Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔtaafo no Hu Hann Kɛse Bi

Ɔtaafo no Hu Hann Kɛse Bi

Ɔtaafo no Hu Hann Kɛse Bi

NA Saulo bo afuw Yesu akyidifo no yiye. Bere a na ne bo nnwoe wɔ ɔtaa a na ɔde aba wɔn so dedaw wɔ Yerusalem, a Stefano a wosiw no abo no ka ho no ho no, ɔhwehwɛɛ ɔkwan a ɔbɛfa so amia ateɛteɛ no mu. “Saulo a ɔda so home ateɛteɛ ne okum home gu Awurade asuafo so no kɔɔ ɔsɔfo panyin nkyɛn kɔsrɛɛ ne nkyɛn nhoma sɛ ɔde rekɔ Damasko akɔ hyia adan mu, na sɛ ohu nnipa bi saa [gyidi] kwan no mu a, mmarima oo, mmea oo, ɔde wɔn hama mu aba Yerusalem.”—Asomafo no Nnwuma 9:1, 2.

Bere a na Saulo nam kwan so rekɔ Damasko no, ɛbɛyɛ sɛ na ɔresusuw sɛnea obetumi ayɛ n’adwuma no yiye no ho. Akyinnye biara nni ho sɛ na tumi a ɔsɔfopanyin no de ama no no bɛma Yudafo pii a wɔwɔ kurow no mu no ne no ayɛ biako. Na Saulo bɛhwehwɛ wɔn hɔ mmoa.

Ɛbɛyɛ sɛ Saulo anigye yɛɛ kɛse bere a ɔbɛn baabi a na ɔrekɔ no. Na efi Yerusalem rekɔ Damasko—a na ɛyɛ ɔkwan a wɔde nnanson anaa nnawɔtwe nantew twa, a ne tenten bɛyɛ kilomita 220 no—hyɛ brɛ. Mpofirim, bɛyɛ owigyinae no, hann bi a ɛhyerɛn sen owia hann twaa Saulo ho hyiae, na ɔhwee fam. Ɔtee sɛ ɛnne bi rekasa kyerɛ no wɔ Hebri kasa mu sɛ: “Saul, Saul, adɛn na wotaa me? Ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛto ɔkafo poma ano dade anankoti.” Saulo bisae sɛ: “Ɛyɛ wo hena, awura?” Mmuae no bae sɛ: “Ɛyɛ me Yesu a wotaa no no.” “Na sɔre gyina wo nan so; na eyi nti na miyii me ho mekyerɛɛ wo, sɛ meyi wo mayɛ nneɛma a woahu me wom ne nea merebeyi me ho makyerɛ wom no ho somfo ne dansefo. Na megye wo mafi ɔman no ne amanaman a meresoma wo wɔn nkyɛn no nsam.” Saulo bisae sɛ: “Dɛn na menyɛ, Awurade?” “Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre kɔ Damasko, na ɛhɔ na wɔbɛka wo ade a wɔahyɛ sɛ yɛ nyinaa ho asɛm.”—Asomafo no Nnwuma 9:3-6; 22:6-10; 26:13-17.

Wɔn a na wɔne Saulo nam no tee ɛnne no, nanso wɔanhu ɔkasafo no, na wɔante nea ɔkae no ase. Esiane sɛnea na hann no hyerɛn nti, bere a Saulo tumi sɔre gyinae no, na onhu ade, na na ɛsɛ sɛ obi so ne nsa. “Nnansa na onhu ade, nso onnidi na ɔnnom.”—Asomafo no Nnwuma 9:7-9; 22:11.

Nnansa a Ɔde Susuw Nsɛm Ho

Yuda a ɔte borɔn a wɔfrɛ no Tee so no yɛɛ Saulo hɔho. * (Asomafo no Nnwuma 9:11) Saa kwan yi—a wɔfrɛ no Darb al-Mustaqim wɔ Arabic mu no—da so ara yɛ tempɔn wɔ Damasko. Susuw nneɛma a ɛkɔɔ so wɔ Saulo adwenem bere a na ɔwɔ Yuda fie no ho hwɛ. Na asɛm no ama Saulo ani afura, na na ne ho adwiriw no. Afei na ɛbere adu sɛ osusuw nea na ɛkyerɛ no ho.

Na ɔtaafo no ahyia asɛm a na osusuw sɛ mfaso nni so no. Ná Awurade Yesu Kristo—a Yudafo atitiriw no abu no fɔ na ‘nnipa abu no animtiaa apa no’—a wɔabɔ no asɛndua mu no, te ase. Hwɛ, ogyina Onyankopɔn nsa nifa so te “hann a obi nnya ho kwan mu” mpo! Ná Yesu ne Mesia no. Sɛɛ na Stefano ne afoforo nsɛm no yɛ nokware. (Yesaia 53:3; Asomafo no Nnwuma 7:56; 1 Timoteo 6:16) Na Saulo adi mfomso koraa, efisɛ Yesu daa no adi sɛ ogyina nkurɔfo a na Saulo retaa wɔn no akyi! Adanse yi nyinaa akyi no, na Saulo bɛyɛ dɛn ‘ato ɔkafo poma ano dade anankoti’? Nantwinini a n’aso yɛ den mpo fa baabi a ne wura kɔ so pia no fa no. Enti, sɛ Saulo antie nea na Yesu reka no a, na obepira n’ankasa ho.

