Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Ade A Wɔpɛ” Rehyɛ Yehowa Fie ma

“Ade A Wɔpɛ” Rehyɛ Yehowa Fie ma

“Ade A Wɔpɛ” Rehyɛ Yehowa Fie ma

“[Me Yehowa] mɛwosow amanaman nyinaa, na amanaman nyinaa ade a wɔpɛ bɛba, na mede anuonyam mɛhyɛ ofi yi ma.”—HAGAI 2:7.

1. Wɔ tebea a egye ntɛmpɛ mu no, dɛn nti na yesusuw yɛn adɔfo ho kan?

NNEƐMA pa bɛn na ahyɛ wo fie ma? So wowɔ nkongua a ɛyɛ fɛ, kɔmputa a aba foforo, anaa kar foforo? Sɛ wowɔ nneɛma yi nyinaa bi mpo a, so wonnye ntom sɛ nneɛma a ɛsom bo sen biara wɔ wo fie ne nnipa—w’abusuafo? Fa no sɛ da koro anadwo wote wusiw pampan ma wosɔre. Ogya atɔ wo fie, na ɛsɛ sɛ woguan ntɛm ara! Dɛn na wubedi kan asusuw ho? Wo nkogua? Wo kɔmputa? Wo kar? So ɛnyɛ w’adɔfo ho na wubesusuw? Ɛte saa, efisɛ nnipa som bo pii sen nneɛma.

2. Nneɛma horow bɛn na Yehowa abɔ, na emu nea ɛwɔ he na na Yesu ani gye ho paa?

2 Afei susuw Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba, Yesu Kristo ho hwɛ. Yehowa na ‘ɔyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa.’ (Asomafo no Nnwuma 4:24) Yehowa nam ne Ba, ‘odwumayɛni a waben’ no so na ɛyɛɛ nneɛma nyinaa. (Mmebusɛm 8:30, 31; Yohane 1:3; Kolosefo 1:15-17) Akyinnye biara nni ho sɛ nneɛma a Yehowa ne Yesu yɛe no som bo ma wɔn. (Fa toto Genesis 1:31 ho.) Nanso abɔde bɛn na wususuw sɛ ɛsom bo paa ma wɔn—nneɛma anaa nnipa? Bere a wɔde Yesu dii dwuma wɔ mfatoho kwan so sɛ nyansa no, ɔkae sɛ: “M’ani ka nnipa mma anim,” anaa sɛnea William F. Beck nkyerɛase de ba no, na Yesu “ani gye nnipa ho.”

3. Nkɔm bɛn na Yehowa nam Hagai so hyɛe?

3 Ɛda adi pefee sɛ Yehowa nni nnipa ho agoru koraa. Eyi ho nhwɛso biako ne nkɔmhyɛ nsɛm a ɔnam ne diyifo Hagai so kae wɔ afe 520 A.Y.B. mu no. Yehowa kae sɛ: “Mɛwosow amanaman nyinaa, na amanaman nyinaa ade a wɔpɛ bɛba, na mede anuonyam mɛhyɛ ofi yi ma. . . . Ɔso na ɔdan yi anuonyam bɛso, akyiri de no bɛsen kan de no.”—Hagai 2:7, 9.

4, 5. (a) Dɛn nti na ɛbɛyɛ nea ntease nnim sɛ yɛbɛka sɛ “ade a wɔpɛ” no gyina hɔ ma afɛfɛde? (b) Wobɛkyerɛkyerɛ “ade a wɔpɛ” no mu dɛn, na dɛn ntia?

4 “Ade a wɔpɛ” bɛn na ɛbɛhyɛ Yehowa fie ma na ɛde anuonyam a ɛsen kan de no abrɛ no? Nkogua a ɛyɛ fɛ ne afɛfɛde a wɔde besiesie hɔ? Sika kɔkɔɔ, dwetɛ, ne aboɔden abo? Ɛrentumi nyɛ yiye saa. Kae sɛ, kan asɔrefie a wobuee ano bɛyɛ mfirihyia ahanum a na atwam no yɛ ɔdan a na ne bo yɛ dɔla ɔpepepem pii! * Akyinnye biara nni ho sɛ na Yehowa renhwɛ kwan sɛ Yudafo kakraa bi a wɔasan aba wɔn kurom no benya nneɛma asi asɔrefie a ɛsen nea Salomo sii no!

