Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Monwɛn”

“Monwɛn”

“Monwɛn”

“Enti monwɛn, efisɛ munnim da ko a mo wura bɛba.”—MATEO 24:42.

1. Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔde mfe pii asom Yehowa no te nka wɔ mfe pii a wɔde asom no ho? Ma nhwɛso.

NNIPA a wɔasom Yehowa akyɛ no mu pii gyee nokware no wɔ wɔn mmerantebere ne wɔn mmabaabere mu. Te sɛ oguadini a ohuu nhene a ne bo yɛ den na ɔkɔtɔn nea ɔwɔ nyinaa de kɔtɔe no, saa Bible asuafo a wɔyɛ nsi yi paa wɔn ho akyi hyiraa wɔn nkwa so maa Yehowa. (Mateo 13:45, 46; Marko 8:34) Wɔte nka dɛn wɔ twɛn a wɔatwɛn aboro sɛnea na wosusuw sɛ wɔtwɛn na ama wɔahu Onyankopɔn atirimpɔw ma asase no mmamu no ho? Wonnuu wɔn ho! Wɔne Onua A. H. Macmillan yɛ adwene wɔ asɛm a ɔkae bere a na ɔde mfe 60 asom Onyankopɔn wɔ nokwaredi mu no ho sɛ: “Masi me bo sen bere biara sɛ mekura me mudi mu. Ama manya m’asetra so mfaso. Ɛda so ara reboa me ma mewɔ mu anidaso a minsuro.”

2. (a) Afotu a ɛyɛ ne bere mu de bɛn na Yesu de maa n’akyidifo? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

2 Wo nso ɛ? Ɛmfa ho mfe a woadi no, susuw Yesu nsɛm yi ho hwɛ: “Enti monwɛn, efisɛ munnim da ko a mo wura bɛba.” (Mateo 24:42) Nokwasɛm bi a emu yɛ den wɔ saa asɛm tiawa no mu. Yennim da ko a Awurade bɛba abebu saa nhyehyɛe bɔne yi atɛn, na ɛho nhia sɛ yehu. Nanso ehia sɛ yɛbɔ yɛn bra wɔ ɔkwan a sɛ ɔba a, yɛrennu yɛn ho so. Wɔ eyi mu no, Bible mu nhwɛso horow bɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so awɛn? Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛɛ ahiade yi ho nhwɛso? Na adanse bɛn na yɛwɔ nnɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛte wiase bɔne yi nna a edi akyiri mu?

Kɔkɔbɔ Ho Nhwɛso Bi

3. Ɔkwan bɛn so na nnipa a wɔte ase nnɛ no pii te sɛ Noa bere sofo no?

3 Wɔ akwan pii so no, nnipa a wɔte ase nnɛ te sɛ mmea ne mmarima a na wɔte ase wɔ Noa bere so no. Saa bere no na nnipa bɔne ahyɛ asase so ma, na na wɔn komam adwene nyinaa yɛ “bɔne nko daa nyinaa.” (Genesis 6:5) Ná da biara da asetra mu nnwuma agye wɔn mu dodow no ara adwene. Nanso, ansa na Yehowa de Nsuyiri kɛse no reba no, ɔmaa nnipa nyaa hokwan a wɔde bɛsakra wɔn adwene. Ɔmaa Noa adwuma sɛ ɔnka asɛm, na Noa yɛɛ saa—yɛɛ “treneekafo” bɛyɛ mfirihyia 40 anaa 50 anaa nea ɛboro saa. (2 Petro 2:5) Nanso nkurɔfo no antie Noa kɔkɔbɔ no. Wɔanwɛn. Awiei koraa no, Noa ne n’abusua nkutoo na wonyaa wɔn ti didii mu wɔ Yehowa atemmu no mu.—Mateo 24:37-39.

4. Ɔkwan bɛn so na yebetumi aka sɛ Noa asɛnka adwuma no sow aba, na ɔkwan bɛn so na wubetumi aka saa afa asɛnka adwuma a woyɛ no ho?

