Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wubetumi Ahu Nea Ɛbɛba Daakye!

Wubetumi Ahu Nea Ɛbɛba Daakye!

Wubetumi Ahu Nea Ɛbɛba Daakye!

Nnipa dodow no ara susuw daakye ho anibere so. Wɔpɛ sɛ wɔyɛ nhyehyɛe, de wɔn sika hyɛ nnwuma mu, na wonya ahobammɔ. Nanso, so ɔkwan bi wɔ hɔ a yebetumi afa so ahu nea ɛbɛba daakye ankasa?

NNIPA asɔ akwan horow ahwɛ, de abɔ mmɔden sɛ wobehu eyi. Nyansahufo a wɔka nsɛm a ɛbɛba daakye hwehwɛ nneɛma a ɛrekɔ so mprempren mu, na wogyina nneɛma a ɛrekɔ so no so kyerɛ nea ɛbɛba daakye. Sikasɛm ho abenfo nso keka wɔn adwuma ho nsɛm saa ara. Nsoromma mu ahwɛfo ne nkɔmhyɛfo gyina okyinnsoromma gyinabea, ahwehwɛ bɔɔl, ne ahonhonsɛmdi so keka nsɛm, na wonya akyidifo pii. Sɛ nhwɛso no, nkurɔfo da so ara kyerɛ Franseni nsoromma mu hwɛfo Nostradamus ho anigye, ɛmfa ho sɛ owui akyɛ.

Abɛda adi sɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ adiyifo yi nyinaa yɛ nkurɔfo a yentumi mfa yɛn ho nto wɔn so koraa, na wodi huammɔ. Dɛn ntia? Efisɛ wobu wɔn ani gu Yehowa Nyankopɔn ne N’asɛm, Bible, so. Esiane eyi nti, wontumi mma nsɛmmisa atitiriw te sɛ eyinom ho mmuae: ‘Mɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ nneɛma a wɔaka ho asɛm asie wɔ Bible mu no bɛba ampa? Dwuma bɛn na edi wɔ Onyankopɔn atirimpɔw ma nnipa no mu? Ɔkwan bɛn so na me ne m’abusua betumi anya saa nkɔmhyɛ ahorow yi so mfaso?’ Bible bua saa nsɛmmisa yi.

Bible nkɔmhyɛ korɔn wɔ akwan pii so nso. Nea ɛnte sɛ nsoromma mu ahwɛfo nkɔmhyɛ ahorow no, ɛma nnipa fi wɔn ankasa pɛ mu yɛ ade. Enti, obiara nni hɔ a ontumi nsesa ne gyinabea. (Deuteronomium 30:19) Nsɛnhunu na ɛwɔ nhoma horow te sɛ Nostradamus de no mu, na wɔde nneɛma a asete yɛ den ne ahodwirisɛm na ɛkata nsɛnhunu yi so. Nanso Bible nkɔmhyɛ wɔ abrabɔ ho nnyinasosɛm a edi mũ. Ɛkyerɛkyerɛ nea enti a Onyankopɔn rebɛyɛ nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no mu. (2 Beresosɛm 36:15) Yehowa nkɔmhyɛ ahorow nso nni huammɔ da, efisɛ ‘Onyankopɔn ntumi nni atoro.’ (Tito 1:2) Enti, nnipa a Onyankopɔn Asɛm kyerɛ wɔn kwan no asetra yɛ papa, atirimpɔw wom, ɛyɛ anigye, na wɔnsɛe bere ne wɔn ahode wɔ nneɛma hunu ho.—Dwom 25:12, 13.

Wɔasusuw eyinom ne nsɛm foforo ho wɔ Yehowa Adansefo 1999/2000 “Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm” Ɔmantam Nhyiam ahorow a wɔyɛe wɔ wiase nyinaa no ase. Ɔkasa horow, nsɛmmisa, ɔyɛkyerɛ ahorow ne Bible drama bi a wɔyɛe no atwe atiefo no adwene kɔ honhom fam apɛgyade a ɛyɛ anigye a wɔn a wosua Onyankopɔn nkɔmhyɛ asɛm na wɔde di dwuma no nsa ka no so. Asɛm a edi hɔ no bɛka nhyiam no ase nsɛntitiriw a ɛyɛ anigye no bi ho asɛm.