5 Ɛnde, na dɛn ne “ade a wɔpɛ” a wɔde bɛhyɛ Yehowa fie ma no? Ɛda adi pefee sɛ, ɛyɛ nnipa. Nnipa a wofi ɔdɔ mu som Yehowa na ɛma ne koma ani gye, ɛnyɛ sika ne dwetɛ. (Mmebusɛm 27:11; 1 Korintofo 10:26) Yiw, Yehowa nni mmarima, mmea, ne mmofra a wɔsom no ma ɛsɔ n’ani no nyinaa ho agoru. (Yohane 4:23, 24) Eyinom ne “ade a wɔpɛ” no, na wɔsom bo ma Yehowa sen afɛfɛde a wɔde siesiee Salomo asɔrefie no nyinaa.

6. Atirimpɔw bɛn na na Onyankopɔn tete asɔrefie no di ho dwuma?

6 Ɛmfa ho ɔsɔretia a na emu yɛ den no, wosii asɔrefie no wiei wɔ 515 A.Y.B. mu. Ná asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no ne beae titiriw a “ade a wɔpɛ,” a Yudafo ankasa ne Amanaman mufo ka ho, no de ɔsom kronn ma, kosii bere a Yesu bɔɔ afɔre no. Nanso, sɛnea yebehu no, na asɔrefie no gyina hɔ ma biribi a ɛkyɛn so.

Afeha a Edi Kan Mmamu

7. (a) Onyankopɔn asɔrefie a na ɛwɔ tete Yerusalem no yɛɛ dɛn ho mfonini? (b) Kyerɛkyerɛ dwuma a na ɔsɔfopanyin no di Mpata Da no mu.

7 Asɔrefie a na ɛwɔ Yerusalem no yɛɛ ɔsom ho nhyehyɛe a ɛkorɔn ho mfonini. Ɛyɛ Onyankopɔn honhom fam asɔrefie a Yehowa de sii hɔ, na ɔpaw Yesu sɛ emu Sɔfopanyin wɔ 29 Y.B. mu no. (Hebrifo 5:4-10; 9:11, 12) Susuw nsɛdi a na ɛwɔ Israel sɔfopanyin adwuma ne Yesu adwuma mu no ho hwɛ. Afe biara sɛ edu Mpata Da a, na sɔfopanyin no kɔ asɔrefie no abangua no so afɔremuka no anim de nantwinini kɔbɔ afɔre ma asɔfo no. Ɛno akyi no, ɔde nantwinini no mogya kɔ asɔrefie hɔ, kɔfa ntwamu a ɛkyɛ abangua no ne Kronkronbea no mu no mu, na afei ɔfa mmɔhɔɔ a ɛkyɛ Kronkronbea ne Kronkron mu Kronkronbea no mu no mu. Sɛ ɔsɔfopanyin no du Kronkron mu Kronkronbea hɔ a, ɔde mogya no pete apam adaka no anim. Afei, ɔnam ɔkwan koro no ara so de ɔpapo bɔ afɔre de pata ma Israel mmusuakuw 12 a wɔnyɛ asɔfo no. (Leviticus 16:5-15) Ɔkwan bɛn so na adeyɛ yi ne Onyankopɔn honhom mu asɔrefie no wɔ abusuabɔ?

8. (a) Ntease bɛn mu na efi 29 Y.B. no, wɔde Yesu mae sɛ afɔrebɔde? (b) Abusuabɔ titiriw bɛn na Yesu ne Yehowa nyae wɔ ne som adwuma a ɔbɛyɛe wɔ asase so no nyinaa mu?