4 So Noa asɛnka no sow aba? Nnyina nnipa kakraa bi a wotiei no so mmua asɛm no. Nokwasɛm ne sɛ, ɛmfa ho sɛ nnipa kakraa bi na wotiei no, Noa asɛnka no dii n’atirimpɔw ho dwuma. Dɛn ntia? Efisɛ ɛmaa nnipa bere a ɛfata a wɔde bɛpaw sɛ ebia wɔbɛsom Yehowa anaasɛ wɔrensom no. Asasesin a woka mu asɛm no nso ɛ? Sɛ nnipa pii ntie mpo a, woresow aba kɛse. Dɛn ntia? Efisɛ wonam asɛnka no so de Onyankopɔn kɔkɔbɔ rema, na wonam so redi ahyɛde a Yesu de maa n’akyidifo no so.—Mateo 24:14; 28:19, 20.

Onyankopɔn Adiyifo a Wobu Ani Gu Wɔn So

5. (a) Na Yuda tebea te dɛn wɔ Habakuk bere so, na dɛn na nkurɔfo no yɛe wɔ ne nkɔmhyɛ asɛm no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na Yudafo no kyerɛe sɛ wɔmpɛ Yehowa adiyifo no asɛm?

5 Nsuyiri no akyi mfehaha pii no, Yuda ahemman no hyiaa tebea a anibere wom ankasa. Na abosonsom, ntɛnkyea, nhyɛso, ne awudi mpo abu so. Yehowa maa Habakuk kɔbɔɔ nkurɔfo no kɔkɔ sɛ, sɛ wɔansakra wɔn adwene a, asɛm bɛto wɔn wɔ Kaldeafo anaa Babilonfo nsam. (Habakuk 1:5-7) Nanso nkurɔfo no antie. Gyama wosusuwii sɛ, ‘Hwɛ, bɛboro mfirihyia ɔha a atwam ni na odiyifo Yesaia de kɔkɔbɔ a ɛte saa ara mae, nanso biribiara nsii!’ (Yesaia 39:6, 7) Ɛnyɛ anibiannaso nko na Yudafo mpanyimfo pii yɛe, na mmom, na wɔne asomafo no ani nhyia nso. Bere bi de, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobekum odiyifo Yeremia, a sɛ ɛnyɛ Ahikam a, anka wokum no. Nkɔmhyɛ foforo a ɛhyɛɛ Ɔhene Yehoiakim abufuw nti, ɔma wokum odiyifo Uria.—Yeremia 26:21-24.

6. Ɔkwan bɛn so na Yehowa hyɛɛ Habakuk den?

6 Ná Habakuk asɛm no mu yɛ duru, na na nkurɔfo no ani nnye ho te sɛ Yeremia de a Onyankopɔn honhom kaa no ma ɔhyɛɛ Yuda mfirihyia 70 amamfoyɛ ho nkɔm no ara pɛ. (Yeremia 25:8-11) Enti yebetumi ate nea enti a Habakuk de ahometew teɛɛm sɛ: “[Yehowa, NW], mateɛm makyɛ dɛn ara, na wuntie? Nhyɛso nti misu mefrɛ wo, na worennye me,” no ase. (Habakuk 1:2) Yehowa fi ayamye mu de nsɛm a ɛhyɛ gyidi den yi buaa Habakuk sɛ: “Adehu no da so kyerɛ bere a wɔahyɛ, na ɛpere repɛ awiei, na ɛrenni atoro; sɛ ɛtwentwɛn ase nso a, twɛn no ara, na ɔba de, ɛbɛba, ɛrenka akyiri. (Habakuk 2:3) Enti Yehowa wɔ ‘bere a wahyɛ’ a ɔde ntɛnkyea ne nhyɛso bɛba awiei. Sɛ ɛyɛ te sɛ nea nneɛma reka akyiri a, na ɛnsɛ sɛ Habakuk n’abam bu, na ɔma ne nsam gow. Mmom no, na ɛsɛ sɛ ɔkɔ so ‘twɛn ara’ de anidahɔ bɔ ne bra da biara da. Yehowa da no renka akyiri!

