ nwonwa sɛ ɔbea yi a ɔyɛ ɔhɔho no rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛma yɛn abusua no agyina, bere a wɔn a wɔbɛn me no pɛ sɛ wɔtetew mu.’ Ne gyidi foforo no boaa no ma ɔbɔɔ n’aware ho ban.

Awerɛhosɛm a ɛhaw abusua asetra ne nyinsɛn a wɔsɛe no. Amanaman Nkabom amanneɛbɔ bi bu akontaa sɛ anyɛ yiye koraa no, afe biara wɔboapa sɛe nyinsɛn bɛyɛ ɔpepem 45. Biribi a ɛte saa a ɛkɔ so no mu biara yɛ awerɛhosɛm. Bible mu nimdeɛ boaa ɔbea bi a ɔwɔ Philippines ma ɔkwatii sɛ wɔde no bɛka saa akontaabu no ho.

Yehowa Adansefo kɔɔ ɔbea no nkyɛn ma ogyee nhomawa a wɔde yɛ Bible adesua a wɔato din Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?, * no na ofii ase suaa Bible no. Asram bi akyi no, ɔkyerɛɛ nea enti a ɔyɛɛ saa no mu. Bere a edi kan a Adansefo no baa ɔbea no nkyɛn no, na wafa afuru, nanso na ɔne ne kunu asi gyinae sɛ wobeyi abofra no agu. Nanso akokoaa a ɔhyɛ yafunu mu mfonini a ɛwɔ nhomawa no kratafa 24 no kaa ɔbea no koma. Bible nkyerɛkyerɛmu a ɛka ho a ɛkyerɛ sɛ nkwa yɛ kronkron efisɛ ‘Onyankopɔn ne nkwa fibea’ no amma wanyi abofra no angu. (Dwom 36:9) Mprempren wawo akokoaa fɛfɛ bi a ɔte apɔw.

Gyidi Boaa Wɔn a Anka Wobu Wɔn Animtiaa No

Wɔ Ethiopia no, mmarima baanu bi a wɔn ho ayɛ basaa baa baabi a Yehowa Adansefo hyia som no. Wowiee nhyiam no, Ɔdansefo bi nam adamfofa kwan so kyiaa wɔn. Mmarima no srɛɛ no sika. Ɔdansefo no amma wɔn sika, na mmom ɔmaa wɔn biribi a ɛsom bo sen saa. Ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wonnye Onyankopɔn nni, biribi a “ne bo yɛ den pii sen sika.” (1 Petro 1:7) Wɔn mu biako tiei, na ofii ase suaa Bible. Eyi sakraa n’abrabɔ. Bere a onyaa nkɔso wɔ gyidi mu no, ogyaee sigaretnom, asanom bebrebe, ɔbrasɛe, ne bonto a na otwi no. Osuaa sɛnea ɔbɛyɛ adwuma ahwɛ ne ho mmom sen sɛ ɔbɛsrɛsrɛ ade, ma ɛnnɛ, n’asetra abɛyɛ nea ɛho tew na mfaso wɔ so.

Wɔ Italy no, na wɔabua ɔbarima bi a wadi mfirihyia 47 atɛn sɛ ɔnna afiase mfe du, na na wɔde no akɔto asɛnnibea ayaresabea a wɔhwɛ wɔn a wɔwɔ adwenem yare no. Yehowa Adansefo no mu biako a wɔama no kwan ma ɔkɔ afiase de honhom fam mmoa kɔma hɔfo no ne no suaa Bible no. Ɔbarima no nyaa nkɔso ntɛmntɛm. Gyidi sesaa n’asetra araa ma afei na afiase hɔfo afoforo ba ne nkyɛn begye sɛnea wobedi wɔn nsɛnnennen ho dwuma ho afotu. Ne gyidi a egyina Bible so no maa afiase ahwɛfo no buu no, na wonyaa ne mu ahotoso.

Mfe kakra a abɛsen kɔ mu no, atesɛm nkrataa abɔ ɔmanko a ɛkɔ so wɔ Afrika ho amanneɛ. Nea ɛyɛ hu titiriw ne nsɛm a ɛfa mmarimaa a wɔma wosua sraadi ho no. Wɔma mmofra yi nnubɔne, yɛ wɔn ayayade, na wɔhyɛ wɔn ma wɔyɛ wɔn abusuafo nneɛma a ɛmfata sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde wɔn ho nyinaa bɛma matew-me-ho kuw a wɔreko ama wɔn no. So gyidi a egyina Bible so wɔ tumi a ebetumi ama mmofra a wɔtete saa asakra wɔn abrabɔ? Anyɛ yiye koraa no, atumi ayɛ saa wɔ nnipa baanu fam.