8 Ɛdenam saayɛ so no, Onyankopɔn fi ne pɛ mu de Yesu mae sɛ afɔrebɔde bere a wɔbɔɔ no asu na Onyankopɔn de ne honhom kronkron sraa no wɔ 29 Y.B. mu no. (Luka 3:21, 22) Nokwarem no, adeyɛ yi na efii Yesu asetra a ɔde bɔɔ afɔre mfirihyia abiɛsa ne fã no ase. (Hebrifo 10:5-10) Saa bere no, Yesu ne Onyankopɔn nyaa abusuabɔ sɛ obi a wɔde honhom awo no. Nnipa foforo a aka no antumi ante gyinapɛn soronko a na Yesu ne ne soro Agya no wɔ no ase yiye. Ná ɛte sɛ nea ntwamu bi asiw wɔn ntease aniwa anim, sɛnea ntwamu amma wɔn a na wɔwɔ ntamadan abangua no so no antumi anhu Kronkronbea hɔ no.—Exodus 40:28.

9. Dɛn nti na Yesu antumi anhyɛn soro sɛ onipa, na ɔkwan bɛn so na wosiesiee tebea yi?

9 Ɛmfa ho sɛ na Yesu yɛ Onyankopɔn Ba a wɔde honhom asra no no, wantumi annya ɔsoro asetra. Dɛn ntia? Efisɛ, ɔhonam ne mogya ntumi nnya Onyankopɔn soro Ahenni. (1 Korintofo 15:44, 50) Esiane sɛ na Yesu nipadua yɛ akwanside nti, ɛyɛɛ mmɔhɔɔ a na ɛkyɛ Kronkronbea ne Kronkron mu Kronkronbea a na ɛwɔ Onyankopɔn asɔrefie mu tete no ho mfonini ma ɛfatae. (Hebrifo 10:20) Nanso Yesu wu akyi nnansa no, Onyankopɔn nyanee no sɛ honhom. (1 Petro 3:18) Afei de, na obetumi ahyɛn Onyankopɔn honhom mu asɔrefie no Kronkron mu Kronkronbea—ɔsoro ankasa. Saa pɛpɛɛpɛ na ɛbae. Paulo kyerɛwee sɛ: “Kristo anhyɛn kronkronbea a wɔde nsa yɛe a ɛyɛ kronkronbea ankasa no ho sɛnkyerɛnne no mu, na mmom ɔhyɛn ɔsoro ankasa sɛ afei okoyi ne ho adi Onyankopɔn anim ama yɛn.”—Hebrifo 9:24.

10. Yesu san kɔɔ soro no, dɛn na ɔyɛe?

10 Wɔ soro no, Yesu ‘petee’ n’afɔrebɔ ‘mogya’ no denam ne mogya bo a ɔde kɔmaa Yehowa sɛ agyede no so. Nanso, Yesu yɛɛ nea ɛsen saa. Bere tiaa bi ansa na ɔrebewu no, ɔka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Merekɔ makosiesie baabi mama mo . . . Na sɛ mekɔ na mikosiesie baabi mema mo a, mɛba bio, na mabɛfa mo makɔ m’ankasa me nkyɛn, na nea mewɔ no, mo nso moaba hɔ.” (Yohane 14:2, 3) Enti bere a Yesu nyaa kwan kɔɔ Kronkron mu Kronkronbea hɔ no, obuee kwan no maa afoforo. (Hebrifo 6:19, 20) Saafo yi a wɔn dodow besi 144,000 no, bɛsom sɛ asɔfo nkumaa wɔ Onyankopɔn honhom mu asɔrefie nhyehyɛe no mu. (Adiyisɛm 7:4; 14:1; 20:6) Sɛnea Israel sɔfopanyin dii kan faa nantwinini mogya kɔɔ Kronkron mu Kronkronbea hɔ kɔpata maa asɔfo no, saa ara na wodii kan de bo a Yesu mogya a ohwie gui no som no dii dwuma maa asɔfo nkumaa 144,000 no. *

Nnɛyi—“Ade a Wɔpɛ”

11. Ɛhefo ananmu na Israel sɔfopanyin gyinae de ɔpapo bɔɔ afɔre, na eyi yɛɛ dɛn ho mfonini?