7. Dɛn nti na wɔhyɛɛ nkɔm sɛ wɔbɛsɛe Yerusalem bio wɔ afeha a edi kan Y.B. mu?

7 Yehowa ne Habakuk kasae akyi bɛyɛ mfirihyia 20 no, wɔsɛee Yuda ahenkurow, Yerusalem. Akyiri yi, wɔsan kyekyeree, na wɔteɛteɛɛ nneɛma bɔne a na ɛhyɛ Habakuk ahometew no pii. Nanso esiane sɛ kurow no mufo anni nokware nti, wɔhyɛɛ kurow no ho nkɔm bio wɔ afeha a edi kan Y.B. no mu sɛ wɔbɛsɛe no. Yehowa fi ayamye mu yɛɛ nhyehyɛe a ɛbɛma nnipa komapafo anya wɔn ti adidi mu. Saa bere yi de, ɔde odiyifo titiriw, Yesu Kristo na edii dwuma ma ɔkaa ho asɛm. Wɔ 33 Y.B. no, Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Sɛ muhu sɛ dɔm atwa Yerusalem ho ahyia a, ɛnde munhu sɛ ne bɔ abɛn. Ɛnna momma wɔn a wɔwɔ Yudea nguan nkɔ mmepɔw so.”—Luka 21:20, 21.

8. (a) Bere a bere twaam wɔ Yesu wu akyi no, dɛn na ɛbɛyɛ sɛ ɛbaa Kristofo binom adwenem? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu nkɔmhyɛ nsɛm a ɛfa Yerusalem ho no baa mu?

8 Bere kɔɔ so no, ɛbɛyɛ sɛ Kristofo a na wɔwɔ Yerusalem no binom adwenem yɛ wɔn nãã wɔ bere a na Yesu nkɔmhyɛ no benya mmamu no ho. Anyɛ yiye koraa no, susuw nneɛma a na wɔn mu binom de abobɔ afɔre no ho hwɛ. Ebetumi aba sɛ na wɔapo nnwuma a anka ɛbɛma wɔanya wɔn ho, esiane sɛ na wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ so awɛn nti. Nanso bere kɔɔ so no, so wɔn abam bui? So wɔkae sɛ wɔresɛe wɔn bere, susuwii sɛ na Yesu nsɛm no mfa wɔn ho na mmom ɛfa daakye awo ntoatoaso bi ho? Wɔ afe 66 Y.B. mu no, Yesu nkɔmhyɛ no fii ase nyaa mmamu bere a Roma asraafo betwaa Yerusalem ho hyiae no. Wɔn a wɔwɛnee no huu sɛnkyerɛnne no guan fii kurow no mu, ma wonyaa wɔn ti didii mu wɔ Yerusalem sɛe no mu.

Mfatoho a Ɛkyerɛ sɛ Ehia sɛ Yɛwɛn

9, 10. (a) Ɔkwan bɛn so na wobɛbɔ Yesu mfatoho a ɛfa nkoa a wɔtwɛnee sɛ wɔn wura befi n’ayeforohyia ase aba ho no mua? (b) Dɛn nti na twɛn a na nkoa no bɛtwɛn wɔn wura no betumi ayɛ den ama wɔn? (d) Dɛn nti na na mfaso wɔ so sɛ nkoa no tɔ wɔn bo ase?

9 Bere a Yesu resi hia a ehia sɛ yɛwɛn so dua no, ɔde n’asuafo no totoo nkoa bi a wɔretwɛn sɛ wɔn wura befi n’ayeforohyia ase aba no ho. Na wonim sɛ ɔbɛba anadwo pɔtee bi—nanso dɔn bɛn mu? Ɔdasu a edi kan mu? Nea ɛto so abien mu? Nea ɛto so abiɛsa mu? Na wonnim. Yesu kae sɛ: “Sɛ [owura no ba] ɔdasu a ɛto so abien anaa abiɛsa mu na ɔbɛto wɔn [sɛ wɔrewɛn] a, nhyira ne wɔn!” (Luka 12:35-38) Susuw sɛnea nkoa yi hwɛɛ kwan no ho hwɛ. Akyinnye biara nni ho sɛ, na nnyigyei biara, sunsuma biara, bɛma wɔabisa wɔn ho sɛ: ‘So eyi yɛ yɛn wura anaa?’

