Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Poland Anuanom”—Dɛn Nti na Wɔtaa Wɔn?

“Poland Anuanom”—Dɛn Nti na Wɔtaa Wɔn?

“Poland Anuanom”—Dɛn Nti na Wɔtaa Wɔn?

Wɔ 1638 mu no, Poland mmarahyɛ bagua no de ɔhaw kɛse baa nyamesom kuw ketewaa bi a na wɔfrɛ wɔn Poland Anuanom no so. Wɔsɛee kuw no asɔredan ne afiri a na wɔde tintim nhoma. Wɔtoo Raków Sukuupɔn mu, na wotuu akyerɛkyerɛfo a na wɔakyerɛ ade wɔ hɔ no fii ɔman no mu.

Mfirihyia aduonu akyi no, mmarahyɛ bagua no miaa ɔhaw no mu. Wɔhyɛɛ ankorankoro a na wɔwɔ kuw no mu a na wɔn dodow bɛyɛ 10,000 anaa nea ɛboro saa no sɛ, womfi ɔman no mu. Ɛyɛɛ dɛn na tebea no mu bɛyɛɛ den kɛse wɔ ɔman a saa bere no, na wosusuw sɛ wɔka Europa aman a wɔwɔ nnipa ho koma sen biara ho no mu? Dɛn na na Poland Anuanom no ayɛ a enti wɔtaa wɔn denneennen saa?

NEA ɛmaa ne nyinaa fii ase ne mpaapaemu a ɛbae wɔ Poland Calvinfo Asɔre mu no. Asɛntitiriw a na wɔregye ho akyinnye ne Baasakoro nkyerɛkyerɛ no. Mpanyimfo bi a na wɔda nkɔso kuw bi a ɛwɔ asɔre no mu ano no poo nkyerɛkyerɛ no sɛ ennyina Kyerɛwnsɛm so. Eyi hyɛɛ asɔre mpanyimfo no abufuw, na ɛmaa nkɔso kuw no tew wɔn ho fii asɔre no ho.

Calvinfo no frɛɛ kuw a wɔtew wɔn ho no Arianfo, * nanso nea na kuw foforo no akyitaafo pɛ sɛ wɔfrɛ wɔn ne, Kristofo anaa Poland Anuanom. Wɔsan frɛɛ wɔn Sociniafo, edin a wonya fii Laelius Socinus, Italyni a Servetus nyaa ne so nkɛntɛnso a ne wɔfase Faustus Socinus tu kɔɔ Poland kɔyɛɛ otitiriw wɔ fekuw no mu, din mu.

Saa bere no, Polandni nuonyamfo, Jan Sienieński, bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma asɔre foforo no anya baabi a, sɛnea ɔkyerɛ no, ɛhɔ yɛ “dinn, na atew ne ho” na ama atumi ayɛ kɛse. Bere a ɔde hokwan soronko a Poland hene de ama no no redi dwuma no, Sienieński kyekyeree kurow a wɔfrɛ no Raków, a akyiri yi ɛbɛyɛɛ Sociniafo a na wɔwɔ Poland no kurow titiriw no. Sienieński maa Rakówfo hokwan ahorow bi, a na ebi ne hokwan a wɔde som a obiara nsiw wɔn kwan.

Eyi twetwee wɔn a wɔyɛ nsaanodwuma, nnuruyɛfo, nnurutɔnfo, ɔmanfo ne adefo baa kurow foforo no mu. Afei nso, asɔfo fi Poland, Lithuania, Transylvania, France, ne England mpo baa hɔ. Nanso, na ahɔho yi nyinaa nyɛ Sociniafo; enti mfe abiɛsa a edi hɔ, fi 1569 kosi 1572 no, Raków bɛyɛɛ baabi a na wogye ɔsom nkyerɛkyerɛ ho akyinnye tenteenten. Dɛn na efii mu bae?

Ofi a Emu Apaapae

Sociniafo fekuw no mu bɛkyɛe, maa wɔn a na wɔyɛ katee no kodii afã, na wɔn a na wɔn asɛm nyɛ den pii no nso kodii ɔfã foforo. Ɛmfa ho sɛ na wɔnte wɔn ho ase no, na gyidi a wɔn nyinaa kura no yɛ soronko. Wɔpoo Baasakoro no; wɔammɔ nkokoaa asu; na wɔamfa akode anni dwuma, na na wɔtaa po aban dibea. * Afei nso, wɔannye hell a wɔyɛ afoforo ayayade wɔ hɔ no antom. Wɔ ne nyinaa mu no, wɔpoo ɔsom mu atetesɛm a na agye din no.

Calvin ne Katolek asɔfo nyinaa sɔre tiaa kuw no, nanso Arian asɔfo no de ɔsom hokwan a na Poland ahemfo te sɛ, Sigismund II Augustus ne Stephen Báthory de ama no dii dwuma de kyerɛkyerɛɛ afoforo.