11 Ɛkame ayɛ sɛ, ebeduu afe 1935 no, na wɔawie wɔn a wɔasra wɔn no anoboaboa adwuma no. * Nanso na Yehowa nhyɛɛ ne fie anuonyam nwiei. Dabi, “ade a wɔpɛ” bi bɛba abɛka ho. Kae sɛ Israel sɔfopanyin no de mmoa abien na ɛbɔɔ afɔre—nantwinini a wɔde pata ma asɔfo no bɔne, ne ɔpapo a wɔde pata ma mmusua a wɔnyɛ asɔfo no de. Esiane sɛ na asɔfo no gyina hɔ ma wɔn a wɔasra wɔn a wɔbɛka Yesu ho wɔ ɔsoro Ahenni mu no nti, henanom na na mmusua a wɔnyɛ asɔfo no gyina hɔ ma? Mmuae no wɔ Yesu nsɛm a ɛwɔ Yohane 10:16 no mu: “Mewɔ nguan foforo a womfi ban yi mu; wɔn nso na etwa sɛ mede wɔn meba, na wobetie me nne, na ayɛ kuw biako ne ɔhwɛfo biako.” Enti, nnipakuw abien na wonya Yesu mogya a ohwie gui no so mfaso—nea edi kan, Kristofo a wɔn anidaso ne sɛ wɔne Yesu bedi ade wɔ ɔsoro no, ne nea ɛto so abien, wɔn a wɔrehwɛ asase so paradise asetra kwan no. Ɛda adi pefee sɛ, ɛyɛ kuw a ɛto so abien yi na wɔde “ade a wɔpɛ” a wɔka ho asɛm wɔ Hagai nkɔmhyɛ mu no yɛɛ ho mfonini no.—Mika 4:1, 2; 1 Yohane 2:1, 2.

12. Ɔkwan bɛn so na wɔde “ade a wɔpɛ” pii rehyɛ Onyankopɔn fie ma nnɛ?

12 Saa “ade a wɔpɛ” yi da so ara rehyɛ Yehowa fie ma. Mfe kakra a abɛsen kɔ mu no, wɔayiyi anohyeto afi asɛmpaka adwuma no so wɔ Europa Apuei fam, Afrika mmeae bi, ne nsase foforo so, na ama Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi hɔ no ho asɛmpa no renya nkɔso wɔ nsasesin a anka wɔnyɛɛ mu adwuma pɛn no mu. Sɛ nnipa a wɔsɛ ba Onyankopɔn asɔrefie nhyehyɛe no mu a, wɔn nso bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ afoforo asuafo, de adi Yesu ahyɛde so. (Mateo 28:19, 20) Bere a wɔyɛ saa no, wohyia ankorankoro pii, mmofra ne mpanyin, a wobetumi abɛyɛ “ade a wɔpɛ” a ɛbɛhyɛ Yehowa fie anuonyam. Susuw nhwɛso kakra a ɛkyerɛ sɛnea eyi rekɔ so no ho hwɛ.

13. Ɔkwan bɛn so na abeawa bi a ɔwɔ Bolivia daa nsi a wɔde trɛw Ahenni asɛm no mu adi?

13 Wɔ Bolivia no, abeawa bi a wadi mfirihyia anum a n’awofo yɛ Adansefo srɛɛ ne kyerɛkyerɛfo kwan sɛ ɔmma sukuu wɔ dapɛn a ɔmansin sohwɛfo bɛba abɛsra wɔn no mu. Dɛn ntia? Na ɔpɛ sɛ ɔkɔ asɛnka saa dapɛn titiriw no nyinaa. Eyi maa n’awofo ho dwiriw wɔn, nanso wɔn ani gyei sɛ na okura adwempa saa. Mprempren, abeawa kumaa no yɛ ofie Bible adesua anum, na emu binom kɔ Kristofo nhyiam ahorow. Ɔde ne sukuu kyerɛkyerɛfo mpo aba Ahenni Asa so. Ebia bere rekɔ so no, ne Bible asuafo no bi bɛda wɔn ho adi sɛ “ade a wɔpɛ” a ɛbɛhyɛ Yehowa fie anuonyam.