10 Sɛ na owura no bɛba ɔdasu a ɛto so abien a efi bɛyɛ nnɔnkron kosi ɔdasum no nso ɛ? So anka nkoa no nyinaa, a wɔn a wɔayɛ adwumaden fi anɔpa ka ho no bɛyɛ krado sɛ wobehyia no, anaasɛ wɔbɛdeda? Na sɛ owura no ba ɔdasu a ɛto so abiɛsa—efi ɔdasum kosi bɛyɛ ahemadakye nnɔnabiɛsa nso ɛ? So anka nkoa no bi abam bebu, na mpo wɔn bo afuw wɔ wɔn wura no ba a na ayɛ sɛ akyɛ no ho? * Wɔn a owura no bɛto wɔn sɛ wɔrewɛn no nkutoo na na obehyira wɔn. Wɔn fam no, akyinnye biara nni ho sɛ nsɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 13:12 no bɛfa wɔn ho sɛ: “Anidaso a ɛkyɛ muba ma koma yare, na anigyinade a ɛba mu yɛ nkwa dua.”

11. Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ betumi aboa yɛn ma yɛawɛn?

11 Wɔ bere a ayɛ sɛ Yesu akyɛ mu no, dɛn na ɛbɛboa n’akyidifo no ma wɔakɔ so awɛn? Bere a na Yesu wɔ Getsemane turo no mu bere tiaa bi ansa na wɔrekyere no no, ɔka kyerɛɛ n’asomafo no mu baasa sɛ: “Monwɛn na mommɔ mpae, na moankɔ sɔhwɛ mu.” (Mateo 26:41) Mfe bi akyi no, Petro a na ɔwɔ hɔ saa bere no de afotu a ɛte saa ara maa ne mfɛfo Kristofo. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ade nyinaa awiei abɛn. Enti momma mo adwenem ntew, na mo ani nna hɔ mma mpaebɔ.” (1 Petro 4:7) Ɛda adi pefee sɛ, ɛsɛ sɛ yɛde mpaebɔ a emu yɛ den ka yɛn Kristofo abrabɔ ho. Nokwarem no, ehia sɛ yɛkɔ so srɛ Yehowa na ɔboa yɛn ma yɛwɛn.—Romafo 12:12; 1 Tesalonikafo 5:17.

12. Nsonsonoe bɛn na ɛda bɔ a obi bɛbɔ ne tirim ne wɛn a ɔbɛwɛn no mu?

12 Hyɛ no nsow sɛ Petro nso kae sɛ: “Ade nyinaa awiei abɛn.” Abɛn dɛn? Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ nnipa betumi akyerɛ da anaa dɔn pɔtee no. (Mateo 24:36) Nanso nsonsonoe wɔ bɔ a yɛbɛbɔ yɛn tirim, adeyɛ a Bible no nhyɛ ho nkuran, ne sɛ yɛbɛhwɛ awiei no kwan, adeyɛ a ɛhyɛ ho nkuran, no mu. (Fa toto 2 Timoteo 4:3, 4; Tito 3:9 ho.) Dɛn ne ɔkwan biako a yebetumi afa so ahwɛ awiei no kwan? Ɛyɛ yɛn adwene a yɛde besi sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ awiei no abɛn no so. Ɛnde momma yensusuw adanse asia a ɛkyerɛ sɛ yɛte wiase bɔne yi nna a edi akyiri mu no ho nhwɛ.

Adanse Horow Asia a Edi Mũ

13. Ɔkwan bɛn so na Paulo nkɔmhyɛ a wɔakyerɛw wɔ 2 Timoteo ti 3 no ma wugye di sɛ yɛte “nna a edi akyiri” no mu?

13 Nea edi kan no, yehu ɔsomafo Paulo nkɔmhyɛ a ɛfa “nna a edi akyiri” ho no mmamu pefee. Paulo kyerɛwee sɛ: “Na hu eyi sɛ, nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, abususɛnkafo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo, ntwirifo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔmpɛ papa, afatwafo, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoman, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn, wɔkatere wɔn anim kyerɛ Onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden. Saa nnipa yi, dan wo ho fi wɔn ho! Na nnipa bɔne asisifo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, wɔdaadaa, na wɔdaadaa wɔn.” (2 Timoteo 3:1-5, 13) So yenhuu sɛ nkɔmhyɛ yi renya mmamu wɔ yɛn bere yi mu? Wɔn a wɔabu wɔn ani agu nokware no so nkutoo na wobegye ho kyim! *

14. Ɔkwan bɛn so na nsɛm a ɛwɔ Adiyisɛm 12:9 a ɛfa Ɔbonsam ho no renya mmamu nnɛ, na dɛn na ɛrenkyɛ ɛbɛto no?