Adwuma Titiriw a Budny Yɛe

Ná Calvinfo Bible nkyerɛase a wɔde di dwuma kɛse saa bere no ntumi nni akenkanfo no ahiade ho dwuma. Wɔamfi mfitiase kasa no mu na ɛkyerɛɛ ase, na mmom wɔkyerɛɛ ase fii Latin Vulgate no ne saa bere no so Franse kasa nkyerɛase bi mu. Nhoma bi ka sɛ “esiane sɛ na wɔpɛ sɛ wɔkyerɛ ase ma ɛyɛ dɛ nti, wɔamfi nokwaredi mu ankyerɛ ase yiye.” Mfomso pii baa mu. Enti wɔtoo nsa frɛɛ nhomanimfo bi a na wagye din, Szymon Budny sɛ ɔmmɛteɛteɛ nkyerɛase no mu mfomso no. Osii gyinae sɛ ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛyɛ nkyerɛase foforo koraa sen sɛ wɔbɛteɛteɛ dedaw no mu mfomso no. Budny fii adwuma no ase wɔ bɛyɛ 1567 mu.

Bere a Budny rekyerɛ ase no, ɔtoo ne bo ase susuw asɛmfua biara ne nea ɛbata ho ho wɔ ɔkwan a na obiara nyɛɛ saa da so wɔ Poland. Baabi a na Hebri kyerɛwsɛm no mu nna hɔ no, ɔkyerɛɛ ase sɛnea ɛte de ɛho nkyerɛkyerɛmu hyɛɛ ano. Sɛ ɛho behia a, ɔpɛ nsɛm foforo de si ananmu, na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔde Poland kasa a na wɔka saa bere no bedi dwuma. Ná ne botae ne sɛ ɔbɛma ɔkenkanfo no anya Bible nkyerɛase a wofi nokwaredi mu akyerɛ ase pɛpɛɛpɛ.

Wotintim Bible a Budny kyerɛɛ ase no nyinaa wɔ 1572 mu. Nanso, wɔn a wotintim n’adwuma no de nneɛma hyehyɛɛ Hela Kyerɛwnsɛm a ɔkyerɛɛ ase no mu. Budny amma n’abam ammu, enti ofii ase yɛɛ nsakrae wom, de mfe abien wiei. Ná Hela Kyerɛwnsɛm nkyerɛase a Budny yɛe no korɔn sen Poland kasa mu nkyerɛase a na ɛwɔ hɔ dedaw no. Bio nso, ɔde Onyankopɔn din, Yehowa, san hyehyɛɛ baabi a ɛhyehyɛ wɔ mmeae pii.

Afeha a ɛto so 16 awiei ne mfe aduasa a edi kan wɔ afeha a ɛto so 17 mu no, Raków, a na ɛyɛ kuw no kuropɔn no bɛyɛɛ nyamesom ne adesuabea titiriw. Poland Anuanom no mu mpanyimfo ne akyerɛwfo no tintim wɔn nhomawa yɛɛ adwuma wɔ hɔ.

Wɔhyɛɛ Nhomasua Ho Nkuran

Poland Anuanom nhoma tintim adwuma no fii ase nyaa nkɔanim bɛyɛ 1600 bere a wɔhyehyɛɛ afiri a wɔde tintim nhoma wɔ Raków no. Ná afiri a wɔde tintim nhoma no tumi tintim nkratawa ne nhoma akɛse. Sɛ́ beae titiriw a wotintim nhoma no, Raków bɛkaa nhoma tintimbea a eye sen biara wɔ Europa no ho. Wɔkyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ wɔde saa afiri no tintim nhoma horow 200 wɔ mfe 40 a edii hɔ no mu. Poland Anuanom adwumayɛbea a wɔyɛ nkrataa a na ɛbɛn hɔ no na na ɛma wɔn nkrataa a edi mũ a wɔde tintim nhoma no.

Ankyɛ na Poland Anuanom no behuu hia a ehia sɛ wɔboa wɔn mfɛfo gyidifo ne afoforo ma wosua nhoma. Eyi ma wɔtew Raków Sukuupɔn wɔ 1602 mu. Poland Anuanom no mma ne Katolekfo ne Protestantfo no mmabarima kosuaa ade wɔ hɔ. Ɛwom sɛ na sukuupɔn no yɛ asɔfo sukuu de, nanso na ɛnyɛ ɔsom ho ade nko na wɔkyerɛ wɔ hɔ. Ná aman foforo so kasa, abrabɔ ho nimdeɛ, sikasɛm ho ntotoe, abakɔsɛm, mmara, nyansasua, adebɔ mu nyansahu, nkontaabu, aduruyɛ, ne afunibu nso ka nneɛma a wosua no ho. Esiane sɛ na wotintim nhoma wɔ hɔ nti, na sukuupɔn no wɔ nhomakorabea kɛse bi a emu kɔɔ so trɛwee.

Bere a wofii afeha a ɛto so 17 ase no, na ɛte sɛ nea Poland Anuanom no bɛkɔ so anya nkɔso no. Nanso amma saa.