Sɛ́ Mesia no, na Onyankopɔn mmuu Yesu fɔ. Nanso, na Yehowa ama no awu animguase wu a ɛsen biara, ma wɔagyina Mmara no so abu no atɛn sɛ: “Nea wɔasɛn no no yɛ Onyankopɔn nnome.” (Deuteronomium 21:23) Yesu wui bere a na ɔsɛn asɛndua no so. Na ɛnyɛ n’ankasa bɔne nti na ɔyɛ nnome, efisɛ na onni bɔne, na mmom adesamma abɔnefo nti. Saulo kyerɛkyerɛɛ mu akyiri yi sɛ: “Na dodow a wofi mmara nnwuma mu no hyɛ nnuabɔ ase; efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Wɔadome obiara a ɔrentra nea wɔakyerɛw mmara nhoma yi mu no nyinaa mu nyɛ no. Na ɛda hɔ pefee sɛ, mmara mu de, obiara nteɛ Onyankopɔn anim, . . . Kristo atɔ yɛn afi mmara nnome mu, na wɔde no yɛɛ abusude maa yɛn, efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Wɔadome obiara a ɔsɛn dua so.”—Galatifo 3:10-13.

Na ogye wɔ Yesu afɔrebɔ no mu. Bere a Yehowa gyee afɔrebɔ no toom no, ɔbɔɔ Mmara no ne ne nnome no asɛndua mu wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Bere a Saulo tee asɛm no ase no, na obetumi abu asɛndua a ‘ɛyɛ hintidua ma Yudafo’ no sɛ “Onyankopɔn nyansa.” (1 Korintofo 1:18-25; Kolosefo 2:14) Enti, afei, sɛ na nkwagye nnam mmara nnwuma so na mmom Onyankopɔn ayamye a ɔda no adi kyerɛ nnebɔneyɛfo te sɛ Saulo ankasa so a, ɛnde na wɔabue hokwan no ama wɔn a wonni Mmara no ase no nso. Amanaman mufo no nkyɛn na na Yesu resoma Saulo no.—Efesofo 3:3-7.

Yentumi nkyerɛ sɛnea na Saulo te eyi ase bere a ɔsakrae no. Na Yesu ne no bɛkasa aboro bɛyɛ biako bio wɔ adwuma a na ɔrekɔyɛ wɔ amanaman mu no ho. Afei nso, mfe pii twaam ansa na Saulo rekyerɛw eyi ato hɔ wɔ Onyankopɔn honhom akwankyerɛ ase. (Asomafo no Nnwuma 22:17-21; Galatifo 1:15-18; 2:1, 2) Nanso, nna kakraa bi twaam ansa na Saulo renya akwankyerɛ foforo afi ne Wura foforo no hɔ.

Anania Nsrahwɛ

Bere a Yesu yii ne ho kyerɛɛ Saulo akyi no, oyii ne ho nso kyerɛɛ Anania, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre kɔ borɔn a wɔfrɛ no Tee no so, na kobisa obi a wɔfrɛ no Saulo a ofi Tarso no akyi kwan wɔ Yuda fi; na hwɛ ɔrebɔ mpae, na wahu ɔbarima bi a ɔde Anania anisoadehu mu sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔde ne nsa ato no so sɛ onhu ade.”—Asomafo no Nnwuma 9:11, 12.

Esiane sɛ na Anania nim Saulo nti, ntease wom sɛ Yesu nsɛm no maa ne ho dwiriw no. Ɔkae sɛ: “Awurade, mate ɔbarima yi ho asɛm nnipa bebree anom sɛ ɔde bɔne pii ayɛ w’ahotefo wɔ Yerusalem, na ɛha yi nso wanya tumi afi asɔfo mpanyin no nsam sɛ ɔnkyere wɔn a wɔbɔ wo din nyinaa.” Nanso, Yesu ka kyerɛɛ Anania sɛ: “Kɔ ara, na oyi ne ade a mayi no a ɔbɛsoa me din akɔ amanaman ne ahene ne Israel mma anim.”—Asomafo no Nnwuma 9:13-15.