14 Nea ɛto so abien no, yehu nea afi tu a wotuu Satan ne n’adaemone fii soro no mu aba, ma Adiyisɛm 12:9 anya mmamu no. Yɛkenkan wɔ hɔ sɛ: “Na wotuu ɔtweaseɛ kɛse no, ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no [Ɔ]bonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no, fii hɔ tow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui.” Eyi de ɔhaw kɛse na aba asase so. Nokwarem no, adesamma ahyia ɔhaw pii fi 1914 reba titiriw. Nanso nkɔmhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm no de ka ho sɛ, sɛ wɔtow Ɔbonsam ba asase so a, obehu sɛ “ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.” (Adiyisɛm 12:12) Saa bere yi, Satan betu Kristo akyidifo a wɔasra wɔn no so sa. (Adiyisɛm 12:17) Akyinnye biara nni ho sɛ yɛahu nea afi saa ntua yi mu aba wɔ yɛn bere yi mu. * Nanso ɛrenkyɛ, wɔbɛkyekyere Satan ato bun mu na “wankɔdaadaa amanaman bio.”—Adiyisɛm 20:1-3.

15. Ɔkwan bɛn so na Adiyisɛm 17:9-11 ma yehu sɛ yɛte awiei bere no mu?

15 Nea ɛto so abiɛsa no, yɛte ‘ɔhene’ a ɔto so awotwe a otwa to a wɔkaa ne ho asɛm wɔ Adiyisɛm 17:9-11 kyerɛwtohɔ mu no bere mu. Ɛha no, ɔsomafo Yohane ka ahene baason, a wogyina hɔ ma wiase tumi horow ason—Misraim, Asiria, Babilon, Medo-Persia, Hela, Roma, ne Anglo-Amerika wiase tumidi no ho asɛm. Afei nso ohu “nea ɔto so awotwe” a “ofi ason no mu no.” Ɔhene a ɔto so awotwe yi—nea otwa to a Yohane hu no wɔ anisoadehu mu no—gyina hɔ ma Amanaman Nkabom no. Yohane ka sɛ, ɔhene a ɔto so awotwe yi ‘kɔ ɔsɛe mu,’ na wɔmmɔ asase so hene biara din bio wɔ ɛno akyi. *

16. Ɔkwan bɛn so na adanse a ɛfa nya a Nebukadnesar dae no anya mmamu ho no kyerɛ sɛ yɛte nna a edi akyiri no mu?

16 Nea ɛto so anan no, yɛte bere a wɔde sɛnkyerɛnne kwan so ohoni nan a Nebukadnesar hui wɔ dae mu yɛɛ ho sɛnkyerɛnne no mu. Odiyifo Daniel kyerɛɛ dae a ɛyɛ hu a ɛfa onipa honi kɛse bi ho no mu. (Daniel 2:36-43) Ohoni no afã anan a ɛyɛ dade no gyina hɔ ma wiase tumidi, na ɛde (Babilon Ahemman) no na efi ase, na ɛtoa so bedu anan ne nansoaa (nniso horow a edi tumi nnɛ) no so. Wiase tumi ahorow a ohoni no gyina hɔ ma wɔn no nyinaa aba kɔ. Yɛte bere a wɔde ohoni no nan yɛɛ ho sɛnkyerɛnne no mu. Wɔmmɔ tumidi foforo a ɛbɛba biara din. *

17. Ɔkwan bɛn so na Ahenni asɛnka adwuma no ma yehu adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ yɛte awiei bere no mu?

17 Nea ɛto so anum no, yehu asɛnka adwuma a wɔreyɛ wɔ wiase nyinaa a Yesu kae sɛ wɔbɛyɛ ansa na nneɛma nhyehyɛe yi aba n’awiei no. Yesu kae sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Ɛnnɛ, saa nkɔmhyɛ no gu so renya mmamu a ɛso bi mmae da. Nokwarem no, nsasesin bi wowɔ hɔ a wɔnkaa asɛm wɔ hɔ, na ebetumi aba sɛ wɔ Yehowa bere a ɛsɛ mu no, wobebue ɔpon kɛse a emu adwumayɛ bɛsow aba. (1 Korintofo 16:9) Nanso, Bible no nka sɛ Yehowa bɛtwɛn ma wɔadi ankorankoro a wɔwɔ asase so nyinaa adanse ansa. Mmom no, ɛsɛ sɛ wɔka asɛmpa no sɛnea Yehowa hwehwɛ. Ɛno ansa na awiei no bɛba.—Fa toto Mateo 10:23 ho.