14. Wɔ Korea no, ɔkwan bɛn so na boasetɔ a onuawa bi nya maa obi a na ɛte sɛ nea ɔnkyerɛ anigye no, sow aba?

14 Bere a Kristoni bea bi retwɛn wɔ keteke gyinabea bi wɔ Korea no, ɔkɔɔ sukuuni bi a na ɔde ade ahyehyɛ n’asom retie dwom nkyɛn. Obisaa no sɛ: “Wokɔ asɔre?” Sukuuni no buae sɛ: “M’ani nnye asɔre biara ho.” Onuawa no abam ammu. Ɔtoaa so sɛ: “Edu baabi a, ebia obi bɛpɛ sɛ ɔpaw ɔsom bi. Nanso sɛ onni ɔsom ho nimdeɛ biara a, ebia ɔbɛpaw nea enye.” Sukuuni no anim sesae, na ofii ase kyerɛɛ asɛm a na yɛn nuabea no reka no ho anigye. Ɔmaa no Is There a Creator Who Cares About You? nhoma no bi, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, sɛ bere du sɛ ɔrepaw ɔsom bi a, nhoma yi bɛboa no. Ogyee nhoma no a wantwentwɛn ne nan ase. Dapɛn a edi hɔ no, ofii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no, na mprempren, ɔkɔ asafo nhyiam ahorow nyinaa.

15. Ɔkwan bɛn so na abeawa bi a ɔwɔ Japan fii Bible adesua ase, na nhyira bɛn na afi ne mmɔdenbɔ no mu aba?

15 Wɔ Japan no, Megumi a wadi mfirihyia 12 no bu ne sukuu mu sɛ asasesin a eye ma asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ. Watumi afi Bible adesua pii ase mpo. Megumi yɛ no dɛn? Esiane sɛ ɔkenkan Bible no anaa osiesie ne ho ma nhyiam ahorow awia ahomegye bere nti, n’adesuakuw mufo taa bisa no nea ɔreyɛ. Ebinom bisa Megumi nea enti a ɔmfa ne ho nhyɛ sukuu dwumadi ahorow bi mu. Megumi bua wɔn nsɛmmisa ma wɔn, na ɔkyerɛ wɔn sɛ Onyankopɔn wɔ din. Eyi taa kanyan n’atiefo no anigye. Sɛ ɛba saa a, ɔne wɔn yɛ Bible adesua. Mprempren, Megumi yɛ adesua 20—ɔne wɔn mu 18 na egyina.

16. Ɛyɛɛ dɛn na onua bi a ɔwɔ Cameroon tumi ne fɛwdifo bi fii Bible adesua ase?

16 Wɔ Cameroon no, mmarima baawɔtwe bi a na wɔabom reyɛ adwuma frɛɛ onua bi a na ogyina kwan ho rema nkurɔfo a wɔretwam no Bible ho nhoma. Esiane sɛ na wɔpɛ sɛ wodi ne ho fɛw nti, wobisabisaa no nea enti a onnye Baasakoro, hellgya, anaa ɔkra a enwu da nni. Yɛn nua no de Bible buaa wɔn nsɛmmisa no. Eyi maa mmarima no mu baasa penee Bible adesua so. Wɔn mu biako, Daniel, fii ase kɔɔ nhyiam ahorow, na mpo, ɔsɛee nneɛma a ɔde di ahonhonsɛm no nyinaa. (Adiyisɛm 21:8) Annu afe na wɔbɔɔ no asu.