Bere a Yesu maa Anania awerɛhyem no, ɔkɔhwehwɛɛ no. Bere a Anania huu Saulo kyiaa no no, ɔde ne nsa guu ne so. Kyerɛwsɛm no ka sɛ: “Na ntɛm ara na biribi a ɛte sɛ abon fii [Saulo ani] so guu fam, na amonom hɔ ara ohuu ade, na ɔsɔre ma wɔbɔɔ no asu.” Afei na Saulo ayɛ krado sɛ obetie. Anania nsɛm no sii ntease a ebia na Saulo anya wɔ Yesu nsɛm no mu so dua sɛ: “Yɛn agyanom Nyankopɔn ayi wo ato hɔ sɛ hu ne pɛ a ɔpɛ, na hu ɔtreneeni no, na te nne bi fi nanom. Na wobɛyɛ ne dansefo, na woadi nea woahu na woate ho adanse akyerɛ nnipa nyinaa. Na afei, adɛn na wotwentwɛn wo nan ase? Sɔre ma wɔmmɔ wo asu nhohoro wo bɔne, na bɔ Awurade din!” Dɛn na efii mu bae? Saulo “sɔre ma wɔbɔɔ no asu. Na odidii no, ne ho yɛɛ no den.”—Asomafo no Nnwuma 9:17-19; 22:12-16.

Bere a ɔnokwafo Anania wiee n’adwuma no, ntɛm ara na ofii hɔ, na yɛante ne ho asɛm bio. Nanso, Saulo maa wɔn a wotiee no nyinaa ho dwiriw wɔn! Obi a na anka ɔyɛ ɔtaafo a ɔbaa Damasko sɛ ɔrebɛkyere Yesu asuafo no fii ase kaa asɛm wɔ hyiadan mu, na ɔkae sɛ Yesu ne Kristo no.—Asomafo no Nnwuma 9:20-22.

“Amanaman Mu Somafo”

Asɛm a ɛtoo Saulo wɔ Damasko kwan mu no maa no gyaee ne taa no. Bere a Saulo huu onipa ko a ɔne Mesia no, na obetumi de Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nkyerɛkyerɛ ne nkɔmhyɛ ahorow aka Yesu ho asɛm. Nim a na Saulo nim sɛ Yesu ayi ne ho akyerɛ no, na ne ‘nsa aka no,’ na wayɛ no “amanaman mu somafo” no sakraa n’asetra pii. (Filipifo 3:12; Romafo 11:13) Afei a na wɔfrɛ no ɔsomafo Paulo no, ɛnyɛ ne nkwa nna a na aka wɔ asase so mu nko na onyaa hokwan ne tumi, na mmom na obenya nkɛntɛnso wɔ Kristofo abakɔsɛm nyinaa mu nso.

Mfe bi akyi no, bere a wogyee Paulo somafo a ɔyɛ ho kyim no, ɔnam osuahu a onyae wɔ Damasko kwan so no ho asɛm a ɔkae so yii ne ho ano. Obisae sɛ: “Menyɛ ɔsomafo anaa? Minhuu yɛn Awurade Yesu anaa?” Na bere a Saulo (Paulo) kaa sɛnea Yesu a wɔanyan no no yii ne ho kyerɛɛ afoforo ho asɛm wiei no, ɔkae sɛ: “Wɔn nyinaa akyi na ɔmaa me a mete sɛ nea wɔapatuw awo no nso huu no.” (1 Korintofo 9:1; 15:8) Na ɛte sɛ nea Yesu a ɔwɔ ne soro anuonyam mu a Saulo huu no wɔ anisoadehu mu no ama wayɛ sɛ nea wɔapatuw awo no foforo, anaa wanya owusɔre kɔ honhom mu asetram dedaw.

Saulo gyee hokwan a onyae no toom, na ɔyeree ne ho yɛɛ ho adwuma. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mene asomafo no mu akumaa a mensɛ sɛ wɔfrɛ me ɔsomafo, efisɛ metaa Onyankopɔn asafo no; na . . . [Onyankopɔn] dom a ɔdom me no anyɛ ɔkwa, na mmom mayɛ adwuma bebrebe masen [asomafo a aka no nyinaa].”—1 Korintofo 15:9, 10.

Te sɛ Saulo no, ebia wokae bere bi a wuhui sɛ sɛ wubenya Onyankopɔn anim dom a, gye sɛ wosakra ɔsom ho adwene a woakura mu bere tenten no. Akyinnye biara nni ho sɛ w’ani gyei sɛ Yehowa boaa wo maa wugyee nokware no. Bere a Saulo huu hann no, huu nea wɔhwehwɛ fi ne hɔ no, wantwentwɛn ne nan ase wɔ ho. Ɔde nsi ne akokoduru yɛe wɔ ne nkwa nna a na aka wɔ asase so nyinaa mu. Nhwɛso a ɛkyɛn so ma wɔn a wɔpɛ sɛ wonya Yehowa anim dom nnɛ bɛn ara ni!

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 7 Nhomanimfo bi susuw sɛ, ɛbɛyɛ sɛ na Yuda yɛ ɛhɔnom Yudafo no panyin anaa Yudafo no ahɔhodan bi wura.

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Ɔkwan a wɔfrɛ no Tee a ɛwɔ nnɛyi Damasko

[Asɛm Fibea]

Photo by ROLOC Color Slides