18. Dɛn na ɛda adi sɛ ɛbɛbam wɔ wɔn a wɔasra wɔn no so bere a ahohiahia kɛse no fi ase no, na yɛbɛyɛ dɛn ahu eyi?

18 Nea ɛto so asia no, wɔn a wɔyɛ Kristo asuafo a wɔasra wɔn ampa no dodow so retew, nanso ɛda adi sɛ ahohiahia kɛse no befi ase bere a wɔn mu binom da so ara wɔ asase so. Nkaefo no mu dodow no ara mfe akɔ anim yiye, na ade rekye a ade resa no, wɔn a wɔasra wɔn ankasa no dodow so retew. Nanso bere a Yesu reka ahohiahia kɛse no ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Sɛ wɔantwa nna no so a, anka wɔrennye ɔhonam biara; nanso wɔn a wɔapaw wɔn no nti wobetwa nna no so.” (Mateo 24:21, 22) Ɛnde, ɛda adi sɛ ahohiahia no befi ase bere a ‘wɔn’ a Kristo ‘apaw wɔn’ no mu bi da so ara wɔ asase so no. *

Dɛn na Ɛwɔ Yɛn Anim?

19, 20. Dɛn nti na ehia paa sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na yɛwɛn sen bere biara?

19 Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma yɛn daakye? Bere a ɛyɛ anigye da yɛn anim. Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ ‘Yehowa da no bɛba sɛ owifo ba anadwo.’ Ɔreka nnipa a wobu wɔn anyansafo wɔ wiase no mu ho asɛm no, ɔka sɛ: “Bere a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ, no, ɛnde mpofirim na ɔsɛe bɛba wɔn so.” Ne saa nti, Paulo hyɛ n’akenkanfo nkuran sɛ: “Mommma yɛnnna sɛ wɔn a aka no, na mmom momma yɛnwɛn, na yɛn ani nna hɔ.” (1 Tesalonikafo 5:2, 3, 6) Nokwarem no, wɔn a wɔhwɛ kwan sɛ nnipa nhyehyɛe de asomdwoe ne ahotɔ bɛba no rebu wɔn ani agu nokwasɛm so. Nnipa a wɔtete saa no ada hatee!

20 Nneɛma nhyehyɛe yi sɛe bɛba mpofirim. Enti hwɛ Yehowa da no kwan. Onyankopɔn ankasa ka kyerɛɛ Habakuk sɛ: “Ɛrenka akyiri”! Nokwarem no, ehia paa sɛ yɛwɛn nnɛ sen bere biara a abɛsen kɔ.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 10 Na owura no ne nkoa no nyɛɛ nhyehyɛe biara. Ne saa nti, na ɛho nhia sɛ ɔkyerɛ wɔn bere a ɔde kɔ baabi ne bere a ɔde ba, na saa ara nso na na asodi biara nna ne so sɛ ɔkyerɛ ne nkoa nea enti a na ayɛ sɛ wakyɛ no mu.

^ nky. 18 Wɔ nguanten ne mpapo ho bɛ no mu no, onipa Ba no ba n’anuonyam mu, bebu atɛn wɔ ahohiahia bere no mu. Ogyina nea nkurɔfo bɛyɛ so, sɛ ebia wɔboaa Kristo nuanom a wɔasra wɔn no anaasɛ wɔammoa wɔn no so, na ebu atɛn. Sɛ ebedu atemmu bere no na Kristo anuanom no nyinaa afi asase so dedaw a, ntease biara remma nea wogyina so bu atɛn yi mu.—Mateo 25:31-46.

So Wokae?

• Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso bɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛawɛn?

• Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛɛ hia a ehia sɛ yɛwɛn no ho mfatoho?

• Adanse horow asia bɛn na ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ nna a edi akyiri no mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 9]

A. H. Macmillan de nokwaredi som Yehowa bɛyɛ mfirihyia aduosia

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Yesu de n’asuafo no totoo nkoa a wɔwɛn ho