17. Ɔkwan bɛn so na anuanom mmarima bi a wɔwɔ El Salvador faa nyansakwan so kaa asɛm no bi kyerɛɛ ɔbarima bi a mfitiase no, na ɔmpɛ sɛ otie Ahenni ho asɛm no?

17 Wɔ El Salvador no, na ɔbarima bi kyekyere ne kraman a ne ho yɛ hu bɔ ne kwan ano bere biara a obehu sɛ Yehowa Adansefo abɛn ne fie no. Na ɔbarima no twɛn ma Adansefo no twam kɔ ansa na ɔde kraman no akɔ ofie. Anuanom no antumi ne ɔbarima no ankasa da. Enti da koro de, wosii gyinae sɛ wɔbɛfa ɔkwan foforo so. Bere a na wonim sɛ ɔbarima no betumi ate nea na wɔreka no, wosii gyinae sɛ wɔbɛkasa akyerɛ kraman no. Wɔbaa fie hɔ, kyiaa kraman no, na wɔkaa sɛnea wɔn ani agye sɛ wɔne no bɛkasa no kyerɛɛ no. Wɔkaa bere a paradise bɛba asase so a ɔkɔm renne obiara—yiw, bere a mmoa mpo bɛtra ase asomdwoe mu ho asɛm. Afei wofi obu mu kraa kraman no, te sii kwan so kɔe. Wɔn ho dwiriw wɔn sɛ, ɔbarima no fi ne fie bɛpaa wɔn kyɛw sɛ ɔmmaa Adansefo no kwan mmaa wɔne no nkasae da. Ogyee nsɛmma nhoma no, na wofii Bible adesua ase. Mprempren, ɔbarima yi yɛ yɛn nua—wabɛka “ade a wɔpɛ” no ho!

“Munnsuro”

18. Nsɛnnennen bɛn na Kristofo pii hyia, nanso Yehowa bu n’asomfo dɛn?

18 So worenya Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma a ehia paa yi mu kyɛfa? Sɛ saa a, ɛnde na woanya hokwan ankasa. Nokwarem no, Yehowa nam adwuma yi so na ɔretwetwe “ade a wɔpɛ” yi aba ne fie. (Yohane 6:44) Ɛwom, ɛtɔ mmere bi a, wobɛte nka sɛ woabrɛ anaa w’abam abu. Ɛtɔ mmere bi a, ebinom—wɔn a wɔyɛ Yehowa asomfo anokwafo mpo—te nka sɛ wɔnsɛ hwee. Nanso ma wo koma ntɔ wo yam! Yehowa asomfo nyinaa som bo ma no, na wo nkwagye ho hia no yiye.—2 Petro 3:9.

19. Nkuranhyɛ bɛn na Yehowa nam Hagai so de mae, na ɔkwan bɛn so na nsɛm yi betumi ahyɛ yɛn den?

19 Sɛ yɛte nka sɛ yɛn abam abu esiane ɔtaa anaa tebea bɔne bi nti a, Yehowa nsɛm a ɔka kyerɛɛ Yudafo a wɔsan baa wɔn man mu no betumi ahyɛ yɛn den. Yɛkenkan wɔ Hagai 2:4-6 sɛ: “Na afei, hyɛ wo ho den, Serubabel, [Yehowa, NW] asɛm ni, na hyɛ wo ho den, Yehosadak ba Yosua, ɔsɔfopanyin, na monhyɛ mo ho den, asase no so man nyinaa, [Yehowa, NW] asɛm ni, na monyɛ. Na midi mo akyi, asafo [Yehowa, NW] asɛm ni. Asɛm a me ne mo de pamee bere a mufii Misraim no ne me honhom gyina mo mu, munnsuro. Na sɛ asafo [Yehowa, NW] se ni: Pɛnkoro bio: Aka kumaa na mawosow ɔsoro ne asase ne ɛpo ne asase kesee.” Hyɛ no nsow sɛ, ɛnyɛ hyɛ na Yehowa hyɛ yɛn sɛ yɛnhyɛ yɛn ho den, na mmom ɔkyerɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛfa so anya ahoɔden nso. Ɔkwan bɛn so? Hyɛ awerɛhyem nsɛm no nsow: “Midi mo akyi.” Hwɛ sɛnea ɛhyɛ gyidi den sɛ yebehu sɛ ɛmfa ho akwanside biara a yehyia no, Yehowa ka yɛn ho!—Romafo 8:31.