Asɔre ne Aban Sɔre Tia

Zbigniew Ogonowski a ɔwɔ Poland Adebɔ Ho Nyansahu Adesuabea no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bere a afeha a ɛto so 17 no mu mfe aduasa baa awiei no, Arianfo a na wɔwɔ Poland no tebea fii ase gyigyae ntɛmntɛm.” Katolek asɔfo no anuɔdensɛm na ɛde eyi bae. Asɔfo no dii nseku sɛee Poland Anuanom no din. Aban foforo a ɛbaa so wɔ Poland no na ɛmaa ɛyɛɛ mmerɛw sɛ wobetu wɔn so sa. Ná Poland hene foforo, Sigismund III Vasa, mpɛ Poland Anuanom no asɛm. Wɔn a wobedii n’ade, titiriw John II Casimir Vasa, nso boaa Katolek Asɔre no ma wɔhaw Poland Anuanom no.

Asɛm no sɛee koraa bere a wɔbɔɔ Raków adesuafo kakraa bi sobo sɛ wɔagu mmeamudua bi ho fi no. Wogyinaa asɛm yi so sɛee Poland Anuanom no kuropɔn no. Wɔbɔɔ Raków sukuu no wura sobo wɔ mmarahyɛ baguafo no anim sɛ ‘ɔretrɛw amumɔyɛ mu’ denam mmoa a ɔde ma Raków Sukuupɔn no ne nhoma tintimbea no so. Wɔbɔɔ Poland Anuanom no sobo sɛ wotutu ɔman ase, na wɔyɛ adapaade bɔ bra bɔne. Mmarahyɛ baguafo no sii gyinae sɛ ɛsɛ sɛ wɔto Raków Sukuupɔn no mu, na wɔsɛe Poland Anuanom no nhoma tintimbea ne wɔn asɔredan no. Wɔhyɛɛ asɔrefo no sɛ womfi kurow no mu. Wɔhyɛɛ sukuupɔn no akyerɛkyerɛfo no sɛ sɛ wɔamfi ɔman no mu a, wobekum wɔn. Poland Anuanom no bi tu kɔɔ mmeae a ahobammɔ wɔ te sɛ, Silesia ne Slovakia.

Wɔ 1658 mu no, mmarahyɛ bagua no maa Poland Anuanom no mfe abiɛsa sɛ wɔmfa ntɔn wɔn agyapade nyinaa na wontu mfi ɔman no mu. Akyiri yi, wɔtew bere no so baa mfe abien. Ɛno akyi no, na wobekum obiara a ɔbɛka sɛ ɔkɔ saa asɔre no bi no.

Sociniafo no bi kɔtraa Netherlands toaa wɔn nhoma tintim adwuma no so. Asafo bi kɔɔ so wɔ Transylvania kosii afeha a ɛto so 18 no mfiase. Wɔ wɔn nhyiam a na wɔyɛ no mprɛnsa dapɛn biara ase no, na wɔto dwom, tie ɔkasa, na na wɔkenkan nkyerɛkyerɛ a ɛkyerɛkyerɛ wɔn gyidi mu a na wɔatintim no. Nea ɛbɛyɛ na wɔabɔ asafo no ho ban afi nkɛntɛnso bɔne ho no, na wɔteɛ mfɛfo gyidifo so, tu wɔn fo, na sɛ ɛho behia a, wɔpam wɔn fi asafo no mu.

Ná Poland Anuanom no yɛ nnipa a wosua Onyankopɔn Asɛm. Wohuu nokware ahorow bi a na ɛsom bo, na wɔkaa ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Nanso, awiei koraa no, wɔbɔ hwetee Europa, na ɛkɔɔ so yɛɛ den maa wɔn sɛ wobekura wɔn biakoyɛ mu. Bere bi akyi no, Poland Anuanom no yerae koraa.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 5 Ná Arius (250-336 Y.B.) yɛ Alexandriani a ɔkaa no denneennen sɛ Yesu ba fam sen Agya no. Nicaea Bagua no bɔɔ ne nsusuwii no gui wɔ 325 Y.B. mu.—Hwɛ June 22, 1989 Engiresi Nyan! kratafa 27.

^ nky. 9 Hwɛ Engiresi Nyan!, November 22, 1988, kratafa 19, “The Socinians—Why Did They Reject the Trinity?” (Sociniafo—Dɛn Nti na Wɔpoo Baasakoro No?)

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Ofie bi a na ɛyɛ Sociniafo sɔfo bi de

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 23]

Atifi: Sɛnea Raków te nnɛ; nifa so hɔ yɛ nkokorafie a wosii no 1650 mu sɛ wɔde retɔre “Arianfo gyidi” ase koraa; ase hɔ: Beae yi na Katolek asɔfo sii mmeamudua de kanyan wɔne Poland Anuanom ntam ntawntawdi no

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 21]

Title card of Biblia nieświeska by Szymon Budny, 1572