Wɔ Liberia no, na Alex som afɔrepon ho wɔ Katolek Asɔre no mu. Nanso bere a odii mfirihyia 13 no, ɔde ne ho kɔbɔɔ asraafo matew-me-ho kuw bi, na ɔbɛyɛɛ abofra sraani tirimmɔdenfo. Nea ɛbɛyɛ na wanya akokoduru wɔ akodi mu no, odii aduru. Alex huu sɛnea wokunkum n’ayɔnkofo pii, nanso ɔno de onyaa ne ti didii mu. Ohyiaa Yehowa Adansefo wɔ 1997 mu, na ohui sɛ wɔammu no animtiaa. Mmom no, wɔboaa no ma obehuu nea Bible ka fa basabasayɛ ho. Alex gyaee sraadi. Bere a ne gyidi fii ase yɛɛ den no, odii Bible ahyɛde a ɛka sɛ: “Onkyi bɔne na ɔnyɛ papa” no akyi.—1 Petro 3:11.

Saa bere yi mu no, obi a na kan ɔyɛ abofra sraani a wɔfrɛ no Samson, fii kurow a Alex te mu mprempren no mu bae. Ne mmofraase no, na ɔka asɔre nnwontofo kuw ho, nanso wɔ 1993 mu no, ɔbɛyɛɛ ɔsraani, na ɔde ne ho hyɛɛ nnubɔnenom, ahonhonsɛmdi, ne ɔbrasɛe mu. Wɔma ogyaee sraadi wɔ 1997 mu. Samson de n’ani kyerɛɛ Monrovia sɛ ɔde ne ho rekɔhyɛ asraafo bammɔ kuw bi mu, na saa bere no na n’adamfo bi hyɛɛ no nkuran sɛ ɔne Yehowa Adansefo nsua Bible, ma ɔnam saayɛ so benyaa Bible mu gyidi. Eyi maa onyaa akokoduru de gyaee n’ani a na egye akodi ho no. Mprempren, Alex ne Samson nyinaa te hɔ asomdwoe mu, bɔ bra pa. So biribi a ɛsen Bible mu gyidi betumi de nsakrae aba nkurɔfo a wɔayɛ wɔn ayayade pii no asetra mu?

Gyidi a Eye

Eyinom yɛ nhwɛso horow pii a yebetumi aka ho asɛm de akyerɛ tumi a ɛwɔ nokware gyidi a egyina Bible so mu no kakraa bi. Ɛwom, ɛnyɛ obiara a ɔka sɛ ogye Onyankopɔn di kɛkɛ no na ɔde Bible gyinapɛn a ɛkorɔn no bɔ ne bra. Nokwarem no, nnipa binom a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ betumi abɔ bra pa asen ebinom a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo. Eyi te saa efisɛ, gyidi a egyina Bible so hwehwɛ pii sen ka a obi bɛka ara kwa sɛ ogye Onyankopɔn di.

Ɔsomafo Paulo kaa gyidi ho asɛm sɛ “ade a yɛn ani da so ho ahotoso ne nneɛma a yenhu ho adansegye.” (Hebrifo 11:1) Ne saa nti, gyidi hwehwɛ sɛ obi nya nneɛma a wontumi nhu—a egyina adanse a edi mu so—mu ahotoso koraa. Ne titiriw no, ɛhwehwɛ sɛ yebegye adi koraa sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, na yɛn ho asɛm hia no, ne sɛ obehyira wɔn a wɔyɛ n’apɛde no. Ɔsomafo Paulo nso kae sɛ: “Ɛsɛ nea ɔba Onyankopɔn nkyɛn no sɛ ogye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.”—Hebrifo 11:6.

Saa gyidi yi na ɛsakraa John, Tania, ne afoforo a wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ asɛm yi mu no abrabɔ. Ɛma wotumi de wɔn ho too Onyankopɔn Asɛm, Bible so koraa, na ɛmaa wɔn akwankyerɛ a wɔde besisi gyinae ahorow. Ɛboaa wɔn maa wɔde bere tiaa bi yɛɛ nsakrae, na amma wɔamfa ɔkwan a wosusuw sɛ eye nanso enye, so. Ɛmfa ho sɛ ɛsono osuahu ahorow yi mu biara no, ne nyinaa fii ase ɔkwan koro so. Yehowa Adansefo no mu biako na ɔne wɔn mu biara suaa Bible, ma wobehuu nokwasɛm a ɛwɔ nea Bible ka yi mu: “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu.” (Hebrifo 4:12) Tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no boaa wɔn mu biara ma obenyaa gyidi a ɛyɛ den a ɛsakraa n’asetra ma etuu mpɔn no.

Yehowa Adansefo reyɛ adwuma wɔ nsase ne po mu nsupɔw bɛboro 230 so. Wɔto nsa frɛ wo sɛ wo ne wɔn mmɛyɛ Bible adesua. Dɛn ntia? Efisɛ wogye di sɛ gyidi a egyina Bible so betumi ama w’asetra atu mpɔn saa ara.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 10 Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na etintimii.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 3]

Gyidi a egyina Bible so tumi sakra asetra ma etu mpɔn

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]

Title card of Biblia nieświeska by Szymon Budny, 1572