20. Ɔkwan bɛn so na anuonyam a ɛso bi mmae da ahyɛ Yehowa fie ma?

20 Yehowa ada no adi ampa sɛ odi ne nkurɔfo akyi. Nokwarem no, ɛte sɛ nea ɔnam odiyifo Hagai so kae no ara pɛ: “Ɔso na ɔdan yi anuonyam bɛso, akyiri de no bɛsen kan de no, . . . na ɛha na mɛma asomdwoe.” (Hagai 2:9) Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa honhom mu asɔrefie hɔ na wohu anuonyam kɛse no nnɛ. Hwɛ, nnipa ɔpehaha pii pia wɔn ho yuu ba nokware som mu afe biara. Wɔma eyinom mee yiye wɔ honhom mu, na ɛmfa ho sɛ wɔte wiase bɔne yi mu no, wɔwɔ asomdwoe a Onyankopɔn wiase foforo no mu de nkutoo na ebetumi asen no.—Yesaia 9:6, 7; Luka 12:42.

21. Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

21 Wosow a Yehowa bɛwosow amanaman no wɔ Harmagedon no abɛn yiye. (Adiyisɛm 16:14, 16) Enti momma yɛmfa bere a aka no mmoa afoforo pii ma wonnya nkwa. Ɛmmra sɛ yɛbɛhyɛ yɛn ho den na yɛanya Yehowa mu ahotoso akosi ase. Momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so asom wɔ n’asɔrefie kɛse no mu, na yɛmfa “ade a wɔpɛ” pii nhyɛ mu, nkosi sɛ Yehowa bɛka sɛ yɛawie adwuma no.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 Sika a woyii ma wɔde sii Salomo asɔrefie no bo bɛyɛ nnɛyi dɔla ɔpepepem 40. Wɔde nea wɔamfa ansi dan no nyinaa koguu asɔrefie tow adaka mu.—1 Ahene 7:51.

^ nky. 10 Ná Yesu nte sɛ Israel sɔfopanyin a na ohia bɔne ho mpata no. Nanso, esiane sɛ wɔtɔɔ n’asɔfo nkumaa no fii adesamma abɔnefo mu nti, na bɔne wɔ wɔn ho.—Adiyisɛm 5:9, 10.

^ nky. 11 Hwɛ Ɔwɛn-Aban, February 15, 1998, nkratafa 17-22.

So Wokae?

Dɛn na ɛsom bo koraa ma Yehowa sen honam fam nneɛma?

Nnipakuw abien bɛn na wonya Yesu mogya a ohwie gui no so mfaso?

Henanom ne “ade a wɔpɛ” a na wɔde anuonyam bɛhyɛ Yehowa fie ma no?

Adanse bɛn a yɛwɔ nnɛ a ɛkyerɛ sɛ Hagai nkɔmhyɛ no renya ne mmamu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Asɛm a Wɔahyehyɛ wɔ kratafa 16]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

So wunim nea Yehowa tete asɔrefie no kyerɛ wɔ sɛnkyerɛnne kwan so?

Kronkron mu Kronkronbea

Mmɔhɔɔ

Kronkronbea

Afɔremuka

Abrannaa

Abangua

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Ɔsɔfopanyin no de nantwinini bɔɔ bɔne ho afɔre maa Lewifo no, na ɔde ɔpapo bɔɔ bɔne ho afɔre maa Israel mmusua a na wɔnyɛ asɔfo no

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Wiase nyinaa Ahenni asɛnka adwuma no retwetwe nnipadɔm pii ba Yehowa fie